Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 1/15 kr. 32
  • Ɔboro Mfe Ɔha Nanso Ɔwɔ Atirimpɔw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔboro Mfe Ɔha Nanso Ɔwɔ Atirimpɔw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 1/15 kr. 32

Ɔboro Mfe Ɔha Nanso Ɔwɔ Atirimpɔw

ELIN ka nnipa 60 a nnansa yi ara wɔyɛɛ wɔn ho kyerɛwtohɔ wɔ Sweden sɛ wɔadi boro mfe 105 anaa nea ɛboro saa no ho. Ɔno ankasa adi mfe 105. Ɔte baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa. Ɛwom sɛ waka dan mu de, nanso ahoɔden a ɔwɔ no ma otumi kɔ so som sɛ Yehowa Dansefo mapa. Bɛboro mfe 60 ni na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

Sɛ Elin redi nkurɔfo adanse a, odi nhwɛso a ɔsomafo Paulo yɛe no akyi bere a na wɔaka no ahyɛ fie a ɔwɛmfo wɛn no no. Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ ahɔho a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa. (Asomafo Nnwuma 28:16, 30, 31) Elin nso fa hokwan a onya biara so ka asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ wɔn a wosiesie baabi a ɔte no, nnuruyɛfo, wɔn a wɔyɛ ti, ayarehwɛfo, ne afoforo a ohyia wɔn wɔ hɔ no. Wɔ bere ne bere mu no, Elin mfɛfo gyidifo a wɔne no wɔ asafo mu no mpo ma wɔn Bible asuafo bɛsra Elin sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ne nimdeɛ ne ne suahu so mfaso.

Elin asafo mufo ani gye sɛnea ɔwɔ anigye ne sɛnea ɔpɛ sɛ ohu nneɛma mu no ho. Ɔdansefo bi ka sɛ: “Sɛnea otumi ne asafo no bɔ anan no yɛ nwonwa paa. Ɔkae mmofra a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wofi baabi aba asafo no mu nnansa yi no nyinaa din.” Wonim Elin yiye nso sɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ, oyi aseresɛm, na ɔwɔ adwempa wɔ asetra ho.

Dɛn na ɛboa Elin ma ɔkɔ so nya anigye na ɔde n’adwene si atirimpɔw a ɔwɔ wɔ asetram no so? Ɔkenkan kyerɛwsɛm bi fi Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu da biara. Ɔde ahwehwɛ aniwa bi a etumi ma nneɛma yɛ akɛse paa nso kenkan Bible no fã bi da biara. Elin siesie ne ho ma nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛ no dapɛn biara no, na ɛmfa ho mpo sɛ n’ankasa ntumi nkɔ no, otie nhyiam ahorow yi a wɔakyere agu kasɛt so. Ɛmfa ho mfe a yɛadi no, Bible ne Bible ho nhoma a yɛbɛkenkan daa, na yɛrenkwati Kristofo nhyiamkɔ no betumi aboa yɛn ma yɛanya asetra a atirimpɔw ne akomatɔyam wom.—Dwom 1:2; Hebrifo 10:24, 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena