-
‘Bere a Wɔbɛsan Asiesie Nneɛma’ No Abɛn!Ɔwɛn-Aban—2000 | September 1
-
-
NÁ WƆRENTUMI mfa nna, adapɛn, anaa asram kakraa bi nwie saa adwuma no. Nanso, asuafo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa na wofii ase kaa asɛm no. Ne nyinaa mu no, wɔn ani ampa bere a wɔbɛsan asiesie nneɛma ho asɛm no so. Ɔsomafo Petro kaa ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm bi a na wɔabehyiam wɔ Yerusalem sɛ: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa, NW] anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw no, Yesu Kristo a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu.”—Asomafo no Nnwuma 3:19-21; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
-
-
‘Bere a Wɔbɛsan Asiesie Nneɛma’ No Abɛn!Ɔwɛn-Aban—2000 | September 1
-
-
Sɛnea ɔsomafo Petro daa no adi kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔwɔ Yerusalem no, ‘ɔsoro ankasa gyee Yesu.’ Ná eyi te saa de besii 1914 mu bere a Yesu faa n’ahenni tumi na ofii ase dii ade sɛ Onyankopɔn Hene a wapaw no no. Saa bere no, Petro ka siei sɛ, Yehowa ‘somaa’ ne Ba no a na ɛkyerɛ sɛ Ɔbɛma Yesu kwan ma wayɛ n’adwuma sɛ onipa titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu. Bible ka asɛm a esii no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so: “Na [Onyankopɔn soro ahyehyɛde no woo] ɔbabanin [Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa] a ɔde dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa.”—Adiyisɛm 12:5.
-