NSƐMMISA A ƐFI AKENKANFOƆ HƆ
Ɔkwan bɛn na yɛfa so paw mpanimfoɔ ne asomfoɔ wɔ asafo biara mu?
Asomafoɔ no berɛ so no, ɔsomafoɔ Paulo ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ Efeso asafo no mu sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nnwankuo a honhom kronkron ayi mo ahwɛfoɔ wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara ne Ba mogya tɔeɛ no so yie.” (Asomafoɔ Nnwuma 20:28) Sɛ yɛrepaw mpanimfoɔ ne asomfoɔ nnɛ a, dwuma bɛn na honhom kronkron di?
Nea ɛdi kan, honhom kronkron na ɛkaa Bible atwerɛfoɔ ma wɔkyerɛɛ nneɛma a ɛma obi fata sɛ asafo mu panin anaa ɔsomfoɔ. Nneɛma bɛyɛ 16 na ɛwɔ 1 Timoteo 3:1-7 a wɔhwehwɛ fi mpanimfoɔ hɔ. Tito 1:5-9 ne Yakobo 3:17, 18 nso ma yɛhu ahwehwɛdeɛ foforɔ. Asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 3:8-10, 12, 13 nso ma yɛhu nea ɛma obi fata sɛ asafo mu somfoɔ. Nea ɛtɔ so mmienu, wɔn a wɔrepaw anuanom sɛ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hyɛ da bɔ mpaeɛ srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wɔn mma wɔnhu sɛ onua bi fata sɛnea Twerɛnsɛm no ka no anaa ɔmfata. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛhia sɛ onua a wɔresusu ne ho no da Onyankopɔn honhom kronkron aba no adi wɔ n’abrabɔ nyinaa mu. (Galatifoɔ 5:22, 23) Enti yɛahu sɛ, sɛ yɛbɛpaw obi sɛ asafo mu panin anaa ɔsomfoɔ a, Onyankopɔn honhom di mu akoten paa.
Ɛnneɛ, hwan na ɔpaw anuanom mmarima yi? Kane no, sɛ wɔkamfo anuanom sɛ mpanimfoɔ anaa asomfoɔ a, wɔde wɔn din kɔ Betel. Ɛhɔ nso yɛwɔ anuanom a Akwankyerɛ Kuo no apaw wɔn a wɔsusu ho hwɛ sɛ wɔn a wɔn din abɛtɔ wɔn anim no fata anaa. Afei sɛ Betel wie ɛho dwumadie a, wɔbɔ mpanimfoɔ kuo no amanneɛ. Mpanimfoɔ no nso bɛbɔ onua a wɔapaw no foforɔ sɛ ɔpanin anaa ɔsomfoɔ no amanneɛ. Afei wɔbɛbisa no sɛ ɔpene so anaa biribi wɔ hɔ a ɛsi no kwan sɛ ɔbɛsɔ saa hokwan no mu. Ɛno akyi no, wɔbɔ asafo no amanneɛ.
Ɛnneɛ, ɔkwan bɛn na na wɔfa so paw mpanimfoɔ ne asomfoɔ wɔ asomafoɔ no berɛ so? Ɛtɔ da a na asomafoɔ no hyɛ da paw anuanom bi de dwumadie bi hyɛ wɔn nsa. Ɛho nhwɛsoɔ ne berɛ a wɔpaw anuanom mmarima nson sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ aduane mma akunafoɔ no. (Asomafoɔ Nnwuma 6:1-6) Nanso ɛkame ayɛ sɛ na saa anuanom no yɛ mpanimfoɔ dada ansa na wɔde dwumadie yi rehyɛ wɔn nsa.
Ampa, Twerɛnsɛm no nkyerɛ ɔkwan pɔtee a wɔfaa so paw mpanimfoɔ ne asomfoɔ wɔ asomafoɔ no berɛ so, nanso yɛtumi hu n’ani so kakra. Berɛ a Paulo ne Barnaba wiee wɔn asɛmpatrɛ akwantuo a ɛdi kan a wɔresan aba fie no, “wɔyii mpanimfoɔ maa wɔn wɔ asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ de wɔn hyɛɛ Yehowa a wɔabɛnya ne mu gyidie no nsa.” (Asomafoɔ Nnwuma 14:23) Mfie bi akyi no, Paulo twerɛɛ ne yɔnko a ɔne no tutu akwan Tito sɛ: “Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie deɛ atɔ kyima na woayiyi mpanimfoɔ wɔ kuro biara mu sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.” (Tito 1:5) Timoteo nso ne ɔsomafoɔ Paulo tutuu akwan pii, na ɛkame ayɛ sɛ ɔmaa ɔno nso tumi de paw mpanimfoɔ. (1 Timoteo 5:22) Enti sɛ yɛhwɛ ne nyinaa mu a, yɛhu sɛ ahwɛfoɔ akwantufoɔ na na wɔpaw asafo mu mpanimfoɔ ne asomfoɔ na ɛnyɛ asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no.
Esiane sɛ Yehowa Adansefoɔ Akwankyerɛ Kuo no pɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma ɛne Bible hyia nti, wɔayɛ nsakrae wɔ sɛnea yɛpaw mpanimfoɔ ne asomfoɔ no mu. Ɛfi September 1, 2014 rekɔ no, saa kwan yi na yɛbɛfa so apaw asafo mu mpanimfoɔ ne asomfoɔ: Ɔmansin sohwɛfoɔ biara bɛsusu anuanom a mpanimfoɔ akamfo wɔn a wɔwɔ ne mansin mu no ho mmaako mmaako. Sɛ ɔbɛsra asafo no a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhu anuanom a mpanimfoɔ no akamfo wɔn no, na ɛbɛyɛ yie a ɔne wɔn abom ayɛ asɛnka adwuma no. Ɔmansin sohwɛfoɔ ne mpanimfoɔ kuo no bɛsusu anuanom a mpanimfoɔ de wɔn din aba no ho. Afei wɔwie a, ɔmansin sohwɛfoɔ no na ɛda ne mmati so sɛ ɔpaw mpanimfoɔ ne asomfoɔ wɔ asafo ahorow a ɛwɔ ne mansin mu no mu. Wei bɛyɛ te sɛ nea na wɔyɛ wɔ asomafoɔ no berɛ so no ara.
Mpanimfoɔ ne ɔmansin sohwɛfoɔ ahyia de Twerɛnsɛm no retoto onua barima bi ho ahwɛ sɛ ɔfata sɛ wɔpaw no anaa (Malawi)
Ɛnneɛ, ɛhefoɔ na wɔnya dwumadie yi nyinaa mu kyɛfa? Sɛnea yɛnim no, ɛyɛ “akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no asɛdeɛ titiriw sɛ wɔma Yehowa asomfoɔ aduane. (Mateo 24:45-47) Wei mu bi ne sɛ wɔbɛma honhom kronkron aboa wɔn ma wɔatweetwee Twerɛnsɛm no mu na wɔde Bible akwankyerɛ ayɛ adwuma wɔ Yehowa asafo no mu wɔ wiase nyinaa. Bio nso akoa nokwafoɔ no na wɔpaw amansin so ahwɛfoɔ ne Baa Boayikuo no mufoɔ. Mpanimfoɔ a wɔwɔ Betel no nso boa ma yɛhu akwan pɔtee a yɛbɛfa so de akwankyerɛ a yɛn nsa ka no bɛyɛ adwuma. Mpanimfoɔ kuo no nso ɛ? Sɛ wɔrebɛpaw anuanom bi sɛ mpanimfoɔ anaa asomfoɔ wɔ Onyankopɔn asafo mu a, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ titiriw sɛ wɔde Twerɛnsɛm no kari anuanom no hwɛ sɛ wɔfata anaa. Ɔmansin sohwɛfoɔ biara nso bɛbɔ mpaeɛ na wagye berɛ ahwɛ wɔn a mpanimfoɔ de wɔn din aba no na wapaw mmarima a wɔfata ma wɔasom. Wei yɛ asɛyɛdeɛ kɛse a wɔde ahyɛ amansin so ahwɛfoɔ nsa.
Sɛ yɛto yɛn bo ase hwɛ ɔkwan a yɛfa so paw mpanimfoɔ ne asomfoɔ a, yɛbɛhu sɛnea honhom kronkron di wei nyinaa mu akoten. Sɛ ɛba saa na afei wɔpaw onua bi sɛ ɔpanin anaa ɔsomfoɔ wɔ Kristofoɔ asafo no mu a, yɛbɛnya ne mu ahotɔsoɔ na yɛabu no paa.—Hebrifoɔ 13:7, 17.