-
Asafo Mu Asomfo—Nhyira ma Yehowa NkurɔfoƆwɛn-Aban—1986 | May 1
-
-
13. Asomafo no Nnwuma 6:1-6 kyerɛ dɛn wɔ adwuma ko a wɔde hyɛ asafo mu asomfo nsa no ho?
13 Ɛwom sɛ Asomafo no Nnwuma 6:1-6 nka paw a wɔpaw asafo mu asomfo ho asɛm pɔtee de, nanso nea ɛkae wɔ hɔ no kyerɛ adwuma anaasɛ asɛyɛde ko a wɔde bɛhyɛ asafo mu asomfo nsa. Ɛdenam aduan a na wɔbɛkyekyɛ a ɛnyɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn so no, “mmarima baason a wɔwɔ din pa” a wɔpaw wɔn saa bere no maa asomafo no nyaa kwan ‘kuraa [mpaebɔ] ne asɛm no som mu.’ Ɛdenam nnwuma a ɛte saa ara a asafo mu asomfo yɛ nnɛ so no, wɔma mpanyimfo no nya bere pii de yɛn “Onyankopɔn nguankuw” no na wɔkyerɛkyerɛ wɔn.—1 Petro 5:2, 3.
-
-
Asafo Mu Asomfo—Nhyira ma Yehowa NkurɔfoƆwɛn-Aban—1986 | May 1
-
-
15. (a) Sɛ asafo mu ɔsomfo betumi asom yiye a, dɛn na ɛho hia ka mmɔdenbɔ ho? (b) Ɛwom sɛ asafo mu asomfo hwɛ nneɛma ahorow so de, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn ani gye ho titiriw?
15 So onua biara a ɔbɔ mmɔden kɛkɛ betumi ayɛ adwuma a ɛte sɛɛ? Dabi, efisɛ na “nnipa a wɔwɔ din” a wɔpaw wɔn wɔ afeha a edi kan no mu Yerusalem no yɛ wɔn a “honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma” anaasɛ “mmɔdenbɔfo a wokura honhom adwene.” (Asomafo no Nnwuma 6:3, Philips) Sɛ ná wɔyɛ mpanyimfo dedaw wɔ Yehowa nkurɔfo mu mpo a, wɔde nnwuma a ɛte sɛ nea asafo mu asomfo yɛ mprempren no na ɛhyɛɛ wɔn nsa. Enti sɛ asafo mu asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ wɔn adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ “mmɔdenbɔfo ne wɔn a wokura honhom adwene.” Bere a wɔde wɔn adwene si nnwuma ahorow a wɔde ahyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu so no, nea ɛsɛ sɛ wɔn ani gye ho titiriw ne sɛ wɔbɛsom nkurɔfo wɔ akwan horow a eye no wɔ honhom fam.
-