Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 7/1 kr. 13-17
  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “M’adansefo”
  • Hena Na Ɔredi Adanse?
  • Adansedi Kɛse Wɔ 1984 Mu
  • Wɔahyira Mudi Mu Kurafo
  • Ahenni Nkɔso!
  • 1984 Afe Nhoma Da Nkɔso Wɔ Wiase Nyinaa Adi
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Awɛmfo, Momma Mo Nne So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Yehowa ‘Yɛ No Ntɛm’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 7/1 kr. 13-17

Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba

“[Yehowa] . . . mfa sɛɛ mo te yi mmɔho apem nka mo ho, na onhyira mo sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.”​—DEUTERONOMIUM 1:11.

1, 2. (a) Bɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ Israel? (b) Ɔkwan bɛn so na odii ne bɔhyɛ ahorow no so, nanso na egyina dɛn so?

NKƆSO MMƆHO APEM! Ɛno ne nea Mose srɛ maa Yehowa “ɔman kronkron,” Israel. Ná Yehowa de nneɛma akɛse ahyɛ saa ɔman no bɔ. (Exodus 19:5, 6; hwɛ Genesis 12:2, 3 nso.) So odii saa bɔhyɛ ahorow no so?

2 Wiɛ, bere a Mose kaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no akyi bɛyɛ mfirihyia 500 bi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.” Seba hemmaa a na ofi akyiri aba rebɛhwɛ saa ahenni no anuonyam no ka kyerɛɛ Salomo sɛ: “Hwɛ, wɔanka me emu fã po: Wo nyansa ne wo yiye sen nka a metee no. . . . Nhyira nka [Yehowa] wo Nyankopɔn . . . sɛ [Yehowa] wɔ Israel de rekosi daa nti.” (1 Ahene 4:20; 10:7-9) Bere dodow a ɔman yi somee nokwaredi mu sɛ Yehowa adansefo no, ɔma wodii yiye na wɔdɔe ampa.

3. (a) Adanse bɛn na Petro dii wɔ Onyankopɔn ‘ɔman a wapaw ama ne din’ no ho? (b) Dɛn nti na edin Yehowa Adansefo no fata ma saa nkurɔfo no?

3 Salomo nna no akyi bɛboro mfirihyia apem, bere a ɔsomafo Petro redi adanse wɔ Kristofo sodikuw no anim wɔ Yerusalem no, ‘ɔkaa sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mn maa ne din.’ (Asomafo no Nnwuma 15:14) Ná lsraelfo no yɛ ɔman ma Onyankopɔn din. Nanso mprempren de ná Onyankopɔn reboaboa ‘nnipa ano bio ama ne din’​—Kristofo asafo, honhom fam Israel​—a wɔn nso bedi adanse ama Yehowa na wɔama wɔahu n’Ahenni atirimpɔw ahorow no. (Galatifo 6:16) Sɛnea ɛfata no, wohu nnipa yi nnɛ wɔ wiase nyinaa denam edin a Yehowa ankasa ma ɛda adi titiriw wɔ Yesaia 43:10-12 a ɛne ‘Yehowa Adansefo’ no so. Dɛn na sɛ́ wɔbɛyɛ ɔman ama Yehowa din no kyerɛ?

“M’adansefo”

4. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ ‘Yesu Adansefo’? (b) Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, Yesu gyaw yɛn nhwɛso bɛn wɔ adanse a yebedi ama Yehowa no mu?

4 Yesu ankasa de adwuma hyɛɛ nnipa yi nsa, sɛ: ‘Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔpem asase ano nohɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) “M’adansefo”​—so Yesu asɛm yi kyerɛ sɛ, ɛyɛ Yesu nkutoo ho adanse na wobedi a Yehowa nka ho? Ɛnte saa koraa! Wɔ saa bere titiriw a na wɔreyi Yehowa dom afi honam fam Israelfo so akɔ honhom mu Israelfo so no, ɛbɛyɛɛ nea ɛho hia sɛ wɔde adanse a emu da hɔ pefee ma wɔ Kristo a nhyehyɛe foforo yi gyina no so no ho. Nanso, Yesu kɔ so de ne ho hyɛ n’Agya no ase bere nyinaa. Ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn wɔ Yehowa din ne n’Ahenni ho adanse a yebedi no mu.​—Yohane 5:30; 6:38; 17:6, 26; 18:37.

5. (a) Nneɛma bɛn a ɛfa Yesu ho na ɛsɛ sɛ yedi ho adanse? (b) Wɔ eyi mu no, ɔkwan bɛn so na yedi Yesu anammɔn akyi?

5 Yesu Kristo ne apam foforo no Ntamgyinafo na wɔfrɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwom no sɛ wɔmmɛfa Ahenni no. Ɔne “nkwa hene” a Yehowa de no di dwuma gye adesamma fi owu mu no. Etwa sɛ Yesu “di hene” kosi sɛ wɔbɛbrɛ Onyankopɔn ne onipa atamfo nyinaa ase na wɔasan de paradise a anigye wom aba asase yi so. Ɔne “Onyankopɔn ba” a ɔfrɛ awufo fi wɔn adamoa mu wɔ owusɔre no mu no. (Hebrifo 9:15; Asomafo no Nnwuma 8:15; Dwom 110:1, 2, 5; 1 Korintofo 15:25-28; Luka 23:42, 43; Yohane 5:25-29) Enti, sɛ́ Yehowa Adansefo no, yedi dwuma titiriw a Ɔba no di wɔ Yehowa din ho a wɔtew mu no ho adanse. Eyi mu no, yedi yɛn Wura no anammɔn akyi, a na ɔno ankasa yɛ ɔdansefo titiriw ma Yehowa​—“ɔdansefo nokwafo no.”​—Adiyisɛm 1:5; 3:14; Yohane 18:37; 1 Petro 2:21.

Hena Na Ɔredi Adanse?

6. (a) Henanom nkutoo na nnɛ wɔredi Ahenni no ho adanse? (b) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ eyinom reyɛ ‘nnwuma akɛse’?

6 Ɛnnɛ, nnipa bi a wɔyɛ biako redi adanse “de akɔpem asase ano nohɔ.” Ɛyɛ nnipa a ɔsomafo Petro ka wɔn ho asɛm sɛ​—‘ɔman ma Onyankopɔn din’​—no na wɔredi Yehowa ne n’Ahenni nam Kristo Yesu so no ho adanse. Ɛdefa eyi ho no, Yesu ankasa ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’agya no nkyɛn.” (Yohane 14:12) Mprempren Ɔhene Yesu Kristo fi n’Agya nsa nifa wɔ soro kyerɛ adansedi adwuma a emu retrɛw kɛse sen biara a wɔayɛ wɔ asase so ha pɛn no kwan. Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, bere a “ahenni no ho asɛmpa yi” yɛ nea ‘wɔaka de adi amanaman nyinaa adanse no ansa na awiei no bɛba.’​—Mateo 24:14.

7. (a) Dɛn nti na Kristoman akuw horow no ntumi nni adanse? (b) Nea ɛne eyi bɔ abira no, dɛn nti na Yehowa Adansefo ayɛ nnam kɛse wɔ wɔn som adwuma no mu?

7 “Ahenni no ho asɛmpa yi” ne asɛm a ɛyɛ anigye sen biara a wɔabɔ ho dawuru akyerɛ adesamma pɛn. Ɛyɛ anuonyam asɛmpa a ɛno ho na nyamesom akuw horow a ɛwɔ Kristoman mu no aka wɔn ano atom koraa no. Wonni Ahenni anidaso biara ma daakye. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wontumi nni adanse! Wɔanhu asɛm a ɛyɛ anigye sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu a esii no​—onipa Ba no ba a ɔbaa Ahenni anuonyam mu na ɔbɛtraa n’anuonyam ahengua so na ɔrebu aman ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so atɛn no. Ɛno yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wodi ho adanse! Enti, wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no, wɔn a wɔyɛ adansefo ma Yehowa ne ne Kristo no rebɔ “daa asɛmpa” no dawuru mprempren “akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” So worenya adansedi adwuma yi mu kyɛfa nnam so?​—Adiyisɛm 14:6, 7; Mateo 25:31-33.

Adansedi Kɛse Wɔ 1984 Mu

8. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye 1984 Ɔsom Afe Akontaabu no ho? (b) Dɛn na ɛtwetwe asuafo afoforo?

8 Yehowa Adansefo Wiase Nyinaa 1984 Ɔsom Afe Akontaabu a ɛwɔ 1985 Afe Nhoma no nkratafa 24 kosi 31 no kyerɛ sɛnea yɛn Nyankopɔn, Yehowa, no rehyira n’adansefo a wɔbrɛ wɔn ho ase no mmɔdenbɔ ahorow so kɛse. Wɔ ne nyinaa mu no, nsase 203 na epue wɔ hɔ. Nsase yi mu 172 bɔ adawurubɔfo nkɔanim ho amanneɛ. Na nea ɛyɛ anigye no, saa Ahenni adawurubɔfo yi nso ka sɛnea ‘Awurade ama wɔadɔɔso na wɔaboro so ɔdɔ a wɔde dodɔ wɔn ho wɔn ho ne nnipa nyinaa no mu’ ho asɛm. (1 Tesalonikafo 3:12) Biakoyɛ a ɔdɔ wom a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu a Ahenni adansedi adwuma no ka ho retwetwe asuafo afoforo pii. Eyinom na Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ: “Mobehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.”​—Yohane 8:31, 32.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na ebia wunyaa hokwan nyaa kyɛfa wɔ akontaabu yi mu? (b) Dɛn na akontaabu ahorow no kyerɛ wɔ Yehowa ne ne nkurɔfo ho?

9 Ɔkwan bɛn so na wɔboaboaa ɔsom adwuma akontaabu a ɛyɛ nwonwa yi ano? Wɔboaboaa ano fii asɛnka adwuma akontaabu ahorow a wo​—Ahenni ɔdawurubɔfo biako biara​—fi nokwaredi mu de bae ɔsram biara no mu. So wo ani nnye sɛ woayɛ wo fam de kakraa wɔ akontaabu kɛse yi mu? Akontaabu ahorow yi kyerɛ sɛnea Yehowa ‘hwie nhyira a ɛboro so’ gu n’Adansefo​—‘ɔman ma ne din’​—a wɔaka wɔn abom wɔ wiase nyinaa adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no so.​—Malaki 3:10; Dwom 56:10, 11; Kolosefo 3:14.

10. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ adansefo de wɔn ho bɔ afɔre? (b) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nnipa a wokura wɔn mudi mu ne wɔn akatua ho?

10 Wɔayɛ adansedi adwuma yi pii wɔ ɔtaa anaa ahokyere ne ho a wɔde bɔ afɔre kɛse mu, Eyi yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan, efisɛ asɛmfua “ɔdansefo” a wɔde adi dwuma wɔ ha no yɛ Hela asɛmfua martys anaa martyr no a wɔakyerɛ ase a ɛno ara nso mu na wonyaa asɛmfua “mogyadansefo,” a ɛkyerɛ obi a odi adanse denam ne wu so no. Eyi si so dua sɛ, sɛ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre na yesi yɛn bo bere nyinaa sɛ yɛbɛyere yɛn ho na yɛakura yɛn mudi mu wɔ tebea horow nyinaa mu, de akosi owu mu mpo, sɛ ɛho hia a.​—Luka 9:23; fa toto Hiob 2:3; 27:5; 31:6; Asomafo no Nnwuma 22:20; Adiyisɛm 2:10 ho.

Wɔahyira Mudi Mu Kurafo

11, 12. (a) Denhyɛ ho bɔhyɛ bɛn na Yehowa de ma yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na ne nkurɔfo adi katabaako nniso ahorow so nkonim?

11 Nnipa a Yehowa ‘din da wɔn so’ no hia “tumi a ɛboro so” wɔ ɔtaa mmere ahorow mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi Satan ne n’adaemone dɔm ntua ahorow a ano yɛ den no so. Yehowa ma wɔn nsa ka tumi a ɛte saa na ogye n’adansefo anokwafo na ɔma wodi yiye. (2 Korintofo 4:7-9; Yesaia 54:17; Yeremia 1:19) Fa tebea a na ɛwɔ hɔ wɔ Axis tumi horow no ase wɔ Wiase Ko II mu a na Germany, Italy ne Japan di anim no sɛ nhwɛso. Bere a Ɔbonsam de katabaako atirimɔden nniso ahorow redi dwuma no, ‘opuw n’anom nsu te sɛ asubɔnten’ a ɛyɛ ɔtaa no sɛ ɔbɛma afa adansedi adwuma a Onyankopɔn ɔsoro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea no rekyerɛ kwan no. Nanso so Satan dii nkonim wɔ eyi mu? Dabida! Yehowa dii nneɛma ho dwuma wɔ ɔkwan bi so ma enti demokrase aman a wɔwɔ asase so no menee asubɔnten no. ‘Woyii abɔnefo no hɔ’ na Yehowa nokware adansefo no redi yiye mprempren wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ saa nsase no so.​—Adiyisɛm 12:15, 16; Dwom 37:28, 29.

12 Ɛho behiae nnansa yi ara sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ma wonya tintimbea akɛse wɔ saa aman ahorow no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Bible ne nhoma ahorow a ɛfa Ahenni no ho ɔpepem pii wɔ hɔ na wɔde akyerɛkyerɛ Yehowa Adansefo ne nnipa afoforo a nokware ho kɔm de wɔn. Ɛnnɛ wɔ Germany, Italy, ne Japan no, Ahenni no ho adawurubɔfo a wɔn dodow boro 300,000 redi adanse wɔ nkurɔfo afi mu. Na Yehowa de nkɔso rehyira ne nkurɔfo a wokura wɔn mudi mu wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu no!​—Fa toto Dwom 115:12-15 ho.

13. (a) Dɛn na ɛwɔ Afe Akontaabu no mu a ɛkyerɛ sɛ adansefo anokwafo atra ase sɛnea 1984 afe asɛm no kyerɛ no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn?

13 Nanso, esiane sɛ Ɔbonsam nim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa nti, ɔkɔ so tu wɔn a ‘wodi Onyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no’ so sa. (Adiyisɛm 12:12, 17) Satan ɔsɔretia no mu yɛ den titiriw wɔ aman a ɛka akontaabu no ho a wɔakyerɛw hɔ sɛ “Aman Afoforo 28” no so. Adansefo a wɔwɔ aman ahorow yi mu fi nokwaredi mu atra ase sɛnea yɛn 1984 afe asɛm no kyerɛ no, ‘na wɔayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.’ (Filipifo 1:14) Wɔn adawurubɔfo nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu 3.1 no fata nkamfo kɛse. Bere a wɔn nhwɛso no akanyan yɛn no, momma yɛn nyinaa nkɔ so mmɔ “Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba” nnam so.​—Hebrifo 13:15.

14. (a) Dɛn na ebia ɛbɛdan ‘adansedi’ ama yɛn? (b) Tebea horow bɛn mu mpo na sɛ yɛwɔ a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di adanse akokoduru so, na dɛn ntia?

14 Bere a wiase nsɛm tebea mu kɔ so yɛ den no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛtaa yɛn mu afoforo pii ma wɔakyere wɔn akɔ asenibea na wɔde wɔn agu afiase. Yesu kaa nneɛma ahorow a ɛte saa a yebehyia no ho asɛm kaa nneɛma a ‘ɛbɛba’ ansa na awiei no aba no ho, na ɔde kaa ho sɛ: “Na mode adi me ho adanse.” Ɛnde, wɔ tebea horow nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo kɔ so di Onyankopɔn ne Kristo ho adanse. Pii kɔ so yɛ eyi a abusua mu ɔsɔretia a ano yɛ den, mfɛfo adwumayɛfo anaa mfɛfo sukuufo fɛwdi ahorow, ne ahohorabɔ a wɔde ba wɔn so wɔ asasesin a wɔka asɛm wom mu no mfa ho. So woredi adanse akokoduru so a tebea horow a emu yɛ den mfa ho? Ɛnde woyɛ wɔn a Yesu kaa eyi kyerɛɛ wɔn no mu biako: “Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.”​—Luka 21:7, 9-19.

Ahenni Nkɔso!

15. Akontaabu pon a ɛwɔ kratafa yi so no mu nsɛntitiriw no bi ne nea ɛwɔ he?

15 “Ahenni Nkɔso”​—hwɛ fata ara a na asɛmti yi fata ma yɛn 1984 ɔmantam nhyiam ahorow no! Na eyi ayɛ yɛn nkɔso afe a ɛsen biara. Hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ ha no so! Eyi yɛ akontaabu ahorow a wɔaboaboa ano afi Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow 95 a ɛhwɛ adansedi adwuma no so wɔ nsase 203 so no hɔ.

16. Ka nsɛm a ɛyɛ anigye a. efi wiase nyinaa no bi ho asɛm.

16 Kwan nni yɛn nsɛmma nhoma yi mu a yɛde bɛka krataa ahorow a wɔde reka anigye a wɔanya no ho asɛm a yɛn nsa aka afi baa dwumadibea ahorow yi nyinaa hɔ a wɔn afe afe akontaabu no ka ho no ho asɛm, nanso ɛho nhwɛso ahorow bi a efi wiase nyinaa ni:

Alaska: Nnipa a wɔwɔ Metlakatla akuraa no ase nyinaa ba bɛhwɛɛ Yehowa Adansefo 230 a wɔde nnɔnhwerew 32 resi Ahenni Asa fɛfɛ bi no; wobuee ano Kwasida a ɛyɛ saa dapɛn no ara awiei.

Honduras: Adawurubɔfo 3,663 no yɛ yɛn dodow nkɔanim a ɛsen biara; nnipa 17,005 a wɔbaa Nkaedi no ase no kyerɛ sɛ pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

Brazil: Adawurubɔfo dodow nkɔanim no kosii 160,927 na nnipa 474,450 na wɔbaa Nkaedi no ase.

Thailand: Akwampae honhom no rekɔ so, na adawurubɔfo ɔha biara mu 22 yɛɛ adwuma yi bi April mu.

Papua New Guinea: Akwampaefo aboafo dodow no kɔɔ anim ɔha biara mu 91; dodow a wɔbaa Nkaedi ase no kɔɔ soro bɛboro 1,000​—ma ekoduu 7,704.

Austria: Akwampae honhom no renya nkɔso, na yenyaa nkɔanim a ɛsen biara ahorow anum wɔ saa adwuma no mu; yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara ahorow ason, nea etwa to no yɛ 15,618.

Zambia: Yenyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ adawurubɔfo 58,925: dodow a wɔbaa Nkaedi ase no yɛ 393,431​—ɛboro afe a etwaam de no so 110,447.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma no mu retrɛw? (b) Botae horow a eye bɛn na wɔkamfo kyerɛ, na wɔkamfo kyerɛ henanom? (d) Adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo no yɛ ahe, na dɛn na ebia ɛmaa eyi baa saa?

17 Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo anokwafo kɔ so ara di anim wɔ adanse a wodi wɔ asasesin foforo ne dedaw mu no mu. Ɛhyɛ nkuran ankasa sɛ yehu nkɔso a aba wɔ akwampaefo dodow mu no. Akwampaefo aboafo a wobuu akontaa wɔ April, 1984 mu no dodow kɔɔ anim koduu dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 323,664, ɔha biara mu nkɔanim 49. Eyinom mu pii ahu hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim akɔka daa akwampaefo no ho no. Bio nso, yɛn Ahenni adawurubɔfo nkumaa no mu pii de akwampae adwuma no reyɛ wɔn botae na woresiesie wɔn ho ankasa ama eyi wɔ wɔn mfe a etwa to wɔ ntoaso sukuu mu no mu. Nea afi ne nyinaa mu aba no da adi wɔ nkɔanim kɛse a aba wɔ akwampaefo mu no mu. Eyi aboa nso ma nnamyɛ honhom aba yɛn asafo ahorow no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛka ho na yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo wɔ wiase nyinaa a ɛyɛ 2,842,531, a ɛboro 1983 de no so ɔha biara mu 7.2 no. So ɛnyɛ wo anigye sɛ wunyaa nkɔso a aba yi mu kyɛfa?

18. (a) Nkɔanim akɛse bɛn bio na ɛbae wɔ 1984 mu? (b) Nkaedi akontaabu no kyerɛ dɛn wɔ nkɔso a ebetumi aba ho, na yɛn akenkanfo betumi agye eyi so dɛn?

18 Adanse a ɛyɛ anigye a wodii wɔ 1984 mu no da adi nso wɔ nkɔso a ɛbae wɔ nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a wɔde mae, nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma, nkɔso kɛse a ɛbae wɔ anigyefo a wɔsan kɔsraa wɔn ne ofie Bible adesua a wɔne eyinom yɛe mu no mu. Hwɛ sɛnea yɛhwɛ aba foforo kwan fi ɔsom adwuma a wɔyɛ no nnam so yi mu! Na yebetumi ahwɛ anoboaboa adwuma kɛse a yɛbɛkɔ so ayɛ kwan! Eyi da adi wɔ nnipa dodow a wɔbaa Awurade Anwummeduan no ase afe a etwaam, April 15, no mu. Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, nnipa a wɔn dodow yɛ 7,416,974 na wɔbaa ase a wɔn mu 9,081 na wɔkyerɛe sɛ wɔka Awurade “kuw ketewa” no ho denam abodoo no a wodii ne bobesa no a wɔnomee no so. Ɛmmra sɛ yɛn akenkanfo no nyinaa bɛkɔ so anyin wɔ honhom mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya kyɛfa wɔ adansedi ne anoboaboa adwuma kɛse a ɛda yɛn anim no mu.​—Fa toto Efesofo 4:15; Filipifo 1:9-11 ho.

19. Dɛn ho na yebetumi ada Yehowa ase, na yɛn mpaebɔ wɔ daakye ho ne dɛn?

19 Ampa, yebetumi atĩ Mose nsɛm no mu aka wɔ Yehowa Adansefo, nnɛyi ‘nnipa a wapaw wɔn ama ne din’ no ho: “[Yehowa] mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, nnɛ mo dodow te sɛ ɔsoro nsoromma.” (Deuteronomium 1:10) Yɛbɔ mpae sɛ Amansan Hene, Yehowa, bɛkɔ so ama Ahenni adansedi adwuma no adi yiye na ɔde nkɔso no bi abɛka ho!

Dɛn Na Wobɛka?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ ‘Yesu adansefo’ nso?

◻ Adanse kɛse bɛn na wodii wɔ 1984 mu?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyira adansefo anokwafo?

◻ Ɛsɛ sɛ 1984 akontaabu no kanyan yɛn wɔ akwan horow bɛn so?

[Kratafa 17 adaka]

‘Ahosɛpɛw, Anigye, Aseda’

Asase a wɔde anohyeto ama wɔ Yehowa Adansefo adwuma no ho bɛboro mfirihyia 40 ni so na amanneɛbɔ yi fi bae: “Ahosɛpɛw kɛse a yɛanya no ne nkɔso a aba wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no. Pii asom sɛ akwampaefo aboafo. Wɔn mu biako de nsɛm yi daa ne nkate horow adi: ‘Ahosɛpɛw, anigye ne akomatɔyam kɛse ahyɛ me ma.’ Akwampaefo boafo foforo kae sɛ: ‘M’ani agye kɛse sɛ meyɛ biribi a ɛsɔ Yehowa ani. Mitumi fii ofie Bible adesua foforo anum ase.’ Ɔfoforo de kaa ho sɛ: ‘Meda Yehowa a ɔboaa me ma minyaa ɔdɔ a mihia na mede aboa afoforo no ase.’ Asafo biako a adawurubɔfo 61 na wɔwom mu no, 38 somee sɛ akwampaefo aboafo wɔ ɔsram biako mu. Esiane eyi nti, wofii Bible adesua foforo 66 ase.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 16]

Wiase Nyinaa Akontaabu Ntotoho

1984 1983 Nkɔanim

Baa Dwumadibea Ahorow 95 94

Aman Ahorow a Wobu Akontaa 203 205

Adawurubɔfo Dodow a Ɛsen Biara 2,842,531 2,652,323 7.2%

Adawurubɔfo Daa Ɔsram 2,680,274 2,501,722 7.1%

Akwampaefo Daa Ɔsram 258,936 206,098 25.6%

Akwampaefo Aboafo (April) 323,644 217,860 48.6%

Asɛnka Nnɔnhwerew Nkabom 505,588,037 436,720,991 15.8%

Nhoma Dodow a Wɔde Mae 36,639,925 36,039,400 1.7%

Nsɛmma Nhomakra 1,812,221 1,756,153 3.2%

Nsɛmma Nhoma a Wɔkyekyɛe 287,358,064 258,698,636 11.1%

Sankɔhwɛ 195,819,093 174,687,309 12.1%

Bible Adesua Daa Ɔsram 2,047,113 1,797,112 13.9%

Dodow a Wɔbaa Nkaedi Ase 7,416,974 6,767,707 9.6%

Dodow a Wodii Bi 9,081 9,292

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena