Bible No Adwene
Nhyira So Ɛyɛ Kristofo Ahwehwɛde?
“Nhyira kronkron no ma Kristoni a wɔabɔ no asu nya Kristofo asetra a edi mũ, ɔyɛ honhom mu ɔpanyin, ɔsraani ne Kristo ɔdansefo.”—The Catholic Encyclopedia for School and Home.
PROTESTANTFO pii nnye nni sɛ nhyira yɛ obi kronkron. Nanso, afeha a ɛto so 13 Katolek nyamekyerɛfo Thomas Aquinas kyerɛwee sɛ “nhyira ne asubɔ a ɛyɛ kronkron no awiei koraa.” Nea ɛte biara no, nsemmisa sɔre sɛ: So tete Kristofo hyirae? So saa amanne kwan so adeyɛ no yɛ Kristofo ahwehwɛde nnɛ?
New Catholic Encyclopedia no gye tom sɛ: “Biribiara nni Nsɛmpa no mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu Ankasa na ɔhyehyɛɛ Nhyira Kronkron no.” Ɛnde dɛn nti na asɔre akannifo de adwene bae sɛ wɔ asubɔ akyi no, amanne a ɛto so abien a ebetumi ayɛ ngo a wɔde sra obi na wɔde nsa gu ne so no ho hia na ama onipa no ayɛ asɔre no muni ankasa?
Ɔkwan Bɛn So Na Nhyira Fii ase?
Nkokoaa asubɔ titiriw ka ho na ɛmaa kronkronyɛ foforo ho behiae. Christianity nhoma no ka sɛ: “Esiane sɛ na nsɔre no nim nsɛnnennen a nkokoaa asubɔ de bae no nti, wɔ kaee . . . wɔn a wɔabɔ wɔn asu no nea eyi kyerɛ denam ‘hyira a wohyira’ wɔn wɔ asetram akyiri yi no so.” So nhyira kae wɔn nea asubɔ kyerɛ no ampa anaa ɛmma nea asubɔ kyerɛ no mu nna hɔ‘?
Nokwasɛm no ne sɛ nkokoaa asubɔ nni nnyinaso biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, nsu a wɔde bɛpete akokoaa bi so no mma akokoaa no nne ne ho mfi mfitiase bɔne no ho; Kristo Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi nkutoo na ebetumi ayɛ saa. (Yohane 3:16, 36; 1 Yohane 1:7) Nsu mu asubɔ yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ nea wɔrebɔ no asu no nam Yesu so ahyira ne ho so koraa sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Nyankopɔn apɛde. Nsu mu asubɔ yɛ asuafo dea—‘gyidifo‘—ɛnyɛ nkokoaa.—Mateo 28:19, 20 Asomafo no Nnwuma 8:12.
New Catholic Encyclopedia no bisa sɛ “Ɛhe na Asubɔ wie na ɛhe na Nhyira fi ase? Ebua sɛ: “Ebia ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ mu nsonsonoe ankasa no pii, efisɛ yɛreka tete Asɔre no mu amanne biako pɛ ho asɛm.” Yiw, wɔ afeha edi kan no mu no, “amanne biako pɛ” a ɛmaa obi yɛɛ Kristofo asafo no muni ankasa ne asubɔ.—Asomafo no Nnwuma 2:41, 42.
So nhyira amanne no ne nsa a wɔde gu obi so no ho hia ansa na wanya honhom kronkron? Dabi. Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, nsa a wɔde gu obi so wɔ n’asubɔ akyi no kyerɛ sɛ wɔrema no dwumadi titiriw anaasɛ honhom akyɛde ahorow. Bere a asomafo no wuwui no, saa akyɛde ahorow yi twaam. (1 Korintofo 13:1, 8-10) Na nsa a wɔde gu obi so no ntaa mfa nsu mu asubɔ ho, na mmom nnwuma pɔtee a wɔyɛ wɔ Kristofo asɛmpatrɛw dwumadi mu no ho. (Asomafo no Nnwuma 6:1-6; 13:l-3) Enti, adwene a ɛne sɛ nhyira yɛ asomafo no nsa a wɔde guu ebinom so no ntoaso na ɛyɛ sɛnea Basics of the Faith: A Catholic Catechism ka sɛ ɛyɛ “kronkronyɛ a ɛsakra onipa no koraa a wotumi nya no pɛnkoro pɛ” no, sɛ wɔhwɛ mu yiye a ɛnyɛ nokware.
Ɔsomafo Paulo bɔɔ Bible mu mfitiase nokware no ho a wɔbɛwae afi no ho kɔkɔ: “Ɛberɛ bi bɛba a, nnipa ani rennye ɔkyerɛ pa no ho, na wɔbɛhwehwɛ nsɛm a aba so foforo . . . na afei, sɛ anka wobetie nokware no, wobetie anansesɛm mmom.” (2 Timoteo 4:3. 4, The Jerusalem Bible) Nanso, wɔn a wogye nhyira amanne no di no de Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso abien gyina akyi.
Kyerɛwnsɛm mu Nnyinaso?
Wɔtaa de kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 8:14-17 no di dwuma sɛ nhyira nnyinaso. Nanso, nsa a wɔde guu wɔn so ma wonyaa honhom kronkron no yɛ bere pɔtee bi mu adeyɛ. Ɔkwan bɛn so? Na Samariafo no nyɛ wɔn a wɔadan Yudafo. Enti, wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wodii kan de wɔn kaa Kristofo asafo no ho. Bere a osuani Filipo kaa asɛm wɔ Samaria no, Samariafo pii “mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu,” nanso wɔanya honhom kronkron amonom hɔ ara. (Asomafo no Nnwuma 8:12) Dɛn ntia?
Kae sɛ Petro na Kristo Yesu de “ɔsoro ahenni ano nsafe” maa no—hokwan a ɔwɔ sɛ ɔno na obedi kan ama gyidifo akuw horow anya hokwan akɔ “ɔsoro ahenni” no mu. (Mateo 16:19) Enti Petro ne Yohane kɔɔ Samaria de wɔn nsa koguu asuafo a wɔnyɛ Yudafo a wodi kan no so ansa na wohwiee honhom kronkron guu wɔn so sɛ “ɔsoro ahenni” no mufo a wɔbɛyɛ no ho adanse.
Ebinom susuw sɛ Asomafo no Nnwuma 19:1-6 yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo no wɔ amanne soronko bi wɔ asubɔ akyi. Nanso, wɔ eyi mu no, ɛda adi sɛ nea enti a wɔamma asuafo bi a na wɔwɔ Efeso honhom kronkron no ne sɛ na saa gyidifo afoforo yi anya “Yohane asubɔ” a na ɛnyɛ adwuma bio no nkutoo. (Hwɛ Asomafo 18:24-26 nso.) Bere a wɔkyerɛkyerɛɛ eyi mu kyerɛɛ wɔn no, ntɛm ara “wɔma wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu.” Na wɔ saa bere yi mu no, ɔsomafo Paulo “de ne nsa guu wɔn so” na wɔanya Onyankopɔn honhom akyɛde no bi de aka Onyankopɔn honhom mu mma a wɔbɛyɛ no ho.—Romafo 8:15, 16.
New Dictionary of Theology ka wɔ kyerɛwtohɔ ahorow yi ho sɛ: “Wontumi nhu ade a esisii yi ntoaso biara, na mpo sɛ ɛyɛ nhwɛso bi a, ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ wobu no sɛ gyinapɛn ma Kristoni a obi bɛyɛ te sɛ nsu mu asubɔ. . . . Asomafo no Nnwuma no mu no, asubɔ pii wɔ hɔ a ɛno akyi no wɔamfa nsa angu nnipa no so (enti nokwarem no ɛda adi sɛ eyinom yɛ soronko) .” Yiw, na eyinom yɛ nneɛma soronko a wɔyɛ de dii nsɛm tebea soronko ho dwuma.
New Dictionary of Theology no de ba awiei sɛ: “Nhyira amanne no abɛyɛ ‘amanne bi a wɔde hwehwɛ nyamekyerɛ’.” Nokwarem no, ɛyɛ amanne a ennyina kyerɛwnsɛm so, ade a efi atoro nkyerɛkyerɛ mu na ɛda adi sɛ ɛnyɛ Kristofo ahwehwɛde.