Nya Yehowa Mu Ahotoso—Denam Nsiyɛ A Wode Besua N’asɛm No So
“Momfa mo koma nto nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi so . . . Efisɛ ɛnyɛ asɛnhunu mma mo, na mmom ɛne mo nkwa.”—DEUTERONOMIUM 32:46, 47, NEW WORLD TRANSLATION.
1, 2. (a) Na dɛn na Israelfo hwɛ kwan bere a wɔbɔɔ nsra wɔ Moab tataw so no? (b) Afotu bɛn na Mose de maa ɔman no?
NA WƆN sare so akwantu tenten no abɛn n’awiei. Afei, na asubɔnten Yordan a akɔntɔn no nkutoo na ɛda ɔman no ne Bɔhyɛ Asase a wɔde bere tenten ahwɛ kwan no ntam. Nanso wɔ ɔman no kannifo Mose fam no, na anidaso a Israelfo wɔ sɛ wobedu saa asase no so no ma odwen nneɛma ho anibere so. Otumi kae sɛnea ɔtoo ɔman no hintidua bere bi esiane ahotoso a na ɔman no nni wɔ Yehowa mu nti ma enti wɔremma ɔnkɔ Kanaan no.—Numeri 13:25-14:30.
2 Enti Mose boaboaa ɔman no ano wɔ Moab tataw so. Bere a Mose atĩ ɔman no abakɔsɛm ne Onyankopɔn Mmara mu akyi no, ɔde nea wɔfrɛ no ne nkyerɛwee a ɛso bi mmae da no mae. Wɔ anwensɛm kasa a eye sen biara mu no, ɔhyɛɛ Israel nkuran sɛ wɔnyɛ osetie mma Yehowa, ‘nokware Nyankopɔn a nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no’ no. Bere a Mose de nsɛm no baa awiei no, otuu wɔn fo sɛ: “Momfa mo koma nto nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi mu nsɛm so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so. Efisɛ ɛnyɛ asɛnhunu mma mo, na mmom ɛne mo nkwa.”—Deuteronomium 32:4, 46, 47, NW.
‘Wɔmfa Wɔn Koma Nto’ Onyankopɔn Asɛm So
3, 4. (a) Na dɛn na ɛsɛ sɛ Israelfo no de ‘wɔn koma to so,’ na na eyi kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na awo ntoatoaso a ɛbaa akyiri yi no de Mose afotu no dii dwuma?
3 Ɛnyɛ sɛ Mose tuu Israelfo no fo sɛ ‘wɔmfa wɔn koma nto’ ne nnwom a ɛkanyan nkate no nkutoo so, na mmom nkyerɛwee kronkron no nyinaa nso so. Na ɛsɛ sɛ “wotie no yiye” (Knox) , “wɔhwɛ sɛ wobetie” (Today’s English Version) , anaasɛ “wodwen” (The Living Bible) Onyankopɔn Mmara ho. Ɛnam Onyankopɔn Mmara no a wobehu no yiye nkutoo so na wobetumi ‘ahyɛ wɔn mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.’ Mose kyerɛwee wɔ Deuteronomium 6:6-8 sɛ: “Na nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma . . . na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma.”
4 Bible nkyerɛkyerɛmufo W. H. Davey ka sɛnea akyiri yi “Yudafo no kyerɛɛ saa asɛm yi ase na wɔdan akwankyerɛ a ɛwom no na wɔde yɛɛ nneɛma a ɛkyerɛ gyidi hunu. Wɔkyerɛw nkyekyem ahorow bi . . . guu nhoma mmobɔwee so na wɔde kyekyeree wɔn nsa na wɔde bi fam wɔn momaso bere a wɔbɔ mpae no.” Na wɔsoa nkae nhoma atɛtrɛtɛ a kyerɛw nsɛm wom kyin wɔ Yesu bere so, na Yudasom ahorow bi da so ara yɛ saa nnɛ. (Mateo 23:5) Nanso, Davey de ka ho sɛ: “Na nnipa a wonnim nyansa ani gyee ho ara kwa sɛ wɔde mmara no mu nsɛm ara kwa bɛhyɛ wɔn ho akyinkyin sen sɛ anka wɔbɛda no adi wɔ wɔn asetra mu sɛ wodi mmara nsɛm a ɛwom no so mmom.”
5. Ɔkwan pa bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde Mose nsɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:6-8 no di dwuma?
5 Dabi, na ɛnyɛ wɔn nsa ankasa anaasɛ wɔn momaso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Mmara tra na mmom ‘wɔn koma so.’ Ɛnam mmara no ho anisɔ a emu dɔ a wobenya na ɛnyɛ ho nimdeɛ ara kwa so no, wɔbɛma Mmara no atra wɔn adwene mu bere nyinaa te sɛ nea wɔakyerɛw agu ɔbopon bi a wɔn aniwa hu so anaasɛ wɔde akyekyere wɔn nsa.
Nsiesiei Ahorow Ma Onyankopɔn Mmara a Wobesua
6, 7. (a) Nsiesiei bɛn na Yehowa yɛe na ama Israelfo no ahu Mose Mmara no? (b) Ɔkwan bɛn so na na ebetumi ayɛ yiye sɛ wobetumi de Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase wɔ tete no?
6 Nanso ɛbɛyɛ dɛn na Israelfo no atumi asua Mmara no mu ahyɛde ahorow bɛyɛ 600 no? Na akyinnye biara nni ho sɛ Mmara no a wɔahwɛ so akyerɛw bi no ho yɛ na mfiase no. Na ɛsɛ sɛ Israel hene a ɔbɛba daakye no ‘kyerɛw mmara yi nhoma no bi fa, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua Yehowa ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi.’ (Deuteronomium 17:18, 19) Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔnkenkan Mmara no mfe ason biara wɔ Asesebɔ Afahyɛ no ase. (Deuteronomium 31:10-13) Bere a akyinnye biara nni ho sɛ na bere a ɛte saa no ma wonya denhyɛ no, na ɛntaa nyɛ nea wotumi de nimdeɛ a emu dɔ ma.
7 Yehowa yɛɛ nhyehyɛe nso sɛ Lewi abusuakuw no ‘mfa n’atemmude nkyerɛ Yakob, na wɔmfa ne mmara nkyerɛ Israel.’ (Deuteronomium 33:8, 10; fa toto Malaki 2:7 ho.) Ɛtɔ bere bi a, Lewifo no yɛ ɔkyerɛkyerɛ ɔsatu wɔ ɔman no mu nyinaa. (2 Beresosɛm 17:7-9; Nehemia 8:7-9) Ɛte sɛ nea anyɛ yiye koraa no wɔ bere tiaa bi akyi no, ɔmanfo no nyaa Onyankopɔn Asɛm no afã horow bi.a Enti na odwontofo no tumi kyerɛw sɛ: “Nhyira ne onipa a . . . [Yehowa] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2) Enti na Mose afotu a ese ‘wɔmfa wɔn koma nto Onyankopɔn Asɛm so’ no yɛ ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wɔmfa nsiyɛ nsua Bible no.
Onyankopɔn Asɛm a ‘Yɛde Yɛn Koma Besi So’ Nnɛ
8. Israelfo no tiee Mose afotu no koduu he, na dɛn na efii mu bae?
8 Israel antie Mose afotu no. Bere a awiei koraa no ɔman no de n’ahemman no sii hɔ no, ɛdaa adi sɛ n’ahene no mu pii ‘anhwɛ mmara nhoma yi so ankyerɛw bi amfa na wɔakenkan mu wɔn nkwa nna nyinaa.’ Ebeduu afeha a ɛto so ason A.Y.B mu wɔ Ɔhene Yosia bere so no, na “mmara nhoma” no nyinaa ayera. (2 Ahene 22:8-13) Akyinnye biara nni ho sɛ nhwɛso bɔne a ɔman no akannifo yɛe no maa wɔwae fii nokware som ho ntɛm. Sɛnea Mose kɔkɔbɔ no kyerɛ no, amanehunu too ɔman no wɔ 607 A.Y.B. mu.—Deuteronomium 28:15-37; 32:23-35.
9. Ɔkwan bɛn so na tebea a Kristofo wom nnɛ no te sɛ nea na tete Israelfo wom no?
9 Te sɛ tete Israelfo no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no gyina bɔhyɛ asase—Onyankopɔn trenee wiase foforo no ɔhye so. (2 Petro 3:13) Nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw rebesisi: “asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka no, “Babilon Kɛse no” asehwe, ‘Gog a ofi Magog’ ntua no. Saa nsɛm a ebesisi yi bɛsɔ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ahwɛ. Ɛnde, egye ntɛmpɛ sɛ yɛde yɛn ‘koma besi Onyankopɔn asɛm so’ nnɛ!—1 Tesalonikafo 5:3; Adiyisɛm, ti 18; Hesekiel, ti 38.
10. Dɛn nti na ebinom betumi abrɛ wɔn kokoam adesuayɛ ase?
10 Nanso, saa a yɛbɛyɛ no betumi ayɛ asɛnnennen ankasa wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Honam fam adwuma, mmofra ntetee, sukuu, ne asafo mu asɛyɛde ahorow betumi agye yɛn bere mu fã kɛse. Esiane eyi nti, yebetumi de nneɛma ayiyi yɛn ho ano na yɛn Bible adesua abrɛ ase a yesusuw sɛ ‘mereyɛ nea metumi a ɛbɛma manya nkwa.’ Nanso Bible no tu Kristofo fo sɛ: “Dwen nneɛma yi ho, fa wo ho hyɛ mu koraa.” (1 Timoteo 4:15, 16, NW) Afei momma yensusuw ntease ahorow a tumi wom a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no bi ho.
Yɛne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ a Yɛbɛhyɛ Mu Den
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ho nimdeɛ kɛse a Hiob nyae no nyaa ne so tumi? (b) Dɛn nti na yebetumi ahu Onyankopɔn yiye asen sɛnea na ɛte wɔ Hiob bere so no?
11 Na Hiob yɛ obi a “osuro Nyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” Nanso bere a Yehowa yii ne ho adi wɔ ahum mu akyi no, Hiob tumi kae sɛ: “Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo.” (Hiob 1:1; 42:5) So yebetumi “ahu” Onyankopɔn nnɛ, kyerɛ sɛ yɛbɛma ayɛ nea ɛsen nim a yenim no ara kwa, na yɛahu ne nipasu afã horow pii no? Nokwarem no, yebetumi! Yehowa nam Bible no so ada ne ho adi kɛse sen bere a na Hiob nim no no mpo.
12 Yenim sɛnea Onyankopɔn dɔ kɔ akyiri no yiye, na yenim sɛ ‘ɔdɔ wiase no nti na ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae.’ (Yohane 3:16) Ɛdenam Bible nkɔmhyɛ ahorow so no, yenim Onyankopɔn dwumadi ahorow—kosi Mfirihyia Apem no awiei! (Adiyisɛm, atiri 18-22) Yɛwɔ sɛnea Onyankopɔn ne Kristofo asafo no di no ho kyerɛwtohɔ: Amanaman mufo a ɔde wɔn bɛkaa ho, ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ a wapaw no sɛ ɔnwowaw ne nkurɔfo, “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so a wafrɛ wɔn no. (Mateo 24:45; Adiyisɛm 7:9, 14-17; Efesofo 3:3-6) Bere a yɛahwɛ Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mu na yɛasusuw anwonwa nnwuma a wayɛ ama yɛn no ho akyi no, nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛbɛteɛm sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!”—Romafo 11:33.
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ahwehwɛ Onyankopɔn,’ na mfaso bɛn na ɛwɔ saa a yɛbɛyɛ no so?
13 Odwontofo no kae sɛ: “Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo.” Yebetumi ayɛ saa ara denam Kyerɛwnsɛm no ho a yebesusuw da biara no so; ɛyɛ pii de hyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no mu den. Adesua a yɛde mmɔdenbɔ yɛ no nso boa ma ‘yemfi Onyankopɔn mmara nsɛm no ho.’—Dwom 119:5, 10, New World Translation.
Adesua Boa Yɛn Ma Yetumi Yi Yɛn ho Ano wɔ Yɛn Gyidi Ho
14. Fa mfaso a ɛwɔ yɛn Kristofo anidaso no a yɛbɛkyerɛ obiara no’ ho nhwɛso ma.
14 Ghanani bi ka kyerɛɛ Adansefo baanu bi a wɔkɔɔ ne fi sɛ: “Mempɛ mo Adansefo wɔ me fi!” Afei nso ɔkaa Adansefo no anim wɔ “mogya a wonnye ne ɔman no frankaa a wonkyia” no ho. Yɛtaa hyia anoyi ahorow a ɛte saa no wɔ asɛnka adwuma no mu. Hwɛ ahohorabɔ—ne animguase—a ɛbɛyɛ, sɛ yɛantumi ‘ankyerɛ obiara a obisa yɛn anidaso a ɛwɔ yɛn mu no ase’ a! (1 Petro 3:15) Nea eye no, saa Adansefo yi tumi de Bible no dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de kyerɛkyerɛɛ adwene a ɛteɛ wɔ mogya ho ne sɛnea Kristoni ma obu a ɔwɔ ma ɔman sɛnkyerɛnnede ahorow ne abosonsom a obekwati kari pɛ no mu. Dɛn na efii mu bae? Ɔbarima no ani gyee mmuae a wɔde maa tẽẽ no ho. Ɛnnɛ, ɔne ne yere nyinaa yɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu.
15. Ɔkwan bɛn so na kokoam adesua siesie yɛn ma yɛn som adwuma no?
15 Paulo de nkuranhyɛ ma sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” Ɛnyɛ sɛ kokoam adesua bɛboa ma yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so nko, na mmom ɛbɛma ‘yɛayɛ pɛ a wɔasiesie yɛn koraa’ ama boa a yɛbɛboa afoforo ma wɔayɛ saa nso.—2 Timoteo 2:15; 3:17.
Satan Mfiri Ahorow a Yɛbɛko Atia
16. Satan mfiri a Yehowa nkurɔfo hyia no bi ne nea ɛwɔ he?
16 Ɛnnɛ, nneɛma ho dawurubɔ kanyan yɛn kɔ “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” so. (1 Yohane 2:16) Nsɛm ho amanneɛbɔ kamfo aguamammɔ kyerɛ na mfɛfo adwumayɛfo ne mfɛfo sukuufo taa de nnamyɛ ma enya nkɔso. Wobetumi de awaefo nhoma ahorow a yɛammisa aba yɛn fi. Esiane sɛ ɛkanyan anuanom binom ma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ nneɛma mu nti, wɔakenkan nhoma a ɛma obi gu ne ho fi no—ma asɛe wɔn gyidi. Afei nso pɛsɛmenkominya ne honam fam “honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no” wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ ebetumi anya obi so tumi na ama wanya ɔkasatia ne bɔne honhom!—Efesofo 2:2.
17, 18. Ɔkwan bɛn so na kokoam adesua remma ‘yemfi ho’?
17 Nokwarem no, nnipa kakraa bi na wɔma Satan daadaa wɔn. Esiane sɛ wobu wɔn ani gu kokoam adesua so nti, ‘wofi ho’ brɛoo te sɛ ɔkorow a wɔasan ne sɛkyɛ, na wɔbɛyɛ wɔn a Satan de ne ntua ba wɔn so titiriw. (Hebrifo 2:1, NW) Sɛ nhwɛso no, onuabarima biako ne abeawa bi buu ɔbra bɔne wɔ sukuu. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ ade titiriw a ɛma meyɛɛ eyi ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɔkɔm de me wɔ honhom mu. Na menyɛ kokoam adesua. Ɛno nti na mantumi annyina sɔhwɛ no ano no.” Nanso, kokoam adesua ho nhyehyɛe boaa onua no ma ɔbɛyɛɛ den wɔ honhom mu.
18 Satan asi ne bo sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo pii sɛnea obetumi. Ɛdenam nneɛma pa a efi Onyankopɔn Asɛm mu ne n’akoa nokwafo no hɔ a yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem so no, yebetumi akwati afiri a wobesum yɛn no. (Filipifo 4:8) Nkae ahorow a ɛbɛma yɛakwati honam fam adedodowpɛ, ɔbrasɛe, awaefo nsusuwii ne honhom a enye wɔ Bible no ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu. Sɛ yɛde asoyɛ a ɛboro so tie a, yɛremfi ho da.
Nsiesiei Ahorow a Yehowa Ahyehyɛde no De Ma a Ɛbɛboa Yɛn
19. Etiopiani piani no yɛ nhwɛso ma dɛn wɔ honhom mu akwankyerɛ a yehia no ho?
19 Adesua yɛ adwumaden. Enti yebetumi de aseda ama sɛ Yehowa ahyehyɛde no boa yɛn pii. Wɔ nnansa yi mfe no mu no, ebinom akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ankorankoro kwan ma wɔn ankasa kyerɛ Bible no ase. Nanso Etiopiani piani no gye toom pefee sɛ ohia honhom mu akwankyerɛ. Sɛ obi a na wagye Yudasom atom a wɔatwa no twetia no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔwɔ Bible no ho nimdeɛ kɛse dedaw. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesua biribi a emu dɔ te sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 53 no da eyi adi. Nanso, bere a wobisaa no sɛ ɔte nea na ɔrekenkan no ase no, ogye toom sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me?”—Asomafo no Nnwuma 8:26-33.
20. (a) Nsiesiei ahorow a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ na aboa yɛn wɔ Bible no a yɛn ankasa besua no ho no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Wote nka dɛn wɔ nsiesiei a ɛte saa no ho?
20 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso hia honhom mu akwankyerɛ. Esiane sɛ sɛ edu honhom fam nneɛma so a, wɔwɔ ɔpɛ sɛ ‘wɔbɛyɛ nokoro’ nti, wogye mmoa a Yehowa ahyehyɛde no de ma no tom—na hwɛ mmoa kɛse a ɛno yɛ! (1 Korintofo 1:10) Yɛnam Ɔwɛn-Aban no ne Nyan! nsɛmma nhoma no so nya nsɛm daa. Yɛwɔ nhoma ne nhomawa ahorow pii a ɛka Bible mu nsɛmti ahorow pii ho asɛm. Ɛyɛ nhyira ma akenkanfo a wɔka Engiresi kasa sɛ wɔanya Watchtower Publication Index 1930-1985 no, adwinnade a ebetumi aboa obi ma ‘wakɔ so ahwehwɛ nyansa akyi kwan te sɛ dwetɛ ne akorade a ahintaw.’—Mmebusɛm 2:2-4.
21. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo daa kokoam adesua ho anigye adi? (b) Nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma yɛatumi ayɛ kokoam adesua ntɛmntɛm no bi ne nea ɛwɔ he?
21 So wusua Asafo ti no nhoma ahorow no na wode yɛ nhwehwɛmu na ama woanya so mfaso? Anaa, so nhoma a ɛte saa no te sɛ nneɛma a wɔahyehyɛ wɔ ɔpon so ara kwa? Nea ɛyɛ anigye no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo bere bi sɛ ‘ɔmfa ne mmurukuu no, ne titiriw no nhomapoee no’ mmrɛ no wɔ Roma; ɛda adi sɛ na Paulo reka Hebri Kyerɛwnsɛm no ho asɛm. (2 Timoteo 4:13) Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔpɛ sɛ ne nsa ka na ama watumi asua ade na wayɛ nhwehwɛmu ntɛmntɛm. Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, dɛn nti na wumfi ase sɛ wobɛboaboa teokrase nhoma ahorow ano sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi ayɛ nhwehwɛmu? Fa saa nhoma ahorow no gu faako a wo nsa betumi aka, hyehyɛ no kama na ma ɛnyɛ nea ɛho tew. Paw baabi a ɛhɔ yɛ komm a kanea wɔ hɔ a wobetumi asua ade wɔ hɔ. Yɛ bere nhyehyɛe ma kokoam adesua daa.
22. Dɛn nti na ‘yɛn koma a yɛde besi Onyankopɔn Asɛm so’ no ho hia kɛse nnɛ sen bere biara?
22 Te sɛ Israelfo a na wɔabɔ nsra wɔ Moab tataw a ɛyɛ asasebere so no, yegyina wiase foforo no aboboano. Ɛho hia sɛ yɛde nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm na ‘yɛtɔ bere’ de sua ade, na ebia yɛde nneɛma afoforo te sɛ television hwɛ bɔ afɔre sen bere biara. (Efesofo 5:16, NW) Petro de afotu ma sɛ: “Na mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.” (1 Petro 2:2; fa toto Hebrifo 5:12-14 ho.) Yɛn nkwa ankasa ho asɛm wom. Enti ko tia su biara a ɛbɛma woabrɛ ase wɔ wo kokoam adesuayɛ mu no. Fa di dwuma sɛ ɔkwan a wonam so ma ɔdɔ ne ahotoso a wowɔ Onyankopɔn mu no dɔ; ɛyɛ ɔkwan a wobɛfa so ama anisɔ a wowɔ ma ahyehyɛde a ɔde di dwuma de aboa yɛn no ayɛ kɛse. Yiw, ‘fa wo koma to’ Onyankopɔn Asɛm so, fa nsi yɛ saa daa. ‘Na ɛnyɛ wo asɛnhunu, na mmom ɛne wo nkwa.’
[Ase hɔ asɛm]
a Na wɔtaa de nkuku a abobɔ asinasin anaasɛ ostraca di dwuma wɔ Bible mmere mu sɛ ade a wɔkyerɛw so a ne bo nyɛ den. The International Standard Bible Encyclopedia (1986) no ka sɛ: “Na nnipa a ahia wɔn a wɔrentumi ntɔ biribiara a wɔbɛkyerɛw so no mpo betumi de ostraca adi dwuma.” Ɛdefa faako a tete Israelfo no kyerɛw Bible kyerɛw nsɛm ahorow guu ostraca so kodui ho no yɛ nea wonnim. Nanso nea ɛyɛ anigye no, wɔahu mfeha a ɛto so ason Y.B. mu ostraca a Bible kyerɛw nsɛm ahorow wɔ so wɔ Egypt, na ɛkyerɛ ɔkwan biako a na nnipa a wɔba fam no nam so nya Bible no afã horow bi no.
Nsɛntitiriw ma Ntimu
◻ Dɛn nti na Mose tuu Israelfo no fo sɛ ‘wɔmfa wɔn koma nto Onyankopɔn Asɛm so,’ na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so?
◻ Ɔkwan bɛn so na kokoam adesua hyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no mu den na ɛboa ma yeyi yɛn ho ano wɔ wɔn gyidi ho?
◻ Afã bɛn na kokoam adesua wɔ wɔ Satan mfiri ahorow a yɛko ti ano mu?
◻ Nsiesiei ahorow bɛn na Yehowa ahyehyɛde no ayɛ na ama yɛatumi asua Onyankopɔn Asɛm ntɛmntɛm?
[Mfonini wɔ kratafa 11]
Sɛ anka Yudafo no bɛkyerɛw Onyankopɔn mmara wɔ wɔn koma so no, wɔde nkae nhoma a kyerɛw nsɛm wom kyekyeree wɔn ho