Yɔnko Dɔ Betumi Ayɛ Yiye
YESU KRISTO mfatoho a ɛfa Samariani no ho no daa nea yɔnko dɔ kyerɛ ankasa adi. (Luka 10:25-37) Yesu kyerɛe nso sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:37-39.
Te sɛ nnipa pii no, so ɛyɛ wo den sɛ wobɛdɔ wo yɔnko a wo ne no nka kasa biako? Ebia eyi te saa esiane sɛ woate nyiyim anaa nsisi ho asɛm anaa w’ankasa woahyia bi nti. Ebi mpo a nnipa a wofi abusua foforo mu adi wo anaa w’adɔfo ani.
Esiane sɛ Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn ahyɛde ahorow no mu biako ne sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko nti, yebetumi adi nkate a ano yɛ den a ɛte saa no so. Ade a ɛbɛma yɛatumi ayɛ saa ne sɛ yebebu nkurɔfo sɛnea Onyankopɔn ne Kristo bu wɔn. Wɔ eyi mu no, momma yensusuw Yesu ne tete Kristofo no nhwɛso ho.
Yesu nhwɛso Pa No
Ná afeha a edi kan no mu Yudafo ne Samariafo a wɔyɛ nkurɔfo a na wɔte Yudea ne Galilea ntam no nka koraa. Bere bi, Yudafo asɔretiafo fi animtiaabu mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?” (Yohane 8:48) Ná wokyi Samariafo no araa ma Yudafo binom mpo domee wɔn baguam wɔ hyia adan no mu na wɔbɔɔ mpae daa sɛ wɔmmma wɔn daa nkwa.
Akyinnye biara nni ho sɛ saa ɔtan a emu yɛ den yi a na Yesu nim no na ekanyan no
ma ɔmaa mfatoho a efa Samariani a odaa ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔyɔnko ankasa denam hwɛ a ɔhwɛɛ Yudani barima a na akwanmukafo ahwe no no so. Bere a Yudani bi a onim Mose Mmara no yiye bisae sɛ: ‘Na hena ne me yɔnko ankasa?’ no, anka Yesu betumi abua dɛn? (Luka 10:29) Anka Yesu betumi abua no tee sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nua Yudani nkutoo ne wo yɔnko na mmom nkurɔfo afoforo nso, a Samariani mpo, ka ho.’ Nanso anka ɛbɛyɛ den sɛ Yudafo begye atom. Enti ɔmaa mfatoho bi faa Yudani bi a Samariani bi huu no mmɔbɔ ho. Enti Yesu boaa Yudafo atiefo maa wohui sɛ na yɔnko dɔ ankasa bɛtrɛw adu wɔn a wonyɛ Yudafo so.
Ná Yesu nni Samariafo ho tan biara. Bere bi a ɔnam akwantu mu wɔ Samaria, a n’asuafo no kɔɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ kɔpɛɛ aduan no, ogyee n’ahome wɔ abura bi ho. Bere a Samariani bea bi bae sɛ ɔrebɛtow nsu no, ɔkae sɛ: “Ma me bi mennom!” Esiane sɛ na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ koraa nti, obisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom?” Afei Yesu dii no adanse, na ɔkaa no pefee mpo sɛ ɔno ne Mesia no. Ɔyɛɛ ho biribi denam kɔ a ɔkɔɔ kurow no mu kɔfrɛɛ afoforo sɛ wommetie Yesu no so. Dɛn na efi mu bae? “Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii.” Esiane sɛ Yesu amma su a na ne mfɛfo Yudafo no wɔ saa bere no ansiw no kwan nti, hwɛ ade pa ara a efi mu bae!—Yohane 4:4-42.
Onyankopɔn nhwɛ Onipa Anim
Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ Yesu ka asɛm no kyerɛ Yudafo, “Israel fi nguan a ayera no,” titiriw. (Mateo 15:24) Enti, na n’akyidifo a wodi kan no yɛ Yudafo. Nanso wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu akyi mfe abiɛsa pɛ no, Yehowa daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ Yudafo gyidifo no trɛw asuafoyɛ adwuma no mu kɔ Amanaman mufo mu.
Wɔ Yudani fam no, na Samariani a ɔbɛdɔ no sɛ n’ankasa ho no bɛyɛ den yiye. Ná ɛbɛyɛ den asen saa mpo sɛ wobenya yɔnko dɔ ama Amanaman mufo a wontwaa wɔn twetia, nkurɔfo a na twaka a wɔne Yudafo nya sua sen Samariafo de no. Bere a ɛreka Yudafo su wɔ Amanaman mufo ho ho asɛm no, The International Standard Bible Encyclopaedia se: “Yehu ahitew, animtiaabu, ne nitan a emu yɛ den sen biara wɔ Apam Foforo mmere no mu. Ná wobu wɔn [Amanaman mufo no] sɛ wɔn ho ntew, na na mmara mma kwan sɛ wɔne wɔn bedi wɔ adamfofa kwan biara so. Ná wɔyɛ Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo atamfo a, sɛ wɔammɛyɛ Yudafo a, wontumi nnya Onyankopɔn ho nimdeɛ, na ɛno mu mpo no, sɛnea na ɛte wɔ tete mmere mu no, na wontumi ne wɔn nnya fekubɔ a ɛkɔ akyiri. Wɔbaraa Yudafo sɛ ɛnsɛ sɛ wotu wɔn fo, na sɛ wobisa Onyankopɔn ho nsɛm a, ɛsɛ sɛ wɔdome wɔn.”
Bere a na pii wɔ adwenhorow a ɛtete saa no, Yehowa maa ɔsomafo Petro nyaa anisoadehu bi, na wɔka kyerɛɛ no wɔ mu sɛ ‘ɛnsɛ sɛ ɔfrɛ nea Onyankopɔn atew ho akyide.’ Afei Onyankopɔn kyerɛɛ no kwan kɔɔ Amanaman muni Kornelio fie. Petro dii Kristo ho adanse kyerɛɛ Kornelio, n’abusua, ne Amanaman mufo afoforo. Petro kae se: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Bere a Petro gu so rekasa no, honhom kronkron baa gyidifo afoforo no so, na afei wɔbɔɔ wɔn asu maa wɔbɛyɛɛ Amanaman mufo Kristofo a wodi kan.—Asomafo no Nnwuma, ti 10.
Akyidifo a wɔyɛ Yudafo no gyee nsakrae yi toom, hui sɛ Yesu ahyɛde a ese ‘wɔnyɛ amanaman no asuafo’ no mfa Yudafo a wɔwɔ nsase nyinaa so nko ho na mmom Amanaman mufo ka ho. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 11:18) Bere a wodii Amanaman mufo ho adwene a ɛmfata biara a ebia na wɔwɔ so no, wɔde nsi yɛɛ asɛnka ɔsatu ho nhyehyɛe na wɔde ayɛ amanaman mufo asuafo. Wɔ nea ennu mfe 30 akyi no, wotumi kae sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.
Ɔsomafo Paulo, a na n’ankasa yɛ Kristoni a ɔyɛ Yudani na odii saa asɛnka adwuma yi anim. Ná ɔyɛ Farisifo nyamesom kuw no muni a ɔyɛ nnam ansa na ɔrebɛyɛ Kristo kyidini. Ná ɛnyɛ Amanaman mufo nkutoo na wobu wɔn animtiaa, na mmom wɔn man mufo a wɔyɛ mpapahwekwa nso. (Luka 18: 11, 12) Nanso Paulo amma saa adwenhorow no ansiw no kwan sɛ ɔbɛda yɔnko dɔ adi akyerɛ afoforo. Mmom no, ɔbɛyɛɛ ‘ɔsomafo maa Amanaman mufo,’ de ne ho bɔɔ afɔre maa asuafoyɛ adwuma no wɔ Meditaranea nsase no so.—Romafo 11:13.
Wɔ Paulo som adwuma no mu no, wosiw no abo, boroo no, na wɔde no too afiase. (Asomafo no Nnwuma 14:19; 16:22, 23) So atirimmɔdenne a ohyiae no hyɛɛ no abufuw maa ɔde baa awiei sɛ ɔresɛe ne bere wɔ aman ne mmusua binom ho anaa? Dabida. Ná onim sɛ ankorankoro a wɔyɛ komapafo ahwete wɔ ne bere so mmusua pii no mu.
Bere a Paulo hyiaa Amanaman mufo a na wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn akwan no, obenyaa wɔn ho dɔ. Sɛ́ nhwɛso no, ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn ‘n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ ‘moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2: 7, 8) Saa nsɛm a efi komam yi kyerɛ sɛ na Paulo dɔ Tesalonikafo a wɔyɛ Amanaman mufo no ampa, na wamma biribiara ansɛe ɔne wɔn ntam abusuabɔ pa ho anigye a na ɔwɔ no.
Yɔnko Dɔ a Wɔda no Adi
Ɛnnɛ, te sɛ nea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔn a wɔne Kristofo asafo no bɔ no nya yɔnko dɔ ma nkurɔfo a wofi mmusua nyinaa mu. Nokware Kristofo nam Onyankopɔn adwene wɔ afoforo ho a wɔanya ne Ahenni no ho asɛmpa a wɔka kyerɛ wɔn no so anya nkurɔfo ho ntease kɛse a anka wɔrennya da. Wɔwɔ onuadɔ ma wɔn mpo. (Yohane 13:34, 35) Wo nso wubetumi ayɛ saa ara.
Ɔdɔ a ɛte saa wɔ Yehowa Adansefo ntam, ɛwom sɛ wɔwɔ nsase 229 so, na wofi “aman, ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa” mu de. (Adiyisɛm 7:9) Sɛ́ wiase nyinaa onuayɛ no, wɔyɛ biako wɔ Yehowa som mu, wɔ abusua ntam akodi ne akameakame a wɔpow sɛ wobenya mu kyɛfa, ne afoforo ho adwenhorow a ɛnteɛ a ɛmma nkurɔfo ne wɔn yɔnko nnipa nnya abusuabɔ pa a wopow mu.
Wo ne Adansefo no mmɔ, na wubehu sɛnea nnipa a wofi mmusua nyinaa mu reyɛ Onyankopɔn apɛde. Wubehu yɔnko dɔ a wɔda no adi bere a wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Yiw, na wɔ wɔn asafo ahorow mu no, wubehyia nnipa ayamyefo ne anokwafo a wɔnam wɔn asetra so kyerɛ sɛ wɔasua sɛ wɔbɛdɔ wɔn yɔnko ampa.
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no, wubehu nnipa a wɔn ani gye a wofi mmusua nyinaa mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]
Bere a Samariani mmɔborohunufo no duu ahohɔdan no mu/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.