-
“Mobɛyɛ M’Adansefo”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
14, 15. (a) Dɛn na abɔfo no kae wɔ Kristo mmae ho, na dɛn na na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘sɛnea Kristo kɔe no, saa ara na ne mmae’ no yɛe?
14 Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ ti yi mfiase no, Yesu maa ne ho so kɔɔ soro na wɔanhu no bio. Ɛwom na ɔkɔ, nanso na asomafo 11 no da so ara rehwɛ wim. Abɔfo mmienu bi puee hɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Galilea mmarima, adɛn nti na mugyinagyina ha rehwɛ soro yi? Yesu a wɔama no so afi mo nkyɛn kɔ soro yi, sɛnea muhui sɛ ɔrekɔ soro no, saa ara na ɔbɛba.” (Aso. 1:11) Ná abɔfo no rekyerɛ sɛ Yesu de nipadua koro no ara bɛsan aba, sɛnea asɔrefo bi kyerɛkyerɛ no anaa? Daabi, ɛnte saa. Yɛyɛ dɛn hu saa?
15 Abɔfo no anka sɛ Yesu de nipadua koro no ara bɛsan aba, na mmom wɔkae sɛ ɔbɛba ‘sɛnea wɔhui sɛ ɔrekɔ soro no.’b Ɔkwan bɛn so na ɔkɔe? Asɛm no ne sɛ, bere a abɔfo no rekasa no, na Yesu kɔ dedaw. Asomafo no nko ara na wɔhui sɛ Yesu afi asaase so rekɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro. Saa ara na na Kristo bɛsan aba, na saa pɛpɛɛpɛ na esii. Ɛnnɛ, wɔn a wɔte Kyerɛwnsɛm no ase nko ara na wɔahu sɛ Yesu aba a ɔredi hene. (Luka 17:20) Ehia sɛ yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ waba na yɛma afoforo nso hu, na wɔatumi ayɛ wɔn ade ntɛm.
-
-
“Mobɛyɛ M’Adansefo”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
b Greek asɛmfua a Bible de dii dwuma wɔ ha ne troʹpos. Ɛkyerɛ ɔkwan a Yesu bɛsan aba; ɛnyɛ asɛmfua mor·pheʹ a ɛkyerɛ nipadua a ɔde bɛba no na Bible de dii dwuma.
-