-
“Ahenni No Ano Nsafe” Ne “Nnipakuw Kɛse” NoƆwɛn-Aban—1980 | August 1
-
-
9. Ɔkwan bɛn na Petro faa so kyerɛkyerɛɛ honhom kronkron no adeyɛ a ɛbae wɔ Kaesarea no mu bere a ɔrekyerɛkyerɛ nea esii no mu wɔ Yerusalem no, na ɔde too dɛn ho?
9 Bere a Petro ankasa reka eyi ho asɛm wɔ Yerusalem no, Petro kae sɛ: “Na merefi ase makasa no, Honhom Kronkron beguu wɔn so sɛnea mfiase [wɔ Pentekoste, afe 33 Y.B. mu] no ebeguu yɛn so no ara. Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: “Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu. Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛde koro no ara sɛ yɛn nso a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no a, mene hena a metumi masiw Onyankopɔn kwan?”—Aso. 11:15-17.
-
-
“Ahenni No Ano Nsafe” Ne “Nnipakuw Kɛse” NoƆwɛn-Aban—1980 | August 1
-
-
11. (a) Efi saa bere no rekɔ no, afei Amanaman Mufo a wɔyɛ gyidifo a wɔde honhom awo wɔn no wɔ hokwan sɛ wodi dwuma bɛn? Dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no adeyɛ yɛ biako wɔ mpɛn horow abiɛsa a ɛne akuw horow abiɛsa no dii no mu?
11 Enti “Onyankopɔn dan n’adwene kɔɔ amanaman [a wontwaa twetia] no so nea edi kan sɛ obeyi nkurɔfo bi afi wɔn mu ama ne din.” (Aso. 15:14, NW) Saa bere yi mu, wɔ Kornelio a ɔyɛ asraafo ha so panyin a ontwaa twetia a ɔte Kaesarea no fie, na Petro de “ɔsoro ahenni ano nsafe,” safe a ɛto so abiɛsa no dii dwuma. Efi saa bere no rekɔ no, Yesu asuafo a wɔde honhom asra wɔn no betumi ayɛ n’adansefo “de akɔpem asase ano nohɔ.” (Aso. 1:8) Nea Onyankopɔn afa Petro, safe-kurafo no so abue ato hɔ no kɔɔ so yɛɛ nea wɔabue ama asase nyinaa adansedi. Nea ɛne eyi hyia no, Onyankopɔn honhom kronkron no “beguu” (Hela: epipipto) gyidifo akuw horow abiɛsa so, (1) ebeguu asuafo 120 a wɔabɔ wɔn asu no so, ne afei akyiri no, bɛyɛ sɛ Yudafo 3,000 a wɔsakraa wɔn, eyinom nyinaa sii wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afe 33 Y.B.; (2) ebeguu Samariafo a wɔabɔ wɔn asu no so, nanso wɔ bere a Petro ne Yohane aba hɔ abɛsom wɔn akyi; ne (3) Amanaman Mufo gyidifo a wɔboaboaa wɔn ho ano wɔ Kornelio a ɔte Kaesarea no fie no so wɔ afe 36 Y.B. mu.—Aso. 1:15; 2:1-4, 38, 41; 8:15-17; 10:44, 45; 11:15, 16.
-