-
‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
5. Kyerɛ nea anuanom no faa mu ansa na wɔretumi adi adanse wɔ Kipro supɔw so.
5 Bere a Barnaba ne Saul nantew koduu Seleukia po so hyɛn gyinabea a ɛbɛn Antiokia no, wɔfaa po so hyɛn twaa kilomita bɛyɛ 200 kɔɔ Kipro supɔw so.d Esiane sɛ na Barnaba fi Kipro nti, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyei sɛ ɔbɛkɔ akɔka asɛmpa no wɔ ne kurom hɔ. Bere a mmarima yi duu Salami, kurow a ɛwɔ supɔw no apuei fam no, wɔansɛe bere koraa. Ntɛm ara, “wofii ase kaa Onyankopɔn asɛm no wɔ Yudafo hyia adan mu.”e (Aso. 13:5) Barnaba ne Saul tuu kwan fii Kipro tia kosii tia; ɛbɛyɛ sɛ wɔrekɔ nyinaa na wɔreka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse a ɛwowɔ kwan so no mu. Yennim ɔkwan pɔtee a wɔfaa so, nanso ebetumi aba sɛ asɛmpatrɛwfo yi nantew twaa kilomita bɛyɛ 160!
-
-
‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
d Asomafo no bere so no, sɛ mframa ano nyɛ den pii a, na hyɛn tumi twa bɛyɛ kilomita 160 da koro. Sɛ mframa ano yɛ den a, na entumi ntwa saa kwan no.
-