Kristofo Asɛmpatrɛw Adwuma Nhwɛso A Efi Honhom Mu
“Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.”—1 KORINTOFO 11:1.
1. Dɛn ne akwan a Yesu nam so yɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo sɛ wonsuasua no bi? (Filipifo 2:5-9)
NHWƐSO a eda nsow bɛn ara na Yesu yɛ maa n’asuafo sɛɛ yi! Ɔde anigye gyaw ne soro anuonyam baa asase so bɛtraa adesamma abɔnefo mu. Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ obehu amane pii na ɔde agye adesamma nkwa, na nea ɛho hia sen ɛno no, ɔde atew ne soro Agya no din ho. (Yohane 3:16; 17:4) Bere a wɔredi n’asɛm a ebetumi ama wɔakum no no, Yesu de akokoduru kae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.”—Yohane 18:37.
2. Dɛn nti na na Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no betumi ahyɛ n’asuafo no sɛ wɔntoa adwuma a ofii ase no so?
2 Ansa na Yesu rebewu no, ɔde ntetee a ɛkyɛn so maa n’asuafo no sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ so ayɛ Ahenni nokware ho adansedi adwuma no. (Mateo 10:5-23; Luka 10:1-16) Enti, Yesu tumi de ahyɛde yi mae wɔ ne wusɔre akyi sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.
3. Ɔkwan bɛn so na asuafoyɛ adwuma no mu trɛwee, nanso na ɛwɔ amansin bɛn mu titiriw?
3 Mfe abiɛsa ne fã a edi hɔ no, Yesu asuafo no dii ahyɛde yi so, nanso Yudafo, wɔn a wɔadan Yudafo, ne Samariafo twetiatwafo mu nkutoo na wɔyɛɛ asuafo. Afei, wɔ 36 Y.B. mu no, Onyankopɔn kyerɛe sɛ wɔnka asɛmpa no nkyerɛ ɔbarima momonotoni Kornelio ne ne fifo. Wɔ mfe du a edi hɔ no mu no, wɔde Amanaman Mufo afoforo baa asafo no mu. Nanso, ɛte sɛ nea wɔyɛɛ adwuma no kɛse wɔ Mediteranea apuei fam amantam no mu titiriw.—Asomafo no Nnwuma 10:24, 44-48; 11:19-21.
4. Ade titiriw bɛn na esii wɔ bɛyɛ 47-48 Y.B. mu?
4 Ná wohia biribi a ɛbɛkanyan Kristofo anaa ɛbɛma wɔatumi ayɛ Yudafo ne Amanaman Mufo a wɔwɔ akyirikyiri amantam mu no asuafo. Enti, bɛyɛ 47-48 Y.B. mu no, Antiokia a ɛwɔ Siria asafo no mu mpanyimfo nsa kaa Onyankopɔn nkrasɛm yi: “Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.” (Asomafo no Nnwuma 13:2) Hyɛ no nsow sɛ saa bere no na wɔde Paulo kan din Saulo na ɛfrɛ no. Hyɛ no nsow nso, sɛ Onyankopɔn bɔɔ Barnaba din kan, efisɛ saa bere no, ebia na wobu Barnaba sɛ ɔne wɔn baanu no mu panyin.
5. Dɛn nti na Paulo ne Barnaba asɛmpatrɛw akwantu ho kyerɛwtohɔ no ho wɔ mfaso kɛse ma Kristofo nnɛ?
5 Paulo ne Barnaba asɛmpatrɛw akwantu no mu nsɛm pii ho kyerɛwtohɔ no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma Yehowa Adansefo, titiriw asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo a wɔatu afi wɔn kurom sɛ wɔrekɔsom Onyankopɔn wɔ amannɔne no. Bio nso, nokwarem no, Asomafo no Nnwuma, atiri 13 ne 14 mu nhwehwɛmu bɛkanyan nnipa pii ma wɔasuasua Paulo ne Barnaba na wɔayɛ asuafoyɛ adwuma a ɛho hia sen biara no pii.
Kipro Supɔw No
6. Nhwɛso bɛn na asɛmpatrɛwfo no yɛe wɔ Kipro?
6 Asɛmpatrɛwfo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔde hyɛn fii Siria hyɛn gyinabea Seleukia kɔɔ Kipro supɔw no so. Woduu Salami no, wɔamma biribiara annye wɔn adwene na mmom ‘wofii ase kaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyia adan mu.’ Bere a na wodi Kristo nhwɛso akyi no, wɔantra saa kurow no mu antwɛn na supɔw no sofo aba wɔn nkyɛn. Mmom no, wɔyɛɛ adwuma wɔ ‘supɔw no so nyinaa.’ Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi hwehwɛ sɛ wɔnantew pii na wɔsakra wɔn dabere mpɛn pii, efisɛ Kipro yɛ supɔw a ɛsõ, na wɔn akwantu no de wɔn kɔɔ ne fã a ɛsõ sen biara no mu nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 13:5, 6.
7. (a) Asɛm a ɛda nsow bɛn na esii wɔ Pafo? (b) Kyerɛwtohɔ yi hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yenya su bɛn?
7 Bere a wɔn nsrahwɛ no rekɔ n’awiei no, mmarima baanu no nyaa osuahu bi a ɛyɛ nwonwa wɔ Pafo kurom. Supɔw no so amrado, Sergio Paulo tiee wɔn nkrasɛm no ma “ogye dii.” (Asomafo no Nnwuma 13:7, 12) Paulo kyerɛwee akyiri yi sɛ: “Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii, ɛnyɛ atumfo pii, ɛnyɛ adehye pii [na wɔfrɛɛ wɔn].” (1 Korintofo 1:26) Nanso, na Sergio Paulo ka atumfo a wogyee asɛm no ho. Ɛsɛ sɛ osuahu yi hyɛ yɛn nyinaa, titiriw asɛmpatrɛwfo, nkuran na yɛanya adanse a yebedi aban mpanyimfo no ho adwempa, sɛnea wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ wɔ 1 Timoteo 2:1-4 no. Nnipa atumfo bi de mmoa kɛse ama Onyankopɔn nkoa wɔ mmere bi mu.—Nehemia 2:4-8.
8. (a) Paulo ne Barnaba ntam abusuabɔ mu nsakrae bɛn na ɛda adi fi saa bere yi rekɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Barnaba yɛɛ nhwɛso pa?
8 Wɔ Yehowa honhom nkɛntɛnso ase no, Paulo nyaa kyɛfã kɛse wɔ Sergio Paulo a wɔsakraa no no mu. (Asomafo no Nnwuma 13:8-12) Bio nso, efi saa bere yi so no, ɛda adi sɛ Paulo na odii anim. (Fa Asomafo no Nnwuma 13:7 toto Asomafo no Nnwuma 13:15, 16, 43 ho.) Ná eyi ne ahyɛde a Paulo nsa ka fii Onyankopɔn nkyɛn bere a ɔsakrae no hyia. (Asomafo no Nnwuma 9:15) Ebia asɛm a ɛte sɛɛ a esii no sɔɔ Barnaba ahobrɛase hwɛe. Nanso, sɛ́ anka obebu nsakrae yi sɛ nea wɔde bu no animtiaa no, ɛda adi sɛ Barnaba yɛɛ nea ɛne ne din ‘Awerɛkyekye Ba’ no hyia, na ɔde nokwaredi boaa Paulo wɔ asɛmpatrɛw akwantu no mu nyinaa ne ɛno akyi bere a Yudafo Kristofo binom kasa tiaa asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ Amanaman Mufo momonotofo no. (Asomafo no Nnwuma 15:1, 2) Nhwɛso pa bɛn na eyi yɛ ma yɛn nyinaa sɛɛ, titiriw, wɔn a wɔwɔ asɛmpatrɛwfo ne Betel afie ahorow mu no! Ɛsɛ sɛ yɛnya ɔpɛ bere nyinaa sɛ yebegye teokrase nsakrae ahorow atom na yɛaboa wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni anim wɔ yɛn mu no sɛnea yebetumi.—Hebrifo 13:17.
Asia Kumaa Asasetamaa No
9. Dɛn na yesua fi ɔpɛ a na Paulo ne Barnaba wɔ sɛ wobetu kwan akodu Antiokia a ɛwɔ Pisidia no mu?
9 Paulo ne Barnaba fi Kipro faa nsu ani kɔɔ kusuu fam koduu Asia asasepɔn no so. Esiane biribi a wɔankyerɛ nti, asɛmpatrɛwfo no antra mpoano mantam mu hɔ na mmom wotuu kwan tenten bɛyɛ kilomita 180 kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia, a ɛwɔ Asia Kumaa asasetamaa no mfinimfini fam no. Na eyi hwehwɛ sɛ wɔfro bepɔw bi na wosian kɔ asasetaw bi a ɛkɔ soro bɛyɛ mita 1,100 sen po no. Bible ho ɔdenimfo J. S. Howson se: “Ná saa mmepɔw a ɛtetew asasetamaa no . . . ne kesee fam mpoano asasetaw no ntam no sofo agye dimmɔne sɛ adwowtwafo mmaratofo wɔ tete abakɔsɛm afã horow nyinaa mu.” Bio nso, na asɛmpatrɛwfo no hyia wim tebea mu asiane ahorow. Howson de ka ho sɛ: “Ɔmantam biara nni Asia Kumaa a ‘nsu yiri’ wɔ hɔ nkutoo pii sɛ Pisidia asase mmepɔw mmepɔw no so, faako a nsubɔnten tue fi nkoko akɛse ase, anaasɛ ɛde ahoɔhare sen fa abon nketewaa mu no.” Nsɛm yi boa yɛn ma yetumi hu sɛnea akwan a na asɛmpatrɛwfo no wɔ ɔpɛ sɛ wobetu na ama wɔatumi atrɛw asɛmpa no mu no te fa. (2 Korintofo 11:26) Saa ara na nnɛ nso, Yehowa nkoa pii de akokoduru gyina akwanside ahorow nyinaa ano na ama wɔatumi akɔ nkurɔfo nkyɛn akɔka asɛmpa no akyerɛ wɔn.
10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kɔɔ so kaa nea ɔne n’atiefo no nyinaa wɔ ho anigye? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Yudafo pii ho dwiriw wɔn bere a wɔtee Mesia no amanehunu ho asɛm no? (d) Nkwagye bɛn na Paulo de sii n’atiefo no ani so?
10 Esiane sɛ na Yudafo hyiadan bi wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no nti, asɛmpatrɛwfo no dii kan kɔɔ hɔ na ama wɔn a wonim Onyankopɔn Asɛm ho ade sen biara no anya hokwan sɛ wobegye asɛmpa no atom. Bere a wɔtoo nsa frɛɛ Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔsɔre maa baguam ɔkasa bi a ɛda ahokokwaw adi. Ɔkasa no mu nyinaa no, ɔkaa nsɛm a ɔne Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo a wɔwɔ atiefo no mu no wɔ ho anigye. (Asomafo no Nnwuma 13:13-16, 26) Paulo nnianim nsɛm no akyi no, ɔkaa Yudafo no abakɔsɛm a agye din no ho asɛm, na ɔkaee wɔn sɛ Yehowa paw wɔn agyanom na afei ogyee wɔn fii Misraim, ne sɛnea ɔboaa wɔn ma wodii Bɔhyɛ Asase no sotefo so nkonim no nso. Afei Paulo kaa sɛnea Yehowa ne Dawid dii nsɛm fae no ho asɛm. Ná nsɛm yi ho hia afeha a edi kan no mu Yudafo no yiye efisɛ na wɔrehwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛma Dawid aseni bi so sɛ agyenkwa ne daa sodifo. Paulo duu asɛm yi so no, ɔde nnam kae sɛ: “[Dawid yi] asefo mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so yii Yesu yɛɛ no Israel agyenkwa.”—Asomafo no Nnwuma 13:17-23.
11 Nanso, na agyenkwa a Yudafo pii rehwɛ no kwan ne ɔkofo ɔkatakyie bi a obegye wɔn afi Romafo nniso ase na wama Yudafo man no akorɔn asen afoforo nyinaa. Enti, akyinnye biara nni ho sɛ bere a wɔtee sɛ Paulo kae sɛ wɔde Mesia no maa wɔn ankasa ɔsom mu akannifo ma wokum no no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Paulo paee mu kae nnam so sɛ: “[Nanso] Onyankopɔn nyan no fii awufo mu.” Ɛrekɔ ne kasa no awiei no, ɔkyerɛɛ n’atiefo no sɛ wobetumi anya ogye bi a ɛyɛ nwonwa. Ɔkae sɛ: “Enti, . . . munhu sɛ ɛnam Oyi so na wɔka bɔne fafiri kyerɛ mo; na nneɛma a muntumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, Oyi mu na obiara a ogye di no di ho bem.” Paulo hyɛɛ n’atiefo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho fra nnipa pii a Onyankopɔn ka siei sɛ wobebu wɔn ani agu ne gye nsiesiei a ɛyɛ nwonwa yi so no mu de wiee ne kasa no.—Asomafo no Nnwuma 13:30-41.
12. Dɛn na efii Paulo ɔkasa no mu bae, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran?
12 Ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm so a wɔmaa no yiye bɛn ara ni! Atiefo no gyee so dɛn? “Yudafo ne Yudafo ahokafo adefɛrefo no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi.” (Asomafo no Nnwuma 13:43) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nkuranhyɛ ma yɛn nnɛ! Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de aka nokware no ho asɛm ɔkwan a etu mpɔn so, sɛ ɛyɛ asɛnka mu anaasɛ mmuae ne ɔkasa ahorow a yɛma wɔ asafo nhyiam horow ase mu no.—1 Timoteo 4:13-16.
13. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na asuafo afoforofo no ho nsemmisa bɛn na ɛsɔre?
13 Anigyefo afoforofo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no antumi amma asɛmpa yi antra wɔn nkutoo tirim. Enti, “homeda foforo dui no, ɛkaa kumaa na kurow mu no behyiae sɛ wobetie [Yehowa] asɛm.” Na ankyɛ na nkrasɛm no trɛw kɔɔ kurow no akyi mmeae afoforo. Nokwarem no, “[Yehowa] asɛm no trɛwee asase no nyinaa so.” (Asomafo no Nnwuma 13:44, 49) Sɛ́ anka wɔn ani begye nokwasɛm yi ho no, Yudafo ahoɔyawfo yɛe ma wɔpam asɛmpatrɛwfo no fii kurom hɔ. (Asomafo no Nnwuma 13:45, 50) Eyi kaa asuafo afoforo no dɛn? So wɔn aba mu bui ma wogyaee adwuma no yɛ?
14. Dɛn nti na asɔretiafo antumi amma adwuma a asɛmpatrɛwfo no fii ase no amma awiei, na dɛn na yesua fi eyi mu?
14 Dabi, efisɛ na eyi yɛ Onyankopɔn adwuma. Bio nso, na asɛmpatrɛwfo no ato Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no mu gyidi fapem a ɛyɛ den wɔ wɔn mu. Enti, ɛda adi sɛ asuafo afoforo no buu Kristo sɛ wɔn Kannifo, na ɛnyɛ asɛmpatrɛwfo no. Ne saa nti, yɛkenkan sɛ “anigye ne honhom kronkron hyɛɛ wɔn ma.” (Asomafo no Nnwuma 13:52) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nkuranhyɛ ma asɛmpatrɛwfo ne asuafo yɛfo afoforo nnɛ! Sɛ yefi ahobrɛase mu yɛ yɛn fam de nnam so a, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo behyira yɛn som adwuma no so.—1 Korintofo 3:9.
Ikonion, Listra, ne Derbe
15. Ɔkwan bɛn na asɛmpatrɛwfo no faa so yɛɛ adwuma wɔ Ikonion, na dɛn na efii mu bae?
15 Afei Paulo ne Barnaba tuu kwan kɔɔ kesee fam apuei bɛyɛ kilomita 140 na wɔkɔɔ kurow a edi hɔ, Ikonion mu. Ɔtaa ho hu amma wɔankwati sɛ wɔbɛyɛ wɔn adwuma no sɛnea wɔyɛɛ no wɔ Antiokia no ara pɛ. Bible no se nea efii mu bae ne sɛ: “Yudafo ne Helafo pii gye dii.” (Asomafo no Nnwuma 14:1) Yudafo a wɔannye asɛmpa no antom no hwanyann ɔsɔretia mu bio. Nanso asɛmpatrɛwfo no gyinaa mu na wɔde bere tenten traa Ikonion boaa asuafo afoforofo no. Afei, bere a wɔtee sɛ wɔn Yudafo asɔretiafo no rebesiw wɔn abo no, Paulo ne Barnaba fi nyansam guan kɔɔ asasesin a edi hɔ a ɛne “Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so.”—Asomafo Nnwuma 14:2-6.
16, 17. (a) Dɛn na ɛtoo Paulo wɔ Listra? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Onyankopɔn ne ɔsomafo no dii nsɛm fae no nyaa aberantewa bi a ofi Listra so nkɛntɛnso?
16 Wɔde akokoduru ‘kɔɔ so kaa asɛmpa no’ wɔ asasesin foforo, a wɔnkaa asɛmpa no wɔ hɔ pɛn yi mu. (Asomafo no Nnwuma 14:7) Bere a Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikonion Yudafo tee no, wɔbaa Listra bɛkasa kyerɛɛ nnipa akuwakuw no sɛ wonsiw Paulo abo. Paulo annya bere anguan na wosiw no abo, ma ɛyɛɛ n’atamfo no sɛ wawu. Wɔtwee no kɔtoo kurow no akyi.—Asomafo no Nnwuma 14:19.
17 So wubetumi asusuw sɛnea eyi haw asuafo afoforofo no ho? Nanso hwɛ anwonwasɛm, bere a wotwaa Paulo ho hyiae no, ɔsɔree! Bible no nka sɛ na aberantewa bi a wɔfrɛ no Timoteo ka saa asuafo afoforofo no ho. Nokwarem no, ɔtee sɛnea Onyankopɔn ne Paulo dii no ho asɛm wɔ bere bi mu na enyaa ne so nkɛntɛnso kɛse. Paulo kyerɛwee wɔ krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu sɛ: “Woadi me kyerɛ, me bra, . . . m’amanehunu a ɛbaa me so wɔ Antiokia, Ikonion ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu.” (2 Timoteo 3:10, 11) Bere a wosiw Paulo abo no akyi bɛyɛ afe anaa mfe abien bi no, ɔsan kɔɔ Listra kohui sɛ aberantewa Timoteo yɛ Kristoni a ɔyɛ nhwɛso pa, “na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonion no bɔ no din pa.” (Asomafo no Nnwuma 16:1, 2) Enti Paulo paw no sɛ n’akwantu mu ɔhokafo. Eyi boaa Timoteo ma onyinii wɔ honhom mu, na bere bi akyi no, ɔbɛfatae sɛ nea Paulo betumi asoma no ma wakɔsrasra asafo horow no. (Filipifo 2:19, 20; 1 Timoteo 1:3) Saara na nnɛ, Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ nnam nya mmofra so nkɛntɛnso pa, na wɔn mu pii nyin bɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔn ho wɔ mfaso, te sɛ Timoteo.
18. (a) Dɛn na ɛtoo asɛmpatrɛwfo no wɔ Derbe? (b) Ɔkwan bɛn na na abue ama wɔn afei, nanso dɛn na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ?
18 Da a Paulo kwatii owu wɔ Listra no adekyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe. Saa bere yi de, asɔretiafo biara anni wɔn akyi, na Bible no se “wɔdan nnipa bebree asuafo.” (Asomafo no Nnwuma 14:20, 21) Bere a Paulo ne Barnaba hyehyɛɛ asafo wɔ Derbe no, na afei ɛsɛ sɛ wosi gyinae bi. Ná ɔkwan bi a Romafo paee a wɔtaa fa so fi Derbe kɔ Tarso. Efi hɔ kɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no yɛ ɔkwan tiawa bi. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛno ne ɔkwan a eye sen biara a wobetumi afa so asan wɔn akyi, na anka saa asɛmpatrɛwfo no betumi ate nka sɛ ɛfata sɛ wogye wɔn ahome afei. Nanso Paulo ne Barnaba tee ahiade bi a ɛsen saa nka de suasuaa wɔn Wura no.—Marko 6:31-34.
Wɔyɛ Onyankopɔn Adwuma Wie
19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa asɛmpatrɛwfo no wɔ Listra, Ikonion, ne Antiokia a wɔsan kɔe no ho? (b) Asuade bɛn na eyi ma Yehowa nkurɔfo nya nnɛ?
19 Sɛ́ anka wɔbɛfa ɔkwan tiawa no so akɔ fie no, asɛmpatrɛwfo no de akokoduru san wɔn akyi kɔsrasraa nkurow a wɔn nkwa baa asiane mu wɔ hɔ no bio. So Yehowa hyiraa wɔn wɔ ayamye mu a wofi dwenee nguan afoforofo yi ho no ho anaa? Yiw, efisɛ nokwarem no, amanneɛbɔ no se wotumi “hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntra gyidi mu.” Wɔka kyerɛɛ asuafo afoforofo yi ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Asomafo no Nnwuma 14:21, 22) Paulo ne Barnaba kaee wɔn sɛnea wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnkɔyɛ yɔnko adedifo wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛba no mu no nso. Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛde nkuranhyɛ a ɛte saa ara ma asuafo afoforofo. Yebetumi ahyɛ wɔn den ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow ano denam daa nkwa wɔ asase so wɔ saa Onyankopɔn Ahenni koro no ara a Paulo ne Barnaba kaa ho asɛm no ho anidaso a yɛde besi wɔn ani so no so.
20 Ansa na Paulo ne Barnaba befi kurow biara mu no, wɔboaa ɛhɔ asafo no ma wɔtotoo wɔn nneɛma yiye. Ɛda adi sɛ wɔde ntetee maa mmarima a wɔfata na wɔpaw wɔn sɛ wonni anim. (Asomafo no Nnwuma 14:23) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi boa ma wonyaa nkɔso pii. Saara na nnɛ, sɛ asɛmpatrɛwfo ne afoforo boa wɔn a wonni osuahu pii ma wonya nkɔanim kosi sɛ wobetumi adi asɛyɛde ho dwuma a, ɛtɔ mmere bi a wofi hɔ kɔtoa wɔn adwuma pa no so wɔ mmeae afoforo a wohia mmoa kɛse.
21, 22. (a) Bere a Paulo ne Barnaba wiee wɔn asɛmpatrɛw akwantu no akyi no, dɛn na esii? (b) Nsemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?
21 Bere a awiei koraa no, asɛmpatrɛwfo no san kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no, na wobetumi ate anigye kɛse nka. Nokwarem no, Bible kyerɛwtohɔ no se na “wɔakowie” adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no koraa. (Asomafo no Nnwuma 14:26) Ɔkwan a ntease wom so no, wɔn osuahu ahorow no ho asɛm a wɔkae no maa “anuanom no nyinaa ani gyei kɛse.” (Asomafo no Nnwuma 15:3) Nanso na dɛn na ɛbɛba daakye? So na afei wɔbɛtra faako ama nea wɔatumi ayɛ no nkutoo adɔɔso ama wɔn, sɛnea wɔka no no? Dabida. Bere a wokohuu sodikuw no wɔ Yerusalem kogyee twetiatwa ɔsɛmpɔw no ho gyinaesi akyi no, wɔn baanu no san fii asɛmpatrɛw akwantu ahorow ase bio. Saa bere yi de, wɔammom ankɔ faako. Barnaba faa Yohane a wɔfrɛ no Marko kaa ne ho kɔɔ Kipro, na Paulo nyaa ɔhokafo foforo a ɔne Silas ne no tuu kwan kɔfaa Siria ne Kilikia. (Asomafo no Nnwuma 15:39-41) Saa akwantu yi mu na ɔpaw abofra Timoteo de no kaa wɔn ho kɔe no.
22 Bible no nkyerɛ yɛn nea efii Barnaba akwantu a ɛto so abien no mu bae. Paulo de, ɔtoaa so kɔɔ asasesin foforo mu kɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ anyɛ yiye koraa no, nkuropɔn anum mu—Filipi, Beroia, Tesalonika, Korinto, ne Efeso. Dɛn na ɛmaa Paulo dii nkonim ɔkwan a ɛda nsow so saa? So nnyinasosɛm koro no ara di dwuma ma Kristofo a wɔyɛ afoforo asuafo no nnɛ?
So Wokae?
◻ Dɛn nti na Yesu yɛ nhwɛso a ɛda nsow a ɛsɛ sɛ yesuasua?
◻ Ɔkwan bɛn so na Barnaba yɛɛ nhwɛso?
◻ Dɛn na yesua fi ɔkasa a Paulo mae wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo ne Barnaba wiee wɔn adwuma no koraa?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Ɔtaa ano a ɔsomafo Paulo gyinae no nyaa aberantewa Timoteo so nkɛntɛnso a ɛtraa hɔ bere nyinaa