Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • 6, 7. (a) Hena ne Sergio Paulos, na dɛn nti na Bar-Yesu pɛe sɛ osiw kwan na wantie asɛmpa no? (b) Dɛn na Saul yɛe wɔ Bar-Yesu kasatia no ho?

      6 Ná atoro som agye ntini wɔ tete Kipro supɔw no so. Wei bɛdaa adi bere a Barnaba ne Saul duu Pafo a ɛda mpoano wɔ Kipro supɔw no atɔe fam no. Ɛhɔ na wɔhyiaa “barima bi a wɔfrɛ no Bar-Yesu. Ná ɔyɛ osumanni ne odiyifo torofo. Ná ɔka ɔmantam soafo Sergio Paulos a ɔyɛ onyansafo no ho.”f Asomafo no bere so no, na Roma anuonyamfo pii te sɛ “onyansafo” Sergio Paulos mpo taa hwehwɛ mmoa fi asumanfo anaa nsoromma mu ahwɛfo nkyɛn bere a wɔresi gyinae bi a emu yɛ duru no. Nanso, Sergio Paulos ani gyee Ahenni asɛm no ho, “na na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie denneennen.” Bere a Bar-Yesu a wɔsan frɛ no Elima (asekyerɛ ne “Osumanni”) hui no, n’ani annye ho.—Aso. 13:6-8.

  • ‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • f Ná Kipro yɛ supɔw a ɛhyɛ Roma Mmarahyɛ Bagua no ase. Onipa a wɔbeyi no sɛ amrado ama wahwɛ supɔw no so no, na wɔfrɛ no ɔmantam soafo.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena