-
‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
7 Bar-Yesu kasa tiaa Ahenni asɛm no. Ná ɔyɛ Sergio Paulos fotufo, na ɔkwan a na obetumi afa so abɔ ne dibea ho ban ne sɛ “ɔbɛdan ɔmantam soafo no afi gyidi no ho.” (Aso. 13:8) Nanso na Saul renhwɛ mma osumanni yi nsɛe Sergio Paulos adwene. Enti dɛn na Saul yɛe? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Honhom kronkron hyɛɛ Saul a wɔsan frɛ no Paul no ma, na ɔhwɛɛ Elima [Bar-Yesu] dinn. Na ɔkae sɛ: ‘Ɔbarima a nsisi ne bɔne nyinaa ayɛ wo ma, Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo, trenee nyinaa tamfo, enti wunnyae sɛ wokyea Yehowa akwan a ɛteɛ no? Hwɛ! Yehowa nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia hann kosi bere bi.’ Prɛko pɛ, n’ani so yɛɛ no kusuu, na baabiara yɛɛ sum maa no. Na okyin hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan.”g Dɛn na efii anwanwade no mu bae? “Bere a ɔmantam soafo no huu nea asi no, ɔbɛyɛɛ gyidini, efisɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwiriw no.”—Aso. 13:9-12.
-
-
‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
g Efi saa bere no na wɔfrɛɛ Saul sɛ Paul. Ebinom kyerɛ sɛ ɔfaa saa Roma din no de hyɛɛ Sergio Paulos anuonyam. Nanso, esiane sɛ bere a Saul fii Kipro mpo na wɔda so ara frɛ no Paul nti, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ saa na na asɛm no te. Mmom, na ɔyɛ “ɔsomafo ma amanaman no,” ɛno nti na ɔde edin a wɔde frɛ no wɔ Roma kasa mu no yɛɛ adwuma. Sɛnea na Greekfo bɔ Hebri din Saul no, na ɛte sɛ Greek asɛmfua bi a ɛyɛ asefem; ɛbɛyɛ sɛ ɛno nso ka ho bi nti na ɔde edin Paul yɛɛ adwuma no.—Rom. 11:13.
-