Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Wɔde Yehowa Tumi Kasae Akokoduru So”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • Listra kuro no mufo abetwa Paul ne Barnaba ho ahyia pɛ sɛ wɔsom wɔn, nanso wɔresi wɔn kwan. Nnipadɔm no rebɔ nnwom, wɔrebɛbɔ afɔre, na wɔrekotow Paul ne Barnaba.

      ‘Montwe mo ho mfi nneɛma hunu yi ho na mommra Onyankopɔn teasefo no nkyɛn. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase.’​—Asomafo Nnwuma 14:15

      11-13. (a) Asɛm bɛn na Paul ne Barnaba ka kyerɛɛ Listrafo no? (b) Ade baako bɛn na yebetumi asua afi Paul ne Barnaba nsɛm no mu?

      11 Nsɛm a esisii yi nyinaa akyi no, nea na esi Paul ne Barnaba ani so ara ne sɛ wɔbɛhwehwɛ kwan bi a wɔbɛma asɛmpa no aka atiefo no koma. Saa asɛm yi a Luka kyerɛwee no ma yehu ɔkwampa a yɛbɛfa so aka asɛmpa no akyerɛ abosonsomfo. Hwɛ sɛnea Paul ne Barnaba ne nkurɔfo no susuw nsɛm ho: “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso, yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara. Na yɛreka asɛmpa no akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛtwe mo ho afi nneɛma hunu yi ho na moaba Onyankopɔn teasefo no nkyɛn. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Awo ntoatoaso a atwam no mu no, ɔmaa amanaman no nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. Nanso ɔkɔɔ so dii ne ho adanse, efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba, ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.”—Aso. 14:15-17.

  • “Wɔde Yehowa Tumi Kasae Akokoduru So”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • 14-16. Dɛn ne asuade a ɛtɔ so mmienu ne nea ɛtɔ so mmiɛnsa a yebetumi anya afi nsɛm a Paul ne Barnaba ka kyerɛɛ Listrafo no mu?

      14 Ma yɛnhwɛ ade a ɛtɔ so mmienu a yebetumi asua afi asɛm yi mu. Ná Paul ne Barnaba tumi dannan wɔn nsɛm mu ma ɛne atiefo tebea hyia. Ná Listrafo no nte sɛ Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom a wɔwɔ Ikoniom no. Ɛno nti, na wɔnni Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ, na na wɔnnim sɛnea Onyankopɔn ne Israel man no dii. Nanso ade titiriw a na wɔn a wɔretie Paul no yɛ ne kuadwuma. Ná Listra asaase ne ɛhɔ wim tebea ye ma kuadwuma. Ná nkurɔfo no betumi ahwɛ sɛnea aduan ba wɔ ne bere mu no ahu Ɔbɔadeɛ no su ahorow. Enti asɛmpatrɛwfo no gyinaa ɛno so kaa biribi a ɛbɛma nkurɔfo no atie wɔn.—Rom. 1:19, 20.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena