Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Lidia—Onyankopɔn Somfo a Ɔpɛ Ahɔhoyɛ
    Ɔwɛn-Aban—1996 | September 15
    • Paulo Asɛnka Wɔ Filipi

      Bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no, Paulo kɔɔ Europa nea edi kan kofii asɛnka ase wɔ Filipi.a Sɛ na Paulo du kurow foforo bi mu a, na ɔtaa kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no kyerɛ Yudafo ne wɔn ahokafo a wohyia hɔ no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 13:4, 5, 13, 14; 14:1 ho.) Nanso, sɛnea ebinom kyerɛ no, Romafo mmara amma Yudafo kwan sɛ wɔbɛsom wɔ Filipi “mmeae akronkron” hɔ. Enti, bere a wodii “nna kakra” wɔ hɔ no, asɛmpatrɛwfo no kɔɔ asu bi ho wɔ kurow no akyi Homeda no, baabi a ‘wosusuwii sɛ wɔsɔre hɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 16:12, 13) Ɛda adi sɛ na eyi yɛ Asubɔnten Gangites. Mmea nkutoo na asɛmpatrɛwfo no huu wɔn wɔ hɔ, na na Lidia yɛn wɔn mu biako.

  • Lidia—Onyankopɔn Somfo a Ɔpɛ Ahɔhoyɛ
    Ɔwɛn-Aban—1996 | September 15
    • a Sɛ́ Makedonia nkurow atitiriw no mu biako no, ɛkame ayɛ sɛ na Filipi yɛ asraafo kurow a edi yiye a na jus italicum (Italia Mmara) na na edi so. Saa mmara yi maa Filipifo no nyaa hokwan ahorow te sɛ Roma ɔmamma no ara pɛ.—Asomafo no Nnwuma 16:9, 12, 21.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena