Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 2/15 kr. 26-29
  • Silas Ɔbarima Nkuranhyɛfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Silas Ɔbarima Nkuranhyɛfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Twetiatwa Ho Ɔsɛmpɔw No
  • Ɔne Paulo Akwantu
  • Ɔhwe ne Afiasenna
  • Wofi Makedonia Kɔɔ Babilon
  • Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yesuasua
  • “Bra Makedonia”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Timoteo—Paulo Boafo Foforo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • ‘Onyankopɔn Asomdwoe Boro Adwene Nyinaa So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 2/15 kr. 26-29

Silas Ɔbarima Nkuranhyɛfo

EFI Kristofo abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, na ahwɛfo akwantufo anokwafo dwumadi ho hia kɛse wɔ nkuranhyɛ a wɔde ma Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow no ne afei asɛmpa no a wɔtrɛw mu kɔ asase so mmaa nyinaa no mu. Ahwɛfo a wodii kan paw wɔn no mu biako ne Silas, odiyifo ne Yerusalem asafo mu akannifo no mu biako. Odii dwuma titiriw wɔ nkɔso titiriw a ɛbaa asɛmpaka adwuma no mu no mu, na na ɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wodii kan yɛɛ asɛmpaka adwuma wɔ Europa asasesin no mu biako. Dɛn na ɛmaa Silas fatae yiye maa otumi yɛɛ eyinom nyinaa? Na ne nipasu bɛn na yebetumi asuasua?

Twetiatwa Ho Ɔsɛmpɔw No

Bere a twetiatwa ho asɛm a ɛde mpaapaemu ba sɔree wɔ afe 49 Y.B. no, na ɛhwehwɛ sɛ sodikuw a ɛwɔ Yerusalem no de akwankyerɛ a emu da hɔ kɔma Kristofo no de siesie asɛm no. Nsɛm yi mu na Silas, a wɔsan frɛ no Silwano, no ho nsɛm puee Bible kyerɛwtohɔ mu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔka agyinatufo a “asomafo no ne mpanyimfo no” paw wɔn saa bere no somaa wɔn sɛ wɔne “anuanom a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia” nkosusuw wɔn gyinae a wɔasi no ho no ho. Wɔ Antiokia no, Silas ne Yuda (Barsaba), a na wɔka Barnaba ne Paulo ho no kenkan nhoma a wɔde somaa wɔn no, na ɛda adi sɛ wɔde wɔn ano kyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛkɔɔ so wɔ Yerusalem nhyiam no ase, sɛnea ekowiei, ne krataa no mu nsɛm mu kyerɛɛ wɔn. ‘Wɔde nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den’ nso. Anigyesɛm a efi mu bae ne sɛ Kristofo a wɔwɔ Antiokia no “dii ahurusi.”—Asomafo no Nnwuma 15:1-32.

Enti Silas dii akoten wɔ asɛm a ɛho hia yi siesie mu. Nanso na saa dwumadi yi nna fam. Na biribiara nni hɔ a obegyina so ahu sɛnea Antiokia asafo no bɛyɛ wɔn ade wɔ gyinaesi no ho. Enti, Bible ho nkyerɛkyerɛmufo bi ka sɛ: “Na egye obi a onim nyansa yiye na ɔyɛ anifere na watumi akyerɛkyerɛ nea asomafo no akyerɛw wɔ wɔn krataa no mu no mu.” Paw a wɔpaw Silas sɛ ɔno na onni asɛm a egye ahwɛyiye yi ho dwuma no ma yehu sɛnea na ɔte ankasa. Na sodikuw no betumi de wɔn ho ato ne so sɛ ofi nokwaredi mu begyina wɔn ananmu de wɔn akwankyerɛ no ama. Na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔhwɛfo nyansafo a sɛ akyinnyegye bi sɔre wɔ asafo no mu a obetumi ama afoforo anya wɔn ho ntease.

Ɔne Paulo Akwantu

Wɔ saa asɛmpatrɛw akwantu no akyi no, sɛ Silas san n’akyi kɔɔ Yerusalem anaasɛ wanyɛ saa no de, yennim ankasa. Nanso sɛnea ɛte biara no, bere a akasakasa a ɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko ho sɔree wɔ Paulo ne Barnaba ntam no, Paulo faa Silas a na ɔwɔ Antiokia saa bere no, ne no tuu kwan foforo a na ɔno Paulo abɔ ne tirim sɛ obetu akɔsrasra nkurow a ɔkaa asɛmpa no wom wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu no.—Asomafo no Nnwuma 15:36-41.

Ebia adwempa a na Silas wɔ wɔ Amanaman mufo ho ne hokwan a na ɔwɔ sɛ odiyifo ne sodikuw no kasamafo a obetumi agyina wɔn ananmu akenkan wɔn gyinaesi no akyerɛ gyidifo a wɔwɔ Siria ne Kilikia no nti na wɔpaw no. Na nea efi mu bae no yɛ papa. Asomafo no Nnwuma kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na wɔnam nkurow no so no, wɔde mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn. Ɛnna asafo ahorow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.”—Asomafo no Nnwuma 16:4, 5.

Mprenu na honhom kronkron sii wɔn kwan wɔ asɛmpatrɛw akwantu no mu. (Asomafo no Nnwuma 16:6, 7) Wɔde Timoteo kaa akwantufo kuw no ho, bere a wɔkae ne ho “adiyisɛm” bi akyi, wɔ Listra no. (1 Timoteo 1:18; 4:14) Ɛdenam anisoadehu bi a ɔsomafo Paulo a ɔno nso wɔ nkɔmhyɛ akyɛde nyae so no, wɔkyerɛɛ mfɛfo akwantufo no kwan ma wotwaa nsu kɔɔ Makedonia, wɔ Europa.—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

Ɔhwe ne Afiasenna

Wɔ Filipi, “kurow titiriw” no mu no, Silas hyiaa sɔhwɛ bi a na ne werɛ remfi da. Bere a Paulo tuu akɔm honhom fii abaawa bi mu akyi, na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wɔtwee Silas ne Paulo kɔɔ gua so mpanyimfo anim. Ne saa nti, woguu wɔn baanu no anim ase wɔ baguam sɛ nnebɔneyɛfo, tetee wɔn ntade mu, na wɔbɔɔ wɔn mmaa wɔ gua so.—Asomafo no Nnwuma 16:12, 16-22.

Na ɔhwe a ɛte saa no nyɛ asotwe a ɛyɛ yaw a ɛma obi gyae ne mudi mu nko, na mmom, na mmara mma kwan sɛ wɔyɛ Paulo ne Silas saa. Dɛn ntia? Roma mmara kyerɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwe Romani biara. Na Paulo yɛ Romani na ɛda adi sɛ na Silas nso yɛ bi. Bere a “wɔkaa wɔn mmaa pii” akyi no, wɔde Paulo ne Silas koguu afiase na wɔde wɔn anan bɔɔ dua mu. Gustav Stählin kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na eyi yɛ adwinnade a ɛyɛ hu a wɔde hyɛ nneduafo anan ntɛm de trɛtrɛw wɔn anan mu sɛnea wɔpɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na wontumi nna.” Nanso wɔ ɔdasu mu no, “Paulo ne Silas” a akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn akyi ayeyɛ akuru no, “bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn.”—Asomafo no Nnwuma 16:23-25.

Eyi ka Silas su ho biribi foforo kyerɛ yɛn. Esiane sɛ Kristo din mu na na wɔrehu amane nti n’ani gyei. (Mateo 5:11, 12; 24:9) Ɛda adi sɛ ɛno ne honhom koro no ara a ɛkanyan Silas ne ne mfɛfo no wɔ Antiokia akwantu a edi kan no mu maa wotumi hyɛɛ asafo no nkuran hyɛɛ no den, na ɛmaa wɔn mfɛfo Kristofo no dii ahurusi. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo ne Silas anigye yɛɛ kɛse bere a asasewosow yii wɔn fii afiase ma wonyaa hokwan boaa afiasehwɛfo a na ɔredi ne ho dɔm ne n’abusua maa wonyaa Onyankopɔn mu gyidi no.—Asomafo no Nnwuma 16:26-34.

Ɔhwe anaa afiasenna anhunahuna Paulo anaa Silas mu biara. Bere a wɔkaa sɛ wonyi wɔn no, wɔamfa aniwu amfi Filipi ankɔ brɛoo, sɛnea na atemmufo no hwɛ kwan no. Wogyinaa wɔn anan so maa ahantanfo ne atemmufo no nsusuwii no yɛɛ kwa. Paulo bisaa sɛ: “Wɔammu yɛn ntɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafo egua so, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wohintaw pam yɛn? Dabida, na ma wɔn ankasa mmeyi yɛn.” Nea na ebefi mu aba a na wosuro nti, atemmufo no yeree wɔn ho srɛɛ wɔn baanu no sɛ womfi kurow no mu.—Asomafo no Nnwuma 16:35-39.

Bere a afei de wɔmaa atumfo no hui sɛ wɔyɛ Romafo akyi no, Paulo ne Silas penee atemmufo no adesrɛ no so—nanso wɔne wɔn mfɛfo no dii nkra ansa. Nea ɛne wɔn mprempren asɛmpaka akwantu no atirimpɔw hyia no, Silas ne ne hokafo no san “hyɛɛ” anuanom no “nkuran” bio na afei wofii hɔ kɔe.—Asomafo no Nnwuma 16:40.

Wofi Makedonia Kɔɔ Babilon

Paulo ne Silas amma nea ɛte sɛ osuahu yayaw yi ammu wɔn abam, na wɔne wɔn mfɛfo no toaa so kɔɔ asɛmpatrɛw asasesin foforo mu. Wohyiaa nsɛnnennen bio wɔ Tesalonika. Esiane nkɔso a na Paulo som adwuma no anya wɔ Homeda abiɛsa mu nti, asɔretiafo ahoɔyawfo sɔre hyɛɛ wɔn, enti asɛmpatrɛwfo no huu sɛ nyansa wom sɛ wofi kurow no mu anadwo. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Beroia. Bere a wohuu nea Paulo ne ne mfɛfo no atumi ayɛ wɔ saa kurow no mu no, asɔretiafo no fii Tesalonika toaa wɔn wɔ hɔ. Paulo nkutoo fii hɔ, na Silas ne Timoteo traa Beroia hwɛɛ anigyefo afoforo no. (Asomafo no Nnwuma 17:1-15) Silas ne Timoteo san kɔkaa Paulo ho wɔ Korinto, de asɛmpa ne akyɛde a efi mfɛfo anokwafo a wɔwɔ Makedonia no hɔ kɔmaa no. Na eyi bɛboa ɔsomafo a na ade ahia no no ma wagyae honam fam adwuma a na ɔreyɛ no saa bere no, na wasan de nnamyɛ akɔ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no so. (Asomafo no Nnwuma 18:1-5; 2 Korintofo 11:9) Wɔ Korinto no, na wɔfrɛ Silas ne Timoteo sɛ asɛmpakafo ne Paulo mfɛfo adwumayɛfo nso. Enti ɛda adi sɛ wɔn dwumadi wɔ saa kurow no mu no ano ammrɛ ase wɔ ɔkwan biara so.—2 Korintofo 1:19.

Edinnsiananmu “yɛn” a wɔde dii dwuma a epue wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu nyinaa no—a ɔkyerɛw emu biara wɔ Korinto saa bere yi mu no—kyerɛ sɛ Silas ne Timoteo ka ho na wɔkyerɛwee. Nanso adwene a ɛne sɛ na Silas yɛ ɔkyerɛwfo no gyina nea Petro kae wɔ n’ankasa ne nkrataa no mu biako mu no so titiriw. Petro ka sɛ: “Ɔnam onua nokwafo Silwano so” na ɔkyerɛwee ne nsɛm no. (1 Petro 5:12) Bere a eyi betumi akyerɛ kɛkɛ sɛ ɔde somaa Silwano no, nsonsonoe a ɛwɔ Petro nhoma abien no mu no da no adi sɛ ɔmaa Silas na ɛkyerɛw krataa a edi kan no na mmom ɛnyɛ nea ɛto so abien no. Enti, nea ɛka ɔdom akyɛde pii ne teokrase hokwan ahorow a na Silas wɔ ho ne sɛ ebia na ɔyɛ ɔkyerɛwfo.

Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yesuasua

Sɛ yegyina akyirikyiri na yɛhwɛ nneɛma a yehu sɛ Silas yɛe no a, ne ho kyerɛwtohɔ no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Ɔyɛ nhwɛsofo a ɔfata ma ɛnnɛ yi asɛmpatrɛwfo ne ahwɛfo akwantufo. Ɔde ne ho mae koraa de bɔɔ afɔre, tutuu akwan pii a na ɛnyɛ honam fam nneɛma anaa anuonyam na ɔhwehwɛ, na mmom sɛ ɔbɛboa afoforo. Na ne botae ne sɛ ɔde afotu a nyansa wom bɛma wɔ anifere kwan so de ɔkasa a wɔasiesie no yiye na emu yɛ hyew, ne afei ne nnamyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu bɛhyɛ wɔn nkuran. Afa biara a wowɔ wɔ Yehowa nkurɔfo ahyehyɛde mu no, sɛ wo nso wobɔ mmɔden nya adwempa—wɔ amanehunu mu mpo—a wo nso wobɛhyɛ wo mfɛfo gyidifo nkuran.

[Asase mfonini wɔ kratafa 29]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Paulo Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abien

Po Kɛse No

Antiokia

Derbe

Listra

Ikonion

Troa

Filipi

Amfipoli

Tesalonika

Beroia

Atene

Korinto

Efeso

Troa

Kaesarea

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena