-
Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ TesalonikaƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Sɛ Paulo kodu kurow biara mu a, Yudafo na na odi kan ka asɛm no kyerɛ wɔn, efisɛ na wonim Kyerɛwnsɛm no mu dedaw, enti na onya biribi gyina so ne wɔn susuw nsɛm ho ma wɔte asɛmpa no ase. Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ saa ade a na Paulo taa yɛ no kyerɛ sɛ na odwen ne kuromfo ho anaasɛ ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde Yudafo ne nnipa a wonim Nyankopɔn dedaw no befi n’adwuma no ase na watoa so aka asɛm no akyerɛ Amanaman mufo no.—Asomafo Nnwuma 17:2-4.
Enti bere a Paulo duu Tesalonika no, odii kan kɔɔ hyiadan no mu, na ɔne Yudafo no “susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo hu amane na ɔsɔre fi awufo mu, na ɔkae sɛ: ‘Oyi ne Kristo no, Yesu a mereka ne ho asɛm kyerɛ mo no.’”—Asomafo Nnwuma 17:2, 3, 10.
Mesia dwumadi ne nnipa ko a ɔyɛ na Paulo kaa ho asɛm, na na ɛyɛ asɛm a ebinom nnye ntom. Ná Yudafo no rehwɛ kwan sɛ Mesia bɛba abɛko ama wɔn, enti sɛ obi ka sɛ Mesia no behu amane a, na wɔne ne renyɛ adwene. Nea ɛbɛyɛ ama Yudafo no agye asɛm no atom no, Paulo ne wɔn “susuw” nsɛm ho, “ɔkyerɛkyerɛɛ mu” na ofi Kyerɛwnsɛm no mu de “adanse” ahorow mae. Ɛno ma yehu sɛ na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa.a Bere a Paulo kaa nsɛm a ɛka koma yi kyerɛɛ wɔn no, dɛn na wɔyɛe wɔ ho?
-
-
Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ TesalonikaƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
a Ɛbɛyɛ sɛ kyerɛw nsɛm a Paulo de yɛɛ adwuma no bi ne Dwom 22:7; 69:21; Yesaia 50:6; 53:2-7; Daniel 9:26.
-