-
Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ TesalonikaƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Nnipabɔnefo no tow “hyɛɛ Yason fie so [baabi a na Paulonom te no] hwehwɛe sɛ wɔde wɔn bɛbrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no.” Wɔanhu Paulo wɔ hɔ no, ɛma wɔde wɔn asɛm kɔdan mpanyimfo paa a wɔwɔ kurow no mu. Enti “wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kurow no mu atumfoɔ, na wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Mmarima a wɔadan wiase ani no aba ha nso.’”—Asomafo Nnwuma 17:5, 6.
Ná Tesalonika yɛ Makedonia ahenkurow, enti na wɔde wɔn ho wɔ nneɛma bi mu. Nhyehyɛe a na wɔde di wɔn ho so no bi ne sɛ, na wɔwɔ baguafo a wɔhwehwɛ nsɛm mu. “Kurow no mu atumfoɔ”b no na na wodi kurow no so, na na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma na wɔhwɛ nso sɛ basabasayɛ biara remma, na ankopue Romafo anim; anyɛ saa a hokwan kakra a kurow no wɔ no betumi afi wɔn nsa. Enti bere a wɔtee “basabasayɛfo” no nka no, ɛbɛyɛ sɛ na wosuro sɛ wɔbɛdan kurow no ani.
-
-
Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ TesalonikaƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
b Wonhuu saa asɛmfua yi wɔ Helafo nhoma biara mu. Nanso wokohui sɛ wɔakyerɛw agu nneɛma bi so wɔ Tesalonika hɔ baabi. Saa nneɛma no nso atena hɔ fi Yesu bere so, enti ɛfoa so sɛ asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma mu no yɛ nokware.
-