Agora—Beae Titiriw Wɔ Tete Atene
NA SAKASAKAYƐ aba nhomanimfo a wɔwɔ Atene no mu! Bere nyinaa na wɔde adwenkyerɛ foforo ba Helafo kuropɔn agora, anaa aguadibea hɔ. Nanso, saa bere yi de na wɔrete asɛm foforo koraa. Ná ɛte sɛ nea Yudani barima bi a ɔbaa kurow no mu nkyɛe no ‘ka abosom ahɔho bi ho asɛm.’ Ná ɔreka nsɛm a ɛda nsow akyerɛ “wɔn a wɔbɛto no” no. Epikurofo ahomasofo no ne Stoafo anuonyamfo no bisae sɛ: “Ɔkasafo yi se dɛn ni?” Yiw, Atene agora no ne beae a na ɛkame ayɛ sɛ wodi anobaabae wɔ asase so asɛm biara ho. Nanso sɛ́ obi bɛka anyame a wonnim wɔn ho asɛm de—dabi, na wɔntee bi da!—Asomafo no Nnwuma 17:17, 18.
Saa na Atenefo no yɛɛ wɔn ade de kyerɛe sɛ wonnye nea na ɔsomafo Paulo reka no ntom bere a ɔkɔkaa asɛm no nea edi kan wɔ Atene agora hɔ no. Ná ɔreka Yesu Kristo ne owusɔre no ho asɛm. Nanso adɛn nti na adwenkyerɛ foforo yi yɛɛ Atenefo a na ɛte sɛ nea wogye nsusuwii foforo tom no nwonwa saa?
Atene Nya ne Mpraeso
Nea na ɛyɛ nwonwa mmom ne agora no ankasa ne dwuma titiriw a edii wɔ Atenefo som ne wɔn amansɛm mu no. Atene agora no yɛ baabi a ɛhɔ sian kakra a ne kɛse bɛyɛ hɛkta 60, na ɛwɔ Acropolis no atifi fam nifa so. Gyama afeha a ɛto so asia A.Y.B. no mfiase mu hɔ, bere a Atene ɔmanyɛfo ne mmarahyɛfo Solon te ase no, na wotwaa saa asase yi sɛ wɔmfa nyɛ kurow no mpraeso. Dodow amammu a wɔde sii hɔ wɔ Atene, a ɛhyɛɛ amanyɔ ho nkuran no ma wosisii adan pii wɔ hɔ wɔ afeha a edi hɔ no mfiase. Eyi maa agora no timii, ma edii dwuma titiriw.
Hela asɛmfua a·go·raʹ no fi adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ “boa ano, hyia mu” mu. Eyi ne nea na wɔyɛ wɔ agora hɔ sɛ kurow no nhyiambea titiriw no hyia. Agora no bɛyɛɛ beae titiriw maa fekubɔ ne amansɛm. Ná ɛyɛ amanyɔ ne atemmusɛm adwumayɛbea ti, beae titiriw a adetɔn ne aguadi kɔ so, baabi a wɔyɛ Helafo ɔyɛkyerɛ ahorow, agumadi ho adekyerɛbea, ne baabi a nhomanimfo taa hyiam susuw nsɛm ho.
Wobɛpɛ sɛ wokɔhwehwɛ Atene agora no asɔredan, adammaa, ahoni, nkaedum, ne ɔman dwumadibea ahorow no amamfõ so? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu sɛnea na agora no te wɔ tete mmere mu no, ma yemfi kurow a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛhɔ yɛ gyegyeegye ne begyabegya no mu nkɔfa anammɔnkwan a marmorabo wɔ so so nkɔ baabi a afabo, abopon, ne akwan a ɛso yɛ dinn a wura ne nsensan afuw asiw anim no so.
Asɔredan, Abosonnan, ne Anyame Atitiriw
Asɔredan, abosonnan, ne anyame ahorow akronkrommea pii a ɛwɔ hɔ no ma ahɔho ho dwiriw wɔn. Eyi nyinaa nti na na agora no yɛ beae titiriw a wɔsom, a Acropolis no nkutoo na etwa no. Wɔ Atenefo nhomanim Nkɔanim Mfe mu no, nyamesom nyaa amansɛm mu biribiara so nkɛntɛnso. Eyi hwehwɛe sɛ wɔmoma aban asoɛe ahorow ne amammui nhyehyɛe ho anyame ahorow a na wɔfrɛ wɔn “anyame atitiriw” no asɔredan akronkrommea wɔ agora hɔ.
Adan yi biako a na agye din paa ne Hephaestus Asɔredan no. Ná wɔde nyamewa Athena bata Hephaestus ho. Ná wɔsom anyame abien yi wɔ ha sɛ adwinne ne nsaanodwuma ho anyame atitiriw. Nneɛma a wɔde nnade ayɛ ne anwenne a ɛwɔ saa asɔredan yi ho a wɔatutu fam ahu no kyerɛ sɛ wosi maa Hephaestus, Helafo adwinne a wɔde gya di, ho nyame no. Ɛbɛyɛ sɛ afeha a ɛto so ason Y.B. mu no, wɔdan asɔredan a wɔakora so yiye yi yɛɛ no Greek Orthodox Church of St. George, ɛwom sɛ wɔmfa nni dwuma saa nnɛ de.
Nanso, na agora no ankasa hia ne nyame titiriw. Ɔno ne Seus Agoraios a wɔkyerɛe sɛ ɔma anotew, a wɔde Penteli abo a ɛsom bo no sii afɔremuka hyiraa so maa no no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 14:11, 12 ho.) Ná dɔmmarima nkaedum a egu ahorow pii atwa Anyame Na no afɔremuka a ɛbɛn hɔ no ho ahyia.
Sɛ yɛkɔ yɛn anim kakra a, yebehu Ionfo asɔredan ketewa bi. Nsase ho nimdefo Pausanias kae sɛ ɛyɛ Agya Apollo Asɔredan. Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea tete Hela atetesɛm bi kyerɛ no, ɔno ne Ion a n’asefo ne Ionfo abusua a Atenefo fi mu no agya.a Saa kwan yi so no, na Apollo yɛ nyame titiriw ma amammui ahyehyɛde no, titiriw wɔ nsɛm a ɛfa fekuw ahorow a na ɛwɔ kurow no mu no ho.
Atifi pɛɛ no, yehu asɔredan ketewa bi a wosii wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. no ntam a adan akadobo no. Ná wɔsom Seus ne Athena Phatrios, nananom ɔsom fekuw no anyame titiriw no wɔ ha. Ná ɛreyɛ ayɛ sɛ obi ntumi nyɛ Ateneni bere a onni fekuw yi bi mu. Sɛ yetwa kwan no mu a, yɛbɛkɔ akɔto Anyame Dummien no afɔremuka amamfõ.
Wɔ Seus Eleutherios Stoa a ɛbɛn hɔ no so no, na wɔsan som Hela nyame titiriw no sɛ ahofadi ne ogye nyame saa bere no. Ná ɔdammaa anaa stoa yi yɛ baabi a nkurɔfo taa kotu mpase na wɔyɛ nhyiam wɔ hɔ. Wɔkyerɛ sɛ na nyansapɛfo Socrates a wonim no yiye no ne ne nnamfo hyiam wɔ stoa yi mu, faako a na wotumi tra ase bɔ nkɔmmɔ anaa wɔbom tu mpase. Wɔde nneɛma a wɔatu asi hɔ ama stoa yi, ne ɛho ayɛyɛde ahorow, te sɛ nnipa a wowuwui bere a na wɔreko abɔ Atene ho ban akyɛm no, bata gye a wogyee kurow no fii n’atamfo nsam anaa wɔbɔɔ n’ahofadi ho ban no ho tẽẽ.
Panathenaea Kwan No
Ɔkwan kɛse bi a mmosea wɔ so a wɔfrɛ no Panathenaea Kwan no fa agora no mfinimfini. Nea ɛma wonyaa ne din na wobuu no beae titiriw ne Atene ɔman afahyɛ, Panathenaea no. Sɛ afahyɛ yi du so a, wɔde nyamewa Athena nkataanim no fi Aperententu Fie (a ɛtoa kurow no pon so no) betwam wɔ kwan yi so kɔ Acropolis. Nneɛma bi a wɔanwene wɔ Parthenon dan ho no boa yɛn ma yetumi de yɛn adwene bu akokurokosɛm ne akɛsesɛm a na ɛkɔ so wɔ afahyɛ no aperententu ase no—apɔnkɔsotefo, nteaseɛnam a wɔde tu mmirika, anantwi ne nguanten a wɔde bɔ afɔre, mmarimaa ne mmea a na wɔsõsõ nneɛma a wɔde rebedi dwuma wɔ afɔrebɔ no mu no. Atenefo ne wɔn ahɔho, a wɔn a wosii agora no yɛɛ nsiesiei a ɛsɛ a ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn maa wɔn no, na ɛhwɛɛ aperententu no. Sɛ nhwɛso no, wɔhyɛɛ da sii adammaa a na anim no sian yeyɛɛ atrapoe wɔ so kama de anim kyerɛɛ aperenten kwan no. Ná atrapoe pii a wɔayeyɛ wɔ anim no tumi fa nnipa pii.
‘Abosom Ahyɛ Hɔ Ma’
Esiane sɛnea na asɔredan, ahoni, ne nkaedum ayɛ hɔ ma nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a ɔsomafo Paulo wɔ hɔ a “ohui sɛ abosom ahyɛ kurow no ma no, ɛyɛɛ ne honhom ahi wɔ ne mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:16, NW) Ɛbɛyɛ sɛ nea Paulo hui bere a ɔkɔɔ agora hɔ no yɛɛ no ahodwiriw. Ná onyame Hermes bɔbeasu honi no dɔɔso araa ma, egyee adammaa mũ, a wɔfrɛ no Hermes Stoa, na wɔde akora so wɔ hɔ. Ná wɔayeyɛ swastika ahorow—awo ne nkwa sɛnkyerɛnne—wɔ ntama a wɔde akata Hermes mfonini afoforo a wɔaka ho aduru no so. Ná Venus Genetrix, ɔbarima ne ɔbea nna ho nyamewa no honi, ne Dionysus de, a bɔbeasu ho mmeamudua sɛnkyerɛnne ahorow bi wɔ ho no wɔ hɔ. Nea ɛkyerɛ sɛ na agora hɔ yɛ “kronn” no ne ɔbo bi a wɔde agye ho ban a ade a nsu “kronkron” gu mu si hɔ a obiara a ɔbɛkɔ mu de dwira ne ho no.
Esiane sɛnea na nyamesom adi nkurɔfo ti wɔ hɔ saa nti, ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a na Paulo wɔ asiane kɛse mu no. Wobuu no sɛ obi a “ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm,” na na mmara a ɛwɔ hɔ saa bere no kyerɛ sɛ ‘obiara ntumi nsom anyame soronko biara, anaa anyame foforo; saa ara nso na ontumi nsom nyame bi a wonnim no wɔ kokoam, gye sɛ wɔama ho kwan wɔ baguam ansa.’ Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde ɔsomafo no kɔɔ Areopago kobisabisaa no nsɛm.—Asomafo no Nnwuma 17:18, 19.
Dwumadibea Ti
Ná Atene aban no dwumadibea ti wɔ dan kurukuruwa bi a wɔfrɛ no Tholos mu. Ná kurow no mu atitrafo pii da dan yi mu anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aban mpanyimfo wɔ hɔ bere nyinaa. Ná wɔkora nsenia ne susudua wɔ Tholos no mu. Ná aban asoɛe ahorow bemmɛn hɔ. Ná Baguafo Fie no wɔ sian so baabi a ɛhyɛ bepɔw mu wɔ Tholos no atifi fam benkum so. Ɛhɔ na na Baguafo 500 no mufo yɛ wɔn nhyiam ahorow sɛ boayifo de yeyɛɛ mmara maa Mmarahyɛ Bagua no.
Amanyɛfo dan titiriw foforo na ɛwɔ hɔ ne Ahenfie Stoa no. Ɛhɔ na na Atene Ahemman Arkon—kurow no atemmufo akunini baasa no biako—agua si. Ɛhɔ na ofi dii amansɛm a ɛfa ɔsom ne atemmusɛm ho nyinaa ho dwuma. Ɛbɛyɛ sɛ ɛha na wɔde Socrates bae bere a wɔbɔɔ no sobo sɛ wayɛ abusude no. Ná wɔakyerɛw Atene nananom mmara no agu dan bi a ɛne no di nhwɛanim ho. Ansa na wobefi wɔn adwuma ase afe biara no, na arkon ahorow anaa atemmufo akunini no gyina ɔbo bi a ɛda saa dan no ara anim so, di nsew.
Attalus Stoa No
Agora dan a wɔakora so yiye paa ne Attalus Stoa no. Sɛ abarimaa no, Pergamo Hene Attalus (afeha a ɛto so abien A.Y.B.), kosuaa ade wɔ Atene sukuu ahorow mu, sɛnea Mediteranea adehyɛ mma foforo pii yɛe no. Bere a wosii no hene no, ɔde akyɛde kɛse yi—Attalus Stoa no—maa kurow a ɔkɔɔ sukuu wom no.
Dwuma titiriw a Attalus Stoa no dii ne sɛ ɛbɛma wɔanya ahomegyebea a wɔakuruw so a ɛyɛ fɛ a wɔde bɛbɔ amanni ne fekuw. Sɛnea na wɔayɛ ne fam no ne sɛnea na esian no ma nkurɔfo nyaa baabi pa tra hwɛɛ aperententu ahorow, na ɛbɛyɛ sɛ gye a na agye din sɛ ahomegyebea no nti na etumi bɛyɛɛ aguadibea titiriw no. Gyama Aban no de adetɔnbea ahorow no maa nkurɔfo gyee sika sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mfaso afi mu.
Seesei a wɔasan ayɛ Attalus Stoa no sɛnea na ɛte kan no, ɛho adwinni no abɛyɛ krabɛhwɛ. Sɛnea ne kɛse te, sɛnea wɔasusu biribiara pɛpɛɛpɛ fi soro kosi fam, hann ne onwini a ɛdeda mmeaemmeae fɛfɛɛfɛ no, ne nneɛma pa a ɛyɛ fɛ a wɔde sii no nyinaa ma ɛda nsow. Nneɛma a wɔde yɛe no gu ahorow wɔ akwan pii so a ebi ne sɛ wɔde nea ekurakura adum mu ahorow abiɛsa na ɛyɛe—Helafo de, Ionfo de, ne Misrifo de.
Baabi a Wɔyɛ Amammerɛ Ho Adekyerɛ
Ɔdan a na wɔyɛ amammerɛ ho adekyerɛ pii wom wɔ Atene ne Agodibea no. Ná ɛyɛ akyɛde a efi Vipsanius Agrippa, Roma Ɔhempɔn Augusto asew barima no hɔ. Ná wɔde mmosea a ne kɔla gu ahorow agu anim hɔ. Ná asa a etumi fa nnipa bɛyɛ 1,000 no kɛse bɛyɛ mita 25, na mfiase no, wɔbɔɔ so a wɔamfa nsɛmso nnua biara antetare mu. Eyi yɛ dan sobɔ ho nhwɛso a na wonhuu so bi da wɔ tete mmere no mu! Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na anigyede a ɛkɔ so wɔ hɔ no fã kɛse no ara mfata nokware Kristofo a na wokura abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn mu no.—Efesofo 5:3-5.
Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛ sɛ nnipa a na wɔrepɛ biribi ahu wɔ tete mmere mu no kɔhwɛɛ Pantainos Nhomakorabea no. Ná adakawa a wɔde kora nsaano nkyerɛwee a wɔde sakran ne mmoa nhoma ayɛ so no ayɛ ɔdan no mu afasu mu ma. Ná nhomakorabea no dan kɛse no ani kyerɛ atɔe fam faako a abangua bi a ɛwɔ dammaa no adum sisi—baabi a na eye ma mpasetu, akenkan, anaasɛ wodwennwen nsɛm ho. Wɔahu nkyerɛwee bi a ɛkyerɛ nhomakorabea hɔ mmara horow no mu abien wɔ hɔ. Ɛne sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obi fa nhoma bi fi ha kɔ,” ne “Wotumi ba [nhomakorabea ha] fi dɔn a edi kan kosi dɔn a ɛto so asia.”
Sɛnea Agora Te Nnɛ
Wɔ nnansa yi mfe mu no, ɛkame ayɛ sɛ Amerika Sukuu a Wosua Tete Helafo Ho Nsɛm wɔ hɔ no atutu agora no amamfõ nyinaa. Ɛyɛ beae a ɛhɔ yɛ dinn wɔ Acropolis tenteenten no ase, a abɛyɛ baabi a nsrahwɛfo a wɔpɛ sɛ wɔhwehwɛ tete Atene abakɔsɛm mu kakra no taa kɔ.
Monastiraki Petee mu Gua a ɛbɛn hɔ—a efi agora ne Acropolis rekɔ hɔ yɛ anammɔn kakraa bi—no nso yɛ baabi foforo a biribi a ɛda nsow kɔ so wɔ hɔ. Ɛma ɔhɔho a ɔba hɔ no hu Hela atetesɛm a ɛyɛ nwonwa na afei nso ɛyɛ anigye ne sɛnea na Apuei Famfo di gua na wodi nneɛma ano no. Na nokwarem no, ɔhɔho no behu Yehowa Adansefo wɔ hɔ sɛ wɔde anigye reyɛ nea ɔsomafo Paulo yɛe bɛboro mfirihyia 1,900 ni no wɔ hɔ—wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no kyerɛ ‘wɔn a wɔbɛto wɔn no’ wɔ baguam.
[Ase hɔ asɛm]
a Edin Ionfo no fi Yawan, Yafet ba ne Noa banana no din mu.—Genesis 10:1, 2, 4, 5.
[Kratafa 28 adaka]
Atene Aguadi
Ná agora nyɛ beae titiriw mma Atene nhomanimfo ne amanyɔfo nko, na mmom na ɛsan yɛ kurow no aguadibea titiriw. Atene bɛyɛɛ aguadibea titiriw a nea ɛmaa nkurɔfo ani gyee hɔ ne sɛnea na wɔn sika som bo ne sɛnea wɔn arkon ahorow a na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ aguadi nyinaa kɔ so wɔ nokwaredi mu a nsisi nnim no de mmara yɛ adwuma no.
Wɔde bobesa, ngodua mu ngo, ɛwo, marmorabo, ne aguade te sɛ abobɔde ne nnade a wɔde ayeyɛ nneɛma, fi Atene kɔɔ amannɔne. Ná wɔn nso wɔkra awi titiriw. Esiane sɛ Attica (beae a ɛbɛn Atene no) antumi annya aguade a ɛsɛ amfa anhwɛ emufo nti, na aguadi ho mmara a ɛwɔ hɔ no mu yɛ den. Ná ɛsɛ sɛ wonya aduan mmono a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ wɔ Piraeus (Atene hyɛn gyinabea no) gua so bere nyinaa na wɔde ama kuromma ne asraafo dɔm no. Na na wɔmma aguadifo kwan mma wɔnkora bi so na akyiri yi sɛ ɛho bɛyɛ den a, wɔatɔn no aboɔden.