-
Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?Ɔwɛn-Aban—1989 | February 15
-
-
5. Tebea bɛn mu na Paulo kasa kyerɛɛ Atenefo no? (Ma wɔnkenkan Asomafo no Nnwuma 17:16-31.
5 Tumi wɔ Paulo kasa no mu na ɛfata sɛ yesusuw ho yiye ampa. Esiane sɛnea ntɛnkyea a anibere wom atwa yɛn ho nyinaa ahyia nti, yebetumi asua pii afi mu. Nea edi kan koraa no hyɛ beae no a wubetumi akenkan ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 17:16-21 no nsow. Na Atenefo no hoahoa wɔn ho sɛ wɔte nhomasuabea bi a agye din a Socrates, Plato, ne Aristotle kyerɛɛ ade wɔ hɔ. Na Atene yɛ nyamesom kurow kɛse nso. Paulo hui sɛ na abosom atwa ne ho nyinaa ahyia—ɔko nyame Ares anaa Mars; Seu, nnuru nyame Aeskulapio, ɛpo nyame onuɔdenfo Poseidon, Dionisio, Atena, Eros, ne afoforo pii.
-
-
Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?Ɔwɛn-Aban—1989 | February 15
-
-
Atiefo Akyinnyegyefo
8. (a) Na gyidi ne adwene horow bɛn na Epikurofo no kura? (b) Dɛn na na Stoafo gye di?
8 Yudafo ne Helafo binom de anigye tiei, nanso na Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo a wɔwɔ nkɛntɛnso kɛse no bɛyɛ wɔn ade dɛn? Sɛnea wubehu no, wɔn nsusuwii no te sɛ gyidi ahorow a abu so nnɛ no wɔ akwan pii so, nea wɔde kyerɛkyerɛ mmofra wɔ sukuu mu no mpo. Epikurofo no hyɛɛ asetra a ɛbɛma wɔanya anigye pii sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara, titiriw no adwene mu anigye, ho nkuran. Na wɔde nnyinasosɛm a wonni ne papa a wɔmpɛ na ehu wɔn ‘didi na nom, na ɔkyena na yɛawu’ nyansapɛ no. (1 Korintofo 15:32) Na wonnye nni sɛ anyame bi na wɔbɔɔ amansan no; mmom no, nkwa nam asiane bi a esii wɔ amansan bi a tumi ahorow na ɛwom mu no so na ɛbae. Afei nso, wɔte nka sɛ anyame no ani nnye nnipa ho. Na Stoafo no nso ɛ? Wosii ɔkwan pa a wotumi fa so dwen nneɛma ho so dua na na wogye di sɛ nneɛma a wotumi te nka ne tumi ne mfiase nnyinasosɛm a ɛwɔ amansan no mu. Stoafo de wɔn adwene bui sɛ onyame bi a ɔnnyɛ obi ankasa na ɔwɔ hɔ sen sɛ anka wobenya Onyankopɔn mu gyidi sɛ Obi a ɔwɔ hɔ. Na wɔte nka nso sɛ nkrabea na edi adesamma nsɛm so.
9. Dɛn nti na na Paulo tebea no yɛ nea emu yɛ den sɛ ɔbɛka asɛm wom?
9 Nyansapɛfo a wɔtete saa no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Paulo baguam ɔkyerɛkyerɛ no ho? Na asɛmpɛ ne adwene mu ahantan yɛ Atenefo su, na saa nyansapɛfo no fii ase ne Paulo dii anobaabae. Awiei koraa no wɔde no kɔɔ Areopago. Na abo bepɔw bi wɔ Atene gua no atifi nanso ɛwɔ Akropoli tenteenten no ase a na wɔde ato ɔko nyame Mars anaa Are no, enti na na wɔfrɛ no Mars Bepɔw, anaa Areopago no. Tete no na asennifo anaa baguafo hyia wɔ hɔ. Enti ebetumi aba sɛ wɔde Paulo kɔɔ asennibea a ɛbɛyɛ sɛ wohyiae wɔ baabi a na wɔn ani tua Akropoli fɛfɛ no ne ne Parthenon a agye din no ne asɔredan ne ahoni afoforo no. Ebinom susuw sɛ na ɔsomafo no wɔ asiane mu efisɛ na Romafo mmara bara anyame afoforo ho asɛnka. Nanso sɛ wɔde Paulo kɔɔ Areopago sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyidi ahorow mu yiye anaasɛ ɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw ara kwa mpo a, ohyiaa atiefo a wɔyɛ den. So na obetumi ada ne nkrasɛm a ɛho hia no adi bere a ɔrenhyɛ wɔn abufuw anaa?
-
-
Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?Ɔwɛn-Aban—1989 | February 15
-
-
“16 Na Paulo retwɛn wɔn Atene na ohui sɛ kurow no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ ne honhom ahi wɔ no mu. 17 Enti hyiadan mu ɔne Yudafo ne adefɛrefo no kasa, na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no kasa. 18 Na Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso ne no dii anobaabae. Ebinom kae sɛ: Ɔkasafo yi se dɛn ni? Na ebinom se: Ɔte sɛnea ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm—efisɛ ɔkaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no. 19 Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kae sɛ: Wubetumi akyerɛ yɛn kyerɛ foforo yi ase? 20 Efisɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn asom asɛm foforo. Enti yɛpɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛ. 21 Nso Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtra hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforo bi. 22 Na Paulo gyina Areopago mfinimfini kae sɛ:
-