-
‘Hwehwɛ Onyankopɔn Kosi Sɛ Wubehu No’‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
13. Nea ɛyɛe a nneɛma a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa bae no, dɛn na Paul ka faa ho, na dɛn na ne nsɛm no kyerɛ?
13 Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara. Paul kaa sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ne ɔsoro ne asaase Wura. Enti ɔnte asɔredan a nnipa de wɔn nsa asi mu.”d (Aso. 17:24) Biribiara nni ɔsoro ne asaase so a ɛno ankasa na ɛbae. Nokware Nyankopɔn no na ɔbɔɔ ade nyinaa. (Dw. 146:6) Ná nyame bi a wɔfrɛ no Athena ne anyame foforo no anuonyam gyina asɔredan, abosom adan, ne afɔremuka ahorow so. Nanso Awurade Tumfoɔ a ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase no de, asɔredan a nnipa asi ntumi nkora ne so. (1 Ahe. 8:27) Ná Paul asɛm no mu da hɔ fann: Nokware Nyankopɔn no yɛ kɛse sen abosom biara a nnipa ayɛ asi asɔredan a nnipa asi mu.—Yes. 40:18-26.
-
-
‘Hwehwɛ Onyankopɔn Kosi Sɛ Wubehu No’‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
d Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wiase” no ne koʹsmos. Greecefo no de, sɛ wɔde saa asɛmfua no di dwuma a na ɛkyerɛ nneɛma a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so. Ebetumi aba sɛ Paul de asɛmfua no dii dwuma saa kwan yi so sɛnea ɛbɛyɛ a, n’atiefo a wɔyɛ Greecefo no bɛte n’asɛm no ase ntɛm.
-