-
“Kɔ So Kasa, Na Nka W’Ano Ntom”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
“Mewɔ Nnipa Pii Wɔ Kurow Yi Mu” (Asomafo Nnwuma 18:9-17)
12. Awerɛhyem bɛn na Paul nyae wɔ anisoadehu mu?
12 Sɛ na Paul tirim ntene no sɛ ɔbɛtoa ɔsom adwuma no so wɔ Korinto mpo a, anisoadehu bi a onyae maa n’adwene sii no pi. Awurade Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no anadwo bi, na ɔkaa sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, efisɛ meka wo ho, na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.” (Aso. 18:9, 10) Hwɛ sɛnea saa anisoadehu yi hyɛɛ Paul nkuran! Awurade ankasa maa Paul awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban na obiara anyɛ no bɔne, na ɔkaa nso sɛ nnipa pii wɔ kurow no mu a wɔwɔ koma pa. Dɛn na anisoadehu no maa Paul yɛe? Yɛkenkan sɛ: “Ɔtenaa hɔ afe ne abosome asia, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm.”—Aso. 18:11.
-
-
“Kɔ So Kasa, Na Nka W’Ano Ntom”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
16. Asɛm a Awurade kaa sɛ, “Kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, efisɛ meka wo ho” no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yɛyɛ asɛnka adwuma no?
16 Kae sɛ, Yudafo no poo asɛmpa a na Paul reka no ansa na Awurade Yesu rema no awerɛhyem sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, efisɛ meka wo ho.” (Aso. 18:9, 10) Ɛsɛ sɛ yɛma saa nsɛm no tena yɛn adwenem, titiriw bere a nkurɔfo ntie asɛm a yɛka no. Mma wo werɛ mmfi da sɛ Yehowa hu komam, na ɔno na ɔtwe nnipa a wɔwɔ koma pa ba ne nkyɛn. (1 Sam. 16:7; Yoh. 6:44) Ɛsɛ sɛ wei hyɛ yɛn nkuran paa ma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Afe biara wɔbɔ nnipa mpempem asu; ɛno kyerɛ sɛ yɛkyekyɛ mu a, da biara wɔbɔ nnipa ɔhaha asu. Wɔn a wɔtie Yesu ahyɛde na ‘wɔkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no, awerɛkyekyesɛm a Yesu wɔ ma wɔn ni: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.”—Mat. 28:19, 20.
-