Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 5/1 kr. 4-7
  • Nokware a Wotumi Di Wɔ Wiase a Pɛyɛ Nnim Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware a Wotumi Di Wɔ Wiase a Pɛyɛ Nnim Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛyɛe a Nokwaredi Yerae
  • Nokwaredi Nnyinaso
  • Nokware a Wotumi Di Wɔ Sɔhwɛ Mu
  • Hiob Nokwaredi No
  • Nokwaredi ne Kristofo Som Adwuma No
  • Nokwaredi—Ɛso Mfaso Horow
  • Kura Wo Mũdi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • So Wubekura Wo Mũdi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wukura Wo Mũdi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nantew Mudi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 5/1 kr. 4-7

Nokware a Wotumi Di Wɔ Wiase a Pɛyɛ Nnim Mu

“PAPA a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” So wuhu sɛ eyi te saa wɔ wo fam? Ma wo bo ntɔ wo yam na hu sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ ɔhaw a ɛte saa ara; nanso na ɔyɛ ɔbarima a ɔda nsow wɔ Kristofo nokwaredi mu. So eyi nyɛ abirabɔ? Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Rome no mu no, ɔkaa ɔhaw no ho asɛm sɛ: “Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnde ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.” Bɔne bɛn na na ɔreka ho asɛm, na ɔkwan bɛn so na odii so ma ɔbɛyɛɛ ɔbarima nokwaredifo?—Romafo 7:19, 20.

Ná Paulo adi kan akyerɛw wɔ ne krataa no mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Ná “onipa biako” no ne Adam. (Romafo 5:12, 14) Adam bɔne—bɔne a onipa a odi kan, Adam, yɛe no—na ɛde adesamma abusua no aba sintɔ mu, na ɛno ne ade titiriw nti a nokware a yebedi yɛ den ankasa no.

Adwene a na Paulo kura wɔ “bɔne a edi kan,” sɛnea na wɔfrɛ no, ho no yɛ nea nnipa pii nnye ntom nnɛ esiane sɛ Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa adebɔ ho no yɛ ade a adannandi nkyerɛkyerɛ ama wɔapo wɔ nyamekyerɛ mu. “Nhomanimfo adan asɛm no nyinaa ato nkyɛn,” saa na nnɛyi nkyerɛkyerɛmu bi a ɛfa Romafo 5:12-14 ho no ka ho asɛm. Nanso mfe ɔha a atwam no, Bible mu nkyerɛkyerɛmu ahorow kaa no mpɛn pii sɛ “bere a Adam yɛɛ bɔne no, . . . ɔde saa bɔne no ne nea efi mu bae no guu n’asefo nyinaa ho fĩ.”a

Nea Ɛyɛe a Nokwaredi Yerae

Sɛnea nnipa pii nnye nni nnɛ sɛ Adam, onipa a odi kan no, traa ase no, saa ara na wobu Satan Ɔbonsam sɛ anansesɛm mu nipa bi kɛkɛ.b Nanso, onipa titiriw, Yesu Kristo, ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ saa nipa yi ‘annyina nokware so,’ ɔkwan foforo so no, wankɔ so anni nokware. (Yohane 8:44) Na Satan na onunuu Adam ne ne yere, Hawa, ma wɔtew atua tiaa Yehowa na wɔanni nokware wɔ sɔhwɛ mu.—Genesis 3:1-19.

Esiane sɛ yɛn nyinaa fi Adam mu nti, yɛn nyinaa anya bɔneyɛ su. Onyansafo Salomo kae sɛ: “Onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnkafo 7:20) Nanso, onipa biara betumi ayɛ ma wɔagye no adi. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye? Efisɛ ɛnsɛ sɛ obi yɛ pɛ ansa na wadi nokware.

Nokwaredi Nnyinaso

Ɔhene Dawid a ofi Israel no dii mfomso pii, a nea ɛka ho ne aware a ɔne Bat-Seba sɛee no a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ a edi mũ no. (2 Samuel 11:1-27) Mfomso pii a Dawid dii no sii so dua sɛ na ɔnyɛ pɛ koraa. Nanso, dɛn na Yehowa hui wɔ ɔbarima no mu? Bere a Yehowa rekasa akyerɛ Dawid babarima, Salomo, no, ɔkae sɛ: ‘Nantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee no, koma mu pɛyɛ ne tẽe mu.’ (1 Ahene 9:4) Dawid mfomso bebrebe no nyinaa akyi no, Yehowa buu no nokwaredifo. Dɛn ntia?

Dawid maa mmuae no bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ Salomo no: “Awurade [Yehowa, NW] pɛɛpɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu.” (1 Beresosɛm 28:9) Dawid dii mfomso, nanso na odwo, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ. Ogyee animka ne nteɛso toom mpɛn pii—nokwarem no, ɔsrɛe mpo. Ɔsrɛe sɛ: “Awurade [Yehowa, NW], hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.” (Dwom 26:2) Na wɔnanee Dawid nso. Sɛ nhwɛso no, ɔhaw a efi ɔne Bat-Seba bɔne mu bae no traa hɔ kosii ne wuda. Nanso, Dawid anyi ne ho ano wɔ ne bɔne no ho da. (2 Samuel 12:1-12) Nea ehia sen saa no, wantwe ne ho amfi nokware som ho da. Esiane eyi, ne afei Dawid komam ahonu a edi mu nti, na Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde ne bɔne befiri no na wagye no atom sɛ ɔbarima a odi nokware.—Hwɛ Dwom 51 nso.

Nokware a Wotumi Di Wɔ Sɔhwɛ Mu

Satan Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wagyae ne nokwaredi. Ná ɛsɛ sɛ odi nokware wɔ ɔhaw ne amanehunu nyinaa mu ma ɛne Adam a wɔsɔɔ ne setieyɛ sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no hwɛe denam Onyankopɔn mmara a wɔkyerɛɛ no sɛ onni so ara kwa so bɔ abira. Bio nso, na Yesu wɔ dadwen a ɛne nim a na onim sɛ ne nokwaredi so na adesamma abusua no gye gyina.—Hebrifo 5:8, 9.

Satan a na wasi ne bo sɛ ɔbɛma Yesu agyae ne nokwaredi no kɔɔ ne nkyɛn bere a na Yesu ayɛ mmerɛw sen biara—bere a na ɔde nnafua 40 adwennwen nsɛm ho na wadi mmuada wɔ sare so no. Mprɛnsa na ɔsɔɔ Yesu hwɛe—sɛ́ ɔnnan abo aboodoo; onhuruw mfi asɔrefie atifi, a adwene a na ɛwɔ akyi ne sɛ abɔfo bɛba abegye no na ɛno ayɛ anwonwakwan so sɛnkyerɛnne sɛ ɔne Mesia no; ne sɛ ɔnyɛ “ɔsom mu adeyɛ” biako pɛ mma Satan mfa nnye wiase yi ahenni tumi nyinaa. Nanso Yesu poo sɔhwɛ no biara, na odii nokware maa Yehowa.—Mateo 4:1-11; Luka 4:1-13.

Hiob Nokwaredi No

Hiob gyinabea, nokware a odii wɔ sɔhwɛ mu no yɛ nea obiara nim. Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, na Hiob nte nea enti a ɔhaw no aba ne so no ase. Ná onnim sɛ Satan anya ne ho adwene a ɛnteɛ, ma waka sɛ pɛsɛmenkominya adwene na Hiob de som Nyankopɔn, na ɔkyerɛe sɛ nea ɛbɛyɛ na Hiob anya ne were no, obefi ne pɛ mu agyae ne nokwaredi. Onyankopɔn maa kwan maa Hiob hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo.—Hiob 1:6-12; 2:1-8.

Atoro nnamfo baasa baa asɛm no mu. Wɔboapa kyinkyim Onyankopɔn gyinapɛn ne n’atirimpɔw ahorow. Mpo Hiob yere, a na ɔno nso ntumi nte tebea no ase no anhyɛ ne kunu nkuran bere a na ohia mmoa kɛse no. (Hiob 2:9-13) Nanso Hiob gyinaa pintinn. “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu. Mekura me trenee mu dennen, na merennyaa mu; me koma remmu me fɔ me nna bi ho.”—Hiob 27:5, 6.

Hiob nhwɛso a ɛkyɛn so, ne nokware a mmarima ne mmea anokwafo foforo pii dii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no ama Satan ayɛ ɔtorofo.

Nokwaredi ne Kristofo Som Adwuma No

So nokwaredi yɛ su a Yehowa hwehwɛ esiane n’ankasa ahotɔ nti? Dabi. Nokwaredi so wɔ mfaso titiriw bi ma yɛn nnipa. Yɛn yiyedi nti na Yesu tuu yɛn fo sɛ ‘yɛnnɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa mu no.’ Nokwarem no, eyi ne “mmara no mu kɛse ne nea edi kan,” na egye ɔbarima, ɔbea, anaa abofra nokwaredifo na wɔatumi adi so. (Mateo 22:36-38) Dɛn na ɛhwehwɛ, na mfaso bɛn na ɛwom?

Nokwaredifo yɛ obi a ɛnyɛ sɛ ne yɔnko nipa nko, na mmom nea ehia titiriw no, Onyankopɔn nso betumi anya ne mu ahotoso. Ne koma a emu tew no da adi wɔ ne nnwuma mu; ɔnyɛ nyaatwom. Ɔnyɛ ɔdaadaafo anaa dwowtwafo. Ɔsomafo Paulo ka no saa kwan yi so: “Yɛapa aniwude a wohintaw so, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛde nokware adiyi yi yɛn ho kyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.”—2 Korintofo 4:2.

Hyɛ no nsow sɛ Paul bɔ su horow bi a ɛfa Kristofo som adwuma no ho din. Ɔkwan bɛn so na Kristoni somfo bi betumi asom afoforo bere a ne nsa ho ntew na onni nokware no? Irelandfo nkokorafie bi panyin a ogyaee adwuma nnansa yi ara no kyerɛkyerɛ asɛm no mu pefee. Sɛnea The Independent atesɛm krataa no kyerɛ no, ogye toom sɛ “ɔmaa kwan ma ɔsɔfo bi a ɔto mmofra mmonnaa kɔɔ so ne mmofra yɛɛ adwuma bere tenten wɔ bere a wohui sɛ ɔto mmofra mmonnaa akyi no.” Amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ bɛboro mfe 24 na ɔde too mmofra mmonnaa. Wɔde ɔsɔfo no too afiase mfe anan, nanso susuw amanehunu a ɔde baa mmofra a ɔtoo wɔn mmonnaa wɔ saa mfe no mu so esiane sɛ ne panyin no amfa nokwaredi ammɔ ne bra na wanyɛ ho biribi nti no ho!

Nokwaredi—Ɛso Mfaso Horow

Ná ɔsomafo Yohane yɛ ɔbarima kokodurufo. Esiane wɔn nnamyɛ a emu yɛ den no nti, Yesu frɛɛ ɔne ne nuabarima Yakobo “ɔprannaa mma.” (Marko 3:17) Sɛ́ ɔbarima a odi nokware kyɛn so no, Yohane a na Petro ka ne ho no kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Yudafo tumidifo no sɛ ‘ontumi gye sɛ ɔka’ nea wahu na wate bere a na ɔne Yesu nam no. Ná Yohane nso yɛ asomafo a wɔkaa nea edi so yi no mu biako: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 4:19, 20; 5:27-32.

Ɛte sɛ nea bere a na aka kakra ma Yohane adi mfe 100 no, wotwaa no asu kɔɔ Patmo supɔw so esiane “Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.” (Adiyisɛm 1:9) Baabi a na n’atifi adu no, anka obetumi asusuw sɛ ne som adwuma no aba awiei. Nanso ɔbarima a odi nokware te sɛ ɔno nkutoo na na wobetumi ama no dwumadi ma wakyerɛw anisoadehu a ɛkanyan adwene a ɛwɔ Adiyisɛm no. Wɔ eyi yɛ mu no, Yohane dii nokware. Hwɛ hokwan ara a na ɛyɛ ma no! Na na pii di akyiri reba. Ɛda adi sɛ, akyiri yi, ɔkyerɛw N’asɛmpa no ne nkrataa abiɛsa no wɔ beae bi a ɛbɛn Efeso. Hwɛ hokwan akɛse a ɛte saa a ɔde wiee ne mfe 70 a otumi de som nokwaredi mu no!

Sɛ́ obi bɛyɛ nokwaredifo wɔ biribiara mu no yɛ nea ɛde abotɔyam a emu dɔ ba. Sɛ́ wobɛyɛ nokwaredifo wɔ Onyankopɔn ani so no yɛ nea ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa ba. Ɛnnɛ, wɔresiesie nokware asomfo “nnipakuw kɛse” bi de wɔn akɔ wiase foforo a asomdwoe ne biakoyɛ wom, a daa nkwa ne wɔn anidaso no, mu. (Adiyisɛm 7:9) Ɛsɛ sɛ yekura nokwaredi mu wɔ nsɛntitiriw a ɛfa abrabɔ ne ɔsom ho mu, ɛmfa ho nneɛma nhyehyɛe yi mu sɔhwɛ ahorow ne nsɛnnennen pii a ebia Satan de bɛba yɛn so no. Nya awerɛhyem sɛ wɔ tumi a Yehowa de ma mu no, wubetumi adi nkonim!—Filipifo 4:13.

Bere a odwontofo Dawid reka nnɛ ne daakye nyinaa ho asɛm no, ɔma yɛn nyinaa awerɛhyem bere a ɔka eyi wɔ mpaebɔ mu de da Yehowa ase no: “Me de, wuso me mu ma migyina hɔ, me mũ a midi mu, na wode me gyina w’anim pintinn daa. Nhyira ne Awurade [Yehowa, NW] . . . Amen ne Amen.”—Dwom 41:12, 13.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ The New Testament of Our Lord and Saviour Jesus Christ, according to the Authorised Version, with a brief commentary by various authors no mu.

b Edin Satan no kyerɛ “Ɔsɔretiafo.” “Ɔbonsam” kyerɛ “Ɔnototofo.”

[Kratafa 4 mfonini]

Ɛmfa ho sɛ Dawid dii mfomso ahorow no, ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ obi a wobetumi agye no adi

[Kratafa 5 mfonini]

Yesu gyaw yɛn nokwaredi ho nhwɛso a ɛsen biara

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Gye a afoforo begye yɛn adi no de abotɔyam kɛse ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena