Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 7/1 kr. 8-12
  • Bu A Wobu Wɔn Trenee “Ma Nkwa“

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bu A Wobu Wɔn Trenee “Ma Nkwa“
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdom Nhyehyɛe A Efi Mmɔborohunu Mu
  • “Ahotefo” 144,000
  • Trenee A Wobu​—Ɔkwan Bɛn So Ne Dɛn Ntia?
  • Wɔde Wɔn Ayɛ Honhom Mu Mma
  • Asɔfo Ne Ahenni Adedifo
  • ’Wɔtwɛn Onyankopɔn Ma Ahoyi’
  • Trenee A Wobu Obi Sɛ Onyankopɔn Adamfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nya Yehowa Trenee Mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Romafo No Te Asɛmpa A Ɛsen Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wudi Trenee Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 7/1 kr. 8-12

Bu A Wobu Wɔn Trenee “Ma Nkwa“

Ɛnam bembu adeyɛ biako so no, nea aba . . .ne trenee wobu wɔn ma nkwa.”​—ROMAFO 5:18, New World Translation

1. Henanom na trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛma wɔanya nea wɔpɛ?

“NHYIRA ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.” (Mateo 5:6) Ɛnyɛ wɔn a “ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea” no nko na wobedi wɔn trenee ho kɔm a ɛte sɛɛ ho dwuma ama wɔn akosi ase na mmom wɔn a ‘wobenya asase no adi’ no nso ka ho. (Mateo 5:10; Dwom 37:29) Akuw abien no nyinaa wɔ anidaso a ɔsomafo Petro daa no adi bere a ɔkyerɛw eyi no: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Yiw, Yehowa Nyankopɔn ahyɛ ɔsoro trenee nniso foforo, “ɔsoro ahenni,” ne trenee “asase foforo,” anaa adesamma abusua a wɔte paradise asase so ho bɔ.

2. Abusuabɔ bɛn na ɛda Yehowa, trenee ne asomdwoe Nhyehyɛe Foforo a yɛn ani da so no ntam?

2 Nanso ɛsɛ sɛ yɛte trenee ɔsoro foforo ne trenee asase foforo no ase dɛn ankasa? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔsoro nniso foforo no ne adesamma a wɔwɔ asase so a edi wɔn so no gye Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho no tom. Yehowa ne “trenee trabea.” (Yeremia 50:7) Trenee ne ne tumidi, anaa ahengua ankasa wɔ amansan yi mu. (Hiob 37:23, 24; Dwom 89:14) Sɛ asomdwoe bɛba amansan yi mu a, ɛsɛ sɛ Yehowa abɔde gye hokwan a ɔwɔ sɛ ɔde gyinapɛn ahorow sisi hɔ wɔ nea ɛyɛ trenee ne nea ɛyɛ bɔne ho no tom. Ɛda adi sɛ trenee Nhyehyɛe Foforo ho anidaso a yɛwɔ no gyina kura a Yehowa kura ne gyinapɛn ahorow mu no so.​—Dwom 145:17.

3. Esiane Yehowa trenee a edi mũ no nti, asemmisa bɛn na ɛba yɛn adwene mu?

3 Enti asemmisa a ɛfa sɛnea Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron ne trenee no betumi ne abɔnefo a wɔnteɛ adi nkitaho ho no sɔre. (Fa toto Yesaia 59:2; Habakuk 1:13 ho.) Ɔkwan bɛn so na bere a ɔkɔ so kura ne trenee gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn mu no obetumi apaw wɔn a wobenya trenee nniso a ɛyɛ “ɔsoro foforo” no mu kyɛfa afi abɔnefo mu na wagye wɔn a wɔbɛyɛ trenee “asase foforo” no fã no atom sɛ ne nnamfo“.? Sɛ yebebua eyi a, ɛsɛ sɛ yɛte Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa bembu, anaa trenee a wobu obi ho no ase.

Ɔdom Nhyehyɛe A Efi Mmɔborohunu Mu

4. Dɛn nti na adesamma a wɔahwe ase no de Onyankopɔn ka kɛse, na dɛn nti na yɛn ankasa rentumi nne yɛn ho wɔ ka yi mu?

4 Wɔ kyerɛwsɛm mu no, wɔde bɔne toto ka ho. (Hwɛ Mateo 6:12, 14; 18:21-35; Luka 11:4.) Nnipa nyinaa yɛ abɔnefo ma enti wɔde ka kɛse wɔ Onyankopɔn anim. “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Esiane sɛ wɔn nana Adam ‘atɔn wɔn ahyɛ bɔne ase’ nti, n’asefo rentumi nyɛ biribiara mfa nne wɔn ho wɔ ka kɛse yi mu. (Romafo 7:14) Wu a ɔkafoni no bewu nkutoo na ebetumi ama apopa, “efisɛ nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.” (Romafo 6:7) Adwuma pa biara nni hɔ a ɔdebɔneyɛfo bɛyɛ wɔ ne nkwa nna mu a ebetumi ama wasan anya nea Adam ma ɛyerae no, na saa ara na ɛrentumi mma onnya trenee gyinapɛn wɔ Onyankopɔn anim.​—Dwom 49;7, 9; Romafo 3:20.

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa adesamma abɔnefo nyaa ahotɔ bere a na ɔda so ara kura n’atɛntrenee a edi mũ no mu‘.’

5 Ɔkwan bɛn so na na Yehowa betumi ama adesamma a wɔahwe ase no anya ahotɔ bere a ommu n’ani ngu n’ankasa trenee gyinapɛn ahorow so? Mmuae no si Yehowa nyansa ne ne dom a ɛnsɛ no so dua. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ eyi mu fɛfɛɛfɛ wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu. ɔkyerɛw sɛ: “Wɔde ne dom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn [abɔnefo] bem kwa. Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, ne mogya mu, na wɔafa gyidi so agye no, na ɔde akyerɛ ne trenee, nnebɔne a wɔayɛ kan no twa a wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti, na ɔde akyerɛ ne trenee no ɛbere yi mu, na ɔno ankasa ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi.”​—Romafo 3:24-26.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristo afɔrebɔ no dii Yehowa atɛntrenee gyinapɛn ahorow no ho dwuma, na enti dɛn na ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ ɔbɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn betumi de trenee adom obi a ɔwɔ gyidi?

6 Yehowa nam n’ayamye a ɛnsɛ no so gyee Yesu afɔrebɔ no toom maa’Adam asefo. (1 Petro 2:24) Ná ɛyɛ afɔrebɔ anaasɛ nwensa a ɛfata a Yesu a ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no de tɔɔ nea Adam a ɔyɛ pɛ no ma ɛyerae no. (Hwɛ Exodus 21:23; 1 Timoteo 2:6) Bere a wama atɛntrenee adi dwuma no, Yehowa fi ɔdɔ mu wɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛpopa’ bɔne a ɛda “onipa a ɔwɔ Yesu mu gyidi” so no. (Yesaia 44:22; Asomafo no Nnwuma 3:19) Sɛ onipa a ɔte sɛɛ kɔ so ara di nokware a, ɛnyɛ bu nko na Yehowa ‘mmu ne mfomso ngu ne so’ na mmom ɔde trenee nso dom no. (2 Korintofo 5:19) Ɛdenam ɔdom nhyehyɛe a efi mmɔborohunu mu yi so no. ‘nnipa bebree abɛyɛ atreneefo.’ (Romafo 5:19) Eyi yɛ bembu no fã biako, Onyankopɔn adeyɛ a ɔnam so bu obi sɛ ne ho nni asɛm. (Asomafo no Nnwuma 13:38, 39) Henanom ne wɔn a wɔabu wɔn bem, anaasɛ wɔabu wɔn trenee wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no?

“Ahotefo” 144,000

7. Ɔkwan bɛn so na wobuu Kristo trenee, na enti dɛn na etumi yɛɛ yiye?

7 Sɛnea ɛte no, na ɛho nhia sɛ wɔde trenee bɛdom Kristo, efisɛ na ɔyɛ ɔtreneeni ankasa. (1 Petro 3:18) Esiane sɛ odii nokware kosii owu mu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ (“Adam a odi akyiri”) na ɔde nkwa hokwan a ɔwɔ wɔ asase so no bɔɔ afɔre nti, Yesu n’Agya, Yehowa, nyanee no. “Wobuu” Yesu “bem honhom mu,” kyerɛ sɛ, wobuu no trenee kosii ase a na ɛyɛ nea ɛfata no, na wonyanee no sɛ “honhom a ɔma nkwa.” (1 Korintofo 15:45; 1 Timoteo 3:16) Ɛdenam n’afɔrebɔ wu no so no, ɔmaa Yehowa nyaa nea obegyina so de trenee adom mmarima ne mmea. gyidifo.​—Romafo 10:4.

8, 9. (a) Henanom na wodi kan nya mu mfaso denam trenee a wɔde dom wɔn no so, na dɛn ntia? (b) Henanom na wɔbom yɛ “ɔsoro foforo” no, na wobedi tumi wɔ dɛn so?

8 Ntease mu no, wɔn a Yehowa paw wɔn ma wɔkɔyɛ trenee “ɔsoro foforo,” anaa Ahenni no sodifo wɔ Ɔhene Yesu Kristo ase no ne wɔn a wobedi kan anya nhyehyɛe a efi ɔdɔ mu yi mu mfaso kɛse wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Daniel nhoma no da nea ɛkɔɔ so wɔ soro no adi a emu na wɔde “tumi ne anuonyam ne Ahenni” maa Kristo, onipa Ba no na ama ‘aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow [a ɛwɔ asase so] nyinaa asom no.’ Afei Daniel kyerɛ nso sɛ wɔde “ahenni ne tumi” ma “Ɔsorosoroni,” Yehowa, “no akronkronfo.”​—Daniel 7:13, 14, 18, 27; fa toto Adiyisɛm 5: 8-10 ho.

9 Wɔada “ahotefo” a wɔapaw wɔn a wɔne Oguammaa Yesu Kristo bedi hene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so no dodow adi sɛ wɔyɛ 144,000 “a wɔatɔ wɔn afi asase so.” (Adiyisɛm 14:1-5) Eyinom ne Kristo na wɔbom yɛ Yehowa nneɛma nhyehyɛe foforo no trenee “ɔsoro foforo” no.

Trenee A Wobu​—Ɔkwan Bɛn So Ne Dɛn Ntia?

10. (a) Bible mu nhoma bɛn na ɛka bembu ho asɛm kɛse, na wɔkyerɛw kɔmaa henanom? (b) Henanom na Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa bembu ho no fa wɔn ho titiriw?

10 Akyinnye biara nni ho sɛ Bible mu nhoma a ɛka nnipa a Onyankopɔn bu wɔn trenee no ho asɛm kɛse ne Paulo krataa a ɔde kɔmaa Romafo no. Nea ɛyɛ anigye no, ɔde kɔmaa wɔn a “wɔafrɛ’ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no.” (Romafo 1:1,7) Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛfa “bembu,” anaasɛ trenee a wobu obi ho sɛnea Paulo daa no adi no di dwuma wɔ “ahotefo” 144,000 no ho no mu.

11. Abusuabɔ bɛn na gyidi, nwuma, ne bembu wɔ?

11 Ntease a ɛwɔ Paulo asɛm a ɛwɔ Romafo no mu ne sɛ Yudani anaa Amanaman Muni biara nni hɔ a obetumi anya trenee gyinapɛn wɔ Onyankopɔn anim denam nnwuma so, sɛ́ eyi yɛ nea ɔyɛ ma ɛne Mose Mmara no hyia anaasɛ nea efi nkate mu abrabɔ ho mmara bi mu ara kwa. (Romafo 2:14, 15; 3:9, 10, 19, 20) Kristo ogye afɔre no nkutoo so na wobetumi agyina abu Yudani ne Amanaman Muni trenee. (Romafo 3:22-24, 29, 30) Nanso afotu a ɛwɔ atiri a etwa to wɔ Romafo nhoma no mu (12-15) no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnwuma pa ka gyidi a ɛte sɛɛ ho, sɛnea Yakobo nso kyerɛkyerɛ mu no. (Yakobo 2:14-17) Nnwuma a ɛte sɛɛ da no adi sɛ Kristoni a wɔabu no bem no wɔ gyidi a ɛne nea edi kan a wɔhwehwɛ na ama Onyankopɔn abu obi bem no.

12, 13. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobu “ahotefo” 144,000 no trenee? (b) Dɛn na wɔde nkwa hokwan a wonya no yɛ?

12 Nanso dɛn titiriw nti na ɛho hia sɛ wobu Kristofo a “wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo” no trenee? Ɛha na bembu no fã a etia abien no ho asɛm ba a ɛne bu a Onyankopɔn bu obi sɛ ɔfata nkwa sɛ Ne ba ɔdesani a ɔyɛ pɛ. Esiane dwuma a wɔto nsa frɛ wɔn ma wokodi wɔ trenee “ɔsoro foforo” no mu nti, ɛsɛ sɛ 144,000 no pow daa nkwa wɔ asase so ho anidaso biara na wɔde bɔ afɔre koraa. (Dwom 37:29; 115:16) Wɔ eyi mu no wowu afɔrebɔ wu. Wɔde ‘wɔn ho ma owu a ɛte sɛ Kristo de no.’​—Filipifo 3:8-11.

13 Afei, nea ɛne nnyinasosɛm a wɔde sii hɔ wɔ Mose Mmara no mu hyia no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde biara a wɔde ma Yehowa no yɛ nea dɛm biara nni ho. (Leviticus 22:21; Deuteronomium 15:21) Wɔka “ahotefo” 144,000 no ho asɛm sɛ “atreneefo a wɔayɛ pɛ.”​—Hebrifo 12:23.

Wɔde Wɔn Ayɛ Honhom Mu Mma

14, 15. (a) Nsakrae a ɛfa bɔne ho bɛn na 144,000 no kɔ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wonyan wɔn ba “nkwa foforo mu”?

14 Bere a wɔda so ara te ase wɔ honam mu no, “atreneefo” yi wu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn a yewu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛda so atra ase wɔ mu? Anaasɛ munnim sɛ yɛn mu dodow a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu? Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛndua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio; efisɛ nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.-Romafo 6:2-7.

15 Bere a wɔda so wɔ ɔdesani nkwa no, “ahotefo” 144,000 a wɔn mu nkaefo kakraa bi na wɔda so ara wɔ asase so wɔ awiei bere yi mu no ‘wu ma bɔne.’ Wɔ wɔn a “wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo” no sɛnkyerɛnne kwan so wu no akyi no, wonyan wɔn ba “nkwa foforo mu.” Esiane sɛ wɔabu wɔn trenee nti, Yehowa nam ne honhom no so betumi awo wɔn ma wɔabɛyɛ ne honhom mu “mma.” ‘Wɔwo wɔn foforo’ na wɔde wɔn yɛ “Onyankopɔn mma.” (Yohane 3:3; Romafo 8:9-16)a Wɔba bɛyɛ honhom mu Israelfo na wɔde wɔn ba apam foforo no mu.​—Yeremia 31:31-34; Luka. 22:20; Romafo 9:6.

Asɔfo Ne Ahenni Adedifo

16. Adedifo bɛn na “ahotefo” 144,000 no ba bɛyɛ?

16 Sɛ́ nnipa a Onyankopɔn de wɔn ayɛ honhom mu “mma” no, “ahotefo” 144,000 no ba bɛyɛ ‘adedifo’ nso. (Galatifo 4:5-7) Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no sɛ: “Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa ‘na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.” (Romafo 8:17) Ade bɛn na Kristo di? Yehowa ayɛ no ɔhene ne Ɔsɔfo, “Melkisedek akwan so daa.” (Hebrifo 6:19, 20; 7:1) Sɛ́ Kristo “yɔnkodifo” no, Yehowa sra Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no nso sɛ honhom mu asɔfo. (2 Korintofo 1:21; 1 Petro 2:9) Bio nso, atirimpɔw titiriw biako nti a Yehowa bu wɔn trenee ne sɛ akyiri yi ‘wɔnam obiakofo no, Yesu Kristo, so bedi ahene.’-Romafo 5:17.

17. (a) Ɛwom sɛ wɔabu wɔn trenee de, nanso dɛn na ɛho hia sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ da biara? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn nsa ka wɔn akatua?

17 Ɛwom sɛ wobu Kristofo a wɔasra wɔn yi trenee bere a wɔda so wɔ asase so no de, nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara ko tia wɔn bɔne su ahorow. (Romafo 7:15-20) Wohia Kristo mogya no na wɔde atew wɔn ho wɔ wɔn da biara bɔne a wɔyɛ wɔ sintɔ mu no mu. (1 Yohane 1:7; 2:1, 2) Bere a wɔadi nokware akosi wɔn asase so asetra awiei no, wowu ankasa na wonyan wɔn kɔ “apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu” sɛ trenee “ɔsoro foforo” no fã.​—1 Petro 1:3, 4; 2 Petro 3:13.

’Wɔtwɛn Onyankopɔn Ma Ahoyi’

18, 19. (a) Dɛn na adesamma “abɔde” no retwɛn? (b) ɔkwan bɛn so na ‘wobeyi’ “Onyankopɔn mma” no ‘adi,’ na dɛn nti na,adesamma “abɔde” no de anigyina retwɛn eyi?

18 Ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa ka wɔn​—a wɔdɔɔso kɛse sen ‘Onyankopɔn honhom mu mma’ 144,000​—-a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so no? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ eyinom ho sɛ: “Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase . . . anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”​—Romafo 8:19-21.

19 Saa adesamma “abɔde” a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so yi de ‘anigyina retwɛn’ bere a abɛn mprempren a ‘wobeyi’ ohene Yesu Kristo ne “Onyankopɔn mma” a wɔanyan wɔn no ‘adi’ ma wɔabɛsɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi na ɛno akyi wɔadi tumi sɛ ahene ne asɔfo “mfirihyia apem no.” (Adiyisɛm 20:4, 6) Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, adesamma “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu.”

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Sɛnea awiei koraa no nnipa a wɔte trenee “asase foforo” no so no bedu “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu” ne sɛnea Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa bembu ho no ka wɔn mprempren no yɛ nea yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya “awo foforo” ho nsɛm a emu dɔ no, yɛsrɛ wo hwɛ March 1, 1982 Ɔwɛn Aban no nkratafa 7-16.

Ɛdefa Bu A Onyankopɔn Bu Trenee Ho No​—Nnipa

◻ Dɛn na Bible no kyerɛ bere a ɛka trenee ɔsoro foforo ne trenee asase foforo ho asɛm no?

◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔma adesamma ne Yehowa ntam teɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na wodii Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛfa trenee ho no ho dwuma?

◻ Dɛn nti na 144,000 no ne wɔn a wodi kan bu wɔn trenee, na dɛn na wɔde nkwa hokwan a wanya no yɛ?

◻ Adedifo bɛn na 144,000 no ne Kristo ba bɛyɛ?

[Kratafa 11 adaka]

Bembu, Anaa Trenee A Wobu No Wɔ Afã Horow Abien:

(1) Bu a Onyankopɔn bu onipa no sɛ ne ho nni asɛm

(2) Bu a Onyankopɔn bu onipa no sɛ ɔyɛ pɛ na ɔfata daa nkwa wɔ asase so

Wobu Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no trenee wɔn abien nyinaa mu. Wɔde wɔn desani nkwa hokwan no bɔ afɔre na wɔwo wɔn sɛ honhom mu “mma” a wɔfrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo mmɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ “ɔsoro foforo” no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena