Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 2/8 kr. 14-16
  • Sɛnea Wobɛma Nsɛmmɔnedi Agyae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛma Nsɛmmɔnedi Agyae
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nhyehyɛe Ma Adetreneeyɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Di Yehowa Akyi na Nya Ahofadi Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛmmɔnedi A Wɔfa Mmara So Yi Fi Hɔ—So Ebetumi Ayɛ Yiye?
    Nyan!—1980
  • Sɛ Yɛpɛ Nkwa Ne Asomdwoe a, Momma Yɛnnantew Honhom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Nyan!—1980
g80 2/8 kr. 14-16

Sɛnea Wobɛma Nsɛmmɔnedi Agyae

Ɔhaw No Ase Ankasa A Yɛbɛkɔ

ƐDA ADI pefee sɛ nsɛmmɔnedi a wobeyi afi hɔ no hwehwɛ sɛ woyi bɔne fi hɔ​—bɔne ho nkae biara a ɛwɔ yɛn nkorɛnkorɛ mu a wɔbɛpopa ne nyinaa afi hɔ. Mmara no rentumi nyɛ adwuma wɔ ɔkwan a wɔhwehwɛ so, sɛ nnipa, sɛ́ ankorankoro no anni ne nnyinasosɛm so a. Saa ara nso na ɛte sɛ, sɛ woyi bɔne fi hɔ a, ɔdɔ ne nnyinasosɛm a ɛteɛ​—mmara no nhyɛase titiriw no​—bɛyɛ nea wobefi koma no nkanyan mu adi akyi. Ɛnde na ɛho nhia sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara bi a ɛbara nneɛma bɔne bi na ɛkyerɛ asotwe horow bi.

Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu no: “Mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofo ne asowuifo, wɔn a wɔmfɛre Nyankopɔn ne nnebɔneyɛfo.” (1 Tim. 1:9) Ɔtreneeni a wade ne ho afi akɔnnɔ ne nsusuwii bɔne ho no fi “awosu” mu bɛyɛ nea ɛteɛ.

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayi saa nokwasɛm yi adi akyerɛ yɛn, na wɔama yɛahu nea ehia yɛn no nti na Onyankopɔn de Mmara no maa Israel, na ɛno nti na wɔatintim ama yɛn nnɛ, a yɛn nyinaa tumi kenkan no. Esiane sɛ yegye tom sɛ yɛwɔ tebea a enye mu nti, yebetumi afi saa tebea yi mu ahwehwɛ Onyankopɔn trenee kwan no. Onyankopɔn nkutoo a ɔyɛ Amansan Hene no na obetumi abɔ ɔkwan bi ama yɛn. Wayɛ saa, na ɔkwan no nso mu da hɔ pefee.

Onyankopɔn Nhyehyɛe Ma Adetreneeyɛ

Bible no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn nhyehyɛe no mu. Adesamma nyinaa nsa betumi aka. Esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo, na yɛanya pɛ a yɛnyɛ afi yɛn tete agyanom no hɔ, afi ɔbɔnefo Adam mu nti, yenni tumi biara. Mmara biara nni hɔ a ebetumi agye yɛn nkwa. Ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so agye yɛn no bɛyɛ nea ɛnam obi a ɔnyɛɛ bɔne no so a ɔde yɛn bɔne ho asotwe no bɛto n’ankasa ho so. Eyi ne nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɛno nti ɛma ɔsomaa ne Ba no baa asase so sɛ ɔtreneeni a ɔyɛ pɛ. Yɛkenkan sɛ: “Na nea mmara no antumi anyɛ, sɛ ɔhonam ma ɛyɛɛ mmerɛw no, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu.”​—Rom. 8:3.

Asomafo Paulo ne Petro ma saa nokwasɛm yi mu da hɔ pefee ma yɛn bere a wɔn mu biara kyerɛw sɛ: “Efisɛ nea [Kristo] onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee ɔno mu.” Ne afei nso, “[Kristo] ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so, sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntra ase mma trenee.”​—2 Kor. 5:21; 1 Pet. 2:24.

Sɛ yɛpene Onyankopɔn nhyehyɛe no so mpo denam gyidi a yenya wɔ saa nhyehyɛe a ɛnam Kristo mu yi so a, yennguan mfi yɛn pɛ a yɛnyɛ wɔ ɔhonam mu no mu saa bere yi, na mmom yenya ahonim pa anaa gyinabea pa Onyankopɔn anim. Ɛno na afei, “sɛ obi yɛ bɔne a yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yoh. 2:1, 2) Enti nnipa nyinaa wɔ hokwan, sɛ wopɛ a, sɛ́ wɔkyerɛ gyidi wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe ne bɔhyɛ horow no mu.

Bere a wayɛ eyi no ɛsɛ sɛ nea ɔwɔ gyidi no tra ase wɔ ɔkwan a eye a obetumi so ma ɛne nnyinasosɛm a ɛteɛ a wɔde asisi hɔ wɔ Bible no mu no ahyia. Wɔakyerɛkyerɛ saa nnyinasosɛm yi mu titiriw wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam foforo no mu. Sɛ ɔyɛ bɔne a ne nsa betumi aka bɔne fafiri denam adwensakra so wɔ mpae a ɔbɛbɔ a egyina Kristo mpata afɔrebɔ no so no so. (Fa to Dwom 51:1-7 ho.) Ɛno na afei ɔbɔ mmɔden yɛ nea obetumi nyinaa na ɔde akwati saa bɔne yi a ɔbɛyɛ bio no. Nanso Onyankopɔn mfa mmara bi so mmu no fɔ, enti Kristofo nyinaa ade wɔn ho afi Mose mmara no ho. (Gal. 5:18) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn de ne honhom no ma yɛn na aboa yɛn. Ɔkaa ne som adwuma no ho asɛm sɛ, “ɛnyɛ nkyerɛwee de, na mmom honhom de; efisɛ nkyerɛwee de, kum, na honhom de, ɛma nkwa.”​—2 Kor. 3:6.

Nanso sɛ wɔn a wɔkyerɛ gyidi wɔ Kristo mu na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi ne nhwɛso no akyi no yɛ bɔne a, ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na wiase a mmara nni mu atra hɔ? Efisɛ Kristofo rehwɛ bere a wɔbɛma wɔayɛ pɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no kwan, saa bere no na wobegye wɔn afi bɔne ho nkekae biara a ɛwɔ wɔn mu no mu. Enti Kristofo bɔ mpae fa trenee wiase a mmara nni mu no ho sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, ma wo din ho ntew. Ma w’ahenni mmra. Ma wɔnyɛ wo pɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:9, 10, NW) Onyankopɔn pɛ a wɔyɛ wɔ asase so te sɛ nea wɔyɛ wɔ ɔsoro no kyerɛ pɛyɛ a edi mu wɔ yɛn kyinsoromma yi so, sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim fi mfiase bere a ɔbɔɔ adesamma no. (Gen. 1:26-28) Ɔbɛma tebea a ɛte sɛɛ a wɔahyɛ ho bɔ no aba denam wɔn a wɔyɛ mmaratofo no a wɔbɛpopa wɔn nyinaa afi asase so no so. (Dw. 37:34) Onyankopɔn kyerɛkyerɛ sɛnea tebea no bɛyɛ wɔ asase so wɔ n’ahenni no ase no mu wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 sɛ: “Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”

Ɛno na afei bere a nnipa yi ɔdɔ adi kyerɛ Onyankopɔn, na wɔdɔ wɔn ho wɔn ho na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma a ɛde papa bɛba na ɛnyɛ nea ebepira obi no, ɛnde na mmara apam bi ho renhia. Ɔkwan bɛn na eyi bɛfa so aba? Efisɛ Onyankopɔn honhom no bedi so, na ebefi nnipa komam akyerɛkyerɛ wɔn kwan, na ɛremfi mmara apam a wɔakyerɛw mu. Bible no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn honhom no nkɛntɛnso yi mu sɛ: “Na honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, adwo, ahosodi. Mmara bi nngu eyinom.” (Gal. 5:22, 23, NW) Mmara horow bi a ebedi saa su horow yi so ho nhia. Bible no kyerɛkyerɛ tebea yi mu sɛ ɛyɛ nea ɛhyɛ Kristofo “ahofadi mmara” no ase. (Yak. 1:25) Onyankopɔn bɛkyerɛw saa mmara yi wɔ wɔn komam. (Heb. 8:10; 10:16) Sɛ saa honhom no aba yi dɔɔso pii a, eyi tumi kanyan asomdwoe nso pii. Eyi ne ahofadi a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔnam gyidi so bɛyɛ ne mma no bɔ.​—Rom. 8:21.

[Kratafa 15 mfoni]

“Sɛ abɔde no ankasa nso [nam gyidi so] bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”​—Rom. 8:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena