-
“Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan NoƆwɛn-Aban—1985 | February 1
-
-
17 Paulo kamfo kyerɛe wɔ Awurade Anwummeduan no ho sɛ: “Nea edi kan no, ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ nhu sɛ ɔfata, na ɔmfa so nni abodoo no bi na ɔnnom kuruwa no mu bi.” (1 Korintofo 11:28, 29) So wohyɛɛ no nsow sɛ Paulo se wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ ‘wofata bere a woasɔ wo ho ahwɛ’ no? Ɛwom, ɛnyɛ mfomso sɛ wo ne Kristoni a ne ho akokwaw besusuw aniberesɛm a ɛte sɛɛ ho, nanso wo nkutoo na ɛsɛ sɛ wokyerɛ sɛnea wo ne Yehowa ne ne Ba no ntam abusuabɔ te. Onyankopɔn mma 144,000 no mu biara adwenem nyɛ no naa wɔ ɛno ho. Wosi so dua kyerɛ yɛn sɛ: “Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” Ɛyɛ Onyankopɔn honhom no na ɛma Kristo nipadua no muni biara gye di wɔ ne komam sɛ ɔyɛ Onyankopɔn honhom mu mma no mu biako. Nea wɔapaw no no nim eyi a ɛho nhia sɛ obebisa ɔfoforo wɔ asafo no mu ma wasi so dua ama no.—Romafo 8:15, 16.
-
-
“Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan NoƆwɛn-Aban—1985 | February 1
-
-
19. Obi ho mu a ɔbɛhwehwɛ bɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa wom ma afoforofo a wɔkyerɛ sɛ wɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho no?
19 Bere a nea yɛasusuw ho no wɔ yɛn adwene mu no, yɛka kyerɛ wɔn a nnansa yi ara na wɔde wɔn ho abɔ Yehowa nkurɔfo ho a ebia wɔakyerɛ sɛ wɔyɛ kuw a wɔasra wɔn no mufo bi nyinaa sɛ: Hwehwɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu yiye. Bisa wo ho sɛ, So ebia ɔsoro anidaso a mekyerɛ sɛ mewɔ no fi asɔre nkyerɛkyerɛ bi a na kan mikura mu sɛ, asɔre no mufo nyinaa bɛkɔ soro no mu? So m’anidaso no yɛ nea ɔkwan bi so efi ɔpɛ anaa nkate horow bi a pɛsɛmenkominya wom? Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn ntumi nni . . . atoro.” (Hebrifo 6:18) Na saa ara na abagye honhom kronkron no ntumi nni atoro. Enti, obiara a Onyankopɔn honhom awo no ankasa no adwenem nkɔ so nyɛ no naa na mmom otumi di adanse wɔ ahonim pa nyinaa mu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn mma no mu biako.
-