Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Obiara Benya Ahofadi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
    • “Onyankopɔn Mma Ahoyi”

      Yehowa de abɔde hyɛɛ ade hunu ase a ‘anidaso wɔ hɔ’ sɛ da bi, wɔbɛsan ama adesamma abusua anya ahofadi denam “Onyankopɔn mma” no dwumadi so. Henanom ne saa “Onyankopɔn mma” yi? Wɔne Yesu Kristo asuafo a te sɛ ‘adesamma abɔde’ a aka no, wɔwoo wɔn wɔ bɔne ne sintɔ nkoayɛ mu no. Wɔ awo mu no, wonni gyinabea pa bi wɔ Onyankopɔn amansan abusua a ɛho tew na ɛyɛ pɛ no mu. Nanso Yehowa yɛ biribi nwonwaso bi ma wɔn. Ɛdenam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so no, Oyi wɔn fi bɔne a wonya fii awo mu no nkoasom mu, na obu wɔn sɛ “treneefo,” anaasɛ wɔn a wɔn ho tew wɔ honhom fam. (1 Korintofo 6:11) Afei ogye wɔn sɛ “Onyankopɔn mma,” na ɔde wɔn ba n’amansan abusua no mu bio.—Romafo 8:14-17.

      Sɛ́ Yehowa mma a wagye wɔn no, wobenya hokwan a anuonyam wom. Wɔbɛyɛ ‘wɔn asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wɔne’ Yesu Kristo ‘bedi asase so ahene’ sɛ Onyankopɔn soro Ahenni, anaa nniso no mufo. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-4) Eyi yɛ nniso a egyina ahofadi ne atɛntrenee nnyinasosɛm so—ɛnyɛ atirimɔden ne nhyɛso ntraso so. (Yesaia 9:6, 7; 61:1-4) Ɔsomafo Paulo ka sɛ saa Onyankopɔn mma yi yɛ Yesu ahokafo, ‘Abraham asefo’ a wɔhyɛɛ wɔn ho bɔ bere tenten no. (Galatifo 3:16, 26, 29) Enti, wodi dwuma titiriw wɔ bɔhyɛ a Onyankopɔn de maa n’adamfo Abraham no mmamu mu. Saa bɔhyɛ no fã bi ne sɛ ɛdenam Abraham aseni bi so no, “wobehyira asase so amanaman nyinaa.”—Genesis 22:18.

  • Obiara Benya Ahofadi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
    • Bere bɛn na “Onyankopɔn mma ahoyi” no fi ase? Mprempren ara, bere a Yehowa da wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn mma no adi kyerɛ obiara no. Eyi bɛyɛ bere a wobenyan saa “mma” yi akɔ honhom mu atrae, na wɔaka Yesu Kristo ho ma wɔayi bɔne ne nhyɛso afi asase so wɔ Onyankopɔn ko a ɛne Harmageddon mu no. (Daniel 2:44; 7:13, 14, 27; Adiyisɛm 2:26, 27; 16:16; 17:14; 19:11-21) Yehu adanse pii a atwa yɛn ho ahyia a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri,” bere a atuatew, ne amumɔyɛ a ɛde aba ho koma a Onyankopɔn anya bere tenten bɛba awiei, no mu pɛɛ.—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-31.

  • Obiara Benya Ahofadi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
    • Bere a ‘woretwɛn Onyankopɔn mma ahoyi’ no, wubetumi anya ahotoso a ɔsomafo Paulo nyae wɔ Kristo hwɛ ne ne mmoa a ahobammɔ wom mu no bi, sɛ mpo amanehunu ne ntɛnkyea a worehyia no te sɛ nea wuntumi nnyina ano a. Bere a Paulo kaa Onyankopɔn mma ahoyi ho asɛm wiei no, obisae sɛ: “Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante?” (Romafo 8:35) Nokwarem no, sɛ yɛde Rousseau nsɛm no bedi dwuma a, na Paulo bere so Kristofo no da so ara “wɔ” nhyɛso ahorow “mpokyerɛ mu.” Ná “wokum” wɔn “da nyinaa” te sɛ “nguanten a wɔrebekum wɔn.” (Romafo 8:36) So wɔmaa eyi buu wɔn abam?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena