Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 9/15 kr. 15-20
  • ‘Anigyina’ A Yɛde Twɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Anigyina’ A Yɛde Twɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɛn a Wɔwɛn Bere a Kristo Aba
  • Dɛn Nti na Kristo Ba?
  • Anigyina a Yɛde Twɛn Kristo Ahoyi
  • “Abɔde no Ani Gyina”
  • Yehowa Abodwokyɛre Kyerɛ Nkwagye
  • Monkɔ So Mfa Boasetɔ Ntwɛn
  • Munsiesie Mo Ho Nsie!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Yedi Yɛn Anidaso Ho Ahurusi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yɛn Kannifo A Ɔreyɛ Adwumaden Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Anigye Ne Wɔn A Wobehu Sɛ Wɔrewɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 9/15 kr. 15-20

‘Anigyina’ A Yɛde Twɛn

“Abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi.”—ROMAFO 8:19.

1. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ne afeha a edi kan mu Kristofo no tebea mu?

TEBEA a nokware Kristofo wom nnɛ no ne afeha a edi kan mu Kristofo no de di nsɛ. Nkɔmhyɛ bi boaa Yehowa asomfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no maa wohuu bere a na Mesia no bepue. (Daniel 9:24-26) Nkɔmhyɛ koro no ara kaa Yerusalem sɛe ho asɛm siei nanso na biribiara nnim a na ɛbɛma Kristofo adi kan ahu bere a na wɔbɛsɛe kurow no. (Daniel 9:26b, 27) Saa ara na nkɔmhyɛ bi maa afeha a ɛto so 19 mu Bible asuafo a wɔwɔ koma pa hwɛɛ ade kɔɔ akyiri nyaa nneɛma mu anidaso. Ɛdenam “mmere nson” a ɛwɔ Daniel 4:25 a wɔde bataa “amanaman no bere” ho so no, wɔhwɛɛ kwan sɛ Kristo benya Ahenni tumi wɔ 1914 mu. (Luka 21:24; Hesekiel 21:25-27) Ɛwom sɛ nkɔmhyɛ ahorow pii wɔ Daniel nhoma no mu de, nanso emu biara ntumi mma nnɛyi Bible asuafo nhu bere pɔtee a wɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe yi nyinaa. (Daniel 2:31-44; 8:23-25; 11:36, 44, 45) Nanso ɛrenkyɛ eyi bɛba efisɛ yɛte “awiei bere no” mu.—Daniel 12:4.a

Wɛn a Wɔwɛn Bere a Kristo Aba

2, 3. (a) Dɛn ne adanse titiriw a ɛkyerɛ sɛ yɛte bere a Kristo aba wɔ ahenni tumi mu no mu? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Kristofo bɛkɔ so awɛn bere a Yesu Kristo aba no?

2 Nokwarem no, nkɔmhyɛ bi maa Kristofo hwɛɛ nneɛma kwan ansa na wɔde Ahenni tumi rema Kristo wɔ 1914 mu. Nanso “sɛnkyerɛnne” a Kristo de mae wɔ ne mmae ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho no yɛ nsɛm a ebesisi. Na na yebehu eyinom mu dodow no ara bere a ne mmae no afi ase no akyi. Nsɛm a ɛresisi no—akodi, aduankɔm, asasewosow, amumɔyɛ a adɔɔso, taa a wɔtaa Kristofo, ne Ahenni ho asɛmpa a wɔka wɔ wiase nyinaa—yɛ adanse titiriw a ɛkyerɛ sɛ mprempren yɛwɔ bere a Kristo aba ahenni tumi mu no mu.—Mateo 24:3-14; Luka 21:10, 11.

3 Nanso, nea na ɛwɔ Yesu afotu a ɔne n’asuafo no de dii nkra no mu ara ne sɛ: ‘Monhwɛ yiye, monwɛn, momfa mo ani nto fam.’ (Marko 13:33, 37; Luka 21:36) Ɔwɛn ho afotusɛm yi mu nsɛm a ɛkeka ho a yɛto yɛn bo ase kenkan no ma ɛda adi sɛ na ɛnyɛ Kristo mmae no mfiase ho sɛnkyerɛnne titiriw na ɔreka ho asɛm. Mmom no, na ɔrehyɛ ne nokware asuafo no ma wɔakɔ so awɛn bere a waba no. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo kɔ so wɛn?

4. Atirimpɔw bɛn ho dwuma na sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no bedi?

4 Yesu de ne nkɔmhyɛ kɛse no mae de buaa asɛm a ɛne sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛyɛ [nsɛm a ebesisi ansa na wɔasɛe Yudafo nneɛma nhyehyɛe no], na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3, NW) Ɛnyɛ Kristo ba a waba no nko na sɛnkyerɛnne a ɔhyɛɛ ho nkɔm no bɛma wɔahu, na mmom nsɛm a ebesisi kosi sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei nso.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ bere a ɔwɔ hɔ honhom mu no, na ɔbɛsan ‘aba’?

5 Yesu kyerɛe sɛ wɔ ne ‘ba a waba’ (Hela, pa·rou·siʹa) mu no, ɔbɛba wɔ ahoɔden ne anuonyam mu. Ɛdefa ne ‘ba’ a ɛte saa (a egyina hɔ ma Hela asɛmfua erʹkho·mai) ho no, ɔkae sɛ: “Ɛno na onipa ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu. . . . Munsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na [Kristo] adu apon ano! . . . Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba. . . . Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.”—Mateo 24:30, 32, 33, 42, 44; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Dɛn Nti na Kristo Ba?

6. Ɔkwan bɛn so na “Babilon kɛse” no asehwe bɛfa aba?

6 Ɛwom sɛ Yesu Kristo aba sɛ Ɔhene fi 1914 de, nanso ɛsɛ sɛ obu ahyehyɛde horow ne ankorankoro atɛn ansa na wasɛe wɔn a ohu sɛ wɔyɛ abɔnefo no. (Fa toto 2 Korintofo 5:10 ho.) Ɛrenkyɛ, Yehowa de bɛhyɛ amammui sodifo horow adwenem ma wɔasɛe “Babilon kɛse,” wiase atoro som ahemman no. (Adiyisɛm 17:4, 5, 16, 17) Ɔsomafo Paulo kaa no pen sɛ Yesu Kristo bɛsɛe “onipa a onni mmara”—Kristoman asɔfo awaefo, a wɔyɛ “Babilon kɛse” no fã titiriw no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Wobeyi nea onni mmara bi no adi, nea Awurade de n’anom home bekum no na ɔde ne [ba a waba, NW] no pue beyi no hɔ koraa no.”—2 Tesalonikafo 2:3, 8.

7. Sɛ onipa Ba no ba n’anuonyam mu a, atɛn bɛn na obebu?

7 Wɔ daakye a enni akyi koraa no, Kristo begyina sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ne nuanom a wɔda so wɔ asase so no ho so abu amanaman no mufo atɛn. Yɛkenkan sɛ: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum. . . . Na ɔhene bebua ase wɔn [nguanten no] sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me. . . . Na eyinom [mpapo no] befi hɔ akɔ daa ahoyeraw [ɔsɛe, NW] mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:31-46.

8. Ɔkwan bɛn so na Paulo ka sɛnea Kristo bɛba abebu amumɔyɛfo atɛn no ho asɛm?

8 Sɛnea ɛda adi wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, Yesu de atemmu a etwa to koraa ba amumɔyɛfo nyinaa so. Paulo maa ne mfɛfo gyidifo a na wɔrehu amane no awerɛhyem sɛ wobenya “ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, afi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam ho, ɛbere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu.” (2 Tesalonikafo 1:7-10) Bere a nsɛm a ɛyɛ anigye yi nyinaa da yɛn anim yi, so ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ gyidi na yɛde anigyina kɔ so wɛn hwɛ Kristo ba no kwan?

Anigyina a Yɛde Twɛn Kristo Ahoyi

9, 10. Dɛn nti na wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no de anigyina twɛn Yesu Kristo ahoyi no?

9 Ɛnyɛ ɔsɛe a wɔde bɛba abɔnefo so nkutoo nti na ‘wobeyi Awurade Yesu adi afi soro,’ na mmom sɛ́ ɔbɛma atreneefo akatua. Ebia Kristo anuanom nkaefo a wɔda so wɔ asase so no bɛkɔ so ahu amane ansa na Kristo ahoyi no adu so, nanso wɔn ani gye wɔn soro anidaso a anuonyam wom no mu. Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.”—1 Petro 4:13.

10 Wɔn a wɔasra wɔn no asi wɔn bo sɛ wobekura wɔn mudi mu kosi sɛ Kristo ‘bɛba abɛboa wɔn ano aba ne nkyɛn’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn gyidi a ayɛ “tɔtorɔtɔɔ” no bɛyɛ “ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.” (2 Tesalonikafo 2:1; 1 Petro 1:7) Yebetumi aka afa Kristofo anokwafo a wɔde honhom awo wɔn no ho sɛ: “Kristo adanse no atim mo mu, ma ɔdom akyɛde biara ammɔ mo, na moretwɛn [mode anigyina retwɛn, NW] yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi no.”—1 Korintofo 1:6, 7.

11. Bere a wɔretwɛn Yesu Kristo ahoyi no, dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ?

11 Nkaefo a wɔasra wɔn no ne Paulo a ɔkyerɛw eyi no yɛ adwene: “Na mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no.” (Romafo 8:18) Ɛnyɛ mmerebu na ɛsɛ sɛ ɛka wɔn gyidi hyew. Wɔyɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu ma wɔn ahokafo, “nguan foforo” no. (Yohane 10:16) Saafo a wɔasra wɔn yi nim sɛ nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn, na wotie Petro nkuranhyɛsɛm yi: “Monkyekyere mo adwene asen, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna ɔdom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa.”—1 Petro 1:13.

“Abɔde no Ani Gyina”

12, 13. Ɛyɛɛ dɛn na adesamma ‘kɔhyɛɛ ade hunu ase,’ na dɛn na nguan foforo no kɔn dɔ?

12 So nguan foforo no nso wɔ biribi a ɛsɛ sɛ wɔn ani gyina? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte saa. Bere a Paulo aka wɔn a Yehowa afa wɔn ayɛ ne honhom mu “mma” ne “Kristo yɔnkodifo” wɔ ɔsoro Ahenni no mu no anuonyam anidaso ho asɛm awie no, ɔkae sɛ: “Abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—Romafo 8:14-21; 2 Timoteo 2:10-12.

13 Adam nam ne bɔne no so de n’asefo nyinaa “ahyɛ ade hunu ase,” esiane sɛ wɔawo wɔn agu bɔne ne owu nkoayɛ mu nti. Wontumi ntetee wɔn ho mfii nkoayɛ a ɛte saa mu. (Dwom 49:7; Romafo 5:12, 21) O, hwɛ sɛnea nguan foforo no kɔn dɔ sɛ ‘wɔbɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a wɔsom porɔwee no mu’! Nanso ansa na ɛno bɛba no, ɛsɛ sɛ nneɛma bi sisi, sɛnea Yehowa mmere ne nna kyerɛ no.

14. Dɛn na “Onyankopɔn mma ahoyi” no bɛkyerɛ, na ɔkwan bɛn so na eyi bɛma adesamma ‘afa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee mu’?

14 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘woyi Onyankopɔn mma’ a wɔasra wɔn no nkaefo ‘adi.’ Dɛn na eyi bɛkyerɛ? Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, nguan foforo no behu sɛ “wɔasɔ” wɔn a wɔasra wɔn no “ano” awie koraa ahyɛ wɔn anuonyam sɛ wɔne Kristo nni ade. (Adiyisɛm 7:2-4) Afei nso ‘wobeyi Onyankopɔn mma’ a wɔanyan wɔn afi awufo mu no ‘adi’ bere a wɔne Kristo bom sɛe Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no. (Adiyisɛm 2:26, 27; 19:14, 15) Afei wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso mu no, wɔbɛsan ‘ayi wɔn adi’ sɛ asɔfo a “abɔde” a wɔyɛ nnipa no nam wɔn so benya Yesu agyede afɔrebɔ no mu mfaso horow. Eyi bɛma adesamma ‘afa wɔn ho adi afi ɔsom a wɔsom porɔwee mu,’ na awiei koraa no wɔakɔ “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21; Adiyisɛm 20:5; 22:1, 2) Bere a akwanhwɛ kɛse a ɛte sɛɛ da nguan foforo no anim yi, so ɛyɛ nwonwa sɛ nguan foforo no de ‘anigyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi’ no?—Romafo 8:19.

Yehowa Abodwokyɛre Kyerɛ Nkwagye

15. Ɛdefa sɛnea Yehowa bu bere ho no, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da?

15 Yehowa ne Berebufo Kɛse no. Sɛnea wahyɛ bere ama nsɛm a ebesisi no bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Ebia nneɛma renkɔ sɛnea yɛbɛhwɛ kwan no. Nanso, yebetumi anya gyidi a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow nyinaa bɛbam. (Yosua 23:14) Ebia sɛnea wama nneɛma ho kwan akyɛ no sen sɛnea nnipa pii susuwii no. Nanso momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛte n’akwan ase na yɛnkyerɛ ne nyansa ho anisɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. Na hena na ohuu [Yehowa, NW] adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?”—Romafo 11:33, 34.

16. Henanom na wobenya Yehowa abodwokyɛre mu mfaso?

16 Petro kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom [sɛe a wɔbɛsɛe “ɔsoro” ne “asase” dedaw no na wɔde Onyankopɔn “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” asi ananmu] nti, mommɔ mmɔden na [awiei koraa, “NW”] wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu, na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye.” Esiane Yehowa abodwokyɛre nti, nnipa ɔpepem pii renya hokwan a ɛbɛma wɔagye wɔn wɔ ‘Yehowa da’ a ɛbɛba mpofirim sɛ “owifo” no mu. (2 Petro 3:9-15) Afei nso, n’abodwokyɛre rema yɛn mu biara hokwan a yɛde ‘bɛkɔ so de osuro ne ahopopo ayɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’ (Filipifo 2:12) Yesu kae sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ wɔpene yɛn so na yetumi ‘gyina onipa Ba no anim’ bere a ɔba bebu atɛn no a, ‘ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye’ na ‘yɛwɛn.’—Luka 21:34-36; Mateo 25:31-33.

Monkɔ So Mfa Boasetɔ Ntwɛn

17. Ɔsomafo Paulo nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?

17 Paulo hyɛɛ ne honhom fam anuanom nkuran sɛ ‘wɔnnhwɛ nneɛma a wohu na mmom nea wonhu.’ (2 Korintofo 4:16-18) Ná ɔmpɛ sɛ biribiara twitware wɔn soro akatua a ɛda wɔn anim no mu. Sɛ́ ebia yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaa nguan foforo no, momma anidaso a ɛyɛ anigye a ɛda yɛn anim no ntra yɛn adwenem na yennyina pintinn. Momma yɛnkɔ so ‘mfa boasetɔ ntwɛn’ mfa nkyerɛ sɛ “yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.”—Romafo 8:25; Hebrifo 10:39.

18. Dɛn nti na yebetumi afi ahotoso mu de mmere ne nna ahyɛ Yehowa nsa?

18 Yebetumi afi ahotoso mu de mmere ne nna ahyɛ Yehowa nsa. Sɛnea ne bere nhyehyɛe te no, ne bɔhyɛ ahorow no bɛbam a “ɛrenka akyiri.” (Habakuk 2:3) Ne nyinaa akyi no, Paulo afotu a ɔde maa Timoteo no de bi ka ho ma yɛn. Ɔkae sɛ: “Midi wo adanse Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim. Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu . . . Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.”—2 Timoteo 4:1-5.

19. Adwuma bɛn na bere da so ara wɔ hɔ ma Yehowa nkurɔfo sɛ wɔyɛ, na dɛn ntia?

19 Ɛyɛ nkwa ho asɛm—yɛn ankasa de, ne yɛn mfɛfo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Bere a aka ama nneɛma nhyehyɛe yi sua koraa. Bere a yɛde anigyina twɛn nsɛm a ɛyɛ anigye a ebesisi no, momma yɛnkae bere nyinaa sɛ Yehowa bere ne nna a wahyɛ a ne nkurɔfo de bɛka Ahenni ho asɛmpa no ntwaam. Ɛsɛ sɛ yewie saa adwuma no ma ne bo tɔ ne yam. “Ɛno ansa na” sɛnea Yesu kae no, “awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no, atiri 10 ne 11.

Ntimu

◻ Ɛdefa mmerebu ho no, ɔkwan bɛn so na yɛn tebea no te sɛ afeha a edi kan mu Kristofo de no?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo ‘kɔ so wɛn,’ bere a Kristo aba mpo no?

◻ Dɛn nti na adesamma de anigyina rehwɛ “Onyankopɔn mma ahoyi” kwan?

◻ Dɛn nti na yebetumi afi ahotoso mu de mmere ne nna ahyɛ Yehowa nsa?

[Kratafa 17 mfonini]

Ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ de hwɛ Kristo ba no kwan

[Kratafa 18 mfonini]

Nkaefo a wɔasra wɔn no yɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu, na wɔmfa wɔn gyidi nnyina mmerebu so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena