Onyankopɔn Mma Anuonyam Adehyedi Bɛba Nnansa Yi Ara
“Wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase . . . anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—ROMAFO 8:20, 21.
1. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ Yesu afɔrebɔ no nsusuwso wɔ Mpata Da no?
YEHOWA de ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ agyede afɔre a ebuee ɔsoro asetra kwan maa nnipa 144,000, de anidaso a enni awiei wɔ asase so maa adesamma a wɔaka. (1 Yohane 2:1, 2) Sɛnea yɛahu wɔ adesua a edi eyi anim mu no, wɔyɛɛ Yesu afɔre a ɔbɔ maa Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no ho nsusuwso bere a Israel sɔfopanyin de nantwinini bɔɔ bɔne ho afɔre maa ne ho, ne fiefo, ɛne Lewi abusua no wɔ afe afe Mpata Da no. Saa da no ara na na ɔde ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre ma Israelfo a wɔaka nyinaa, sɛnea Kristo afɔrebɔ no so betumi aba adesamma nyinaa mfaso no. Ná ɔpapo bi soa ɔman no nyinaa bɔne a wɔyɛɛ no afe a etwaam no animono, bere a wokogyaa no sare so ma ɔyera no.a—Leviticus 16:7-15, 20-22, 26.
2, 3. Dɛn na Paulo asɛm a wɔakyerɛw wɔ Romafo 8:20, 21 no kyerɛ?
2 Bere a ɔsomafo Paulo akyerɛkyerɛ nnipa a wɔbɛyɛ “Onyankopɔn mma” wɔ soro no anidaso mu awie no, ɔkae sɛ: “Abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:14, 17, 19-21) Asɛm yi kyerɛ dɛn?
3 Bere a wɔbɔɔ yɛn nana Adam sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ no, na ɔyɛ “Onyankopɔn ba.” (Luka 3:38) Esiane bɔne a ɔyɛe nti, ɔbɛhyɛɛ “ɔsom a ɛsom porɔwee” mu, na ɔde tebea yi awo adesamma abusua no. (Romafo 5:12) Onyankopɔn maa kwan ma wɔwoo adesamma too “ade hunu” mu esiane bɔne a wonya fii awo mu nti, nanso ɔnam ‘aseni’ Yesu Kristo so maa wɔn anidaso. (Genesis 3:15; 22:18; Galatifo 3:16) Adiyisɛm 21:1-4 twe adwene si bere a ‘owu, awerɛhow, ne osu nni hɔ bio’ so. Esiane sɛ eyi yɛ bɔ a wɔahyɛ “nnipa” nti, ɛma yɛn awerɛhyem sɛ asase so abusua foforo a wɔte Ahenni nniso ase no benya adwene ne nipadua mu nsakrae na wɔanya akwahosan a edi mũ ne daa nkwa sɛ “Onyankopɔn mma” a wɔwɔ asase so. Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso ase no, nnipa asoɔmmerɛfo ‘bɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee mu.’ Bere a wɔadi nokware ama Yehowa wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu awie no, wɔbɛde wɔn ho afi bɔne a wonya fii awo mu ne owu ho daa. (Adiyisɛm 20:7-10) Afei wɔn a wɔwɔ asase so no benya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi.”
Wɔreka sɛ “Bra!”
4. ‘Nkwa nsu a wɔnom no kwa’ no kyerɛ dɛn?
4 Hwɛ anidaso a ɛyɛ anigye a ɛda adesamma anim! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn a wɔda so wɔ asase so no de nsi redi anim reka asɛm kyerɛ afoforo! Sɛ́ nnipa a wɔbɛka Oguammaa, Yesu Kristo, a wɔahyɛ no anuonyam no “ayeforo” ho no, nkaefo a wɔasra wɔn no ka ho bi na nkɔmhyɛ nsɛm yi nya mmamu: “Honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 21:2, 9; 22:1, 2, 17) Dabi, ɛnyɛ nnipa 144,000 a wɔasra wɔn no nkutoo na wonya Yesu agyede afɔrebɔ no so mfaso horow. Onyankopɔn honhom nam ayeforo kuw no nkaefo a wɔwɔ asase so no so kɔ so yɛ adwuma ka sɛ “Bra.” Wɔto nsa frɛ obiara a ɔte a trenee ho sukum de no no sɛ ɔnka sɛ “Bra,” na ommenya Yehowa nsiesiei pii a ɛwɔ hɔ ma nkwagye no mu kyɛfa.
5. Ɛhefo na Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔwɔ wɔn ntam?
5 Yehowa Adansefo wɔ nkwa ho nsiesiei a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so ayɛ no mu gyidi. (Asomafo no Nnwuma 4:12) Wɔn ani gye sɛ wɔwɔ nnipa komapafo a wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade na wɔyɛ n’apɛde, wɔ wɔn ntam. Wɔto nsa frɛ obiara a ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛnom nkwa nsu kwa’ wɔ “awiei bere” yi mu no wɔ wɔn Ahenni Asa horow so.—Daniel 12:4.
Nsakrae a Ɛba Bere a Bere Kɔ So No
6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom yɛɛ adwuma wɔ Yehowa asomfo so wɔ mmere ahorow mu?
6 Onyankopɔn wɔ bere a ɔde di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma, na eyi nya sɛnea ɔne nnipa di nsɛm no so tumi. (Ɔsɛnkafo 3:1; Asomafo no Nnwuma 1:7) Ɛwom sɛ Onyankopɔn honhom kaa n’asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no de, nanso wɔanwo wɔn sɛ ne honhom mu mma. Nanso efi Yesu so no, Yehowa bere soe sɛ ɔde honhom kronkron no wo mmarima ne mmea a wɔahyira wɔn ho so no ma ɔsoro apɛgyade. Na yɛn bere yi mu nso ɛ? Honhom koro no ara na ɛreyɛ adwuma wɔ Yesu “nguan foforo” no so, nanso ɛnkanyan ɔsoro asetra ho anidaso ne akɔnnɔ wɔ wɔn mu. (Yohane 10:16) Bere a wɔwɔ daa nkwa wɔ paradise asase so sɛ anidaso a Onyankopɔn de ama wɔn no, wɔde anigye boa nkaefo a wɔasra wɔn no ma wodi adanse wɔ bere a wiase dedaw yi retwam akɔ ama Onyankopɔn trenee wiase foforo no aba no.—2 Petro 3:5-13.
7. Anoboaboa adwuma bɛn na na Bible Asuafo no yɛ, nanso na dɛn na wonim fa paradise ho?
7 Onyankopɔn fii ase de ‘mma bebree baa anuonyam mu’ bere a ohwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, na ɛda adi sɛ ɔhyɛɛ da a ɔde bewie honhom fam “Nyankopɔn Israel” a wɔn dodow si 144,000 no, anoboaboa. (Hebrifo 2:10; Galatifo 6:16; Adiyisɛm 7:1-8) Efi 1879 mu no, na wɔtaa ka Kristofo a wɔasra wɔn anoboaboa ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma yi mu. Nanso na Bible Asuafo (a ɛnnɛ wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo) no nim nso sɛ Kyerɛwnsɛm no ka daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, July 1883, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Bere a Yesu de n’ahenni no asi hɔ, ayi bɔne ne nea ɛkeka ho afi hɔ no, asase yi bɛdan paradise, . . . na wɔn a wɔwɔ wɔn adamoa mu nyinaa bɛba abɛtra so. Na sɛ wodi emu mmara so a, ebia wɔbɛtra so daa.” Bere kɔɔ so no, wɔn a wɔasra wɔn no anoboaboa brɛɛ ase, na nkakrankakra wɔboaboaa ankorankoro a na wonni ɔsoro anidaso no ano baa Yehowa ahyehyɛde no mu. Saa bere no ara mu no, Onyankopɔn maa n’asomfo a wɔasra wɔn, Kristofo a wɔawo wɔn foforo no nhumu a ɛda nsow.—Daniel 12:3; Filipifo 2:15; Adiyisɛm 14:15, 16.
8. Ɔkwan bɛn so na asase so anidaso ho ntease bae wɔ 1930 mfe no mfiase?
8 Efi 1931 titiriw na wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no ne Kristofo asafo no abɔ. Saa afe no mu no, Yehowa maa Kristofo a wɔde honhom awo wɔn mu nkaefo no nimdeɛ ma wobehui sɛ Hesekiel ti 9 no fa asase so kuw yi a wɔrehyɛ wɔn agyirae ama ogye akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no ho. Wɔ 1932 mu no, wobegye toom sɛ Yehu hokafo Yonadab (Yehonadab) yɛɛ nnɛyi nnipa a wɔte sɛ nguan no ho mfonini. (2 Ahene 10:15-17) Emu bɛdaa hɔ pefee wɔ 1934 mu sɛ ɛsɛ sɛ “Yonadabfo” no “hyira” wɔn ho so ma Nyankopɔn. Wɔ 1935 mu no, wobehui sɛ “nnipadɔm kɛse” anaa “nnipakuw kɛse”—a na kan no wosusuw sɛ wɔyɛ honhom mu kuw mmataho a wɔbɛyɛ Kristo ayeforo no “mfɛfo” wɔ soro—no yɛ nguan foforo a wɔwɔ asase so anidaso. (Adiyisɛm 7:4-15; 21:2, 9; Dwom 45:14, 15) Na efi 1935 titiriw na wɔn a wɔasra wɔn no adi anim wɔ hwehwɛ a wɔhwehwɛ nnipa atreneefo a wɔpɛ sɛ wɔtra ase daa wɔ paradise asase so no mu.
9. Dɛn nti na Kristofo binom gyaee abodoo no di ne bobesa no nom wɔ Awurade Anwummeduan no ase wɔ 1935 akyi?
9 Efi 1935 akyi no, Kristofo binom a na wodi abodoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Awurade Anwummeduan ase no gyaee. Adɛn ntia? Efisɛ wobehui sɛ na wɔn anidaso no nyɛ ɔsoro de, na mmom asase so de. Ɔbea bi a wɔbɔɔ no asu wɔ 1930 mu kae sɛ: “Ɛwom sɛ na yebu [di a obi bedi bi] no sɛ ɛfata, titiriw, wɔn a na wɔde nsi reyɛ bere nyinaa som adwuma no fam de, nanso na minnye nni da sɛ mewɔ ɔsoro anidaso. Afei, wɔ 1935 mu no, wɔdaa no adi pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔreboaboa nnipakuw kɛse a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa ano. Yɛn mu bebree ani gyei sɛ yɛtee ase sɛ yɛka saa nnipakuw kɛse no ho, na yegyaee abodoo no di ne bobesa no nom.” Kristofo nhoma mu nsɛm mpo sakrae. Bere a kan no na wɔyɛ nhoma no ma Yesu akyidifo a wɔde honhom awo wɔn titiriw no, efi 1935 reba no, Ɔwɛn-Aban no ne nhoma afoforo a “akoa nokwafo” no yɛe no de honhom fam aduan a eye ma wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo a wɔwɔ asase so anidaso no nyinaa mae.—Mateo 24:45-47.
10. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de obi asi obi a wɔasra no a wanni nokware ananmu?
10 Fa no sɛ obi a wɔasra no anni nokware. So wɔde obi besi n’ananmu? Paulo kyerɛɛ saa bere a na ɔreka sɛnkyerɛnne kwan so ngodua ho asɛm no. (Romafo 11:11-32) Sɛ ehia sɛ wɔde obi si obi a wɔde honhom awo no ananmu a, akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn de ɔsoro frɛ no bɛma obi a wada gyidi ho nhwɛso pa adi wɔ ɔsom kronn a ɔde ama mfe pii mu no mu.—Fa toto Luka 22:28, 29; 1 Petro 1:6, 7 ho.
Nneɛma Pii a Enti Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Anisɔ
11. Ɛmfa ho sɛnea yɛn anidaso te biara no, awerɛhyem bɛn na Yakobo 1:17 de ma yɛn?
11 Baabiara a yɛde nokwaredi bɛsom Yehowa no, ɔbɛma yɛn yɛn ahiade ahorow ne nneɛma pa a yɛhwɛ kwan nyinaa. (Dwom 145:16; Luka 1:67-74) Sɛ́ yɛwɔ ɔsoro anidaso ampa anaa asase so anidaso no, yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma Onyankopɔn. Ɔyɛ nneɛma a ɛho bɛba wɔn a wɔdɔ no no mfaso bere nyinaa. Osuani Yakobo kae sɛ “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya,” Yehowa Nyankopɔn “nkyɛn na ɛba.” (Yakobo 1:17) Momma yensusuw akyɛde ne nhyira horow yi mu kakraa bi ho.
12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ama n’asomfo anokwafo no mu biara anidaso a ɛyɛ anigye?
12 Yehowa ama n’asomfo anokwafo no mu biara anidaso a ɛyɛ anigye. Wɔafrɛ ebinom kɔ ɔsoro asetra mu. Yehowa de owusɔre a ɛkɔ daa nkwa mu wɔ asase so ho anidaso fɛfɛ no maa n’adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no. Sɛ nhwɛso no, na Abraham wɔ owusɔre no mu gyidi na ɔtwɛnee “kurow a ɛwɔ nhyɛase”—ɔsoro Ahenni a wobenyan no afi awufo mu ma wɔabɛtra mu wɔ asase so no. (Hebrifo 11:10, 17-19) Bio nso, wɔ awiei bere yi mu no, Onyankopɔn rema nnipa ɔpepem pii daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso. (Luka 23:43; Yohane 17:3) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ obiara a Yehowa ama no anidaso kɛse yi kyerɛ ho anisɔ kɛse.
13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron no de ne nkurɔfo ayɛ adwuma?
13 Yehowa de ne honhom kronkron no ma ne nkurɔfo sɛ akyɛde. Wɔde honhom kronkron asra Kristofo a wɔama wɔn ɔsoro anidaso no. (1 Yohane 2:20; 5:1-4, 18) Nanso, honhom no boa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so anidaso no, na ɛbɔ wɔn ho ban. Wɔn mu bi ne Mose, a na ɔwɔ Yehowa honhom te sɛ mmarima 70 a wɔpaw wɔn sɛ wɔmmoa no no. (Numeri 11:24, 25) Wɔ honhom kronkron no akwankyerɛ ase no, Besaleel somee sɛ Israel ntamadan no ho dwumfo a ne ho akokwaw. (Exodus 31:1-11) Onyankopɔn honhom baa Gideon, Yɛfta, Samson, Dawid, Elia, Elisa, ne afoforo so. Ɛwom sɛ wɔremfa saafo yi a wɔtraa ase wɔ tete mmere mu no mma ɔsoro anuonyam mu da de, nanso honhom kronkron no kyerɛɛ wɔn kwan boaa wɔn, sɛnea ɛte wɔ Yesu nguan foforo no fam nnɛ no. Ɛno nti, Onyankopɔn honhom a yɛwɔ no nkyerɛ ankasa sɛ yɛwɔ ɔsoro frɛ. Nanso, Yehowa honhom de akwankyerɛ ma, na ɛboa yɛn ma yɛka asɛm no, yɛ nnwuma foforo a Onyankopɔn de ama yɛn no, ɛma yɛn tumi a ɛboro so, na ɛma yɛsow n’aba a ɛyɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi. (Yohane 16:13; Asomafo no Nnwuma 1:8; 2 Korintofo 4:7-10; Galatifo 5:22, 23, NW) So ɛnsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ ɔdom akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ yi ho?
14. Ɔkwan bɛn so na yenya nimdeɛ ne nyansa a Onyankopɔn de kyɛ yɛn no mu mfaso?
14 Nimdeɛ ne nyansa yɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ ɔsoro anaa asase so anidaso no. Yehowa ho nokware nimdeɛ boa yɛn ma ‘yɛsɔ nneɛma a eye koraa no hwɛ’ na ‘yɛanantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ (Filipifo 1:9-11; Kolosefo 1:9, 10) Onyankopɔn nyansa bɔ yɛn ho ban na ɛkyerɛ yɛn abrabɔ kwan. (Mmebusɛm 4:5-7; Ɔsɛnkafo 7:12) Nokware nimdeɛ ne nyansa gyina Onyankopɔn Asɛm so, na nea ɛka fa wɔn a wɔasra wɔn no soro anidaso ho no ka wɔn kɛse. Nanso, ɛnyɛ ɔdɔ a yɛkyerɛ ma Onyankopɔn Asɛm ne emu ntease a edi mũ a yenya no na Onyankopɔn gyina so kyerɛ sɛ wɔafrɛ yɛn kɔ ɔsoro asetra mu. Mmarima te sɛ Mose ne Daniel kyerɛw Bible no afã bi mpo, nanso wobenyan wɔn ma wɔabɛtra asase so. Ɛmfa ho sɛ yɛn anidaso yɛ ɔsoro de anaa asase so de no, yɛn nyinaa nya honhom fam aduan fi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yehowa apene ne so no hɔ. (Mateo 24:45-47) Hwɛ anisɔ ara a yɛn nyinaa wɔ wɔ nimdeɛ a yɛanya no saa kwan yi so no ho!
15. Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara no mu biako ne dɛn, na wubu no dɛn?
15 Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo sen biara ne Yesu agyede afɔre ho nsiesiei a ɔdɔ wom a ɔde mae, a ɛmfa ho sɛ yɛwɔ soro anidaso anaa asase so anidaso no, yenya mu mfaso no. Onyankopɔn dɔ wiase no “yiye ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16, NW) Na ɔdɔ a Yesu wɔ no na ɛkaa no ma ‘ɔde ne kra yɛɛ agyede maa nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛɛ mu no, Yesu Kristo ne “yɛn bɔne ho mpata [wɔn a wɔasra wɔn no], na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:1, 2) Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kyerɛ ɔdɔ nsiesiei ma daa nkwa ho anisɔ kɛse.b
Wobɛkɔ Ase Bi?
16. Adeyɛ titiriw bɛn na wɔbɛhyɛ ho fa wɔ April 11, 1998, bere a owia akɔtɔ, na hefo na ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi?
16 Ɛsɛ sɛ agyede a Onyankopɔn nam ne Ba no so de ama no ho anisɔ ka yɛn ma yɛkɔ Ahenni Asa ahorow anaa mmeae foforo a Yehowa Adansefo behyiam bere a owia akɔtɔ wɔ April 11, 1998, akɔkae Kristo wu no. Bere a Yesu de afahyɛ yi sii hɔ anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu a na ɔne n’asomafo anokwafo no wɔ hɔ no, ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19, 20; Mateo 26:26-30) Wɔn a wɔasra wɔn no mu nkaefo kakraa bi no na wobedi abodoo a mmɔkaw nnim a egyina hɔ ma Yesu nipadua a bɔne nnim no na wɔanom bobesa kɔkɔɔ a wɔmfaa hwee mfraa mu a egyina hɔ ma ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no. Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi bi efisɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ apam foforo no ne Ahenni apam no mu, na wɔwɔ Onyankopɔn honhom kronkron no adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ wɔn anidaso no yɛ ɔsoro de. Nnipa foforo ɔpepem pii bɛba bi sɛ bɛhwɛadefo a wɔkyerɛ obu na wɔn ani sɔ ɔdɔ a Onyankopɔn ne Kristo ada no adi denam Yesu afɔrebɔ a ɛma wotumi nya daa nkwa so no.—Romafo 6:23.
17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ honhom a wɔde sra obi no ho?
17 Ebia kan nyamesom mu nsusuwii, awerɛhow a emu yɛ den a ɔdɔfo bi wu de ba, asase so asetra a mprempren emu yɛ den, anaa te a ebinom te nka sɛ wɔanya Yehowa nhyira soronko bi no bɛma wɔadi mfomso asusuw sɛ wobenya ɔsoro frɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae sɛ Kyerɛwnsɛm no nhyɛ yɛn sɛ yenni Nkaedi abodoo no na yɛnnom bobesa no bi mfa kyerɛ Kristo agyede afɔrebɔ no ho anisɔ. Bio nso, sra a wɔde honhom sra obi no, ‘mfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn,’ Onii a ɔwoo Yesu sɛ honhom mu Ba, na ɔde mma foforo 144,000 pɛ ba anuonyam mu no.—Romafo 9:16; Yesaia 64:8.
18. Nhyira horow bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔsom Yehowa nnɛ no mu dodow no ara?
18 Daa nkwa wɔ paradise asase so no yɛ anidaso a Onyankopɔn de ma nnipa dodow no ara a wɔsom Yehowa wɔ awiei bere yi mu no. (2 Timoteo 3:1-5) Wobenya paradise a ɛyɛ anigye yi nnansa yi ara. Saa bere no, mmapɔmma bedi asase so wɔ ɔsoro nniso no ase. (Dwom 45:16) Asomdwoe tebea bɛba bere a asase sofo di Onyankopɔn mmara horow so na wosua Yehowa akwan ho nneɛma pii no. (Yesaia 9:6, 7; Adiyisɛm 20:12) Wobenya adwuma pii ayɛ, asisi adan adi asase so. (Yesaia 65:17-25) Afei susuw abusua nkabom a ɛyɛ anigye a ɛbɛba yi ho bere a awufo san ba nkwa mu bio no! (Yohane 5:28, 29) Wɔ sɔhwɛ a etwa to akyi no, abɔnefosɛm nyinaa befi hɔ. (Adiyisɛm 20:7-10) Afei ɛno akyi no, nnipa a wɔyɛ pɛ a ‘wɔbɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu’ no bɛyɛ asase so ma daa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, nkratafa 225-6.
Wubebua Dɛn?
◻ ‘Nkwa nsu a wɔnom no kwa’ no kyerɛ dɛn?
◻ Ɛmfa ho sɛ yɛn anidaso yɛ ɔsoro de anaa asase so de no, nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma Onyankopɔn?
◻ Afe afe afahyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ bi?
◻ Wɔ Yehowa nkurɔfo dodow no ara fam no, dɛn na wɔhwɛ kwan daakye?
[Kratafa 18 mfonini]
Nnipa ɔpepem pii ‘renom nkwa nsu kwa.’ So woka wɔn ho?