-
Yehowa Atirimpɔw Bam Anuonyam MuSom Nokware Nyankopɔn Koro No
-
-
Ahofadi a Ɛyɛ Anigye Reba
11. Ahofadi a ɛyɛ anigye bɛn na wɔn a wobefi ahohiahia kɛse no mu aka no benya?
11 Ahohiahia kɛse no akyi, bere a Harmagedon aba awiei, na ayi abɔnefosɛm afi asase so no, Satan Ɔbonsam renyɛ “wi yi ase nyame” bio. Yehowa asomfo ne Satan nkɛntɛnso bɔne renni asi bio. (2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 20:1, 2) Atorosom renka Yehowa ho atosɛm bio na ɛrenyɛ ade a ɛbɛpaapae adesamma abusua mu bio. Nokware Nyankopɔn no nkoa renhyia ntɛnkyea ne nsisi a sodifo de ba wɔn so no bio. Ahofadi a ɛyɛ anigye bɛn ara na wobenya sɛɛ yi!
12. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma obiara ade ne ho afi bɔne ne nea ɛde ba nyinaa ho?
12 Sɛ́ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no,” Yesu de n’afɔrebɔ no bo a ɛsom no bedi dwuma ma wɔde apopa adesamma bɔne nyinaa afi hɔ. (Yohane 1:29) Bere a Yesu wɔ asase so na ɔde onipa bi bɔne firii no no, ɔsaa nea wɔde bɔne afiri no no yare de dii ho adanse. (Mateo 9:1-7; 15:30, 31) Saa ara na Kristo Yesu, sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no so ɔsoro Hene no, ɔbɛsa anifuraefo, asotifo, mum, wɔn a wɔadi dɛm wɔ nipadua mu, adwenemyarefo, ne wɔn a nyarewa foforo haw wɔn no yare wɔ anwonwakwan so. (Adiyisɛm 21:3, 4) Wɔn a wɔyɛ osetie nyinaa “bɔne mmara” befi hɔ na ama wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe asɔ wɔn ankasa ne Onyankopɔn ani. (Romafo 7:21-23) Ansa na Mfirihyia Apem no bɛba awiei no na wɔaba ɔdesani pɛyɛ mu wɔ nokware Nyankopɔn koro no ‘suban ne ne sɛso’ mu.—Genesis 1:26.
13. Wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei no, dɛn na Kristo bɛyɛ, na dɛn na ebefi mu aba?
13 Bere a Kristo de adesamma aba pɛyɛ mu no, afei ɔbɛdan tumi a Agya no de maa no ma ɔde yɛɛ saa adwuma yi no ama no: ‘Ɔde ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa agu. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase.’ (1 Korintofo 15:24, 25) Ahenni no Mfirihyia Apem Nniso bedi n’atirimpɔw ho dwuma awie; enti ɛho renhia bio sɛ bere tiaa mu nniso yi kɔ so gyina Yehowa ne adesamma ntam. Esiane sɛ na wɔayi bɔne ne owu afi hɔ koraa saa bere no agye adesamma nti, hia a ehia sɛ Yesu yɛ Ogyefo no bɛba awiei. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”—1 Korintofo 15:28.
14. Dɛn na wɔbɛma adesamma a wɔayɛ pɛ nyinaa afã mu, na dɛn ntia?
14 Eyi akyi no, wɔde hokwan bɛma adesamma a wɔayɛ pɛ no ma wɔde akyerɛ sɛ nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛsom nokware Nyankopɔn koro no daa. Enti, ansa na Yehowa begye wɔn sɛ ne mma no, ɔbɛma adesamma a wɔayɛ pɛ no nyinaa afa sɔhwɛ a edi akyiri mu. Wobegyae Satan ne n’adaemone no afi bun no mu. Eyi renyɛ ɔhaw a ɛwɔ hɔ daa mma wɔn a wɔdɔ Yehowa nokware mu no. Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔrenni nokware na wɔma kwan ma wɔdaadaa wɔn ma wɔyɛ Yehowa so asoɔden no aka otuatewfo dedaw no ne n’adaemone no ho korakora.—Adiyisɛm 20:7-10.
15. Tebea bɛn na ɛbɛsan aba Yehowa abɔde a wonim nyansa nyinaa mu bio?
15 Afei Yehowa begye adesamma a wɔayɛ pɛ a wogyee Onyankopɔn tumidi toom wɔ sɔhwɛ a edi akyiri no mu no sɛ ne mma. Efi saa bere no rekɔ no, wobenya Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi no mu kyɛfa de akosi ase sɛ Onyankopɔn amansan abusua no fã. Afei nokware Nyankopɔn koro no abɔde a wonim nyansa a wɔwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa bɛsan ayɛ biako bio asom no. Afei na Yehowa atirimpɔw abam anuonyam mu! So wopɛ sɛ woyɛ amansan abusua a anigye wom na ɛte hɔ daa no muni? Sɛ saa a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ tie nea Bible ka wɔ 1 Yohane 2:17 no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”