Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—1990 | December 1
    • The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures da no adi sɛ phroʹne·ma pue mpɛn anan wɔ Romafo 8:6, 7, 27, na nea ɛkyerɛ ankasa bere nyinaa ne “adwene.” Helafo nhomanimfo Bauer, Arndt, ne Gingrich kyerɛkyerɛ phroʹne·ma mu sɛ: ‘Sɛnea wodwen ade ho, adwene, botae, ade a obi hwehwɛ, mmɔdenbɔ.’​—A Greek-English Lexicon of the New Testament and Other Early Christian Literature.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—1990 | December 1
    • Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkyekyem 27 reka Onyankopɔn ankasa ho asɛm. Yɛkenkan sɛ: ‘Na ɔno [Yehowa] a ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a honhom no kyerɛ, efisɛ odi ma ahotefo no sɛnea Onyankopɔn pɛ.‘Yiw, ‘ɔno’ a ɛwɔ ha no ne Yehowa, mpaebɔ Tiefo no.

      Anka wobetumi akyerɛ asɛmfua phroʹne·ma ase wɔ nkyekyem 27 sɛ “adwene.” Nanso honhom kronkron nyɛ onipa a otumi dwen ankasa anaa ɛwɔ n’ankasa adwene. Honhom no yɛ Onyankopɔn, a onim sɛnea ne honhom kronkron no yɛ ade de di n’apɛde ho dwuma no adeyɛ tumi. Bio nso, nea saa nkyekyem yi kyerɛ no yɛ soronko wɔ Romafo 8:6, 7 ho. Saa nkyekyem a edi kan no si sɛnea nnipa hia sɛ wodi wɔn nsusuwii ne nneyɛe so no so dua. Nanso Yehowa nhia sɛ ɔyere ne ho denneennen na watumi adi ne ho so. Onim nea wofi honhom mu kyerɛw wɔ Bible no mu, te sɛ Bible mu nsɛm a ɛma wohu n’apɛde ma ne nkoa a wɔwɔ asase so no. Dr. Heinrich Meyer ka Romafo 8:27 ho asɛm sɛ: “Nea ɛte biara no, Onyankopɔn behu Honhom no atirimpɔw.”

      Ne saa nti, nkyerɛase sɛ ‘ɛkyerɛ’ no ne nea wɔka ho asɛm wɔ Romafo 8:27 no hyia, na Hela kasa no ma hokwan. The Translator’s New Testament no kyerɛ ase sɛ: “Nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a Honhom no kyerɛ.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena