Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 47
  • Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mihyira Me Ho So Ma Onyankopɔn na Mebɔ Asu?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 47
Adesua 47. Ɔbarima bi rebɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam ase, na Bible suani bi rehwɛ no; Bible suani no nso redwinnwen ho sɛ ɔno nso bɛbɔ asu.

ADESUA 47

Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

Efi bere a wufii ase suaa Bible no, yegye di sɛ woasua Yehowa ho ade pii. Ebia nea woasua nti, woayɛ nsakrae pii wɔ w’abrabɔ mu. Nanso ebia biribi nti, woretwentwɛn wo nan ase sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa, na woabɔ asu. Adesua yi bɛma woahu nneɛma ahorow bi a ɛma ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛbɔ asu, ne nea wubetumi ayɛ afa ho.

1. Nimdeɛ dodow sɛn na wuhia na woatumi abɔ asu?

Ɛsɛ sɛ wunya “nokware no ho nimdeɛ a edi mu” ansa na woatumi abɔ asu. (1 Timoteo 2:4) Wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wutumi yi Bible asɛmmisa biara ano ansa na woatumi abɔ asu. Kristofo a wɔabɔ asu akyɛ mpo, wɔkɔ so ara sua ade. (Kolosefo 1:9, 10) Nanso nkyerɛkyerɛ atitiriw a ɛwɔ Bible mu no de, ehia sɛ wote ase. Asafo mu mpanyimfo no bɛhwɛ sɛ, nimdeɛ a wuhia na woatumi abɔ asu no, woanya anaa.

2. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woatumi abɔ asu?

Ansa na wubetumi abɔ asu no, ɛsɛ sɛ ‘wosakra w’adwene na wodan wo ho.’ (Kenkan Asomafo Nnwuma 3:19.) Wei kyerɛ sɛ, bɔne biara a woayɛ no, ɛsɛ sɛ wunu wo ho, na wosrɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ wo. Afei, ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ, worenyɛ biribiara a Onyankopɔn mpɛ, na wobɛbɔ wo bra ama asɔ n’ani. Ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, na wo ne asafo no bom yɛ asɛnka adwuma no.

3. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛbɔ asu?

Ɛyɛ a ebinom suro sɛ anhwɛ a, wɔrentumi nni ɛbɔ a wɔhyɛɛ Yehowa no so. Ɛwom, ɛtɔ da a wubedi mfomso, nanso ɛba saa a, mma w’abam mmu. Mmarima ne mmea anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔn nso wodii mfomso. Yehowa nim sɛ bɔne wɔ n’asomfo ho, enti ɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ. (Kenkan Dwom 103:13, 14.) Sɛ ohu sɛ woreyɛ nea wubetumi nyinaa a, n’ani sɔ paa! Wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo. Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ, biribiara “rentumi ntew yɛn mfi [ne] dɔ ho.”—Kenkan Romafo 8:38, 39.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛma woahu sɛ, sɛ wuhu Yehowa yiye, na woma ɔboa wo a, biribiara a esiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asu no, wubetumi adi so.

Mfoni Ahorow: Ɛfa ɔbea bi ho. Ɛmfa ho sɛ ohyiaa ɔhaw ne ɔsɔretia no, watumi agyina mu, na ɔrebɔ asu.

4. Hu Yehowa yiye

Ɔbea no ne Yehowa Danseni bi resua Bible.

Yehowa ho nimdeɛ sɛn na wuhia na woatumi abɔ asu? Ɛsɛ sɛ wusua ne ho ade, wuhu no yiye, na wunya ɔdɔ ma no. Ɛno bɛma w’ani agye ho sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛnea ebinom atumi asua Yehowa ho ade anya ɔdɔ ama no. Muwie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

VIDEO: Nea Ɛma Obi Tumi Bɔ Asu (3:56)

  • Video no mu no, dɛn na ɛboaa ebinom ma wotumi bɔɔ asu?

Monkenkan Romafo 12:2. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wugye di sɛ nea woresua afi Bible mu anaa nea Yehowa Adansefo ne wo resua no yɛ nokware? Anaa ɛyɛ a, w’adwene nsi wo pi?

  • Sɛ w’adwene nsi wo pi a, dɛn na wubetumi ayɛ afa ho?

5. Nneɛma a ebetumi ama ayɛ den sɛ wobɛbɔ asu no, yere wo ho di so

Ɔbea no de ne Bible rehyɛ ne bag mu, na ne maame gyina n’akyi reteatea no.

Sɛ yesi gyinae sɛ yebehyira yɛn ho so ama Yehowa na yɛabɔ asu a, yebehyia ɔhaw ahorow. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu wei ho nhwɛso. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

VIDEO: Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yehowa No Boa Yɛn Ma Yedi Akwanside Ahorow So (5:22)

  • Akwanside ahorow bɛn na na ɛsɛ sɛ Narangerel di so na watumi asom Yehowa?

  • Sɛn na ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no boaa no ma otumi dii akwanside ahorow a ohyiae no so?

Monkenkan Mmebusɛm 29:25 ne 2 Timoteo 1:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na ɛbɛma yɛanya akokoduru de adi akwanside ahorow so?

6. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo

Ɔbea no redi maame bi adanse; onuawa a ɔne no sua ade no ka ne ho.

Yehowa bɛboa wo ama woayɛ nea ɛsɔ n’ani. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

VIDEO: Yehowa Nyankopɔn Bɛboa Wo (2:50)

  • Adɛn nti na na ɛyɛ den ma Bible suani no sɛ ɔbɛbɔ asu?

  • Dɛn na ohui a ɛboaa no ma onyaa Yehowa mu ahotoso paa?

Monkenkan Yesaia 41:10, 13. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ wohyɛ bɔ sɛ wobɛsom Yehowa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya awerɛhyem sɛ wubetumi adi so?

7. Ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no, kyerɛ ho anisɔ

Ɔbea no rebɔ mpae.

Sɛ wokɔ so dwinnwen sɛnea Yehowa dɔ wo no ho a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse, na w’ani begye ho sɛ wobɛsom no daa. Monkenkan Dwom 40:5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Nhyira a wo nsa aka afi Yehowa hɔ no, emu nea ɛwɔ he na w’ani sɔ paa?

Ná odiyifo Yeremia dɔ Yehowa, na na n’asɛm da ne koma so. Afei, na n’ani gye ho paa sɛ Yehowa din da ne so. Ɔkaa sɛ: “W’asɛm ma midii ahurusi nyaa anigye wɔ me koma mu, efisɛ wo din da me so, O Yehowa Nyankopɔn.” (Yeremia 15:16) Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

  • Sɛ obi yɛ Yehowa Danseni a, adɛn nti na ɛyɛ hokwan kɛse paa?

  • Wopɛ sɛ wobɔ asu bɛyɛ Yehowa Danseni anaa?

  • Biribi siw wo kwan sɛ wobɛyɛ saa anaa?

  • Wohwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi abɔ asu?

Wɔrebɔ ɔbea no asu.

EBINOM KA SƐ: “Misuro sɛ mebɔ asu a, anhwɛ a na akyiri yi madi Yehowa huammɔ.”

  • Saa na wote nka anaa?

NEA YƐASUA

Akwanside biara a ama ayɛ den sɛ wobɛbɔ asu no, Yehowa betumi aboa wo ama woadi so.

Ntimu

  • Bible mu nimdeɛ sɛn na wuhia ansa na woatumi abɔ asu?

  • Nsakrae bɛn na ɛho behia sɛ woyɛ ansa na woatumi abɔ asu?

  • Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛbɔ asu?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti paa a ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu.

“Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?” (Ɔwɛn-Aban, March 2020)

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma pɔtee bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ wobɛbɔ asu, ne sɛnea wubetumi adi so.

“Dɛn Na Esiw Me Asubɔ Ho Kwan?” (Ɔwɛn-Aban, March 2019)

Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea ɔbarima bi tumi dii akwanside ahorow bi so na ɔbɔɔ asu.

‘Dɛn Na Ɛretwe W’asubɔ San?’ (1:10)

Kan no, na ɛyɛ den ma ɔbarima bi a wɔfrɛ no Ataa sɛ obesi gyinae na wabɔ asu. Hwɛ nea ɛboaa no ma otumi bɔɔ asu.

Me Paa Na Yehowa Ahyira Me Sei? (7:21)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena