So Biribi Betumi Atetew Wo Ne Onyankopɔn Dɔ Mu?
“Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”—ROMAFO 8:38,39.
1. Akwan horow bɛn so na Onyankopɔn dɔ no da adi da biara?
ONYANKOPƆN yɛ ɔdɔ. Ɔnam akwan horow a ɔfa so kora yɛn nkwa so no so da eyi adi kyerɛ yɛn da biara. Mframa a yɛhome, nsu a yɛnom, aduan a yedi—ne nyinaa da Onyankopɔn dɔ adi. Bio nso, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa nya bi, sɛ́ ɛyɛ nea wɔn ani sɔ anaasɛ wɔn ani nsɔ. Yesu dii eyi ho adanse bere a ɔkaa eyi wɔ ne soro Agya no ho no: Ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:45) Abɔde biara a ɛte ase wɔ asase so de Onyankopɔn aseda ho ka wɔ nea wohia a ɔma wonya no ho.—Dwom 145:15, 16.
2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne dɔ kɛse ma adesamma no adi, na ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ nea Yehowa pɛ ho anisɔ?
2 Wɔ abɔde a wɔyɛ adesamma fam no, Onyankopɔn dɔ no kɔɔ akyiri sen mprempren nkwa a ekisa te sɛ nhwiren na eguan te sɛ sare yi ara kwa a ɔbɛkora so. (1 Petro 1:24) Ɔyɛɛ nsiesiei a ɛbɛma adesamma atra hɔ daa: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɛyɛ bo kɛse na Agya ne Ɔba no nyinaa tuae wɔ nsiesiei yi a wɔyɛe no ho. Anadwo ansa na Yesu rebewu a na ɔwɔ Getsemane no, ɔkotow ne nan anim na ɔbɔɔ mpae wɔ owuyaw mu maa “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” Wɔ ahohia bere yi mu no na Yesu nim ahohorabɔ a wɔde reba Onyankopɔn din so no, na ɔsrɛe mpo sɛ kuruwa no mfi ne ho nkɔ. Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ.” (Luka 22:44; Marko 14:36) Ɛwom sɛ na Yesu wɔ ɛyaw kɛse mu de, nanso ɔmaa nea Yehowa pɛ dii kan. Ɔhwe ne owu yayaw wɔ asɛndua ho a na ɔrehwɛ kwan no mpo antumi antetew ɔne Onyankopɔn dɔ no mu.
3. Ɔsomafo Paulo asɛm bɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ de ayɛ wɔn de, na dɛn na eyi ama aba wɔn so?
3 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wodi Yesu anammɔn akyi no nso de Yehowa apɛde di kan. Wɔfa ɔsomafo Paulo asɛm no na wɔka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔn yɛn afã a, hena na ɔne yɛn bedi asi? Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.” (Romafo 8:31, 35, 37) Wɔ afeha yi mu no, wɔaboro Yehowa Adansefo, wɔayɛ wɔn ayayade, wɔahwie amã agu wɔn ho de ntakra atuatua mu, wɔadi wɔn dɛm, wɔatow wɔn mmonnaa, wɔakyen wɔn kɔm, wɔde atuo akunkum wɔn, wɔatwitwa wɔn ti wɔ Nazi nnadeban ahorow mu—a ne nyinaa yɛ pɛ a wɔmpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn dɔ no mu bɛtetew nti.
4. Ɔkwan bɛn so na w’ani agye aberante bi a wampene sɛ wɔbɛtetew ɔne Onyankopɔn dɔ mu asɛm no ho?
4 Mfirihyia aduanan anan a atwam ni no, aberante bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako kyerɛw n’awofo fii Nazi nnadeban bi mu, na nea ɔkae no fã bi ni:
“Nnɔnkron abɔ mprempren wɔ da a wɔde bedi m’asɛm no mu. nanso ɛsɛ sɛ metwɛn kosi 11:30. Merekyerɛw mo krataa yi wɔ ɔman asraafo asennibea afiase. Mewɔ asomdwoe a wɔ nokwarem no, ɛyɛ den sɛ mubegye adi ankasa; nanso mede biribiara ahyɛ Awurade nsa, na enti metumi atwɛn saa dɔn yi ne daa mpokyerɛ no wɔ kommyɛ mu. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ wɔremfa nkɔnsɔnkɔnsɔn ngu me. Ɛyɛ Atoro! Awia ne anadwo: gye sɛ merehyɛ m’atade anaasɛ mereyi m’atade ne afei bere a meresiesie afiase hɔ nkutoo na wɔmmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn ngu me . . .
“12:35. Ne nyinaa aba awiei afei. Esiane sɛ mekɔɔ so ara powee [sɛ ɔbɛpene nea wɔreka no so na wagyae Yehowa Nyankopɔn som] nti, wɔabu me kumfɔ. Mitiee wɔn, na afei bere a maka asɛm yi sɛ, ‘Di nokware kodu owu mu’. ne yɛn Awurade no nsɛm afoforo kakraa bi no, ne nyinaa baa awiei. Nanso mommma ɛno nnhaw mo mprempren. Mewɔ asomdwoe ne ahotɔ a morentumi nhu sɛnea ɛte. . . . Saa asomdwoe ne anigye a midii kan nyae wɔ asennibea hɔ a wiase no rente ase da yi yɛɛ me ma boroo so bere a meresan akɔ afiase hɔ no . . .Munnsu. . . . Nea eye sen biara a metumi de ama mo, ne anuanom adɔfo nyinaa nnɛ, Kwasida a etwa to ansa na wɔakum me, ɛda a mefi mpokyerɛ no mu, nen.”a
“Ɔbɛma Mo Ase Atim, Ɔbɛhyɛ Mo Den”
5, 6. Awerɛhyem a Paulo ne Petro de mae bɛn na ɛyɛ awerɛkyekye ma wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ esiane sɛ wokura Onyankopɔn dɔ mu pintinn nti no?
5 Wɔtetew saa aberante yi ne nkwa ntam nanso wɔantumi antetew ɔne Onyankopɔn dɔ no mu. Saa ara na woayɛ Yehowa Adansefo ayayade ahorow wɔ mfehaha no mu. Ahoɔden a Onyankopɔn nkoa de gyina ɔtaa ahorow a ɛte sɛɛ ano kosi owu mu mpo no nyɛ wɔn ankasa de na mmom Onyankopɔn de. Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Sɛ Yehowa adansefo anokwafo wɔ sɔhwɛ mu nnɛ a, wotumi ka nea Paulo kae bere a na ɔwɔ afiase no: “Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den.”—2 Timoteo 4:17.
6 Bere a ɔsomafo Petro abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ Ɔbonsam a ɔnenam sɛ gyata a ɔbobom rehwehwɛ yɛn amene yɛn no ho akyi no, ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔdom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den.” (1 Petro 5: 8-10) Sɛ yesusuw ɔsoro mmoa yi nyinaa ho a, ade biako da adi: Onyankopɔn dɔ nni huammɔ; sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho a, ɛfi yɛn ankasa, emfi ɔno.
7. Ɔkwan bɛn na Satan faa so wɔ Yesu ho, na ɔkwan bɛn so na Yesu dii ne so nkonim?
7 Ɛnyɛ bere nyinaa na Satan de ne ntua no ba sɛ gyata a ɔbobom. Mpɛn pii ɔba sɛ ‘ɔtweaseɛ oniferefo’ ne te sɛ ɔwae “hann bɔfo.” Ɔnam nnaadaa kwan ahorow so ba yɛn so, na enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na ne nsa anka yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa ‘na yɛatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.’ (Genesis 3:1; 2 Korintofo 2:11; 11:13-15; Efesofo 6:11) Wɔ Yesu som adwuma no mfiase no, Satan baa ne nkyɛn bɛfaa kyerɛw nsɛm ahorow mu nsɛm kae na ɔde dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so de bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bɛsɔ Yesu ahwɛ ma wayɛ bɔne. Ɔsɔɔ Yesu hwɛe mprɛnsa na odii nkogu wɔ ne nyinaa mu. Yesu nam kyerɛw nsɛm a ɔde dii dwuma yiye no so bɔɔ Kyerɛwnsɛm a Satan kyinkyim no no gui. Afei Yesu ka kyerɛɛ Satan sɛ omfi ne so nkɔ. Nanso Satan “gyaw no hɔ ansa kɔtwɛnee bere foforo.”—Luka 4:13; NW; Mateo 4:3-11.
8, 9. Nnaadaa akwan bɛn so na Satan nam san baa Yesu so, na dɛn na Paulo kyerɛe sɛ yɛnyɛ mfa mmɔ yɛn ho ban?
8 Satan mpa abaw. Ɔnam akwan horow so san ba. Ɔnam nyamesom asɔfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no so san baa Yesu so. Yesu huu eyi na ɔka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam.” Nnipa binom betumi adi Satan atirimpɔw ho dwuma a wonnim mpo. Ɛwom sɛ na ɔsomafo Petro kura adwene pa de, nanso ɔyɛɛ saa bere a ɔkaa Yesu anim no, sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Ná ɛsɛ sɛ Yesu tu Petro fo anibere so, sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ me hintidua.” (Yohane 8:44; Mateo 16:22, 23) Saa ara na bere a wonnim no, ebia adwumawura, ɔyɔnko dwumayeni, ɔyɔnko sukuuni, adamfo, obusuani, ɔwofo, anaa aware mu ɔhokafo, bedi Satan atirimpɔw ahorow ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa na yɛamma biribiara ammrɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no ase.
9 Enti ɛho hia sɛ mohyɛ “Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi, efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne . . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.”—Efesofo 6:11, 12.
Bɔne Tumi Wɔ Ɔhonam A Ahwe Ase No So
10. Dɛn na asɛmfua “bɔne” no kyerɛ, na nneyɛe bɛn na ɛbɛtetew yɛne Onyankopɔn dɔ no mu?
10 Faako a yɛyɛ mmerɛw wɔ no, ɛhɔ na Satan bɔ. Ne saa nti yɛn honam a ɛtɔ kɔ bɔne so no na ɔde yɛ ne botae titiriw. (Dwom 51:5) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase bɔne no ne ha·mar·tiʹa. N’adeyɛ kasa ne ha·mar·taʹno a nea ɛkyerɛ titiriw ne “botae ho a wɔtow fom.” (Romafo 3:9) Dodow a yɛfom fi botae no ho na yenni Onyankopɔn ahyɛde so no, dodow no ara na yefi Onyankopɔn dɔ no ho, efisɛ “eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Awaresɛe, aguamammɔ, akɔnnɔ bɔne, asabow, apontow ahorow a anohyeto nnim, honam akɔnnɔ akyi a wodi a ahosodi nnim, ahoɔyaw, abufuw, honam fam nneɛma ho anibere—nneɛma a ɛtete sɛɛ nyinaa twe yɛn fi Onyankopɔn dɔ no ho, na “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni”—Galatifo 5:19-21.
11. Ɔkwan bɛn so na bɔne betumi de nkakrankakra anya yɛn, na dɛn na ebefi mu aba?
11 Sini, nhoma, agoru, TV so dwumadi ahorow—a honam fam nneɛma, pɛsɛmenkominya, ne ɔbarima ne ɔbea nna ho aguadisɛm ka ho—hyɛ anigyede a ahosodi ne anohyeto biara nnim akyi a wodi ho nkuran. Bɔne a edi kan a wobɛyɛ no ma nea ɛto so abien no yɛ yɛ mmerɛw, afei nea ɛto so abiɛsa ne anan no di akyi, na ɛnkyɛ na obi ho a ɔde hyɛ wiase no mu koraa di akyi ba ntɛm. Awiei koraa no, wɔn a “wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” no ba bɛyɛ wɔn a wonni adagyew a “honam akɔnnɔ ho na wodi kan susuw.” (2 Timoteo 3:4; Romafo 13: 14, NW) Bɔne tumi mene mpanyin ne mmofra nyinaa na wɔn ahonim ba bɛyɛ nea ano akum koraa. “Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.”—Efesofo 4:19; 1 Timoteo 4:2.
12. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ tumi a bɔne wɔ wɔ yɛn so no, na Paulo dii eyi ho awerɛhow dɛn?
12 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔremma wɔnntetew wɔne Onyankopɔn dɔ mu no hyɛ wɔn ho den tia tumi a bɔne wɔ wɔ ɔhonam a ahwe ase no so no. Ɔyɛ ɔtamfo a ɔyɛ den te sɛ nea Bible no si so dua mpɛn pii no: “Obiara a ɔyɛ bɔne ‘no yɛ bɔne no akoa,” “ [Wɔn] nyinaa [hyɛ] bɔne ase,” “wɔn nyinaa ayɛ bɔne,” “mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene,” “ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo,” “bɔne so akatua ne owu,” na wɔde nnipa nyinaa “ahyɛ bɔne ase.” (Yohane 8:34; Romafo 3:9, 23; 6:12, 16, 23; Galatifo 3:22) Ná Paulo yɛ obi a ‘wɔatɔn no ahyɛ bɔne ase,’ obi a ‘wɔafa no dommum ama bɔne mmara,’ na ɛma ɔkae sɛ: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” (Romafo 7:14, 19, 23) Enti ɔde awerɛhow kae sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu? Mmuae a ɛyɛ anigye no di akyi ba sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!”—Romafo 7:24, 25.
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔma yɛde yɛn ho fi bɔne ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so atra Kristo dɔ no mu?
13 Ansa na Kristo Yesu reba no, “bɔne dii hene owu mu.” (Romafo 5:14, 17, 21) Nanso ɛdenam ne wu ne ne wusɔre no so no, wɔatu bɔne a odi hene no agu ama wɔn a wogye Onyankopɔn dɔ akyɛde a ɛne Ne Ba no tom no. Wagye yɛn afi yɛn bɔne mu, wahohoro agu ama yɛn, wapopa, watew yɛn ho afi mu, na wayi afi hɔ koraa ama yɛn. (Mateo 1:21; Asomafo no Nnwuma 3:19; 22:16; 2 Petro 1:9; 1 Yohane 1:7; Adiyisɛm 1:5) Enti ɛnyɛ Paulo nko na ɛsɛ sɛ ɔfa yɛn Awurade Yesu Kristo so de aseda ma Onyankopɔn sɛ wabue ogye fi bɔne ne owu honam mu nnommumfa a ɛyɛ mmɔbɔ no mu kwan, na mmom wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi nyinaa nso.
14 Enti ɛnyɛ nea ɛho hia sɛ yebekwati biribiara a ɛbɛtwe yɛn afi Onyankopɔn dɔ no ho nko na mmom, ɛsɛ sɛ yɛtra Kristo dɔ no mu nso. Ɔkwan a yɛfa so bɛn Yesu no ara ne nea yɛfa so bɛn Onyankopɔn. Yesu daa eyi adi bere a ɔkaa eyi no: “Sɛnea agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montra me dɔ no mu. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu. sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.”—Yohane 15:9, 10.
Asiane A Ɛne Twe A Wobɛtwe Wo Ho
15. Dɛn na yɛyɛ mmerɛw wɔ ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakwati saa asiane no?
15 Mma bɔne ne owu nnommumfa mu ahofadi yi mmɔ wo denam san a wobɛsan w’akyi anaasɛ twe a wobetwa wo ho no so. Etumi ba nkakrankakra araa ma ebia ɛbɛto yɛn bere a yɛn ani nna yɛn ho so. Sɛnea Galatifo 6:1 ka no: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔanso wo nso anhwɛ.” Bere a obi retu ne yɔnko fo mpo no, ɛsɛ sɛ ‘ɔhwɛ ne ho yiye.’ Yɛn nyinaa yɛ mmerɛw! Ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu ma ɛboro so, na yɛansiane ho da bi.”—Hebrifo 2:1.
16, 17. Asiane a ɛne twe a obi twe ne ho wɔ honhom mu no ho nhwɛso bɛn na ɛwɔ hɔ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakwati eyi?
16 Obi ho a ɔbɛtwe no nnye mmɔdenbɔ biara.Ɛno nti na ɛyɛ mmerɛw—na asiane wom wɔ honhom mu no. Ebetumi aba sɛ wubefi ase atwe wo ho afi Onyankopɔn dɔ no ho ansa na woahu. Ɛte sɛ oguan a ɔyera. Ɔkwan bɛn so na ɔyera? Oguanhwɛfo bi kyerɛkyerɛ mu: ‘Ɔwewe nwura no ara kosi sɛ ɔbɛyera. Ohu sare momono bi a ɛwɔ ne nkyɛn bɛyɛ anammɔn kakraa bi na ɔkɔ kɔwe. Ohu foforo wɔ bɛyɛ anammɔn du na ɔkɔ kɔwe. Ohu nea ɛto so abiɛsa a ɛno nso yɛ fɛ na ɔkɔ kɔwe ɛno nso. Ɛnkyɛ na ɔne nguankuw no ntam aware. Wawewe ayera.’
17 Saa ara na ɛte wɔ wɔn a wɔtwe wɔn ho wɔ honhom mu no ho. Ebia ebefi ase wɔ ɔkwan a ɛte sɛ nea mfomso biara nni ho so denam honam fam nneɛma kakra, anaasɛ wiasefo fekubɔ, anaasɛ kyerɛw nsɛm bi ho nsɛm a wɔkeka so. Nanso saafo no de nkakrankakra fi Onyankopɔn nguankuw no ho na ɛnkyɛ na wɔtwe wɔn ho fi asafo no ne Onyankopɔn dɔ no ho. Wontie Paulo asɛm a ɔkae no, sɛ: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ!”—2 Korintofo 13:5.
18, 19. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama Ɔbonsam aguan afi yɛn nkyɛn, na ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa abɛn Onyankopɔn?
18 Wɔka kyerɛ yɛn sɛ, “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” Ɛdenam “honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” a yɛde bedi dwuma yiye so no, yebetumi aka Satan anifere ntua no agu. Saa kwan no so na Yesu fae wɔ sare no so maa Satan kɔe no. Wɔka kyerɛ yɛn nso sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:7, 8; Efesofo 6:17) Te sɛ Nnwom no akyerɛwfo no, ɛsɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn kɛse denam n’asɛm no mu a yebekura so: “[Yehowa] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa.” “Me de, m’ani kũ w’adansesɛm ho. W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann. . . . Mintwiw mimfii w’adansesɛm ho ɛ.”—Dwom 19:7; 119:95, 105, 157.
19 Mpaebɔ, Onyankopɔn Asɛm no a yebesua, yɛn nuanom a yɛbɛdɔ wɔn na yɛne wɔn nyinaa ahyiam daa, Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo—eyinom nyinaa yɛ akwan a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ne ne dɔ a wayi adi wɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.—1 Tesalonikafo 5:17; Romafo 12:2; Hebrifo 10:24, 25; Luka 9:2.
20. Asɛm bɛn na Paulo kae a Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ de ayɛ wɔn de?
20 Paulo da Yehowa adansefo anokwafo a wɔwɔ asase so nnɛ bo a wɔasi no adi wɔ n’asɛm yi mu, sɛ: “Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ [a wɔama yehu, JB] a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”—Romafo 8:38, 39.
[Ase hɔ nsɛm]
a The Watchtower, August 1, 1945, nkratafa 237, 238.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa dɔ no da adi wɔ nkwa ho nsiesie ahorow a wayɛ no mu?
◻ Akwan horow bɛn na Satan afa so wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛtetew Yehowa Adansefo ne Onyankopɔn dɔ no mu no mu?
◻ Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ tumi a bɔne wɔ wɔ yɛn so no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi afi mu?
◻ Dɛn nti na twe a obi bɛtwe ne ho yɛ nea asiane wom kɛse, na ɔkwan bɛn so na wobetumi asiw ano?
[Kratafa 11 mfonini]
Oguan de nkakrankakra twe ne ho kosi sɛ ɔbɛyera