Nnipa—Sɛnea Wofii Ase
Sɛnea wofii ase a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛate nea wɔabɛyɛ no ase
NNEƐMA bi wɔ hɔ a nyansa wom na ɛne adebɔ ho nimdeɛ hyia a enti yebetumi agye nea Bible ka wɔ sɛnea wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no ho no adi.a Saa nhoma no ti a edi kan no ka sɛ: “Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ [ɔbarima] no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.”—Gen. 1:27.
Sɛ́ wɔyɛɛ wɔn “Onyankopɔn suban so” no kyerɛ dɛn? So ɛkyerɛ sɛ na nnipa baanu a wodi kan no te sɛ Onyankopɔn wɔ nipadua mu anaa? Sɛ saa a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ ɔno anaa n’asefo betumi ayɛ ohoni a ɛbɛyɛ te sɛ ɔno. Nanso na wɔrentumi nyɛ saa. Enti Yesaia bisae sɛ: “Hena ho na mode Nyankopɔn bɛto, na suban bɛn na mode besusuw no?” Bible no se: “Obi nhuu Nyankopɔn pɛn.” Enti asemmisa no da so wɔ hɔ sɛ, “Onyankopɔn suban so” a wɔbɔɔ wɔn no kyerɛ dɛn?—Yes. 40:18; Yoh. 1:8.
Nkurɔfo betumi ahu abofra na, wɔaka sɛ, “Ɔte sɛ n’agya pɛpɛɛpɛ!” Nanso ebia na abofra no anim hwɛbea nte sɛ n’agya Nso ɔte sɛ n’agya wɔ akwan afoforo so, sɛ ebia ne nneyɛe, ne nipasu, mmɔden a ɔbɔ wɔ mfiri ho anaasɛ sankubɔ ho, sɛnea n’ahoɔhare te anaasɛ n’abrabɔ te. Esiane sɛ ɔwɔ su horow a ɛsɛ n’agya de nti, wɔka sɛ abofra no te sɛ n’agya.
Saa kwan yi ara so na wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no wɔ Onyankopɔn suban so. Wɔde su horow bi a Onyankopɔn wɔ no bi maa wɔn. Na eyi na ɛma nsonoe kɛse ba nnipa ne mmoa ntam. Su horow a ɛte sɛ Onyankopɔn de yi maa onipa yɛɛ nea obetumi adi mmoa no so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbarima ne ɔbea no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Gen. 1:28.
Ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. Na ɛsono wɔn mu biara anaa? Ɛda adi sɛ na ɛsono wɔn mu biara. Ná ɛsono wɔn nipadua. Ɛsono wɔn adwene. Ɛsono wɔn nkate. Saa nsonsonoe yi yɛ mmarima ne mmea fɛ. Ɛma wɔn mu biara yɛ ne yɔnko boafo. Wɔbɔɔ wɔn ma obiara aboa ne yɔnko. (Gen. 2:18, 20) Wɔ ɔkwan pɔtee bi so no na ɔbarima kura Onyankopɔn suban wɔ baabi a ɛnte saa wɔ ɔbea fam—wɔ tiyɛ mu. (1 Kor. 11:3, 7) Ná ɔbarima ne ɔbea no nyinaa kura Onyankopɔn suban esiane sɛ wɔn baanu nyinaa wɔ Onyankopɔn su horow a ɔde maa wɔn bere a ɔbɔɔ wɔn no nti.
Dɛn ne Onyankopɔn su horow no mu binom a ɔde hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan no mu? Ebinom da adi wɔ n’abɔde a aniwa hu no mu. Romafo 1:20 ka eyi sɛ: “Na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” Bere a wommue wɔn ano nkasa no, Onyankopɔn nnwuma a ɛwɔ soro ne asase so hyɛ no anuonyam, na wɔda ne su horow adi.—Dw. 19:1-4.
Nokwarem no nimdeɛ ne nyansa da adi wɔ asase yi ne ɛso nnua ne mmoa mu. Na so yɛnte ne tumi nka wɔ ahum a ano yɛ den mu anaa? N’adebɔ mu nneɛma ahorow ahorow a wonhu ano no da odwumayɛfo kɛse a ɔyɛ no adi. Ɛma ɔda adi sɛ nneɛma hyehyɛfo kɛse a ɔwɔ atirimpɔw. N’atɛntrenee su no da adi wɔ eyi mu: Ɔyɛɛ abɔde horow a nneɛma bi ho hia wɔn; atɛntrenee mu no ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔn nsa aka nneɛma a ɛho hia wɔn no. Ɔkɔɔ akyiri sen nea atɛntrenee hwehwɛ—ɔdɔ mu no ohwie ne nhyira gu abɔnefo so mpo. Yesu daa eyi adi sɛ: “Monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo; na moayɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.”—Mat. 5:44, 45.
Ná nnipa baanu a wodi kan no wɔ su horow yi, anaasɛ na wobetumi anya. Saa kwan yi so na wɔwɔ Onyankopɔn suban. Nanso, abakɔsɛm kyerɛ sɛ nnipa nnaa saa su horow yi adi bere nyinaa, na wɔnna no adi nnɛ nso. Dɛn na aba? Dɛn nti na wɔn suban nte sɛ Onyankopɔn de bio?
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ nhoma Did Man Get Here by Evolution or by Creation? a wɔaka ho asɛm wɔ kratafa 24 no mu.
[Kratafa 4 adaka/mfoni]
ONYANKOPƆN SU HOROW BI A ƆDE MAA NNIPA BAANU A WODI KAN
ATƐNTRENEE
“N’akwan nyinaa yɛ trenee.”—Deut 32:12.
TUMI
“Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase.”—Yer. 10:12.
ƆDƆ
“Onyankopɔn ne dɔ—1 Yoh. 4:8.”
Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.”—Yoh. 3:16.
NYANSA
“[Yehowa] na ɔma nyansa.”—Mmeb. 2:6.
NIMDEƐ
“[Yehowa] ne Onyankopɔn a ohu ade nyinaa.”—1 Sam. 2:3.
ATIRIMPƆW
“[Yehowa] yɛ ade nyinaa ma biribi.”—Mmeb. 16:4.
ADWUMA
“[Yehowa], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara.”—Dw. 104:24.
[Kratafa 5 mfoni]
Ɔte sɛ n’agya pɛpɛɛpɛ—nanso ɛnyɛ animhwɛbea mu