-
Hena Ne Onyankopɔn?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
4. Yehowa pɛ sɛ wuhu ne din na wode frɛ no
Dɛn na ɛma wuhu sɛ Yehowa pɛ sɛ wuhu ne din? Monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.
Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo hu ne din anaa? Adɛn nti na woreka saa?
Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo de ne din frɛ no. Kenkan Romafo 10:13. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Yehowa din frɛ no?
Sɛ obi kae wo din na ɔde frɛ wo a, ɛyɛ a ɛma wote nka sɛn?
Wohwɛ a, sɛ yɛde Yehowa din frɛ no a, ɛma ɔte nka sɛn?
-
-
Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
1. Sɛn na atoro som de wɔn nkyerɛkyerɛ agu Onyankopɔn din ho fĩ?
Atoro som de ‘Onyankopɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokware no asesa atoro.’ (Romafo 1:25) Ebi ne sɛ, ɔsom ahorow pii mma nkurɔfo nhu Onyankopɔn din. Nanso Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din frɛ no. (Romafo 10:13, 14) Asɔfo binom mpo kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ biribi bɔne si a, ɛyɛ Onyankopɔn na ama aba saa. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔhaw ba yɛn so. (Kenkan Yakobo 1:13.) Awerɛhosɛm ne sɛ, atosɛm a ɔsom ahorow yi keka nti, ebinom ani nnye ho sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn.
-