Bible No Adwene
So Ɛsɛ sɛ Afei De Wɔma Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho Kwan?
AMAN pii gu so regye nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna ho nneyɛe tom. Kuw bi a wɔwɔ asɔre bi mu wɔ United States aka sɛ wɔnsan nkyerɛkyerɛ nea Bible no ka fa bɔbeasu koro ntam nna ho no mu bio mma ɛne “yɛn bere yi anibue” nhyia. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ Brazil a nnansa yi waware obi a ɔne no wɔ bɔbeasu koro nso aka sɛ “wɔnsan nhwehwɛ Bible no mu bio,” na ama ɛne sɛnea n’asɔremma a wɔn ani abue no yɛ wɔn ade no ahyia.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu no taa ka wɔn a wonnye saa nneyɛe no ntom no ho asɛm sɛ wɔtan wɔn kwa anaa wonni wɔn ho adwempa. Dɛn na Bible no ka ankasa wɔ nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda no ho?
Dɛn na Bible no Ka?
Bible no nhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya nkurɔfo ho adwemmɔne. Nanso, nea ɛka fa nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda no mu da hɔ pefee.
“Wo ne ɔbarima nnna sɛnea wo ne ɔbea da. Ɛyɛ akyide.”—Leviticus 18:22.
Saa mmara a ɛbara saa adeyɛ yi ka abrabɔ ho mmara a ɛwɔ Mose Mmara no mu a wɔde maa Israelfo no nkutoo no ho. Wɔ ɛno mpo ho no, sɛ́ wɔyɛ Yudafo anaa amanaman mufo no, mmara no da Onyankopɔn adwene wɔ nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda ho no adi, bere a ɛka sɛ: “Ɛyɛ akyide” no. Ná aman a atwa Israel ho ahyia no de wɔn ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu, mogyafra, awaresɛe, ne nneyɛe ahorow a Mmara no kasa tia mu. Ne saa nti, Onyankopɔn buu saa aman no sɛ wɔn ho ntew. (Leviticus 18:24, 25) So Bible gyinapɛn no sesae wɔ Kristofo bere so? Susuw kyerɛwnsɛm a edi so yi ho:
“Onyankopɔn gyaw wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu, efisɛ wɔn mmea de wɔn honam fam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so de sesaa nea ɛnyɛ ne kwan so de; na saa ara na mmarima no nso gyaw wɔne mmea ntam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so de no, maa wɔn mfɛfo ho akɔnnɔ dɛwee wɔ wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade.”—Romafo 1:26, 27.
Dɛn nti na Bible no ka nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda no ho asɛm sɛ ɛnyɛ ne kwan so de, na ɛyɛ adapaade? Efisɛ ɛyɛ nna mu adeyɛ a ɛnka Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛe ho. Nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda rentumi nwo mma. Bible no de nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda no toto nna mu nkitahodi a abɔfo atuatewfo a wɔbɛfrɛɛ wɔn adaemone no ne mmea nyae ansa na Noa Nsuyiri no reba no ho. (Genesis 6:4; 19:4, 5; Yuda 6, 7) Onyankopɔn bu nneyɛe a ɛte saa nyinaa sɛ ɛnyɛ ne kwan so de.
So Nneɛma Bi Betumi Ama Yɛagye Atom?
Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So awosu, beae a yɛte, anaa nsɛm bi a ɛyɛ ahometew a yɛahyia wɔ asetenam, te sɛ mmonnaato, ma yɛn kwan sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu anaa?’ Dabi, ɛremma yɛn kwan saa. Susuw nhwɛso yi ho hwɛ: Obi betumi anya nea nyansahufo ka ho asɛm sɛ ɛyɛ asabow a wonya fi awosu mu, anaa ebia wɔtetee no wɔ abusua a emufo taa bow nsa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, onipa a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu no asɛm bɛyɛ nnipa pii mmɔbɔ. Nanso, wɔrenhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so mmow nsa anaa onyae mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi asabow ho no esiane sɛ wɔde awo no anaa wɔtetee no wɔ tebea a ɛte saa mu nti.
Saa ara nso na bere a Bible no nkasa ntia wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi bɔbeasu koro ntam nna ho nsɛnnennen so no, ɛmpene wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe a ɛte saa mu no so, sɛ ebia wonyaa saa su no fii awo mu anaa efi biribi foforo no. (Romafo 7:21-25; 1 Korintofo 9:27) Mmom no, Bible no de mmoa a ɛfata ne nkuranhyɛ a ɛbɛboa ankorankoro ma wɔatumi adi bɔbeasu koro ntam nna so no ma.
Dɛn Ne Onyankopɔn Pɛ ma Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho Akɔnnɔ No?
Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:4) Ɛwom sɛ Bible no kasa tia bɔbeasu koro ntam nna de, nanso ɛnhyɛ nkuran sɛ yɛntan wɔn.
Yɛrentumi mmrɛ Onyankopɔn adwene a ɔwɔ wɔ bɔbeasu koro ntam nna ho no ase. Bible no ka no pefee wɔ 1 Korintofo 6:9, 10 sɛ, “mmarima a wɔne mmarima da” nso “rennya Onyankopɔn ahenni no.” Nanso nkyekyɛm 11 de awerɛkyekyesɛm yi ka ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama, wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem yɛn Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”
Ɛda adi pefee sɛ, wogyee wɔn a na wofi wɔn komam pɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ n’akwankyerɛ ase no nyinaa baa tete Kristofo asafo no mu. Saa ara na nnɛ, nnipa komapafo a wɔrehwehwɛ Onyankopɔn anim dom no betumi ayɛ—ɛnyɛ Bible no na ɛsɛ sɛ wɔsan kyerɛ ase foforo—na mmom ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asetena ne nea Bible kyerɛkyerɛ no hyia.—g12-E 01.
SO WOADWEN HO?
● Dɛn ne Bible no adwene wɔ bɔbeasu koro ntam nna ho?—Romafo 1:26, 27.
● So Bible no wɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu no ho adwemmɔne?—1 Timoteo 2:4.
● So obi betumi atwe ne ho afi bɔbeasu koro ntam nna ho?—1 Korintofo 6:9-11.
[Mfonini wɔ kratafa 29]
So ɛsɛ sɛ wɔsan kyerɛ Onyankopɔn adwene a ɔwɔ wɔ bɔbeasu koro ntam nna ho no ase bio?