Bible No Adwene
Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro a Wɔne Wɔn Ho Wɔn Ho Da—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ?
“Minnye nni sɛ obi adwene a ɔwɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no fa Onyankopɔn ho. Sɛnea yebu yɛn bra no fa ne ho. Na ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm.”—Mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da Bible adesua kuw bi muni.
NNIPA pii ka sɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da no yɛ asetra kwan foforo ara kwa. So Onyankopɔn pene so?
Bere a nnipa pii asakra wɔn adwene, na ebinom nhu nea wɔbɛka no, nea Bible ka yi mu da hɔ pefee: “Wo ne ɔbarima nna te sɛ nea wo ne ɔbea da. Eyi yɛ akyide.” (Leviticus 18:22, The New Jerusalem Bible) Wɔmmpa ho kyɛw, wɔmma hokwan, emu da hɔ—wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da yɛ akyide wɔ Onyankopɔn ani so.a Wɔ Israelfo a wɔtraa Mose mmara ase no fam no, na ɛho asotwe ne owu. (Leviticus 20:13) Na bere a Kristosom bae no, wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da a Onyankopɔn baraa no kɔɔ so.—1 Korintofo 6:9, 10.
Onyankopɔn Mpene So—Dɛn Ntia?
Nanso dɛn nti na Onyankopɔn mpene so koraa saa? Wɔaka nea enti a ɛte saa no mu biako wɔ Yesaia 48:17: “Me [Yehowa] wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo ɔkwan a fa so no so.” Saa nsɛm no fi nea ɔhyɛɛ amansan mmara a ɛfa abɔde ho no nkyɛn. Ɔno na onim yɛn nipadua, adwene, nkate ne honhom mu yɛbea. Ɔmpene wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da no so efisɛ, nea ɔyɛ no nnya mu mfaso. Paulo nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no mu nhwehwɛmu si eyi so dua. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so de sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn [mfɛfo mmarima] ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu. Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata.”—Romafo 1:26-28.
Hyɛ no nsow, ɛnyɛ sɛ wɔka wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da ho asɛm sɛ “aniwu akɔnnɔ,” “adapaade” ne nea “ɛmfata” nko, na mmom sɛ “nea ɛmfa ne kwan so” nso. Wɔ nkyekyem yi ho no, amanneɛbɔ a efi England Asɔre no hɔ ka sɛ: “Nea Paulo ka sɛ ɛmfa ne kwan so no kyerɛ ne sɛ ɛmfa ne kwan so wɔ adesamma fam wɔ Onyankopɔn adebɔ nhyehyɛe mu. Mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da mu nneyɛe biara pow Onyankopɔn adebɔ kwan.”
Nipadua ho adesua ho ɔbenfo Weston La-Barre frɛ no “obi ankasa ne afoforo yɛbea a ɛho hia a wɔhaw no.” Eyi ne Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Bible mu a wɔkyerɛɛ ase sɛ “ne kwan so” anaasɛ “a ɛyɛ ne kwan so de” no hyia. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nea efi “Onyankopɔn adebɔ nhyehyɛe a wɔpow” mu ba biara yɛ bɔne (sɛnea onipa kyerɛwtohɔ a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ada no adi no) . Mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da ‘nya akatua a ɛfata wɔn bɔne no.’ Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔn asetra bɛyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu nneyɛe a ɛmfa ne kwan so; enti ɛyɛ abrabɔ a Onyankopɔn ani nnye ho. Nea ɛka ho bio no, wobetumi apira wɔn ho esiane wɔn ɔbrasɛe no nti.b
Aba Bɔne
Paulo kaa nso sɛ mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da no ‘mfɛfo ho akɔnnɔ dɛw [kyerɛ sɛ, ɛhyehyew wɔn] wɔ wɔn mu.’ Bere a adwene a ɛnteɛ betumi ama obi anya ɔbarima ne ɔbea nna mpo ho akɔnnɔ bɔne no, ɛda adi sɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da ho akɔnnɔ bɔne no mu yɛ den sen saa. “Ɔdɔ Ahorow Abien a Asiane Wom Asetra” a ɛyɛ asɛm bi a epuei wɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu no kae sɛ: “Mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da mu biara ka wɔn mfɛfo a wɔne wɔn wɔ bɔbea su sɛ no ho akɔnnɔ a emu yɛ den ne ahoɔden a ɛyɛ soronko a wonya no ho asɛm. James kae sɛ na ɛte sɛ nea wosɛn wim. Ɛma wotɔ ntintan, ɛbow.” Mmarima a wɔne mmarima da no mu pii wɔ wɔn a wɔne wɔn yɛ saa no bebree (ebinom de yɛ ɔhaha pii) esiane sɛ akɔnnɔ bɔne dɛw wɔ wɔn mu saa nti na ebinom fãm no, wɔn akɔnnɔ nhyɛso no ma wɔne nkurɔfo a wɔn a wonnim wɔn koraa mpo ka ho, da mpɛn pii da biara da. Ɛnyɛ sɛ wonya nyarewa te sɛ mmerɛbo mu yare fi ɔbra bɔne a ɛte saa mu nko, na mmom ɛde ninkuntwe, abodwo a wonnya ne awerɛhow ba te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbra bɔne ara pɛ.
Sɛ obi de ne ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho “akɔnnɔ anibere” mu a, ebetumi de no ayɛ akoa. (1 Tesalonikafo 4:5) Akodu he? Ɔbarima bi a ɔne mmarima da reka AIDS ho asɛm no ɔkae sɛ: “Wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ awerɛhow wu a ɛyɛ hu betumi afi mu aba nyinaa akyi no, nna ho akɔnnɔ no mu kɔ so yɛ den.” Eyi kae yɛn Bible mu kɔkɔbɔ yi: “Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene, sɛ mubetie no n’akɔnnɔ mu.”—Romafo 6:12.
Esiane sɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbra bɔne gyina obi akɔnnɔ ano dwudwo so titiriw nti, ɛtaa ma wɔyɛ aniwude afoforo pii. Na ɔdesani nipasu a ahwe ase no nti, sɛ adeyɛ bi bɛyɛ nea wɔyɛ no daa a, emu anigye no ano brɛ ase. Enti na mmarima a wɔne mmarima da no mu pii de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ayayadeyɛ ne nneyɛe bɔne afoforo mu no.c Bible ho asɛm bi a wɔkae no ka sɛ “ɔbra bɔne ne akɔnnɔ a ɛnyɛ ne kwan so de a ɛte saa . . . brɛ adwene no ase; na ɛma onipa ba fam sen aboa; na ɛsɛe nyansa.” Bible ho ɔbenfo bi kan mmarima a wɔne mmarima da fra “nsɛmmɔne a ɛne nyansa, abɔde mmara ne wɔn ankasa ne wɔn ho wɔn ho yiyedi nhyia koraa” no mu.
Bible Gyinapɛn Ahorow De Asomdwoe Ba
Yebetumi de aseda ama sɛ Onyankopɔn nsakra ne gyinapɛn ahorow sɛnea ebɛyɛ na ɛne nea aba so anaasɛ nnipa akɔnnɔ bɔne ahyia. Sɛnea n’ani nnye asase no a wɔsɛe no anaasɛ atorodi esiane sɛ nnipa pii pɛ sɛ wɔyɛ saa nti ho no, saa ara nso na ɔmpene wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da no so, ɛwom mpo sɛ nnipa pii nnam nsiyɛ so ma enya nkɔso de. Wɔ abrabɔ kwan a nnipa ani gye ho nyinaa akyi no, Yehowa hwehwɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam na yɛn ankasa anya mfaso.
Ɛyɛ anigye sɛ, ebinom apow nneyɛe a ɛte saa na wɔtra ase ma ɛne “ɔkyerɛ pa” a wohu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. (1 Timoteo 1:10; 1 Korintofo 6:9-11) Sɛnea obi a anka ɔyɛ ɔbarima a ɔne mmarima da kae no: “Nea ɛyɛ me anigye ne sɛ mprempren yi mewɔ ahonim pa, na minim sɛ merebɔ ɔbra a ɛsɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho wɔn ho da ɔbarima ne ɔbea nna.
b “Mmarima a wɔne marima da no wɔ nyarewa ahorow bi a ɛyɛ soronko esiane wɔn nna mu nneyɛe no nti.” (Providing Health Care for Gay Men) Nyarewa a ɛte saa no bi ne anorectal candidiasis, babaso, kekae, dwosɔtoaa mu yare ne Bowen yare.
c Webster’s New Collegiate Dictonary kyerɛkyerɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ayayadeyɛ no mu sɛ “anigye a wonya fi ɔhonam anaasɛ adwene mu ayayade a wɔde yɛ afoforo anaasɛ obi ankasa ho no mu.”