Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/15 kr. 13-19
  • Hwehwɛ Nokware Asomdwoe Na Di Akyi!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwehwɛ Nokware Asomdwoe Na Di Akyi!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Betumi De Asomdwoe Atra Ase
  • Wɔn a Wɔredi Asomdwoe Akyi
  • Nsakrae a Ɛkyɛn So Koraa
  • Asomdwoe Hene no Nniso
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/15 kr. 13-19

Hwehwɛ Nokware Asomdwoe Na Di Akyi!

“Nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, . . . onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.” —1 PETRO 3:10, 11.

1. Yesaia nsɛm a agye din bɛn na ɛbɛbam ɔkwan biara so?

“WƆDE wɔn nkrante [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Ɛwom sɛ wɔakyerɛw saa asɛm a agye din yi asi Amanaman Nkabom no wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York Kuropɔn no nkyɛn de, nanso saa wiase ahyehyɛde no ntumi mfa nnii dwuma ɔkwan biara so. Ne nyinaa mu no, sɛ́ Yehowa Nyankopɔn asɛm a enni huammɔ no fã no, saa mpaemuka no renyɛ ɔkwa.—Yesaia 55:10, 11.

2. Sɛnea Yesaia 2:2, 3 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛba wɔ “nna a edi akyiri no mu”?

2 Nokwarem no, nsɛm a ɛwɔ Yesaia 2:4 no ka nkɔmhyɛ bi a ɛyɛ anigye, nokware asomdwoe ho nkɔmhyɛ bi ho asɛm—na ɛrenya mmamu wɔ yɛn bere yi ara so. Ansa na nkɔmhyɛ no reka anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne akodi ne akode ahorow a ebefi hɔ ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, Awurade [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Awurade [Yehowa, NW] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na Awurade [Yehowa, NW] asɛm afi Yerusalem.”—Yesaia 2:2, 3.

Nnipa Betumi De Asomdwoe Atra Ase

3. Ɔkwan bɛn so na obi a ɔyɛ otutupɛfo betumi asakra abɛyɛ obi a ɔdɔ asomdwoe?

3 Hyɛ no nsow sɛ ansa na nkurɔfo betumi adi asomdwoe akyi no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan. Obi asõ ase a ɔbɛbrɛ ama Yehowa nkyerɛkyerɛ no betumi asesa ne nsusuwii ne ne nneyɛe, ama nea anka ɔyɛ otutupɛfo no abɛyɛ obi a ɔdɔ asomdwoe. Ɛyɛ dɛn na saa nsakrae yi tumi ba? Romafo 12:2 ka sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” Yɛyɛ yɛn adwene foforo, anaa yɛkanyan no ɔkwan foforo so, denam Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow a yɛde hyem so. Bible a yesua no daa no boa yɛn ma yɛyɛ saa nsakrae yi, na ɛma yɛn ankasa hu nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ, na ama yɛahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so no pefee.—Dwom 119:105.

4. Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛ nipasu foforo a edi asomdwoe akyi no?

4 Ɛnyɛ sɛnea yesusuw nsɛm ho nko na Bible mu nokware sakra no, na mmom yɛn nneyɛe ne yɛn nipasu nso. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ nea ɔsomafo Paulo hyɛɛ ho nkuran yi: “Mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, na . . . wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.” (Efesofo 4:22-24) Tumi a ɛkanyan adwene no wɔ yɛn mu. Bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne mmara ahorow no yɛ kɛse no, ɛyɛ foforo nya ahoɔden, na ɛma yɛyɛ honhom mufo a wɔdɔ asomdwoe.

5. Ɔkwan bɛn so na “ahyɛde foforo” a Yesu de maa n’asuafo no boa maa asomdwoe traa wɔn ntam?

5 Hia a saa nsakrae yi ho hia no da adi wɔ afotu a Yesu de maa n’asuafo no nnɔnhwerew a edi akyiri a na ɔne wɔn wɔ hɔ no mu sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Saa Kristo dɔ a pɛsɛmenkominya nnim yi ka asuafo no bom ma wonya biakoyɛ a edi mũ. (Kolosefo 3:14) Wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye saa “ahyɛde foforo” yi atom de abɔ wɔn bra no nkutoo na wobenya asomdwoe a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔreyɛ saa nnɛ anaa?

6. Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ asomdwoe a nnipa a wɔwɔ wiase no nni bi?

6 Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobeyi ɔdɔ adi wɔ wɔn wiase nyinaa onuayɛ no mu. Ɛwom sɛ woyi wɔn fi wiase amanaman nyinaa mu de, nanso wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase ntawntawdi ahorow mu, ɛmfa ho mpo sɛ amammuifo ne nyamesomfo de nhyɛso ba wɔn so no. Sɛ́ nnipa a wɔwɔ koroyɛ no, Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn, na wɔn asom dwo wɔn. (Yesaia 54:13) Wonnyina afã biara wɔ amansɛm mu ntawntawdi mu, na wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ akodi mu. Wɔn mu bi a kan no na wodi akakabensɛm no agyae saa suban no. Wɔabɛyɛ Kristofo a wɔdɔ asomdwoe, a wosuasua Kristo Yesu nhwɛso no. Na wofi koma nyinaa mu di Petro afotu yi akyi: “Nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, onyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm. Onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.”—1 Petro 3:10, 11; Efesofo 4:3.

Wɔn a Wɔredi Asomdwoe Akyi

7, 8. Ma nhwɛso horow a ɛfa nnipa bi a wogyaee akodi bɛyɛɛ nnipa a wodi nokware asomdwoe akyi ho. (Ka afoforo a ebia wunim.)

7 Sɛ́ nhwɛso no, na asraafo kuw bi a ɛko tia nsɛmmɔnedifo wɔ ɔpanyin bi a wɔfrɛ no Rami Oved. Wɔtetee no sɛ onkum n’atamfo. Ɔmampɛ a onya maa ne man Israel no gyee n’adwene kosii da a obehui sɛ na rabifo no mpɛ sɛ ɔware ɔbea a ɔdɔ no no esiane sɛ na ɔbea no yɛ Asiani, Amanaman muni ara kwa nti. Ofii ase hwehwɛɛ Bible mu nokware. Afei ɔne Yehowa Adansefo hyiae. Sua a ɔne Adansefo no suaa Bible no ma ohui sɛ ontumi nkɔ so mma ɔmampɛ honhom nni ne ti. Ná Kristofo dɔ hwehwɛ sɛ ogyae akodi de n’akode gu hɔ, na osua sɛ ɔbɛdɔ nnipa a wofi mmusua nyinaa mu. Hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no sɛ ne nsa kaa krataa bi a ɛhyɛ nkuran a ne nnianim nsɛm ne sɛ, “Me Nua Rami”! Dɛn koraa na na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ná ɔkyerɛwfo no yɛ Ɔdansefo a ofi Palestina. Rami ka sɛ: “Ná ɛyɛ me den sɛ megye adi, efisɛ na Palestinafo yɛ m’atamfo, nanso na wɔn mu biako refrɛ me ‘Me Nua.’” Seesei Rami ne ne yere di nokware asomdwoe akyi wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so.

8 Nhwɛso foforo ne Georg Reuter a na ɔka Germany asraafo a wɔtow hyɛɛ Russia so wɔ Wiase Ko II mu ho no. Bere tiaa bi akyi no, n’abam bui wɔ Hitler akokurokosɛm a ɔyɛe sɛ ɔde bedi wiase nyinaa so no ho. Bere a ofi ɔko no bae no, ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Ɔkyerɛwee sɛ: “Afei mifii ase tee nneɛma ase. Mihui sɛ yentumi mfa mogyahwiegu yi nyinaa ho asodi nto Nyankopɔn so . . . Mihui sɛ ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ ɔde asase nyinaa so paradise besi hɔ, na ɔde daa nhyira adom adesamma asoɔmmerɛfo. . . . Ná Hitler de ne ‘Mfirihyia Apem Nniso’ ho asɛm no tu ne ho, nanso odii ade [mfe] 12 pɛ—na hwɛ ahude ara a efii mu bae! Ɛnyɛ Hitler, na mmom Kristo . . . na obetumi de mfirihyia apem nniso asi hɔ ma adi asase so, na ɔbɛyɛ nso.” Bɛyɛ mfe 50 ni no, Georg akɔ so asom sɛ nokware asomdwoe bɔfo wɔ bere nyinaa som adwuma no mu.

9. Ɔkwan bɛn so na osuahu a Yehowa Adansefo nyae wɔ Nasi Germany no da no adi sɛ wɔyɛ akokodurufo san yɛ nnipa a wɔdɔ asomdwoe?

9 Kura a Yehowa Adansefo kuraa wɔn mudi mu na wɔannyina ɔfã biara wɔ Nasi nniso ase wɔ Germany no da so ara di Onyankopɔn ne asomdwoe ho dɔ a wɔwɔ no ho adanse de besi nnɛ mpo, bɛboro mfe 50 akyi. Nhomawa bi a United States Okunkɛse Ho Nneɛma Akorae a ɛwɔ Washington, D.C., tintimii no ka sɛ: “Yehowa Adansefo faa ɔtaa a ano yɛ den mu wɔ Nasi nniso no ase. . . . Akokoduru a wɔn mu fã kɛse no ara daa no adi, a wɔampene so [annyae wɔn som] bere a wɔyɛɛ wɔn aninyanne, tan wɔn ani wɔ nneduaban mu, na ɛtɔ da bi a wokum wɔn no, maa wɔn bere sofo pii benyaa obu maa wɔn.” Afei ɛde ka ho sɛ: “Bere a wɔregu nneduaban ahorow no, Yehowa Adansefo kɔɔ so yɛɛ wɔn adwuma no, na wɔkɔɔ nneduafo a wonyaa wɔn ti didii mu no nkyɛn kɔsakraa ebinom.”

Nsakrae a Ɛkyɛn So Koraa

10. (a) Nsakrae kɛse bɛn na egye na nokware asomdwoe atumi aba? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔdaa eyi adi wɔ Daniel nhoma no mu?

10 So eyi kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo gye di sɛ wobetumi de asomdwoe aba wiase nyinaa denam nnipadɔm a wɔbɛma wɔagye adi sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo gyina ɔfã biara no so? Dabi! Sɛ asomdwoe bɛba asase so a, egye nsakrae a ɛkyɛn so koraa. Ɛne dɛn? Ɛsɛ sɛ nnipa nniso a ɛde mpaapaemu, nhyɛso, ne basabasayɛ ba fi hɔ ma Onyankopɔn Ahenni a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ ho mpae no ba. (Mateo 6:9, 10) Nanso ɔkwan bɛn so na ɛno bɛba? Wɔ dae bi a Nyankopɔn maa odiyifo Daniel soe mu no, ohui sɛ wɔ nna a edi akyiri no mu no, Onyankopɔn Ahenni a ɛte sɛ ɔbo a ‘nipa nsa biara nkura mu’ bebubu ohoni kɛse a egyina hɔ ma adesamma amammui nniso horow a edi asase so no. Afei ɔkae sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:31-44.

11. Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so de nsakrae a ehia na asomdwoe aba no bɛba?

11 Adɛn nti na nsakrae kɛse a ɛte saa bɛba wiase nsɛm tebea mu? Efisɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obetu wɔn a wɔregu asase ho fĩ na wɔresɛe no nyinaa afi so. (Adiyisɛm 11:18) Saa nsakrae yi bɛba wɔ Yehowa trenee ko a ɔne Satan ne ne wiase bɔne no bɛko no mu. Yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 16:14, 16 sɛ: “Wɔyɛ [kyerɛ sɛ, ahonhom fĩ no yɛ] ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahene [amammui mu atumfoɔ] nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no. Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.”

12. Harmagedon bɛyɛ te sɛ dɛn?

12 Harmagedon bɛyɛ te sɛ dɛn? Ɛrenyɛ nuklea ɔsɛe anaa asiane bi a nnipa na wɔde ba. Dabi, ɛyɛ Onyankopɔn ko a ɛde nnipa akodi nyinaa bɛba awiei na ayi wɔn a wɔhyɛ akodi a ɛtete saa ho nkuran nyinaa afi hɔ. Ɛyɛ Onyankopɔn ko a ɛde nokware asomdwoe bɛbrɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe. Yiw, Harmagedon bɛba sɛnea Yehowa abɔ ne tirim no. Ɛrenka akyiri. Honhom kaa ne diyifo Habakuk ma ɔkyerɛwee sɛ: “Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.” (Habakuk 2:3) Nnipa nkate a yɛwɔ na ebia ɛbɛma ayɛ te sɛ nea akyɛ, nanso Yehowa di ne bere so. Sɛ bere a Yehowa ahyɛ ato hɔ no du pɛ a, Harmagedon bɛpae agu.

13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne Satan Ɔbonsam a ɔkɔfaa asɛm no nyinaa bae no bedi?

13 Saa adeyɛ a emu yɛ den yi bɛbɔ kwan ma nokware asomdwoe aba! Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔatumi de nokware asomdwoe asi hɔ pintinn no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi foforo—nea ɔde mpaapaemu, nitan, ne akayɛ ba no a wobeyi no afi hɔ. Na saa pɛpɛɛpɛ na Bible hyɛ nkɔm sɛ ebedi hɔ aba—Satan a ɔyɛ akodi mu takrawogyam ne atoro agya no a wɔbɛkyere no ahyɛ ebun mu. Ɔsomafo Yohane huu saa adeyɛ yi wɔ nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu mu sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 20:1-3 no: “Mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.”

14. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛkyerɛ nea Yehowa bɛyɛ de adi Satan so nkonim no mu?

14 Eyi nyɛ adaeso; ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ—na Bible ka sɛ: ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Hebrifo 6:18) Ɛno nti na Yehowa nam ne diyifo Yeremia so tumi kae sɛ: “Mene Awurade [Yehowa, NW] a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so, na eyi na ɛsɔ m’ani, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni.” (Yeremia 9:24) Yehowa bu atɛntrenee yɛ adetrenee, na n’ani gye asomdwoe a ɔde bɛba asase so no ho.

Asomdwoe Hene no Nniso

15, 16. (a) Hena na Yehowa apaw no sɛ onni ade sɛ Ɔhene? (b) Wɔka saa nniso no ho asɛm dɛn, na henanom na wobenya mu kyɛfa?

15 Nea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔwɔ N’ahenni nhyehyɛe no ase nyinaa anya nokware asomdwoe no, Yehowa de tumidi no ahyɛ nokware Asomdwoe Hene, Yesu Kristo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm wɔ Yesaia 9:6, 7 no nsa: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba . . . Asafo Awurade [Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.” Odwontofo no nso kyerɛw Mesia no asomdwoe nniso no ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.”—Dwom 72:7.

16 Nea ɛka ho no, Kristo nuanom 144,000 a wɔde honhom asra wɔn ne no bedi hene wɔ soro. Eyinom ne Kristo yɔnko adedifo a Paulo kyerɛw wɔn ho asɛm yi no: “Asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.” (Romafo 16:20) Yiw, eyinom bɛka Kristo ho wɔ soro adi Satan Ɔbonsam a ɔyɛ akodi mu takrawogyam no so nkonim!

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nokware asomdwoe?

17 Enti seesei asɛmmisa no ne sɛ, Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya nokware asomdwoe? Ɔkwan a Onyankopɔn pɛ nkutoo so na nokware asomdwoe betumi afa aba, na sɛ wo nsa betumi aka a, ɛsɛ sɛ wututu anammɔn bi. Ɛsɛ sɛ wugye Asomdwoe Hene no tom, na wobɛn no. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wugye Kristo tom sɛ obi a odi dwuma sɛ nnipa abɔnefo Gyefo ne wɔn Agyede. Yesu ankasa na ɔkaa asɛm a agye din yi: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛkyerɛ Kristo Yesu mu gyidi sɛ Nea Onyankopɔn nam ne so de nokware asomdwoe ne nkwagye ba anaa? Edin foforo biara nni asase so fam ha a ebetumi de asomdwoe aba na ahwɛ ama atra hɔ daa. (Filipifo 2:8-11) Dɛn ntia? Efisɛ Yesu ne Nea Onyankopɔn Apaw no. Ɔne asomdwoe ho somafo a ɔsen biara a watra asase so pɛn. Wubetie Yesu adi ne nhwɛso akyi?

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 17:3 no ho?

18 Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wunya nokware nimdeɛ denam Yehowa Adansefo nhyiam horow a wobɛkɔ wɔ Ahenni Asa so daa no so. Saa nhyiam ahorow a wɔyɛ de sua ade yi bɛkanyan wo ma woaka wo nimdeɛ ne w’anidaso no ho asɛm akyerɛ afoforo. Wo nso wubetumi abɛyɛ Onyankopɔn asomdwoe ho bɔfo. Sɛ wode wo ho to Yehowa Nyankopɔn so a, wubetumi anya asomdwoe nnɛ sɛnea wɔaka wɔ Yesaia 26:3, wɔ New International Version mu no: “Nea n’adwene tim na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ ɔde ne ho to wo so.” Hena na ɛsɛ sɛ wode wo ho to no so? “Momfa mo ho nto Yehowa so daa daa, efisɛ Yah Yehowa ne daa Botan.”—Yesaia 26:4, NW.

19, 20. Dɛn na ɛda hɔ ma wɔn a ɛnnɛ wɔhwehwɛ asomdwoe na wodi akyi no?

19 Yɛ nea ɛbɛma woanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a asomdwoe wom no mu nnɛ. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” So ɛnyɛ ɛno ne daakye a asomdwoe wom a wopɛ sɛ wunya?

20 Afei kae nea Onyankopɔn de ahyɛ bɔ no. “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.” (Dwom 37:11, 37) Sɛ saa anigye da no ba a, ɛmmra sɛ yɛde anisɔ bɛka sɛ, “Nokware asomdwoe anya aba! Yɛda Yehowa Nyankopɔn, nokware asomdwoe farebae no, ase!”

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn na ebetumi aboa obi ma wayɛ nsakrae wɔ nsusuwii ne nneyɛe mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na sɛ́ ankorankoro ne nnipakuw no, Yehowa Adansefo akyerɛ sɛ wɔdɔ nokware asomdwoe?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne wɔn a wɔhyɛ ɔtan ne akodi ho nkuran no nyinaa bedi?

◻ Dɛn na Asomdwoe Hene no nniso bɛyɛ ama adesamma?

[Kratafa 14 mfonini ahorow]

Ɛnyɛ UN no na ɛma Yesaia nsɛm no nya mmamu, na mmom wɔn a wotie Yehowa nkyerɛkyerɛ no

[Kratafa 15 mfonini ahorow]

Saa mmarima baanu yi yɛɛ nsakrae ahorow de dii asomdwoe akyi

Rami Oved

Georg Reuter

[Kratafa 16 mfonini]

Nokware asomdwoe bɛkɔ so wɔ Asomdwoe Hene no nniso ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena