Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 1/8 kr. 15-17
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso a Wonni—Ɛyɛ Asiane
  • Ma Yehowa Nyɛ W’ahotoso
  • Paw Afotufo Pa
  • Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛyɛ Nea Emu Yɛ Den Ankasa?
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Wobɛko Atia Atipɛnfo Nhyɛso
    Nyan!—2014
  • Mmabun—Munnyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛso Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 1/8 kr. 15-17

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano?

“Atipɛnfo nhyɛso wɔ baabiara.”—Jesse, a wadi mfe 16.

“Atipɛnfo nhyɛso a efi me mfɛfo sukuufo hɔ no yɛ nsɛnnennen a na ɛsɛ sɛ migyina ano bere a na merenyin no mu biako.”—Johnathan, a wadi mfe 21.

AKYINNYE biara nni ho sɛ atipɛnfo nhyɛso yɛ tumi a ɛsɛ sɛ yebu no aniberesɛm. Nanso, nya awerɛhyem sɛ wubetumi ako atia. Afei nso, wubetumi adi so anya so mfaso mpo. Nanso ɔkwan bɛn so?

Wɔ asɛm a edi eyi anim wɔ nsɛm a edidi so a yɛresusuw ho yi mu no, yesusuw ɔkwan a edi kan a ɛho hia bi ho: Hu tumi a atipɛnfo nhyɛso wɔ ne mmeae a woyɛ mmerɛw a ebetumi anya wo so nkɛntɛnso no.a Akwampa bɛn bio na wubetumi afa so? Akwankyerɛ a mfaso wɔ so a wuhia no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Mmebusɛm 24:5 ka sɛ: ‘Ɔbarima nimdefo wɔ ahoɔden.’ Nimdeɛ bɛn na ebetumi akanyan wo ma woadi atipɛnfo nhyɛso so? Ansa na yebebua ɛno no, ma yenni kan nsusuw ɔhaw a ebetumi ama atipɛnfo nhyɛso anya wo so tumi ho.

Ahotoso a Wonni—Ɛyɛ Asiane

Ɛtɔ mmere bi a atipɛnfo nhyɛso bɛyɛ ɔhaw titiriw ma Yehowa Adansefo mmabun efisɛ sɛnea wɔbɔ wɔn bra no hwehwɛ sɛ wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. (Mateo 28:19, 20) So ɛtɔ mmere bi a, wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ mmabun a wuhyia wɔn no? Ɛnyɛ wo nko. Melanie a wadi mfe 18 no ka sɛ: “Bere a ɛbae sɛ mɛka akyerɛ mmabun foforo sɛ meyɛ Ɔdansefo no, na ɛnyɛ mmerɛw sɛnea misusuwii no.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ minya akokoduru sɛ mɛma afoforo ahu sɛ meyɛ Ɔdansefo pɛ a, na ehu aka me bio.” Ɛte sɛ nea atipɛnfo nhyɛso a ɛnyɛ papa na ɛtwee no sanee.

Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ mmarima ne mmea a na wɔn gyidi da nsow binom mpo twentwɛnee wɔn nan ase sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Sɛ nhwɛso no, na aberante Yeremia nim sɛ obehyia fɛwdi ne ɔtaa sɛ ɔkasa akokoduru so sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no no a. Afei nso, na Yeremia nni ahotoso. Dɛn ntia? Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” So Onyankopɔn gye toom sɛ Yeremia yɛ abofra nti ɔmfata sɛ ɔbɛkasa? Dabi. Yehowa maa odiyifo no awerɛhyem sɛ: “Nka sɛ: Meyɛ abofra.” Yehowa toaa nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no so, na ɔde dwumadi titiriw bi hyɛɛ aberante a na ɔtwentwɛn ne nan ase no nsa.—Yeremia 1:6, 7.

Sɛ yɛannya ahotoso, na yɛn adwene ansi yɛn pi a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛko atia atipɛnfo nhyɛso. Nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ ada eyi adi. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1937 mu no nyansahufo bi a wɔfrɛ no Muzafer Sherif yɛɛ nhwehwɛmu bi a agye din. Ɔde nkurɔfo guu dan bi a emu yɛ sum mu, ɔkyerɛɛ wɔn baabi ketewaa bi a hann fi ba, na afei obisaa wɔn baabi ko a hann no tumi kodu.

Nokwarem no, na hann no nkekaa ne ho koraa; na ɛyɛ aniso nnaadaa kɛkɛ. Bere a obisaa ankorankoro no, obiara kyerɛɛ sɛnea ohu baabi a hann no keka ne ho kodu. Nanso, wobisaa wɔn wɔ akuw mu sɛ wɔnka wɔn nhwehwɛmu no den. Dɛn na ɛbae? Esiane sɛ na wonni wɔn ankasa mu ahotoso nti, wonyaa wɔn ho wɔn ho so nkɛntɛnso. Bere a wɔkɔɔ so bisabisaa wɔn no, wɔn mmuae no dii nsɛ ara kosii sɛ wobenyaa “nnipakuw adwene.” Bere a wobisabisaa wɔn bio sɛ ankorankoro mpo no, mmuae a wɔde mae sɛ kuw no kɔɔ so nyaa wɔn so nkɛntɛnso.

Saa nhwehwɛmu no kyerɛkyerɛ asɛm titiriw bi mu. Ahotoso a nkurɔfo nni anaa wɔn adwene a ensi wɔn pi no ma wogyaa wɔn ho mu ma atipɛnfo nhyɛso. Asɛm no kanyan adwene, anaa ɛnte saa? Sɛnea ɛte biara no, atipɛnfo nhyɛso betumi anya nkurɔfo so nkɛntɛnso bere a nsɛm a ɛho hia sɔre a adwene a wokura wɔ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim, nnubɔnenom, ne botae horow a wobedi akyi wɔ wɔn asetram mpo ka ho no. Sɛ yɛma ho kwan ma “nnipakuw adwene” nya yɛn so tumi wɔ nsɛm a ɛtete saa mu a, ebetumi aka yɛn daakye kɛse. (Exodus 23:2) Dɛn na yebetumi ayɛ?

Ɛnde, mmuae bɛn na wususuw sɛ anka wode bɛma wɔ sɔhwɛ no mu bere a wunim sɛ hann nkeka ne ho no? Ɛda adi sɛ anka woremma nnipakuw no nnya wo so nkɛntɛnso. Yiw, yehia ahotoso. Nanso ahotoso bɛn na yehia wɔ eyi mu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya?

Ma Yehowa Nyɛ W’ahotoso

Ebia woate mpɛn pii sɛ nkurɔfo ka sɛ nya w’ankasa mu ahotoso. Nanso sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ wunya—ne ahotoso ko a wuhia—a adwene horow no nhyia. Afotu a ɛkari pɛ yi wɔ Bible mu: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene.” (Romafo 12:3) Nkyerɛase foforo ma nkyekyɛm yi kenkan sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nnsen sɛnea ɔte ankasa, na mmom ɔmfa anidahɔ mmu ne ho.”—Charles B. Williams.

“Anidahɔ” a wode behu sɛnea “wote ankasa” no bɛma woakwati ahomaso, wo ho a wubegye adi dodo, anaasɛ ahantan. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ahotoso a ɛkari pɛ a ɛte saa no bɛma ahotoso a wowɔ wɔ nea wobɔ mu mmɔden ankasa, adwene, ne ntease a wowɔ no ayɛ kɛse, na woasi gyinae horow a nyansa wom. Wo Bɔfo no ama wo ‘adwene tumi’ na ɛno nyɛ akyɛde ketewa. (Romafo 12:1) Eyi a wobɛma atra w’adwenem no betumi aboa wo ma woako atia nkɛntɛnso a ɛbɛma woama wɔn a wɔatwa wo ho ahyia asi gyinae ama wo no. Nanso, ahotoso bi wɔ hɔ a ebetumi abɔ wo ho ban asen saa mpo.

Wɔde honhom kaa Ɔhene Dawid ma ɔkyerɛwee sɛ: “Na wo, [Yehowa, NW] ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.” (Dwom 71:5) Yiw, Dawid de ne ho too ne soro Agya no so korakora, na ɔyɛɛ saa fi ne mmofraase. Na ɔyɛ “abofra”—ebia na onnii mfe aduonu—bere a Filistini ɔbran Goliat twaa mpoa sɛ Israel sraani biara mfi adi mmra na ɔne no nkutoo nko no. Asraafo no suroe. (1 Samuel 17:11, 33) Ebia atipɛnfo nhyɛso a ebu abam bi sɔree wɔ wɔn mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde ehu kaa sɛnea Goliat kɛse ne n’ahoɔden te ho asɛm na wɔde anibere kae sɛ gye ɔbarima a wabɔ dam na obegye mpoatwa a ɛte saa no atom. Dawid amma nhyɛso a ɛte saa no anni no so. Dɛn ntia?

Hyɛ nsɛm a Dawid ka kyerɛɛ Goliat no nsow: “Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo [Yehowa, NW] Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn.” (1 Samuel 17:45) Ɛnyɛ sɛ Dawid anhu Goliat kɛse, n’ahoɔden, anaa nneɛma a ɔde di ako no. Mmom no na onim biribi, te sɛ nea na onim yiye sɛ ahunmu wɔ n’atifi wɔ soro no. Ná onim sɛ Goliat nsɛ hwee sɛ wɔde no toto Yehowa Nyankopɔn ho a. Sɛ na Yehowa wɔ Dawid afã a, ɛnde na dɛn nti na ɛsɛ sɛ osuro Goliat? Onyankopɔn mu ahotoso a ɛte saa no maa Dawid gyinaa pintinn. Atipɛnfo nhyɛso biara antumi amma wanhinhim.

So wowɔ Yehowa mu ahotoso a ɛte saa? Ɔnsakrae fi Dawid bere so. (Malaki 3:6; Yakobo 1:17) Dodow a wusua ne ho ade no, dodow no ara na wuhu sɛ biribiara a ɔka kyerɛ wo wɔ N’asɛm mu no yɛ nokware. (Yohane 17:17) Emu na wubenya gyinapɛn a ɛnsakra a wotumi de ho to so, a ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ asetra mu na aboa wo ma woako atia atipɛnfo nhyɛso. Sɛ Yehowa a wode no bɛyɛ w’ahotoso no da nkyɛn a, biribi foforo nso wɔ hɔ a wubetumi ayɛ.

Paw Afotufo Pa

Onyankopɔn Asɛm twe adwene si hia a ehia sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ pa so. Mmebusɛm 1:5 ka sɛ: “Na onimdefo mfa nnya atɛmpa.” W’awofo a wo yiyedi ho hia wɔn yiye no, betumi ayɛ akwankyerɛ fibea. Indira nim eyi yiye. Ɔka sɛ: “Nokware no mu a menam nnɛ no fi m’awofo a bere nyinaa wɔne me de Kyerɛwnsɛm susuw nsɛm ho na wɔmaa mihuu Yehowa sɛ obi ankasa wɔ m’asetram no.” Mmabun pii te nka saa ara.

Sɛ woyɛ Kristofo asafo no muni a, wubenya mmoa kɛse wɔ hɔ—ahwɛfo anaa mpanyimfo a wɔapaw wɔn, ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw. Abeawa Nadia ka sɛ: “Medan mpanyimfo a wɔwɔ m’asafo mu no ankasa. Mekae ɔkasa bi a ɔhwɛfo guamtrani no mae a na ɛfa mmabun ho titiriw no. Wɔ nhyiam no akyi no me ne m’adamfo ani gyei efisɛ nea ɔkaa ho asɛm no yɛ nea na yɛte nka sɛ yɛrehyia.”

Akode foforo a wɔde ko tia atipɛnfo nhyɛso a ɛnteɛ ne atipɛnfo nhyɛso a ɛteɛ. Sɛ wopaw nnamfo pa nyansa mu a, wobetumi aboa wo ma woabata botae horow ne gyinapɛn horow a ɛyɛ papa ho. Yɛbɛyɛ dɛn apaw nnamfo pa? Ma afotu yi ntra w’adwenem: ‘Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛyɛ onyansafo, nanso nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane.’ (Mmebusɛm 13:20) Nadia de anidahɔ paw nnamfo pa wɔ sukuu mu—ne mfɛfo gyidifo, a na wɔne no kura abrabɔ gyinapɛn koro mu. Ɔka sɛ: “Sɛ na mmarimaa a wɔwɔ sukuu mu no ba ‘bɛka’ asɛm bi kyerɛ yɛn a, na yɛboa yɛn ho yɛn ho.” Nnamfo pa betumi aboa ma yɛada su pa a yɛwɔ no adi. Mmɔden a yɛbɔ de hwehwɛ wɔn no fata.

Nya awerɛhyem sɛ, sɛ wunya Yehowa mu ahotoso, hwehwɛ akwankyerɛ fi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ, na wufi nyansa mu paw nnamfo pa a, wubetumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano. Nokwarem no, wubetumi abenya nkɛntɛnso pa wɔ wo nnamfo so na woaboa wɔn ma wɔne wo nyinaa afa nkwa kwan so.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛyɛ Nea Emu Yɛ Den Ankasa?” wɔ November 8, 2002, Nyan! mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Hwehwɛ nnamfo pa a wɔne wo nyinaa dɔ Onyankopɔn ne ne gyinapɛn ahorow

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

‘Fekubɔne sɛe ɔbra pa.’—1 Korintofo 15:33

‘Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛyɛ onyansafo.’—Mmebusɛm 13:20

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena