Mmofra Bisa Sɛ . . .
Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro Ntam Nna—Ɛyɛ Bɔne Saa?
“Efi me mmofraberem no, manya bɔbeasu koro nna ho akɔnnɔ. Esiane sɛ na mente ase nti, manyɛ ahwɛyiye. Eyi maa me ne m’adamfo bi yɛɛ biribi a enye koraa. Metee afobu kɛse nka, na misusuwii sɛ Yehowa remfa mfiri me da.”
“TV REBƆ Mmɔden sɛ Ɛde Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro Ntam Nna ho Nsɛm Bɛhyɛ Yɛn Mma Adwenem.” Ná eyi ne asɛm bi a atesɛm nkrataa sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee no asɛmti. Sɛnkyerɛwfo no kyerɛwee sɛ: “Woyi dwumadi pii a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da asetra kwan ye kyerɛ wɔn a wɔhwɛ television.” Nanso, TV yɛ akwan a wɔnam so nnansa yi ma wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna nya nkɔso wɔ mmerante ne mmabaa mu no biako pɛ. Akyerɛkyerɛfo, atipɛnfo, sini ahorow, nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow nso rema nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna ye nya nkɔso.
Nnuruyɛfo nso rema adeyɛ yi nya nkɔso. Bere tenten a atwam ni no, na nnuruyɛfo bu wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna sɛ ɔyare. Nanso wɔ 1973 mu no, Fekuw a Ɛhwɛ Amerika Adwenemhawfo Ho Nsɛm So kae sɛ wɔremmu wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna sɛ adwenemhaw bio. Efi saa bere no, nnuruyɛfo pii apene wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da so ma wɔreyɛ aka mpo sɛ mfomso biara nni ho. Sɛ nhwɛso no, adwenemhaw ho duruyɛfo Albert Ellis kae sɛ, wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna “nyɛ bɔne koraa, na mmom ɛyɛ nnipa ntam nna a eye. . . . Sɛ wopɛ a fa wo ho hyɛ mu, na mma obiara nnnaadaa wo na ama woagye adi sɛ ‘enye’ anaasɛ ‘ahaw wo.’”
Adwene a ɛte saa no nye koraa ma enti Newsweek nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ nea wɔda no adi wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ ne mfonini mu ne nea aba so foforo a wogye tom no hyɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so nkuran nti, wɔresɔ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ne ɔbarima ne ɔbea ntam nna ahwɛ wɔ petee mu.” Bere a mmere a atwam no na mmofra pow wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna denneennen no, ɛnyɛ anihaahaa sɛ wɔbɛka sɛ nnɛ mmofra a wɔredɔɔso bu no sɛ “biribi a aba so.” Mmofra a wɔmfa wɔn ho nhyɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna mu mpo no taa pene afoforo a wɔyɛ no so. Abofra bi a ne din de Darren ka sɛ: “Migye di sɛ sɛ m’adamfo bi ka kyerɛ me sɛ ɔne obi a ɔne no wɔ bɔbeasu koro da a, mɛkɔ so ara ayɛ n’adamfo.” Abarimaa bi a ɔkɔ kɔlege mpo kyerɛe sɛ ebetumi aba sɛ n’adwenem nna hɔ ankasa esiane “mmea nkutoo a ɔpɛ wɔn nti”!
Enti, biribiara a wɔma ho kwan nnɛ no betumi ama Kristofo mmofra adwene atu afra—titiriw wɔn a ntease bi nti wɔkyerɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna ho anigye no.a Wonim sɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna nsɔ Onyankopɔn ani, na wofi koma mu pɛ sɛ wɔkwati. Nanso, ɛtɔ mmere bi a mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so no tumi ma wɔbrɛ araa ma ebia wobefi ase abisa wɔn ho sɛ nea Bible no ka wɔ ho no ye na ntease wom anaa. Ebia wobebisa sɛ, ‘Wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna yɛ bɔne saa?’
Nea Onyankopɔn Asɛm Ka
Nea ɛbɛma woanya mmuae no, w’ankasa kenkan nea ɔsomafo Paulo kae wɔ 1 Korintofo 6:9, 10: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo [“mmaninguaman,” New International Version; “mmarima a wɔayɛ wɔn ho sɛ mmea,” King James Version;] mmarima a wɔne wɔn ho da [“Sodomfo,” Jerusalem Bible; “akyideyɛfo a wɔne wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro da,” Today’s English Version], ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” Hyɛ no nsow sɛ Paulo hyɛɛ da kaa wɔn a adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ na wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna mu pii ne wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu pii sɛ “mmarima” wɔ wɔn ɔbrasɛe no mu ho asɛm. Enti ɔkae pefee sɛ Onyankopɔn mpene wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna mu nneyɛe biara so.
Eyi nso da adi wɔ Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 1:18-27 no mu: “Na woyi Nyankopɔn abufuw adi fi soro gu nnipa a wɔde ade a ɛnteɛ siw nokware kwan no mmusubɔ ne ade a ɛnteɛ nyinaa so . . . Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efi wɔn koma akɔnnɔ mu, sɛ wɔmmobɔ wɔn nipadua adapaa wɔn mu . . . Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn [mfɛfo mmarima] ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade.” Ɛha no, Paulo hyɛɛ da kasa tiaa mmarima ne mmea a wɔne wɔn ho da nyinaa. Ɔkasa tiaa wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna sɛ ɛnyɛ ne kwan so na ɛyɛ “adapaade.”
Ɛma Yare Anaa Apɔwmuden?
Ebia nnipa pii bɛka sɛ nea Bible no ka no atwam. Nanso sɛ wudwen ho a, hena na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn wɔ honam, adwene, nkate ne honhom fam yiye sen yɛn Bɔfo no? Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea, na ɔde anigye a wonya ma wɔn ho no hyɛɛ wɔn mu. (Genesis 1:27, 28) Wɔammɔ wɔn sɛ wonnya obi a wɔne no wɔ bɔbeasu koro ho akɔnnɔ sɛ wɔne no bɛda. Afei nso, Onyankopɔn akyerɛ sɛ aware mu nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea da.—Hebrifo 13:4.
Eyi mfa nsɛnnennen biara mmrɛ yɛn. Yehowa Nyankopɔn ka wɔ Yesaia 48:17 sɛ: “Mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.” Yiw, onim nea ɛboa yɛn ne nea epira yɛn. Ɛwom sɛ wɔ ebinom fam no, ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ wobedi Bible nkyerɛkyerɛ akyi de, nanso ɛyɛ ‘nkyerɛkyerɛ pa’ a eye ma adwene ne nipadua no bere nyinaa. (Tito 2:1) Ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna betumi apira obi wɔ honam, nkate ne honhom mu.
AIDS ho haw no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da asetra kwan nye no. Wɔ Amerika Kusuu Fam no, ɛda adi kɛse sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da betumi anya ɔyare no asen obiara. Nanso AIDS yɛ nyarewa a ɛtaa ka wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da—mmerɛbo yare, babaso, kekae ne nsono mu yare bi—no mu biako pɛ. Dɛn na ɛma yare yi trɛw? Oduruyɛfo Joseph Nicolosi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nhoma akyerɛwfo pii akyerɛw wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da asetra kwan a wontumi nnyae no ho nsɛm.” Nhwehwɛmu biako a ɛkɔ akyiri a wɔyɛe no daa no adi sɛ: “Mmarima a wɔne wɔn ho da ɔha biara mu 28 ne wɔn mfɛfo apem anaa nea ɛboro saa ada. . . . Aborɔfo a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da mu bɛyɛ fã . . . kae sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔne mfɛfo 500 ada.”
Nhoma Homosexual Behavior kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da “suro sɛ wɔbɛhyɛ bɔ sɛ wɔde wɔn ho bɛma wɔn ho wɔn ho nkutoo anaasɛ wɔn asɛyɛde nkutoo na wobedi ho dwuma . . . Ɛtɔ mmere bi a, akɔnnɔ a emu yɛ den a wonya sɛ wɔne afoforo pii bɛda no kanyan wɔn kɛse. Saa nkurɔfo yi mu binom betumi ne nnipa du anaa nea ɛboro saa ada da koro pɛ anaa anwummere biako.” Nneyɛe a ahosodi nnim a ɛte saa no betumi ayɛ adepa? Ɛnyɛ abofono ne animguasede? Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe a ɛte saa a ɛrekɔ so mu no yɛ “ɔporɔw nkoa.”—2 Petro 2:19.
Nea ɛka ho no, wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna mu fã kɛse no ara yɛ atantanne, basabasayɛ ne atirimɔden ankasa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Nneɛma a wohintaw yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din po.” (Efesofo 5:12) Saa basabasayɛ no kyerɛ abufuw ne ɛyawdi a ahintaw wɔ nea wose ɛyɛ asetra kwan a “anigye” wom mu no. Ampa, wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da no mu binom kyerɛ sɛ wommu ahohwibra. Nanso saa nkurɔfo yi mu kakraa bi na wɔwɔ “ɔhokafo biako”—na wɔn abusuabɔ no ntaa nkyɛ. Sɛ bɔbeasu koro abusuabɔ tra hɔ kyɛ mpo a, entumi nyɛ nea efi ɔdɔ a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no mu. Saa ɔdɔ no ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata.’—1 Korintofo 13:4, 5.
Nea Efi Mu Ba
Paulo ka wɔ Romafo 1:27 sɛ: “Mmarima ne mmarima yɛɛ ahude a ɛyɛ aniwu, na nokwarem no, wonyaa nna mu adaapade so akatua wɔ wɔn ankasa mu.” (The New Testament in Modern English a J. B. Phillips yɛe) Wɔ akwan bɛn so? Ade biako ne sɛ nhoma Homosexual Behavior bɔ amanneɛ sɛ: “Mmea a wɔne wɔn ho da taa bo nsa na wɔde nnubɔne di dwuma kɛse sen mmea a wɔne mmarima da.” Nhwehwɛmufo bi nso kyerɛ sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da taa bɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho.
Nea epira obi sen biara ne sɛnea ɛka ne honhom mu yiyedi. Wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da no hu sɛ ‘wɔn adwenem aduru sum, na wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.’ (Efesofo 4:18) Na mmofra a wosuro Nyankopɔn a, ɛmfa ho sɛ wɔwɔ Bible nnyinasosɛm ho nimdeɛ no, wohu sɛ wɔkyerɛ wɔn a wɔne wɔn wɔ bɔbeasu koro ho anigye no nso ɛ? Ɛda adi sɛ wɔwɔ akodi bi ankasa. Nokwarem no, sɛnea Onyankopɔn bu wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna a saafo no behu no bɛboa wɔn ma ‘wɔakyi bɔne.’ (Romafo 12:9) Akwan pii nso wɔ hɔ a wobetumi afa so awkati wɔn ho mu a wobegyae ama akɔnnɔ bɔne. Yebesusuw eyi ho wɔ nea ebedi eyi so aba no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Mewɔ Saa Nkate Horow Yi?” wɔ February 8, 1995, Engiresi Nyan! mu.
[Kratafa 9 mfonini]
Wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da asetra kwan de ahohwibra, adwenemhaw ne ɔyare na ɛba