Bɔne So Nkonimdi
“ƐDƐN nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkɔfa ne ti ɛ!” Israel sahene Abisai na ɔsrɛɛ saa ade yi. Ɛyɛ abufuw mu a ofi yɛɛ ade bere a ɔtee sɛ Benyaminni bi a wɔfrɛ no Simei fi ɔtan mu redome ne wura, Ɔhene Dawid, no.—2 Samuel 16:5-9.
Ná Abisai reda su a nnipa pii gye tom nnɛ—sɛ wode kokurobeti kɔ ayie a wɔde sotɔre na egya wo kwan—no bi adi. Yiw, na Abisai pɛ sɛ Simei hu yaw a ɔyaw Dawid no ho amane.
Nanso, Dawid yɛɛ n’ade dɛn? Dawid siankaa Abisai sɛ: “Munnyaa no.” Ɛwom sɛ na sobo a Simei rebɔ no no nyɛ nokware de, nanso Dawid fi ahobrɛase mu ko tiaa mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛtɔ ne so were no. Mmom no, ɔde asɛm no hyɛɛ Yehowa nsa.—2 Samuel 16:10-13.
Bere a Dawid guan fii ne babarima no ntua a odii mu nkogu no mu, na ɔsan bɛtraa agua no so akyi no, wɔn a wodii kan bekyiaa no srɛɛ no bɔne fafiri no mu biako ne Simei. Bio no, na Abisai pɛ sɛ okum no, nanso Dawid ansan amma kwan.—2 Samuel 19:15-23.
Wɔ saa asɛm yi mu no, Dawid yɛɛ Yesu Kristo a ɔsomafo Petro kyerɛw faa ne ho sɛ: “Ɔno na wɔyaw no, nanso wanyaw bi, . . . na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa” no ho mfonini ma ɛfatae.—1 Petro 2:23.
Ɛnnɛ, wotu Kristofo fo sɛ ‘wonnwen ahobrɛase adwene, na wɔmmfa bɔne nntua bɔne so ka.’ (1 Petro 3:8, 9) Sɛ yedi nhwɛso a Dawid ne Yesu Kristo yɛe no akyi a, yɛn nso yebetumi ‘de papa adi bɔne so nim.’—Romafo 12:17-21.