Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 12/8 kr. 10-11
  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Wo Tow Ahorow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Wo Tow Ahorow?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atumfoɔ a Wɔkorɔn
  • “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Towtua​—Ɛyɛ “Nnipa Anibue” So Akatua?
    Nyan!—2003
  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Tow Ahorow Nyinaa?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 12/8 kr. 10-11

So Ɛsɛ sɛ Wutua Wo Tow Ahorow?

“Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no, amanne mma nea amanne sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni.”—Romafo 13:7.

ESIANE sɛ towtua rekɔ so dɔɔso nti, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubegye afotu a ɛwɔ atifi hɔ no atom. Nanso, wɔayɛ saa nsɛm a ɔsomafo Paulo kae no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wubu Bible no. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ Kristofo tua tow ahorow nyinaa bi—a nea ebia ebinom bu no sɛ ɛyɛ apoobɔ ka ho no?’

Susuw afotu a Yesu de maa n’asuafo no ho hwɛ. Na onim sɛ ne nkurɔfo a wɔyɛ Yudafo no ani nnye tow a na wɔatwa ama wɔn wɔ Roma no ho koraa. Eyi nyinaa akyi no, Yesu hyɛe sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Marko 12:17) Nea ɛyɛ nwonwa no, Yesu hyɛe sɛ wontua tow mma nniso koro no ara a na ɛrenkyɛ na abu no kumfɔ no.

Mfe kakraa bi akyi na Paulo de afotu a yɛkaa ho asɛm mfiase no mae. Ɔhyɛe sɛ wontua tow ɛmfa ho sɛ na wɔde sika no fã kɛse no hwɛ Roma asraafo ne afei Roma ahempɔn a na ɔbrasɛe ne akɛsesɛm ahyɛ wɔn ma no. Dɛn nti na Paulo nyaa adwene a na ɔmanfo ani nnye ho saa?

Atumfoɔ a Wɔkorɔn

Susuw nsɛm a ɛfa Paulo nsɛm no ho no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee wɔ Romafo 13:1 sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.” Bere a na atumfoɔ a wosuro Nyankopɔn di Israel man no so no, na wobu sika a woyi de boa ɔman no sɛ ɔmamma asɛyɛde ne ɔsom mu adeyɛ. Nanso, so na Kristofo wɔ asɛyɛde koro no ara bere a na atumfoɔ no yɛ abosomfo no? Yiw, na ɛte saa! Paulo nsɛm no kyerɛe sɛ na Onyankopɔn ama atumfoɔ no “tumi” sɛ wonni ade.

Egye mmɔdemmɔ kɛse na aban horow no atumi ama mmara ayɛ adwuma. Eyi ma Kristofo nya hokwan yɛ wɔn honhom fam nnwuma. (Mateo 24:14; Hebrifo 10:24, 25) Enti Paulo kaa atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma wo papa.” (Romafo 13:4) Paulo ankasa nyaa ahobammɔ a Roma atumfoɔ no de mae no so mfaso. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔtɔɔ basabasayɛfo kuw bi nsam no, Roma asraafo na etwitwa gyee no. Akyiri yi, ɔde adesrɛ kɔtoo Roma asɛnni nhyehyɛe no anim, na ama watumi akɔ so asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo.—Asomafo no Nnwuma 22:22-29; 25:11, 12.

Ne saa nti, Paulo kaa nneɛma abiɛsa a enti ɛsɛ sɛ yetua tow no ho asɛm. Nea edi kan no, ɔkaa “abufuw” a aban ahorow no de twe mmaratofo aso no ho asɛm. Nea ɛto so abien no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ obi a osuro Onyankopɔn anni towtua mu nokware a ebetumi ahaw n’ahonim. Awiei koraa no, ɔkyerɛe sɛ tow a yetua no yɛ nnwuma a aban yɛ ma yɛn sɛ “asomfo” no so akatua.—Romafo 13:1-6.

So Paulo mfɛfo Kristofo no tiee n’asɛm no? Ɛda adi sɛ wɔyɛɛ saa, efisɛ Justin Martyr (ɔtraa ase bɛyɛ afe 110 kosi 165 Y.B.) a na ɔfrɛ ne ho Kristoni wɔ afeha a ɛto so abien no mu no kae sɛ na Kristofo no fi wɔn pɛ mu tua wɔn tow ahorow “sen nnipa nyinaa.” Ɛnnɛ, sɛ aban hwehwɛ sɛ Kristofo de wɔn bere anaa sika tua no ka a, wofi wɔn pɛ mu di mmara no so.—Mateo 5:41.a

Ɛwom, Kristofo wɔ hokwan sɛ wɔtew adwumam ka a mmara ma kwan no fi wɔn mfaso mu ansa na wɔatua tow. Wɔ nsɛm tebea bi mu no, wobetumi anya hokwan sɛ wɔrentua tow esiane sɛ wɔboa nyamesom ahyehyɛde ahorow nti no. Nanso, esiane sɛ nokware Kristofo tie Nyankopɔn Asɛm nti, wonguan towtua. Wotua wɔn tow ahorow, na wogyaw nea atumfoɔ no de sika no bɛyɛ no ho asodi ma wɔn.

Towtua mu apoobɔ yɛ ɔkwan biako a ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Yehowa Adansefo ma Bible bɔhyɛ a ɛne sɛ ɛrenkyɛ wobebu nnipa nyinaa atɛn wɔ trenee mu wɔ Onyankopɔn nniso—nniso a ɛmfa tow ahorow a ɛmfata nto nnipa so bio—ase no kyekye wɔn werɛ.—Dwom 72:12, 13; Yesaia 9:7.

[Ase hɔ asɛm]

a Afotu a Yesu de mae sɛ “momfa Kaesare de mma Kaesare” no mfa towtua nkutoo ho. (Mateo 22:21) Critical and Exegetical Hand-Book to the Gospel of Matthew a Heinrich Meyer kyerɛwee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔka sɛ [Kaesare de] . . . a, ɛnsɛ sɛ yɛte ase sɛ ɛyɛ ɔman tow kɛkɛ, na mmom biribiara a Kaesare tumidi a ɛfata no nti ɛsɛ no.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Tete Kristofo no fi wɔn pɛ mu tuaa wɔn tow “sen nnipa nyinaa.”—JUSTIN MARTYR

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nokware Kristofo di tow ho mmara horow so

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Yesu kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]

© European Monetary Institute

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena