Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/15 kr. 10-15
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Bu Akontaa Kyerɛ Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Bu Akontaa Kyerɛ Onyankopɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔfo Bu Akontaa
  • Onyankopɔn Ba no Bu Akontaa
  • Akontaa a Aman Bu
  • Ankorankoro Bi a Wobuu Akontaa Ho Nhwɛso Ahorow
  • Akontaabu Wɔ Kristofo Asafo no Mu
  • Yehowa Ani Nsɔ W’akontaabu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Kristofo Hia Wɔn Ho Wɔn ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Amanaman No ‘Behu Sɛ Mene Yehowa’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/15 kr. 10-15

Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Bu Akontaa Kyerɛ Onyankopɔn

“Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”—ROMAFO 14:12.

1. Anohyeto ahorow bɛn na wɔde maa Adam ne Hawa wɔ wɔn ahofadi ho?

YEHOWA NYANKOPƆN bɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, sɛ nnipa a wotumi paw nea wɔpɛ. Ɛwom sɛ na wɔba fam sen abɔfo de, nanso na wɔyɛ abɔde a wonim nyansa a wobetumi asisi gyinae a nyansa wom. (Dwom 8:4, 5) Nanso, na ahofadi a Onyankopɔn de maa wɔn no nyɛ hokwan a ɛbɛma wɔn ankasa atumi ayɛ biribi a wosusuw sɛ eye biara. Na ɛsɛ sɛ wobu akontaa kyerɛ wɔn Bɔfo, na saa akontaabu yi atrɛw aka wɔn asefo nyinaa.

2. Akontaa bɛn na Yehowa bɛma wɔabu nnansa yi ara, na dɛn ntia?

2 Seesei a yɛrebɛn nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no, Yehowa bɛma wɔabu akontaa wɔ asase so. (Fa toto Romafo 9:28 ho.) Ɛrenkyɛ, nnipa amumɔyɛfo bebu akontaa akyerɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ asase so nneɛma a wɔasɛe no, nnipa a wɔakunkum wɔn, na ne titiriw no, n’asomafo a wɔataa wɔn, no ho.—Adiyisɛm 6:10; 11:18.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Bere a akwanhwɛ a anibere wom yi da yɛn anim no, mfaso wɔ so sɛ yebesusuw akwantrenee a Yehowa faa so ne n’abɔde dii nsɛm wɔ mmere a atwam mu no ho. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no betumi aboa yɛn, ma yɛn ankasa atumi abu akontaa a ɛfata akyerɛ yɛn Bɔfo no? Nhwɛso ahorow bɛn na ebetumi aboa, na nea ɛwɔ he na ɛnsɛ sɛ yesuasua?

Abɔfo Bu Akontaa

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ abɔfo bu wɔn nneyɛe ho akontaa kyerɛ Onyankopɔn?

4 Yehowa abɔde a wɔwɔ soro a wɔne abɔfo no nso bu akontaa kyerɛ no te sɛ yɛn ara. Ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba no, abɔfo bi yɛɛ asoɔden danee wɔn ho nnipa na ama wɔatumi ne mmea adeda. Sɛ́ abɔde a na wotumi paw nea wɔpɛ no, na saa honhom mu abɔde yi betumi asi saa gyinae yi, nanso Onyankopɔn ma wobuu ho akontaa. Bere a abɔfo asoɔdenfo no san kɔɔ ahonhom atrae hɔ no, Yehowa amma wɔannya wɔn kan gyinabea no bio. Osuani Yuda ka kyerɛ yɛn sɛ wɔde “daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.”—Yuda 6.

5. Asehwe bɛn na Satan ne n’adaemone aba mu, na ɔkwan bɛn so na wobebu wɔn atuatew no ho akontaa?

5 Satan Ɔbonsam ne saa abɔfo asoɔdenfo, anaa adaemone yi sodifo. (Mateo 12:24-26) Saa ɔbɔfo bɔne yi tew atua tiaa ne Bɔfo, na otwaa fata a Yehowa tumidi fata no ho mpoa. Satan de yɛn awofo a wodi kan no kɔɔ bɔne mu, na eyi de owu baa wɔn so akyiri yi. (Genesis 3:1-7, 17-19) Ɛwom sɛ ɛno akyi no, Yehowa maa Satan kwan ma otumi kɔɔ ɔsoro abangua so kosii bere bi de, nanso Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no hyɛɛ nkɔm sɛ, wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, ná wɔbɛtow omumɔyɛfo yi afi soro aba asase so. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ eyi sii bere a wɔde Ahenni tumi maa Yesu Kristo wɔ 1914 mu no akyi pɛɛ. Awiei koraa no, Ɔbonsam ne n’adaemone no bɛkɔ daa ɔsɛe mu. Wɔnam tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho dwuma a wobedi awie koraa so bebu atuatew ho akontaa awie wɔ ɔkwan a ɛfata so.—Hiob 1:6-12; 2:1-7; Adiyisɛm 12:7-9; 20:10.

Onyankopɔn Ba no Bu Akontaa

6. Yesu bu n’ankasa akontaa a obu kyerɛ N’agya no dɛn?

6 Hwɛ nhwɛso pa a Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ayɛ ato hɔ! Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ Adam no, Yesu ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛyɛɛ no anigye nso sɛ obebu Yehowa mmara sodi ho akontaa. Odwontofo no hyɛɛ ne ho nkɔm wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.”—Dwom 40:8; Hebrifo 10:6-9.

7. Bere a ade rebɛkye ma Yesu awu a na ɔrebɔ mpae no, dɛn nti na otumi kaa nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Yohane 17:4, 5 no?

7 Ɛmfa ho ɔsɔretia a efi ɔtan mu a Yesu hyiae no, ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde, na okuraa ne mudi mu kosii asɛndua ho wu mu. Ɔnam saayɛ so tuaa agyede bo a ɔde begye adesamma afi ɔhaw ahorow a edi awu a Adam bɔne de bae no mu no. (Mateo 20:28) Enti, ade rebɛkye ma Yesu awu no, otumi de ahotoso bɔɔ mpae sɛ: “Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. Na afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!” (Yohane 17:4, 5) Yesu tumi kaa saa nsɛm no kyerɛɛ ne soro Agya, efisɛ na ɔredi akontaabu ho sɔhwɛ no mu nkonim, na ɔsɔɔ Onyankopɔn ani.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo daa no adi sɛ yɛn ankasa bebu akontaa akyerɛ Yehowa Nyankopɔn? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma Onyankopɔn ani asɔ yɛn?

8 Yɛnte sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo, enti yɛtɔ sin. Nanso, yebebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn asɛnni agua no anim. Na wɔakyerɛw sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa bɛbɔ Onyankopɔn din. Enti afei yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” (Romafo 14:10-12) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa ma Yehowa agye yɛn atom no, ofi ɔdɔ mu ama yɛn ahonim ne N’asɛm a efi honhom mu, Bible no, na akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu. (Romafo 2:14, 15; 2 Timoteo 3:16, 17) Yehowa honhom fam nsiesiei no a yɛde bedi dwuma akosi ase ne yɛn ahonim a yɛde Bible atete no a yebetie no no bɛboa ma Onyankopɔn ani asɔ yɛn. (Mateo 24:45-47) Yehowa honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi, no yɛ ade foforo a ɛma ahoɔden ne akwankyerɛ. Sɛ yɛyɛ yɛn ade ma ɛne honhom no ne yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no akwankyerɛ hyia a, yɛda no adi sɛ ‘yɛntew Onyankopɔn,’ a ɛsɛ sɛ yebu yɛn nneyɛe nyinaa ho akontaa kyerɛ no no “ahi.”—1 Tesalonikafo 4:3-8; 1 Petro 3:16, 21.

Akontaa a Aman Bu

9. Na henanom ne Edomfo, na esiane nea wɔde yɛɛ Israel nti dɛn na ɛbaa wɔn so?

9 Yehowa ma aman no bu akontaa. (Yeremia 25:12-14; Sefania 3:6, 7) Susuw tete ahemman Edom a na ɛwɔ Po a Awu no kesee fam ne Aqaba Faka no kusuu fam no ho hwɛ. Ná Edomfo yɛ Semfo, a wɔne Israelfo bɔ abusua pɛɛ. Ɛwom sɛ na Edom nana ne Abraham banana Esau de, nanso wɔamma Israelfo kwan ma wɔamfa Edom wɔ “ɔhene tempɔn so” bere a wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. (Numeri 20:14-21) Mfehaha no mu no, nitan a Edom nyae wɔ Israel ho no bɛdanee ɔtan a emu yɛ den. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ Edomfo bu akontaa sɛ wɔhyɛɛ Babilonfo nkuran ma wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu. (Dwom 137:7) Wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no, Babilon asraafo a Ɔhene Nabonido da wɔn ano dii Edom so, na ɛbɛyɛɛ amamfõ, sɛnea na Yehowa ahyɛ ato hɔ no.—Yeremia 49:20; Obadia 9-11.

10. Ɔkwan bɛn so na Moabfo yɛɛ wɔn ade wɔ Israelfo ho, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa Moab buu ho akontaa?

10 Ansi Moab nso yiye. Na Moab ahemman no da Edom kusuu fam ne Po a Awu no apuei fam. Ansa na Israelfo redu Bɔhyɛ Asase no so no, Moabfo no ne wɔn anni wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so, na ɛda adi sɛ sika fam mfaso kɛkɛ nti na wɔmaa wɔn paanoo ne nsu. (Deuteronomium 23:3, 4) Moab Hene Balak bɔɔ odiyifo Bileam paa sɛ ɔnnome Israelfo, na wɔde Moabfo mmea daadaa Israelfo mmarima ma wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe ne abosonsom mu. (Numeri 22:2-8; 25:1-9) Nanso, Yehowa ammu n’ani angu ɔtan a Moabfo tan Israel no so. Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, Babilonfo sɛee Moab. (Yeremia 9:25, 26; Sefania 2:8-11) Yiw, Onyankopɔn maa Moab buu akontaa.

11. Moab ne Amon bɛyɛɛ sɛ nkurow bɛn, na dɛn na Bible nkɔmhyɛ ahorow ka wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi ho?

11 Na ɛnyɛ Moab nko na ɛsɛ sɛ wobu akontaa kyerɛ Onyankopɔn na mmom, Amon nso. Na Yehowa ahyɛ nkɔm ato hɔ sɛ: “Moab bɛdan sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, sasono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfõ.” (Sefania 2:9) Wɔyɛɛ Moab ne Amon nsase pasaa, sɛnea na Onyankopɔn asɛe Sodom ne Gomora nkurow no. Sɛnea London Abo Ho Nimdeɛ Kuw kyerɛ no, nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ wɔakohu Sodom ne Gomora amamfõ wɔ Po a Awu no apuei fam mpoano. Eyi ho adanse a edi mũ foforo biara a ɛbɛda adi no bɛfoa Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nso abu akontaa no so mmom.—2 Petro 3:6-12.

12. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Israel bu ne bɔne ho akontaa kyerɛ Onyankopɔn de, nanso nkɔm bɛn na na wɔahyɛ afa Yudafo nkaefo bi ho?

12 Ɛwom sɛ na Israel anya Yehowa anim dom kɛse de, nanso na ɛsɛ sɛ ebu ne bɔne ho akontaa kyerɛ Onyankopɔn. Bere a Yesu Kristo baa Israel man mu no, wɔn mu dodow no ara pow no. Wɔn mu nkaefo bi pɛ na wogyee no dii na wɔbɛyɛɛ n’akyidifo. Paulo kyerɛe sɛ nkɔmhyɛ ahorow bi fa saa Yudafo nkaefo yi ho, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma ano te sɛ mpoano anhwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa; efisɛ Awurade bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa. Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ asafo Awurade annyaw aba amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.” (Romafo 9:27-29; Yesaia 1:9; 10:22, 23) Ɔsomafo no de nnipa 7,000 a na wɔnkotow Baal wɔ Elia bere so no nhwɛso mae, na afei ɔkae sɛ: “Saa ara na sesɛɛ bere yi mu nso nkae bi nam ɔdom paw so aka.” (Romafo 11:5) Nnipa bi a na wɔn ankasa wɔ akontaabu wɔ Onyankopɔn anim na wɔboom yɛɛ saa nkaefo no.

Ankorankoro Bi a Wobuu Akontaa Ho Nhwɛso Ahorow

13. Dɛn na ɛtoo Kain bere a Onyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔmmɛkyerɛ nea enti a okum ne nua Habel no?

13 Bible de ankorankoro bi a wobuu akontaa kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn ho nhwɛso pii ma. Fa Adam abakan, Kain, sɛ nhwɛso. Ɔno ne ne nua Habel bɔɔ afɔre maa Yehowa. Onyankopɔn ani sɔɔ Habel afɔre no, na Kain de no ansɔ n’ani. Bere a wɔfrɛɛ Kain sɛ ɔmmɛkyerɛ nea enti a okum ne nua yayaayaw no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔkwan a tema nnim so sɛ: “Me nua so hwɛfo ne me anaa?” Esiane Kain bɔne no nti, wɔpam no kɔɔ “Nod asase so wɔ Eden apuei.” Wankyerɛ nokware ahonu wɔ ne bɔne no ho, na n’asotwe a ɛfata no nkutoo na odii ho yaw.—Genesis 4:3-16.

14. Ɔkwan bɛn so na ɔsɔfo panyin Eli ne ne mmabarima asɛm no yɛ akontaa a ankorankoro bebu wɔ Onyankopɔn anim no ho nhwɛso?

14 Ankorankoro akontaa a wobebu akyerɛ Onyankopɔn no da adi nso wɔ Israel sɔfo panyin Eli asɛm no mu. Na ne mmabarima, Hofni ne Pinehas, yɛ asɔfo a wɔsom, nanso abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ, “wodii nsisi ho fɔ nnipa anim, na wobuu Onyankopɔn animtiaa, na wɔyɛɛ bɔne nyinaa bi.” Saa “mmahuhufo” yi ammu Yehowa, wɔyɛɛ abusude, na wodii ɔbrasɛe ho fɔ kɛse. (1 Samuel 1:3; 2:12-17, 22-25) Na ɛyɛ Eli, wɔn agya ne Israel sɔfo panyin no asɛyɛde sɛ ɔteɛ wɔn so, nanso ɔkaa wɔn anim brɛoo kɛkɛ. Eli ‘kɔɔ so dii ne mma ni sen Yehowa.’ (1 Samuel 2:29) Asotwe baa Eli fie so. Mmabarima baanu no ne wɔn agya nyinaa wui da koro, na wotwaa hokwan a wɔn abusua wɔ sɛ wodi asɔfo no mu koraa. Wɔnam saayɛ so buu akontaa.—1 Samuel 3:13, 14; 4:11, 17, 18.

15. Dɛn nti na wotuaa Ɔhene Saulo ba Yonatan ka?

15 Ɔhene Saul ba Yonatan yɛɛ nhwɛso soronko koraa. Bere a Dawid kum Goliat akyi bere tiaa bi no, ‘Yonatan kra kyekyeree Dawid kra ho,’ na wɔpam nnamfo apam. (1 Samuel 18:1, 3) Ɛda adi sɛ Yonatan hui sɛ na Onyankopɔn honhom afi Saul ho, nanso nsi a na n’ankasa yɛ wɔ nokware som mu no so anhuan. (1 Samuel 16:14) Anisɔ a na Yonatan wɔ ma tumi a Onyankopɔn de ama Dawid no anhinhim da. Yonatan hui sɛ ɔwɔ akontaabu wɔ Onyankopɔn anim, na Yehowa tuaa ne nneyɛe pa no so ka denam hwɛ a ɔhwɛ ma n’asefo traa hɔ awo ntoatoaso pii no so.—1 Beresosɛm 8:33-40.

Akontaabu Wɔ Kristofo Asafo no Mu

16. Ná hena ne Tito, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ obuu akontaa pa kyerɛɛ Onyankopɔn?

16 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka mmarima ne mmea pii a wobuu akontaa pa no ho nsɛm papa. Sɛ́ nhwɛso no, na Helani Kristoni bi a ne din de Tito wɔ hɔ. Wosusuw sɛ ɔbɛyɛɛ Kristoni wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan a ɛde no kɔɔ Kipro no mu. Esiane sɛ ebetumi aba sɛ na Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wofi Kipro no wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu nti, ebia ɛno akyi bere tiaa bi na Kristosom duu supɔw no so. (Asomafo no Nnwuma 11:19) Nanso, Tito bɛyɛɛ Paulo mfɛfo adwumayɛfo anokwafo no mu biako. Ɔkaa Paulo ne Barnaba ho wɔ kwan a wotu kɔɔ Yerusalem bɛyɛ afe 49 Y.B. no, bere a wosiesiee twetiatwa ho asɛntitiriw no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Tito ntwaa twetia no maa Paulo asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔasakra aba Kristosom mu di Mose Mmara so no dii mũ. (Galatifo 2:1-3) Kyerɛwnsɛm no di Tito som pa no ho adanse, na Paulo mpo kyerɛw krataa a efi Onyankopɔn home mu kɔmaa no. (2 Korintofo 7:6; Tito 1:1-4) Ɛda adi sɛ Tito kɔɔ so buu akontaa pa kyerɛɛ Onyankopɔn kosii n’asase so asetra awiei tɔnn.

17. Akontaa bɛn na Timoteo bui, na ɔkwan bɛn so na nhwɛso yi betumi anya yɛn so tumi?

17 Ná Timoteo nso yɛ mmɔdenbɔfo a obuu akontaa pa kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛwom sɛ na Timoteo wɔ yare bi de, nanso ɔdaa ‘gyidi a nkontompo nnim’ adi, na ‘ɔne Paulo somee asɛmpa no fam.’ Enti ɔsomafo no tumi ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Filipi no sɛ: “Minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no.” (2 Timoteo 1:5; Filipifo 2:20, 22; 1 Timoteo 5:23) Sɛ yɛwɔ nnipa mmerɛwyɛ ahorow, na yehyia sɔhwɛ foforo a, yɛn nso yebetumi anya gyidi a nkontompo nnim, na yebetumi abu akontaa pa akyerɛ Onyankopɔn.

18. Ná hena ne Lidia, na honhom bɛn na ɔdaa no adi?

18 Na Lidia yɛ ɔbea a osuro Onyankopɔn a ɛda adi sɛ obuu akontaa pa kyerɛɛ Onyankopɔn. Na ɔne ne fiefo ka Europafo a wodii kan gyee Kristosom toom esiane dwuma a Paulo dii wɔ Filipi bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no nti. Ebetumi aba sɛ na Lidia a ofi Tiatira no yɛ obi a wasakra abɛyɛ Yudani, nanso ebia na Yudafo kakraa bi na wɔwɔ hɔ, na na hyiadan biara nni Filipi. Ná ɔno ne mmea foforo a wɔpɛ nyamesom ahyiam asubɔnten bi ho na Paulo kasa kyerɛɛ wɔn. Ne saa nti, Lidia bɛyɛɛ Kristoni, na ɔhyɛɛ Paulo ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ wɔntra ne nkyɛn. (Asomafo no Nnwuma 16:12-15) Ahɔhoyɛ su a Lidia yii no adi no da so yɛ nokware Kristofo agyiraehyɛde.

19. Nneyɛe pa bɛn so na Dorka nam buu akontaa pa kyerɛɛ Onyankopɔn?

19 Na Dorka yɛ ɔbea foforo a obuu akontaa pa kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn. Bere a owui no, asuafo a wɔwɔ Yopa no srɛɛ Petro ma ɔkɔɔ hɔ. Mmarima baanu a wokohyiaa Petro no ‘de no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.’ Wonyanee Dorka. Nanso n’ayamye no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛde kae no anaa? Dabi. Na ɔyɛ “osuani,” na akyinnye biara nni ho sɛ n’ankasa yɛɛ asuafo adwuma no bi. Saa ara na Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ ‘nnwuma pa ne mmɔborohunu ade pii.’ Wɔn ani gye nso sɛ wɔde nnamyɛ nya Ahenni ho asɛmpa no dawuru a wɔbɔ no mu kyɛfa, na wɔreyɛ asuafo.—Asomafo no Nnwuma 9:36-42; Mateo 24:14; 28:19, 20.

20. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

20 Bible da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ amanaman ne ankorankoro bu akontaa kyerɛ Amansan Hene Yehowa. (Sefania 1:7) Sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn a, ɛmmra sɛ yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Mibu hokwan ne asɛyɛde ahorow a Onyankopɔn de ama me no dɛn? Akontaa bɛn na merebu akyerɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo?’

Wo Mmuae Ne Dɛn?

◻ Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ abɔfo ne Onyankopɔn Ba no wɔ akontaabu wɔ Yehowa anim?

◻ Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ma aman bu akontaa?

◻ Dɛn na Bible ka fa akontaa a ankorankoro bebu akyerɛ Onyankopɔn ho?

◻ Nnipa bɛn na wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu a wobuu akontaa pa kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn?

[Kratafa 10 mfonini]

Yesu Kristo buu akontaa pa kyerɛɛ ne soro Agya

[Kratafa 15 mfonini]

Te sɛ Dorka no, Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ bu akontaa pa kyerɛ Onyankopɔn

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]

Habel Wu No/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena