Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/15 kr. 4-7
  • Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa—Wɔbɔɔ No a na Bɔne Nni Ne Ho
  • Bɔne Fibea
  • Ahonim ‘Toto Ano’ Anaasɛ ‘Eyiyi Ano’
  • Bɔne mu Ahofadi—Ɔkwan Bɛn So?
  • Nea Kristo Agyede no Betumi Ayɛ Ama Yɛn
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”
    Bɛn Yehowa
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/15 kr. 4-7

Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio

“SO WƆWO yɛn bɔne mu?” Saa asɛmmisa no kyeree sukuupɔn mu suani bi adwene wɔ United States, bere a ofii ase suaa Bible no akyi bere tiaa bi no. Esiane sɛ ofi Hindufo abusua mu nti, na bɔne a wonya fi awo mu no yɛ no asɛm foforo koraa. Nanso, osusuw ho sɛ, sɛ yenya bɔne fi awo mu ampa a, ɛbɛyɛ nea mfaso nni so sɛ obebu n’ani agu so anaasɛ ɔbɛka sɛ ɛnyɛ nokware. Obi bɛyɛ dɛn na wanya asɛmmisa yi ho mmuae?

Sɛ yenya bɔne fi awo mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ enya mfiase. So wɔbɔɔ onipa a odi kan no sɛ ɔbɔnefo, ma enti ɔde ne subammɔne no woo ne mma? Anaasɛ akyiri yi na sintɔ no bae? Bere pɔtee bɛn na bɔne fii ase? Ɔkwan foforo so no, sɛ bɔne yɛ ade a wɔamfa ammɔ nnipa, na ɛyɛ bɔne su anaa nnyinasosɛm a, so yebetumi anya anidaso sɛ yebenya emu ahofadi da bi?

Sɛnea Hindufo gyidi kyerɛ no, amanehunu ne bɔne ka abɔde ho. Hinduni nhomanimfo bi ka sɛ: “Amanehunu [anaa bɔne] te sɛ sesaborɔ a enni sabea, a ɛnenam nipadua mu, nanso wontumi ntu ase.” Akyinnye biara nni ho sɛ bɔne ayɛ adesamma wiase no fã wɔ abakɔsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ nyinaa mu. Sɛ ɛbae ansa na wɔreyɛ onipa asetra ho kyerɛwtohɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ bere a ɛbae ho mmuae no fi obi a ɔkorɔn sen nipa hɔ. Ɛsɛ sɛ mmuae horow no fi Onyankopɔn hɔ.—Dwom 36:9.

Onipa—Wɔbɔɔ No a na Bɔne Nni Ne Ho

Hinduni nyansapɛfo Nikhilananda gye tom sɛ onipa bɔ ho nsɛm a Vedas ka no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Saa ara na adebɔ ho nkyerɛkyerɛmu a Apuei famfo nyamesom ahorow de ma no yɛ anansesɛm nkutoo. Nanso, nokwasɛm ne nyansahu mu nsɛm wɔ hɔ a yebetumi agyina so agye onipa a odi kan bɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no adi.a Eti a edi kan koraa no ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.”—Genesis 1:27.

Dɛn na bɔ a wɔbɔ obi wɔ ‘Onyankopɔn suban so’ no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ni: Wɔyɛɛ onipa ma ɔsɛɛ Onyankopɔn a na ɔwɔ Onyankopɔn su ahorow—te sɛ atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ—a ɛmaa ɔdaa nsow fii mmoa ho. (Fa toto Kolosefo 3:9, 10 ho.) Su ahorow yi na ɛmaa otumi paw sɛ ɔbɛyɛ papa anaa bɔne, na ɛmaa ɔyɛɛ obi a otumi paw nea ɔpɛ. Ná bɔne biara nni onipa a odi kan no mu, na bɔne anaa amanehunu nni n’asetra mu, bere a wɔbɔɔ no no.

Yehowa Nyankopɔn de ahyɛde yi maa Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Sɛ na Adam ne ne yere, Hawa, yɛ osetie a, anka wobetumi de ayeyi ne nidi abrɛ wɔn Bɔfo, na wɔakɔ so ayɛ nnipa a bɔne nni wɔn ho. Nanso, sɛ na wɔyɛ asoɔden a na ɛno bɛkyerɛ sɛ wonnu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ no ho, na na ɛbɛma wɔayɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ—abɔnefo.

Wɔammɔ Adam ne Hawa sɛ ahonhom nnipa. Nanso, na wɔwɔ ahonhom nnipa su ahorow ne tumi a wɔde besisi abrabɔ ho gyinae. Sɛ́ Onyankopɔn abɔde no, na wonni bɔne, anaasɛ na wɔyɛ pɛ. (Genesis 1:31; Deuteronomium 32:4) Bɔ a wɔbɔɔ wɔn no ansɛe asomdwoe a na atra Onyankopɔn ne amansan no ntam mfe pii de besi saa bere no. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na bɔne bae?

Bɔne Fibea

Bɔne fii ase wɔ ahonhom atrae. Ansa na Onyankopɔn rebɔ asase ne onipa no, na wabɔ ahonhom a wonim nyansa—abɔfo. (Hiob 1:6; 2:1; 38:4-7; Kolosefo 1:15-17) Abɔfo yi mu biako susuw n’ankasa ahoɔfɛ ne ne nyansa ho traa so. (Fa toto Hesekiel 28:13-15 ho.) Saa ɔbɔfo yi tumi hu fii akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa sɛ wɔnwo no mu sɛ ɛrenkyɛ na nnipa treneefo a wɔn nyinaa resom Onyankopɔn ahyɛ asase nyinaa so ma. (Genesis 1:27, 28) Saa honhom abɔde yi kɔn dɔe sɛ wɔbɛsom no. (Mateo 4:9, 10) Akɔnnɔ yi a ɔma ɛkɔɔ so traa hɔ no ma ɔkɔyɛɛ bɔne.—Yakobo 1:14, 15.

Bere a ɔbɔfo tuatewfo no nam ɔwɔ so rekasa akyerɛ Hawa no, ɔkae sɛ bara a Onyankopɔn abara wɔn papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no kyerɛ sɛ ɔde nimdeɛ bi a ɛsɛ sɛ onya resie no. (Genesis 3:1-5) Ná eyi a ɔkae no yɛ atorodi a enye koraa—adebɔne. Atoro yi a ɔbɔfo no dii no ma ɔbɛyɛɛ ne ho ɔbɔnefo. Ne saa nti, wɔbɛfrɛɛ no Ɔbonsam, otwirifo, ne Satan, obi a ɔsɔre tia Onyankopɔn.—Adiyisɛm 12:9.

Satan adɛfɛdɛfɛsɛm no nyaa Hawa so nkɛntɛnso bɔne. Bere a ogyee Ɔsɔhwɛfo no nsɛm dii no, ɔma wɔdaadaa no ma okodii dua a wɔabara no aba no bi. Ne kunu, Adam, kɔkaa ne ho ma wodii aduaba no, ma enti wɔn nyinaa bɛyɛɛ abɔnefo. (Genesis 3:6; 1 Timoteo 2:14) Ɛda adi sɛ, yɛn awofo a wodi kan no nam Onyankopɔn so asoɔden a wɔyɛe so hweree pɛyɛ, na wɔyɛɛ wɔn ho abɔnefo.

Na Adam ne Hawa asefo nso ɛ? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Ná awosu mmara reyɛ adwuma dedaw. Na Adam rentumi mfa biribi a onni mma ne mma. (Hiob 14:4) Esiane sɛ awarefo a wodi kan no hweree wɔn pɛyɛ nti, bere a wonyinsɛn wɔn mma no, na wɔyɛ abɔnefo. Ne saa nti, yɛn nyinaa—onipa biara—nyaa bɔne fii awo mu. (Dwom 51:5; Romafo 3:23) Bɔne nso de mmusu ne amanehunu na aba. Afei nso, ɛno nti na yɛn nyinaa nyinyin na yewuwu, efisɛ “bɔne akatua ne owu.”—Romafo 6:23.

Ahonim ‘Toto Ano’ Anaasɛ ‘Eyiyi Ano’

Susuw nkɛntɛnso a bɔne nyae wɔ nnipa baanu a wodi kan no abrabɔ nso ho hwɛ. Wɔkataa wɔn nipadua no fã bi so bɔɔ mmɔden sɛ wobehintaw Onyankopɔn. (Genesis 3:7, 8) Enti bɔne maa wɔn ahonim buu wɔn fɔ, wonyaa dadwen, na ɛhyɛɛ wɔn aniwu. Nnipa nyinaa nso taa nya saa nkate yi.

Hena na ɔnyɛɛ basaa da esiane sɛ wammoa obi a na ɔwɔ ahokyere mu anaasɛ onnii awerɛhow wɔ nsɛm bi a anka ɛnsɛ sɛ ɔka ho? (Yakobo 4:17) Dɛn nti na yetumi yɛ basaa saa? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘wɔakyerɛw mmara no wɔ yɛn komam.’ Mmarato biara de basaayɛ ba, gye sɛ yɛn ahonim awu. Enti ɛyɛ saa ahonim no na ‘ɛtoto’ anaasɛ “eyiyi” yɛn ano no. (Romafo 2:15; 1 Timoteo 4:2; Tito 1:15) Sɛ́ yenim anaasɛ yennim no, yɛwɔ mfomso ho nkate bi wɔ yɛn mu, bɔne ho de!

Na Paulo nim nea ɛma ɔtɔ kɔ bɔne so no. Ogye toom sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ. Na me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.” Enti Paulo bisae sɛ: “Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?”—Romafo 7:21-24.

Bɔne mu Ahofadi—Ɔkwan Bɛn So?

Nhomanimfo bi ka sɛ: “Wɔ Hindufo atetesɛm mu no, ahofadi yɛ ogye a wonya denam wo a wɔbɛwo wɔn ma wɔawuwu akɔ asan aba mpɛn pii no so.” Buddhasom nso twe adwene si Nirvana—tebea a obi kɔ mu a ɔnkae wiase biribiara bio—so saa ara sɛ ade a ɛma wonya bɔne mu ahofadi. Esiane sɛ Hindusom nnya ntee bɔne a wonya fi awo mu ase nti, wɔhyɛ asetra mu a obi fi koraa ho bɔ.

Nanso, bɔne tebea a woyi fi hɔ ankasa ne ahofadi a Bible de ma. Bere a ɔsomafo Paulo abisa ɔkwan a wobetumi afa so agye no afi bɔne mu ho asɛm awie no, ɔtoa so yi ano sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Romafo 7:25) Yiw, ogye fi Onyankopɔn denam Yesu Kristo so.

Sɛnea Mateo Asɛmpa no kyerɛ no, “onipa ba no,” Yesu Kristo, bae ‘de ne kra bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Sɛnea ɛwɔ 1 Timoteo 2:6 NW no, Paulo kyerɛwee sɛ Yesu “de ne ho mae sɛ agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa.” Asɛmfua “agyede” no kyerɛ bo a wotua de gye nnipa bi a wɔafa wɔn nnommum. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ agyede no yɛ nea ɛfata no si ɛbo a ɛsom ma enti etumi ma mmara kwan so atɛntrenee nsenia no kari pɛ no so dua. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi abu onipa biako wu sɛ “agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa”?

Adam tɔn adesamma nyinaa, a yɛka ho, kɔɔ bɔne ne owu mu. Ɛbo a otuae, anaa ade a ɔhweree ne ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ. Nea ɛbɛyɛ na wɔatua saa ka yi no, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ foforo—agyede a ɛfata—si ananmu. (Exodus 21:23; Deuteronomium 19:21; Romafo 5:18, 19) Esiane sɛ na onipa a ɔtɔ sin biara ntumi mfa saa agyede yi mma nti, Onyankopɔn fi ne nyansa a enni ano no mu bɔɔ kwan a yebetumi afa so afi saa tebea yi mu. (Dwom 49:6, 7) Oyii ne Ba a ɔwoo no koro no nkwa a ɛyɛ pɛ fii soro bɛhyɛɛ ɔbaabun bi awotwaa mu, ma wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ.—Luka 1:30-38; Yohane 3:16-18.

Nea ɛbɛyɛ na Yesu atumi ayɛ adesamma ogye adwuma no, na ɛsɛ sɛ okura ne mudi mu wɔ bere a na ɔwɔ asase so no nyinaa mu. Eyi na ɔyɛe. Afei owuu afɔrebɔ wu. Saa kwan yi so no, Yesu hwɛ hui sɛ ɔde ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ—n’ankasa de—bɛma sɛ agyede de agye adesamma.—2 Korintofo 5:14; 1 Petro 1:18, 19.

Nea Kristo Agyede no Betumi Ayɛ Ama Yɛn

Yebetumi anya Yesu agyede afɔrebɔ no mu mfaso nnɛ. Sɛ yɛkyerɛ mu gyidi a, yebetumi anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim, na yɛaba Yehowa dɔ ne ne hwɛ ase. (Asomafo no Nnwuma 10:43; Romafo 3:21-24) Sɛ́ anka yɛbɛma bɔne a ebia yɛayɛ ho afobu abunkam yɛn so no, yebetumi agyina agyede no so de abotɔyam asrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri.—Yesaia 1:18; Efesofo 1:7; 1 Yohane 2:1, 2.

Wɔ nna a ɛda yɛn anim mu no, agyede no betumi ama adesamma anya ayaresa koraa afi yare a bɔne de aba no mu. Bible mu nhoma a etwa to no ka “nkwa nsu asubɔnten” a ɛsen fi Onyankopɔn ahengua mu ho asɛm. Nnua a ɛsow aba pii a ɛwɔ nhaban a wɔde “sa amanaman no yare” sisi asubɔnten no afanu. (Adiyisɛm 22:1, 2) Bible no ka Ɔbɔadeɛ no nsiesiei a ɛyɛ nwonwa a ɔnam so begye adesamma afi bɔne ne owu mu daa no ho asɛm denam Yesu agyede afɔrebɔ no so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.

Adiyisɛm nhoma no mu anisoadehu a ɛyɛ nkɔmhyɛ no benya ne mmamu nnansa yi ara. (Adiyisɛm 22:6, 7) Afei nnipa komapafo nyinaa bɛyɛ pɛ saa bere no a ‘wɔafa wɔn ho adi afi ɔsom porɔwee mu.’ (Romafo 8:20, 21) So ɛnsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yesua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba nokwafo, Yesu Kristo, a ɔbɛyɛɛ agyede no ho ade pii?—Yohane 17:3.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

[Kratafa 6 mfonini]

Adam de bɔne ne owu baa adesamma so

[Kratafa 7 mfonini]

Yesu agyede afɔrebɔ no de bɔne ne owu mu ahofadi ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena