-
Monna Kristo Adwene AdiƆwɛn-Aban—2000 | September 1
-
-
4, 5. Yesu adwene bɛn na wɔasi so dua wɔ Romafo 15:1-3, na ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi asuasua no?
4 Dɛn na Kristo Yesu adwene a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no ti 15 no boa yɛn ma yebua saa asɛm no. Paulo ka Yesu suban bi a ɛda nsow ho asɛm wɔ saa ti yi nkyekyem kakra a edi kan no mu sɛ: “Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw na yɛnsɔ yɛn ankasa ani. Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim. Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔbɔ wo ahohora no ahohora agu me so.”—Romafo 15:1-3.
-
-
Monna Kristo Adwene AdiƆwɛn-Aban—2000 | September 1
-
-
6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu wɔ sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔsɔretia ne ahohorabɔ ho no mu?
6 Su pa foforo a Yesu daa no adi ne ne nsusuwii ne ne nneyɛe a na ɛyɛ papa bere nyinaa no. Wamma afoforo subammɔne annya n’ankasa adwempa a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som ho no so nkɛntɛnso da; na ɛnsɛ sɛ yɛma enya yɛn so nkɛntɛnso nso. Bere a wɔbɔɔ Yesu ahohora na wɔtaa no esiane sɛ ɔsom Onyankopɔn nokware mu nti no, ɔde boasetɔ gyinaa mu a wannwiinwii. Na onim sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ wɔn yɔnko ani ‘ama nea eye’ no betumi ahyia ɔsɔretia afi wiase a ennye nni na enni ntease no hɔ.
7. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa boasetɔ adi, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara?
7 Yesu daa suban pa adi wɔ akwan foforo so. Wampere ne ho wɔ Yehowa asɛm ho da, na mmom ɔde boasetɔ twɛn maa Yehowa atirimpɔw ahorow baa mu. (Dwom 110:1; Mateo 24:36; Asomafo no Nnwuma 2:32-36; Hebrifo 10:12, 13) Afei nso, Yesu bo amfuw n’akyidifo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munsua me”; esiane sɛ ‘odwo’ nti, na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nea ɛhyɛ den na ɛma abotɔyam. Na esiane sɛ na ‘ɔbrɛ ne ho ase koma mu’ nti, wanteɛteɛ afoforo anaa wammu wɔn animtiaa da. (Mateo 11:29) Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua Yesu su ahorow yi bere a ɔka sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa.”—Filipifo 2:5-7.
8, 9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho nya ayamye su? (b) Sɛ yennu nhwɛso a Yesu yɛ too hɔ no ho a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu, na ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu?
8 Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛka sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom afoforo na yɛde wɔn ahiade di yɛn ankasa de kan. Nanso, sɛ yefi nokwaredi mu hwehwɛ yɛn adwenem a, yebetumi ahu sɛ yɛn koma ntɔ nkɔ saa kwan no so koraa. Dɛn nti na ɛnte saa? Nea edi kan no, efisɛ yɛanya pɛsɛmenkominya su ahorow afi Adam ne Hawa hɔ; nea ɛto so abien no, yɛte wiase a ɛhyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran mu. (Efesofo 4:17, 18) Mpɛn pii no, nea ɛbɛma yɛanya ayamye su ne sɛ yebenya nsusuwii a ɛbɔ sintɔ a wɔde woo yɛn no abira. Ɛno gye akokoduru ne mmɔdenbɔ.
-