Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 11/1 kr. 7-12
  • Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awerɛkyekye Ho Bɔhyɛ Nya Mmamu
  • Obi a Ɔsen Noa
  • Baabi a Yebenya Awerɛkyekye
  • Sɔhwɛ Mmere a Emu Yɛ Den Mu
  • Ɛhe Na Yebetumi Anya Nokware Awerɛkyekye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Monkyekye Wɔn A Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Onyankopɔn Kyekye Yɛn Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nya Yehowa Ahoɔden Mu Awerɛkyekye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 11/1 kr. 7-12

Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ

“Boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no.”—ROMAFO 15:5.

1. Dɛn nti na awerɛkyekye a yehia no yɛ kɛse da biara da?

AWERƐKYEKYE ho behia adekyee biara. Sɛnea Bible kyerɛwfo bi hu kae bɛboro mfe 1,900 ni no, “abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Romafo 8:22) ‘Apenepene’ ne ‘yawdi’ mu ayɛ den wɔ yɛn bere yi mu sen bere biara. Efi Wiase Ko I so reba no, adesamma ahyia ɔhaw atoatoa so wɔ akodi, nsɛmmɔnedi, ne asiane ahorow a efi adebɔ tumi mu a asase a wɔnhwɛ no yiye na ɛtaa kɔfa ba no mu.—Adiyisɛm 11:18.

2. (a) Hena na adesamma mprempren haw ahorow no fã kɛse ho asodi da ne so? (b) Nokwasɛm bɛn na ɛma yɛn werɛ kyekye?

2 Dɛn nti na amanehunu adɔɔso saa wɔ yɛn bere yi mu? Bere a Bible reka sɛnea wotuu Satan fii soro wɔ Ahenni no ahyɛase wɔ 1914 mu no, ebua sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Adanse pefee a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa nkɔmhyɛ no anya mmamu no kyerɛ sɛ yɛadu Satan nniso bɔne no awiei koraa ne sa. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ ɛrenkyɛ asase so asetra bɛsan akɔ asomdwoe tebea a na ɛwom ansa na Satan retwe yɛn awofo a wodi kan no akɔ atuatew mu no mu!

3. Bere bɛn na na nnipa nhia awerɛkyekye?

3 Mfiase no, onipa Bɔfo no maa nnipa baanu a wodi kan no turo fɛfɛ bi sɛ wɔntra mu. Ná ɛwɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Eden, a ɛkyerɛ “Anika” anaa “Anigye.” (Genesis 2:8, NW asehɔ asɛm) Bio nso, Adam ne Hawa nyaa akwahosan a edi mũ ne anidaso a ɛne sɛ anka wɔrenwu da. Wo de susuw nneɛma pii a anka wobetumi ama wɔn mmɔdenbɔ anya nkɔanim wom no ho—turoyɛ, adwinnidi, adansi, nnwonto. Afei nso susuw adebɔ nnwuma pii a anka wobetumi asua ho ade bere a wɔredi ahyɛde a wɔde ama wɔn sɛ wonni asase so na wɔnyɛ no paradise no so no. (Genesis 1:28) Nokwarem no, anka ɛnyɛ apinisi ne ɛyawdi na ɛbɛba Adam ne Hawa asetram, na mmom anigye ne anika. Ɛda adi pefee sɛ anka awerɛkyekye ho renhia wɔn.

4, 5. (a) Dɛn nti na Adam ne Hawa dii nkogu wɔ osetie ho sɔhwɛ no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na adesamma behiaa awerɛkyekye?

4 Nanso nea na Adam ne Hawa hia ne sɛ wobenya ɔdɔ ne anisɔ a emu yɛ den ama wɔn soro Agya yamyefo no. Anka ɔdɔ a ɛte saa no bɛkanyan wɔn ma wɔatie Onyankopɔn wɔ tebea biara mu. (Fa toto Yohane 14:31 ho.) Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo baanu a wodi kan no nyinaa antie Yehowa, wɔn Sodifo a ɔfata no. Mmom no, wogyaa wɔn ho mu ma wɔbɛhyɛɛ ɔbɔfo dapaafo, Satan Ɔbonsam, nniso bɔne no ase. Satan na ɔdaadaa Hawa ma ɔyɛɛ bɔne na odii aduaba a wɔabara no bi. Afei Adam yɛɛ bɔne bere a ɔno nso dii dua a na Onyankopɔn de ho kɔkɔbɔ ama pefee sɛ: “Da a wubedi bi no, owu na wubewu” no aba no bi no.—Genesis 2:17.

5 Saa kwan yi so no, awarefo abɔnefo no fii ase sɛ wɔrewu. Bere a Onyankopɔn rebu wɔn kumfɔ no, ɔka kyerɛɛ Adam bio sɛ: “Wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa, na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban.” (Genesis 3:17, 18) Saa na Adam ne Hawa hweree hokwan a anka wɔde bɛyɛ asase a wɔnnɔw da no paradise. Bere a wɔpam wɔn fii Eden no, na ɛsɛ sɛ wobiri wɔn mogya ani de hwehwɛ aduan fi asase a wɔadome no so. Esiane sɛ wɔn asefo benyaa bɔne ne owu tebea fii awo mu nti, wobehiaa awerɛkyekye kɛse.—Romafo 5:12.

Awerɛkyekye Ho Bɔhyɛ Nya Mmamu

6. (a) Bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye bɛn na Onyankopɔn de mae bere a adesamma kɔɔ bɔne mu no? (b) Nkɔmhyɛ a ɛfa awerɛkyekye ho bɛn na Lamek de too gua?

6 Bere a Yehowa rebu nea ɔkɔfaa onipa atuatew bae no atɛn no, ɔdaa ne ho adi sɛ “awerɛkyekye Nyankopɔn.” (Romafo 15:5) Ɔkwan a ɔnam so yɛɛ saa ne sɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi aba a awiei koraa no, obegye Adam asefo afi tebea a ɛyɛ hu a Adam atuatew no de bae no mu. (Genesis 3:15) Akyiri yi, Onyankopɔn buee saa ogye yi so kakra. Sɛ́ nhwɛso no, ɔde honhom kaa Lamek, Adam nanankanso bi a ofi ne babarima Set mu, ma ɔhyɛɛ nkɔm faa nea Lamek babarima bi bɛyɛ ho sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a Awurade [Yehowa, NW] adome no so.” (Genesis 5:29) Nea ɛne bɔhyɛ yi hyia no, wɔtoo abarimaa no din Noa, a ne nkyerɛase ne “Ahomegye” anaa “Awerɛkyekye.”

7, 8. (a) Tebea bɛn na ɛmaa Yehowa dii yaw sɛ ɔbɔɔ onipa, na dɛn na Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Noa traa ase ma ɛne ne din hyiae?

7 Saa bere no nyinaa na Satan renya ɔsoro abɔfo binom ma wɔabedi n’akyi. Saafo yi danee wɔn ho nnipa faa mmea a wɔn ho yɛ fɛ wɔ Adam asefo mu ne wɔn trae sɛ wɔn yerenom. Saa aware a ɛnyɛ ne kwan so de yi sɛee nnipa asetra bi kaa ho, na ɛma wobenyaa Nephilim abusua a wonnim Nyankopɔn, “wɔn a wɔhwe nkurɔfo ase,” a wɔde basabasayɛ hyɛɛ asase so ma. (Genesis 6:1, 2, 4, 11; Yuda 6) “Na Awurade [Yehowa, NW] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so . . . Na Awurade [Yehowa, NW] nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.”—Genesis 6:5, 6.

8 Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe saa wiase bɔne no denam wiase nyinaa nsuyiri bi so, nanso odii kan maa Noa yɛɛ adaka bi a ɔde bɛbɔ nkwa ho ban. Enti, wogyee adesamma abusua ne mmoadoma nkwa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Noa ne n’abusua ho tɔɔ wɔn wɔ Nsuyiri no akyi bere a wofii adaka no mu bɛtoo asase a wɔatew so no! Hwɛ awerɛkyekye a na ɛyɛ sɛ wohui sɛ wɔayi nnome a ɛwɔ asase so no afi hɔ ma kuayɛ ayɛ mmerɛw koraa no! Nokwarem no, Lamek nkɔmhyɛ no nyaa mmamu, na Noa traa ase ma ɛne ne din no asekyerɛ hyiae. (Genesis 8:21) Sɛ́ Onyankopɔn somfo nokwafo no, Noa di boae ma adesamma nyaa “awerɛkyekye.” Nanso, Nsuyiri no amma Satan ne n’adaemone abɔfo no nkɛntɛnso bɔne no to antwa, na adesamma gu so resi apini wɔ bɔne, ɔyare, ne owu nhyɛso ho.

Obi a Ɔsen Noa

9. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ada ne ho adi sɛ ɔboafo ne ɔwerɛkyekyefo ama nnipa a wɔanu wɔn ho?

9 Awiei koraa no, nnipa abakɔsɛm mu bɛyɛ mfe 4,000 akyi no, Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bae. Ɔdɔ kɛse a Yehowa Nyankopɔn wɔ ma adesamma no kaa no ma ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so ma obewui sɛ agyede maa nnipa abɔnefo. (Yohane 3:16) Yesu Kristo ma abɔnefo a wɔanu wɔn ho a wɔkyerɛ n’afɔrebɔ wu no mu gyidi no nya ahotɔ pii. Wɔn a wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa na wɔbɛyɛ ne Ba no asuafo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa nya abotɔyam ne awerɛkyekye a ɛtra hɔ kyɛ. (Mateo 11:28-30; 16:24) Ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin no, wonya anigye kɛse sɛ wɔde ahonim a emu tew som Onyankopɔn. Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ wobehu sɛ sɛ wɔkɔ so kyerɛ Yesu mu gyidi a, wɔde daa nkwa betua wɔn ka! (Yohane 3:36; Hebrifo 5:9) Sɛ mmerɛwyɛ nti wɔyɛ bɔne bi a anibere wom a, wɔwɔ ɔboafo, anaa ɔwerɛkyekyefo, a ɔne Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no. (1 Yohane 2:1, 2) Wɔnam bɔne a ɛte saa a wɔka ne Kyerɛwnsɛm mu anammɔn a wobetutu de akwati sɛ wɔremma bɔne mmɛyɛ wɔn su no so nya ahotɔ, bere a wonim sɛ ‘Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni a ɔde wɔn bɔne befiri wɔn’ no.—1 Yohane 1:9; 3:6; Mmebusɛm 28:13.

10. Dɛn na yesua fi anwonwade ahorow a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no mu?

10 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔno nso maa nkurɔfo ahotɔ denam wɔn a wɔwɔ adaemone a otu fii wɔn mu, nyarewa ahorow nyinaa a ɔsae, ne adɔfo a wɔawuwu a ɔsan de wɔn baa nkwa mu no so. Ampa, na saa anwonwade no so wɔ mfaso bere tiaa bi pɛ efisɛ wɔn a wonyaa saa nhyira no nyinyinii na wowuwui akyiri yi. Nanso, Yesu nam so danee adwene kɔɔ daakye nhyira horow a ɛtra hɔ daa a obehwie agu adesamma nyinaa so no so. Seesei a ɔyɛ ɔsoro Hene kɛse no, ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ pii asen adaemone kɛkɛ a obetu. Ɔde wɔne wɔn kannifo, Satan, begu bun mu, wɔ tebea a wontumi nyɛ wɔn ho hwee mu. Afei Kristo Mfirihyia Apem Ahenni nwonwaso no befi ase.—Luka 8:30, 31; Adiyisɛm 20:1, 2, 6.

11. Dɛn nti na Yesu frɛɛ ne ho “home da wura”?

11 Yesu kae sɛ ɔne “home da wura” no, na Homeda na ɔsaa nkurɔfo pii yare. (Mateo 12:8-13; Luka 13:14-17; Yohane 5:15, 16; 9:14) Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Wiɛ, na Homeda no ka Mmara a Onyankopɔn de maa Israel no ho ma enti na ɛyɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsuma.” (Hebrifo 10:1) Dapɛn no mu nnansia a wɔde yɛɛ adwuma no ma yɛkae mfe 6,000 a atwam ni a onipa ayɛ akoa wɔ Satan nhyɛso nniso ase no. Homeda a na ɛwɔ dapɛn no awiei no, ma yɛkae ahomegye a awerɛkyekye wom a adesamma benya wɔ Noa Ɔkɛse, Yesu Kristo, Mfirihyia Apem Ahenni mu no.—Fa toto 2 Petro 3:8 ho.

12. Osuahu ahorow a awerɛkyekye wom bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

12 Hwɛ ahotɔ ara a Kristo nniso no asase so nkoa benya bere a awiei koraa no, yenya ahofadi koraa wɔ Satan nkɛntɛnso bɔne ho no! Yebenya awerɛkyekye foforo bere a yenya honam fam, nkate fam, ne adwenem nyarewa ho ayaresa no. (Yesaia 65:17) Afei wo de susuw ahurusi a yebedi bere a yefi ase ma adɔfo a wɔawuwu akwaaba ba nkwa mu bio no ho! Saa akwan yi so na Onyankopɔn nam ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa.’ (Adiyisɛm 21:4) Bere a Onyankopɔn Ahenni no nkoa asoɔmmerɛfo de Yesu agyede no mu mfaso horow di dwuma nkakrankakra no, wobenyin akɔ pɛyɛ mu, na wɔanya ahofadi koraa afi ɔhaw ahorow a Adam bɔne de aba no nyinaa ho. (Adiyisɛm 22:1-5) Afei wobegyaa Satan “kakra.” (Adiyisɛm 20:3, 7) Wɔde daa nkwa betua nnipa a wɔde nokwaredi gyina Yehowa tumidi a ɛfata no akyi no nyinaa ka. Susuw anigye ne ahotɔ a enni kabea a yebenya bere a yenya ‘ahofadi koraa fi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu’ no ho! Saa kwan no so no, adesamma asoɔmmerɛwfo benya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi.”—Romafo 8:21.

13. Dɛn nti na nokware Kristofo nyinaa hia awerɛkyekye a Onyankopɔn de ma no?

13 Enkosi saa bere no, yɛbɛkɔ so ara ahyia apinisi ne ɛyawdi a ɛto wɔn a wɔte Satan nhyehyɛe bɔne yi mu nyinaa no. Honam fam nyarewa ne nkate fam basaayɛ a akɔ soro no ka nnipa ahorow nyinaa, a Kristofo anokwafo ka ho. (Filipifo 2:25-27; 1 Tesalonikafo 5:14) Nea ɛka ho no, sɛ́ Kristofo no, yɛtaa hyia fɛwdi a ɛnsɛ yɛn ne ɔtaa a Satan sum gu yɛn so esiane sɛ ‘yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa’ nti no. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Enti, sɛ yebekura yɛn mudi mu wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu akosi Satan wiase no awiei pɛɛ a, yehia awerɛkyekye, mmoa, ne ahoɔden a Ɔde ma no.

Baabi a Yebenya Awerɛkyekye

14. (a) Bɔ bɛn na Yesu hyɛe wɔ anadwo a na ɔrebewu no? (b) Sɛ yebenya Onyankopɔn honhom kronkron no awerɛkyekye mu mfaso akosi ase a, dɛn na ehia?

14 Anadwo a Yesu rebewu no, ɔdaa no adi kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no pefee sɛ ɛrenkyɛ na wagya wɔn hɔ asan akɔ N’agya nkyɛn. Eyi haw wɔn, na ɛhow wɔn werɛ. (Yohane 13:33, 36; 14:27-31) Esiane sɛ Yesu hui sɛ wɔbɛkɔ so ara ahia awerɛkyekye nti ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo [ɔwerɛkyekyefo, NW asehɔ asɛm] foforo, na ɔne mo abɛtra daa.” (Yohane 14:16) Ɛha no Yesu twee adwene sii Onyankopɔn honhom kronkron, a wohwie guu n’asuafo so nnafua 50 wɔ ne wusɔre akyi no so.a Nneɛma foforo akyi no, Onyankopɔn honhom kyekyee wɔn werɛ wɔ wɔn sɔhwɛ ahorow mu na ɛhyɛɛ wɔn den ma wɔtoaa so yɛɛ Onyankopɔn apɛde. (Asomafo no Nnwuma 4:31) Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu mmoa a ɛte saa sɛ ade a sɛnea ɛte biara no yɛn nsa bɛka. Sɛ Kristoni biara benya mu mfaso akosi ase a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so bɔ mpae srɛ mmoa a awerɛkyekye wom a Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so de ma no.—Luka 11:13.

15. Akwan bɛn so na Yehowa ma yɛn awerɛkyekye?

15 Ɔkwan foforo a Onyankopɔn nam so de awerɛkyekye ma ne N’asɛm, Bible, no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Eyi kyerɛ hia a ɛho hia sɛ daa yesua, na yedwennwen nneɛma a wɔakyerɛw wɔ Bible ne Bible ho nhoma ahorow mu no ho. Ɛho hia nso sɛ daa yɛkɔ Kristofo nhyiam horow, faako a yɛkyɛ awerɛkyekyesɛm a efi Onyankopɔn Asɛm mu no. Nhyiam a ɛtete saa no atirimpɔw atitiriw no biako ne sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.—Hebrifo 10:25.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nsiesiei ahorow a awerɛkyekye wom no kanyan yɛn ma yɛyɛ?

16 Paulo krataa a ɔde kɔmaa Romafo no kɔ so kyerɛ mfaso horow a yenya fi Onyankopɔn nsiesiei a ɛma awerɛkyekye no a yɛde bedi dwuma mu no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no, na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya, anuonyam.” (Romafo 15:5, 6) Yiw, sɛ yɛde Onyankopɔn nsiesiei ahorow a ɛma awerɛkyekye no nyinaa di dwuma a, ɛbɛma yɛasɛ yɛn Kannifo kokodurufo, Yesu Kristo yiye. Eyi bɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so de yɛn ano ayi Onyankopɔn ayɛ wɔ yɛn adansedi adwuma no mu, yɛn nhyiam horow ase, nkɔmmɔ a yɛne mfɛfo gyidifo ankorankoro bɔ, ne yɛn mpaebɔ mu.

Sɔhwɛ Mmere a Emu Yɛ Den Mu

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyekyee ne Ba no werɛ, na dɛn na efi mu bae?

17 Anadwo a Yesu rebewu owu yawyaw no, ne “ho yeraw no” na ‘awerɛhow hyɛɛ’ ne so. (Mateo 26:37, 38) Enti ɔtwee ne ho fii n’asuafo no ho kɔɔ nkyɛn kakra, na ɔbɔɔ N’agya mpae hwehwɛɛ mmoa. “Ɔfɛre nti wotiee no.” (Hebrifo 5:7) Bible bɔ amanneɛ sɛ “ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ [Yesu] hyɛɛ no den.” (Luka 22:43) Akokoduru ne nnamyɛ a Yesu de hyiaa n’asɔretiafo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔkwan a Onyankopɔn faa so kyekyee ne Ba no werɛ no tu mpɔn sen biara.—Yohane 18:3-8, 33-38.

18. (a) Ɔsomafo Paulo asetram bere bɛn na ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama mpanyimfo a wɔwɔ tema a wɔyɛ adwumaden no werɛ akyekye?

18 Ɔsomafo Paulo nso faa sɔhwɛ mmere a emu yɛ den mu. Sɛ́ nhwɛso no, nea ɛhyɛɛ ne som adwuma a ɔyɛe wɔ Efeso no agyirae ne “nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa [ne] so Yudafo buw a wobuw [no no].” (Asomafo no Nnwuma 20:17-20) Awiei koraa no, Paulo fii Efeso bere a nyamewa Artemi akyidifo maa kurow no mu yɛɛ gyegyeegye esiane n’asɛnka adwuma no nti no. (Asomafo no Nnwuma 19:23-29; 20:1) Bere a Paulo de n’ani kyerɛɛ kusuu fam kɔɔ Troa no, biribi foforo bɛyɛɛ no dadwen. Ansa na gyegyeegye no reba Efeso no, na wate asɛmmɔne bi. Ná mpaapaemu aba Korinto asafo foforo no mu, na na wɔama aguamammɔ ho kwan wɔ hɔ. Enti na Paulo akyerɛw krataa afi Efeso de animka a emu yɛ den akɔma wɔn a ɔhwɛɛ kwan sɛ ɛbɛma tebea no ayɛ yiye. Ná eyi yɛ nyɛ mmerɛw mma no. Akyiri yi ɔdaa no adi wɔ krataa a ɛto so abien mu sɛ: “Mifi komam ahohia ne ahometew pii mu mede nusu bebree mekyerɛw mo.” (2 Korintofo 2:4) Te sɛ Paulo no, ɛnyɛ mmerɛw mma mpanyimfo a wɔwɔ tema sɛ wɔde afotu ne animka bɛma de ateteɛ obi, a ade biako nti a ɛte saa ne sɛ wɔkae wɔn ankasa mmerɛwyɛ ahorow kɛse. (Galatifo 6:1) Ɛnde, yɛmma wɔn a wodi yɛn anim no werɛ nkyekye denam afotu a egyina Bible so na ɔdɔ wom a yebegye atom ntɛm no so.—Hebrifo 13:17.

19. Dɛn nti na Paulo fi Troa kɔɔ Makedonia, na ɔkwan bɛn so na afei de onyaa ahotɔ?

19 Bere a Paulo wɔ Efeso no, ɛnyɛ krataa nko na ɔkyerɛw kɔmaa anuanom a na wɔwɔ Korinto no, na mmom ɔsomaa Tito nso sɛ ɔnkɔboa wɔn, na ɔmaa no ahyɛde sɛ ɔnsan mmɛka nea wɔyɛe wɔ krataa no ho no nkyerɛ no. Paulo hwɛɛ kwan sɛ obetwan Tito wɔ Troa. Ɛhɔ no, wɔde hokwan fɛfɛ dom Paulo a na obetumi de ayɛ asuafo. Nanso eyi anyi ne dadwen no amfi hɔ efisɛ na Tito nnya mmae. (2 Korintofo 2:12, 13) Enti ɔtoaa akwantu no so kɔɔ Makedonia, a na ɔhwɛ kwan sɛ obehyia Tito wɔ hɔ. Ɔtaa a emu yɛ den a wɔde baa Paulo som adwuma so no maa ne dadwen no yɛɛ kɛse. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ɔhome bi, na mmom yɛn ho hiaa yɛn afa nyinaa: yɛn ho a, ɔko, yɛn mu a, ehu; nanso Onyankopɔn a ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ no de Tito ba a ɔbae no kyekyee yɛn werɛ.” (2 Korintofo 7:5, 6) Hwɛ ahotɔ a ɛbae bere a afei de Tito ba bɛkaa sɛnea Korintofo no abɔ wɔn ho mmɔden wɔ Paulo krataa no ho asɛm kyerɛɛ no no!

20. (a) Te sɛ nea Paulo tebea no yɛe no, ɔkwan foforo a ɛho hia bɛn so na Yehowa de awerɛkyekye ma? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Paulo suahu no yɛ awerɛkyekye nnɛ ma Onyankopɔn asomfo, a wɔn mu pii nso hyia sɔhwɛ ahorow a ‘ɛbrɛ wɔn ase’ anaa ɛma wonya “adwenemhaw” no. (Phillips) Yiw, “awerɛkyekye Nyankopɔn” no nim yɛn ahiade mmiako mmiako, na obetumi de yɛn adi dwuma ma yɛakyekye yɛn ho yɛn ho werɛ sɛnea Paulo nyaa awerɛkyekye fii Tito amanneɛbɔ a ɛkyerɛe sɛ Korintofo no anya ahonu no mu no. (2 Korintofo 7:11-13) Wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu no, yebesusuw Paulo nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔka kyerɛɛ Korintofo no ne sɛnea ebetumi aboa yɛn nnɛ ma yɛne afoforo akyɛ Onyankopɔn awerɛkyekye wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Akwan atitiriw a Onyankopɔn honhom no dii dwuma wɔ afeha a edi kan no mu Kristofo so no biako ne sɛ ɛsraa wɔn sɛ wɔn a Onyankopɔn agye wɔn ayɛ ne honhom fam mma ne Yesu nuanom. (2 Korintofo 1:21, 22) Saa hokwan yi wɔ hɔ ma Kristo asuafo 144,000 pɛ. (Adiyisɛm 14:1, 3) Ɛnnɛ wofi ayamye mu ama Kristofo fã kɛse no ara daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso. Ɛwom sɛ wɔnsraa wɔn de, nanso wɔn nso wonya mmoa ne awerɛkyekye fi Onyankopɔn honhom kronkron mu.

Wubetumi Abua?

◻ Ɔkwan bɛn so na adesamma behiaa awerɛkyekye?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu ada ne ho adi sɛ ɔyɛ kɛse sen Noa?

◻ Dɛn nti na Yesu frɛɛ ne ho “home da wura”?

◻ Akwan bɛn so na Onyankopɔn ma awerɛkyekye nnɛ?

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 10]

Paulo nyaa awerɛkyekye kɛse fii Tito amanneɛbɔ a ɛfa Korintofo no ho mu

MAKEDONIA

Filipi

HELA

Korinto

ASIA

Troa

Efeso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena