Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/1 kr. 16-21
  • Wɔayi Wɔn Asi Hɔ Sɛ Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔayi Wɔn Asi Hɔ Sɛ Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Yehowa Yeyifo Panyin No
  • Anigye a Yehowa a Yeyi No Ayɛ De Ba
  • Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Aman Nyinaa Mu
  • Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Kuw Kɛse Bi a Wɔhyɛɛ Wɔn Ho Nkɔm
  • Ɔde Nokware no Ahyɛ Yɛn Nsa
  • Honhom Kronkron ne Wiase Nyinaa Nuayɛ no Boa Yɛn
  • Munyi Yehowa Ayɛ Anigye So!
  • Ɔmantam Nhyiam De Nsato A Ɛka Koma To Gua!—Fa Anigye Yi Yehowa Ayɛ Da Biara!
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Wubeyi Yehowa Ayɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Munyi Yehowa Ayɛ Wɔ Ne Nneyɛe Akɛse Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/1 kr. 16-21

Wɔayi Wɔn Asi Hɔ Sɛ Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase Nyinaa

“Munyi Yah ayɛ! Munyi no ayɛ, Oo mo Yehowa nkoa, munyi Yehowa din ayɛ.”—DWOM 113:1, NW.

1, 2. (a) Nea ɛne Dwom 113:1-3 hyia no, hena na ɔfata sɛ yɛde anigye yi no ayɛ? (b) Asɛm bɛn na ɛfata sɛ yebisa?

YEHOWA NYANKOPƆN ne ɔsoro ne asase Bɔfo Kɛse no, yɛn Amansan Hene a ɔte hɔ daa. Ɔfata koraa sɛ yɛde anigye yi no ayɛ. Eyi nti na Dwom 113:1-3 hyɛ yɛn wɔ New World Translation of the Holy Scriptures mu sɛ: “Munyi Yah ayɛ! Munyi no ayɛ, Oo mo Yehowa nkoa, munyi Yehowa din ayɛ. Munhyira Yehowa din mfi nnɛ nkosi daa. Efi owipuei kɔpem n’atɔe, Yehowa din sɛ ayeyi.”

2 Sɛ́ Onyankopɔn Adansefo no, yɛde ahurusi yɛ eyi. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa Yehowa Nyankopɔn bɛma anigye dwom a yɛreto nnɛ no ahyɛ asase nyinaa so mã! (Dwom 22:27) So wɔrete wo nne wɔ wiase nyinaa nnwonto kɛse yi mu? Sɛ saa a, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ ɛbɛma woatew wo ho afi wiase a emu apaapae a anigye nnim yi ho!

3. (a) Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo da nsow? (b) Akwan bɛn so na yɛda nsow?

3 Akyinnye biara nni ho sɛ biakoyɛ a yɛde yi Yehowa ayɛ no ma yɛda nsow koraa. Yɛde biakoyɛ kasa kyerɛkyerɛ, na yɛnam akwan koro no ara so ka ‘Yehowa papayɛ bebrebe’ no ho asɛm. (Dwom 145:7) Yiw, sɛ́ Yehowa nkurɔfo a yɛahyira yɛn ho so no, wɔayi yɛn asi hɔ ama yɛn Nyankopɔn, Yehowa, som. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne tete nkurɔfo, Israel, a na wɔahyira wɔn ho so no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aman a atwa wɔn ho ahyia no ho, na wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ saa aman no nneyɛe mu. (Exodus 34:12-16) Ɔmaa ne nkurɔfo no mmara a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ eyi. Saa ara na ɛnnɛ nso, Yehowa de N’asɛm Kronkron, Bible no, ama yɛn. Emu nsɛm no kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi atwe yɛn ho afi saa wiase yi ho. (2 Korintofo 6:17; 2 Timoteo 3:16, 17) Ɛnyɛ tew a yɛatew yɛn ho te nkokorafi, te sɛ mmarima ne mmea nkokorafo a wɔwɔ Babilon Kɛse mu, so na yɛnam twe yɛn ho. Ɛdenam Yesu Kristo nhwɛso akyi a yedi so no, yɛyɛ nkurɔfo a yeyi Yehowa ayɛ wɔ baguam.

Suasua Yehowa Yeyifo Panyin No

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ Yehowa a yebeyi no ayɛ no ho?

4 Yesu amman amfi n’atirimpɔw a ɛne sɛ obeyi Yehowa ayɛ no ho da. Na eyi maa no yɛɛ soronko wɔ wiase no ho. Oyii Onyankopɔn din kronkron no ayɛ wɔ hyiadan ahorow ne asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no mu. Sɛ́ na ɔwɔ bepɔw so anaa mpoano no, Yesu kaa Yehowa nokware ahorow ho asɛm wɔ baguam, baabi a na nnipa atwa ahyia biara. Ɔkae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ.” (Mateo 11:25) Bere a na wɔredi Yesu asɛm wɔ Pontio Pilato anim mpo no, ɔkae sɛ: “Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Yesu huu hia a na n’adwuma no hia no. Baabiara a na Yesu wɔ no, odii Yehowa ho adanse, na oyii n’ayɛ wɔ baguam.

5. Henanom na Dwom 22:22 fa wɔn ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su?

5 Wɔ Dwom 22:22 no, yehu nkɔmhyɛsɛm a ɛfa Yehowa Yeyifo Panyin no ho yi: “Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom. mɛkamfo wo asafo mu.” Na wɔ Hebrifo 2:11, 12 no, ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ saa nkyekyem ahorow yi fa Awurade Yesu, ne wɔn a Yehowa Nyankopɔn atew wɔn ho ama ɔsoro anuonyam no ho. Te sɛ ɔno no, wɔn ani nwu sɛ wobeyi Yehowa ayɛ wɔ asafo no mu. So yenya su koro yi ara bi bere a yɛrekɔ asafo nhyiam ahorow no? Yɛnam yɛn ho a yɛde bɛhyɛ asafo nhyiam ahorow mu anigye so, wɔ yɛn adwene ne yɛn nne mu no so yi Yehowa ayɛ. Nanso anigye a yɛde yi ayɛ si hɔ ara?

6. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’asuafo, na ɔkwan bɛn so na hann adɔfo hyɛ Onyankopɔn anuonyam?

6 Sɛnea Mateo 5:14-16 kyerɛ no, Awurade Yesu nso hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmma wɔn kanea nhyerɛn na ama afoforo ayi Yehowa ayɛ. Ɔkae sɛ: “Mone wiase hann. . . . Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” Wɔn a wɔdɔ hann no yi Onyankopɔn ayɛ. So nneɛma pa a wɔyɛ na wɔka ara kwa so na wɔnam yɛ eyi? Dabi, mmom no, wɔnam biakoyɛ a wɔde yi Yehowa ayɛ so na ɛyɛ saa. Yiw, wɔn a wɔdɔ hann no hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ n’ayeyifo a wɔwɔ anigye. So woatu anammɔn a ɛyɛ anigye yi?

Anigye a Yehowa a Yeyi No Ayɛ De Ba

7. Dɛn nti na Yehowa ayeyifo wɔ anigye saa, na anigye bɛn na wonyae wɔ Pentekoste da wɔ 33 Y.B. mu?

7 Dɛn nti na Yehowa ayeyifo wɔ anigye saa? Efisɛ anigye yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba. Wɔ Galatifo 5:22 no, wɔbɔ din wɔ ɔdɔ akyi pɛɛ. Yesu asuafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no daa Yehowa honhom aba yi adi. Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a Onyankopɔn hwiee ne honhom guu Yesu asuafo bɛyɛ 120 so no, wɔn nyinaa fii ase de kasa horow yii Yehowa ayɛ. Yudafo a wɔfɛre ade a na wofi aman pii mu aba Yerusalem no ‘adwene mu yɛɛ wɔn sakasaka, na wɔn ho dwiriw wɔn.’ Wɔkae sɛ: “Yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn ade kɛse.” (Asomafo no Nnwuma 2:1-11) Dɛn na efii kasa horow a wɔde yii Yehowa ayɛ anwonwakwan so yi mu bae? Yudafo ne amanaman mufo a na wɔadan Yudafo bɛyɛ 3,000 gyee Ahenni ho asɛmpa a na ɛfa Mesia no ho no. Wɔbɔɔ wɔn asu, wonyaa honhom kronkron, na wɔn nso de anigye yii Yehowa ayɛ. (Asomafo no Nnwuma 2:37-42) Hwɛ nhyira ara a na ɛno yɛ!

8. Pentekoste akyi no, dɛn na Kristofo yɛ maa wɔn anigye yɛɛ kɛse?

8 Amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Na daa wɔde koma koro hyiam asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan, na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na [Yehowa, NW] de wɔn a wogye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.” (Asomafo no Nnwuma 2:46, 47) So hyia a na wohyiam di wɔn aduan no na ɛmaa wonyaa anigye kɛse no? Dabi, Yehowa Nyankopɔn a woyii no ayɛ daa no na ɛma wonyaa anigye ankasa. Na wɔn anigye no yɛɛ kɛse bere a wohui sɛ nnipa mpempem pii atie wɔn nkwagye asɛm no. Saa ara na ɛte wɔ yɛn ho nnɛ.

Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Aman Nyinaa Mu

9. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn fii ase de hokwan maa amanaman mufo nyinaa sɛ wɔnte n’asɛmpa no? (b) Dɛn nti na wohwiee honhom kronkron guu Kornelio ne ne mfɛfo so ansa na wɔrebɔ wɔn asu?

9 Ná Yehowa mpɛ sɛ ɔman biako pɛ na ɛbɛte n’asomfo dwumadi a ɛma wohu hann no ho asɛm. Enti, efi 36 Y.B. mu no, ɔde hokwan no maa aman nyinaa mu nnipa sɛ wɔnte n’asɛmpa no. Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, Petro kɔɔ Amanaman muni sraani panyin bi fie wɔ Kaesarea. Ɛhɔ no, ohui sɛ Kornelio ne ne nnamfo a wɔbɛn no paa ne n’abusua ahyiam. Bere a wɔwɛn wɔn aso tiee Petro nsɛm no yiye no, wonyaa Yesu mu gyidi wɔ wɔn koma mu. Yɛyɛ dɛn hu? Efisɛ Onyankopɔn honhom kronkron baa saa Amanaman mufo gyidifo no so. Mpɛn pii no, na Onyankopɔn honhom no ba obi so bere a wɔabɔ no asu akyi, nanso saa bere no de, Yehowa penee saafo a na wɔnyɛ Yudafo yi so ansa na wɔrebɔ wɔn asu. Sɛ Yehowa anyɛ saa a, anka Petro rentumi nhu sɛ afei de Onyankopɔn regye Amanaman mufo no atom sɛ N’asomfo, ne sɛ wɔfata sɛ wɔbɔ asu wɔ nsu mu.—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35, 47, 48.

10. Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ nkɔm fi tete mmere mu sɛ amanaman mufo nyinaa beyi Yehowa ayɛ?

10 Efi tete mmere mu no, Yehowa ka siei sɛ aman nyinaa mu nnipa beyi no ayɛ. Ná obenya ayeyifo a wɔwɔ anigye wɔ asase biara so. Nea ɛbɛyɛ na ɔsomafo Paulo akyerɛ sɛ eyi yɛ nokware no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ bi kaa asɛm. Ɔka kyerɛɛ amanaman ntam Kristofo asafo a na ɛwɔ Roma no sɛ: “Munnyigye mo ho, sɛnea Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn anuonyam no. Na mise: Kristo ayɛ twetiafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman ahyɛ no anuonyam, sɛnea wɔakyerɛw [wɔ Dwom 18:49] sɛ: Eyi nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din. Na ɔkae bio [wɔ Deuteronomium 32:43] sɛ: Mo amanaman, mo ne ne man nni ahurusi! Na bio [wɔ Dwom 117:1] sɛ: Mo amanaman nyinaa nyi [Yehowa, NW] ayɛ, na mo aman ahorow nyinaa nkamfo no!”—Romafo 15:7-11; yɛn na yɛasi afã bi so dua no.

11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn aboa amanaman mufo nyinaa ma wɔasua ne nokware, na dɛn na afi mu aba?

11 Nnipa rentumi mmom nyi Yehowa ayɛ gye sɛ wɔde wɔn ani to Yesu Kristo, onii a Onyankopɔn apaw no sɛ onni aman nyinaa mu nnipa so no so. Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn aboa wɔn ma wɔagye Ne nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu atom no, ɔde amanaman ntam ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi asi hɔ. Akoa nokwafo kuw no so na ɔnam de akwankyerɛ rema. (Mateo 24:45-47) Dɛn na afi mu aba? Nnipa a wɔwɔ anigye bɛboro ɔpepem anum na wɔreto Yehowa ayeyi dwom wɔ nsase bɛboro 230 so. Na ɔpepem pii rekyerɛ anigye sɛ wɔbɛyɛ saa. Hwɛ nnipa dodow a wɔkɔɔ 1996 Nkaedi no: 12,921,933. Ɛyɛ nwonwa!

Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Kuw Kɛse Bi a Wɔhyɛɛ Wɔn Ho Nkɔm

12. Anisoadehu a ɛkanyan anigye bɛn na ɔsomafo Yohane nyae, na ne mmamu ankasa ne dɛn?

12 Wɔ anisoadehu mu no, ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse a” wofi aman nyinaa mu no. (Adiyisɛm 7:9) Dɛn ne ayeyi nnwom a saa nnipakuw kɛse yi ne Onyankopɔn nkaefo a wɔasra wɔn reto no asɛmti? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:10) Wɔde akokoduru reka eyi wɔ wiase nyinaa. Sɛ yehim berɛw, sɛnea yɛbɛka no no a, na yɛde biakoyɛ reyi Onyankopɔn ayɛ sɛ Amansan Hene de anigye repae mu aka wɔ ɔsoro ne asase anim sɛ yɛn nkwagye “yɛ” ɔne ne Ba, Oguammaa, Yesu Kristo, “dea.” Oo, hwɛ anigye a ɔsomafo Yohane nyae sɛ onyaa nnipakuw kɛse no ho anisoadehu a ɛkanyan anigye yi! Na hwɛ anigye a yɛwɔ nnɛ sɛ yehu nea Yohane hui no mmamu ankasa, na yenya mu kyɛfa mpo!

13. Dɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo da nsow wɔ wiase no ho?

13 Sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛhoahoa yɛn ho sɛ ne din da yɛn so. (Yesaia 43:10, 12) Yehowa Adansefo a yɛyɛ no ma yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn din a ɛda nsow no da yɛn so, na yɛreyɛ n’adwuma kronkron sɛ yɛn asetra mu ade titiriw! Yehowa atirimpɔw kɛse a ɛne sɛ ɔnam N’ahenni so bɛtew ne din ho na wasan n’amansan tumidi ho no ama yɛanya atirimpɔw wɔ asetra mu. Na waboa yɛn ma yɛanya gyinabea wɔ n’atirimpɔw kronkron a ɛfa ne din ne N’ahenni ho no mu. Wayɛ eyi wɔ akwan abiɛsa so.

Ɔde Nokware no Ahyɛ Yɛn Nsa

14, 15. (a) Ɔkwan biako bɛn na Onyankopɔn nam so aboa yɛn ma yɛanya kyɛfa wɔ n’atirimpɔw kronkron a ɛfa ne din ne N’ahenni ho mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Ahenni a wɔde sii hɔ 1914 Y.B. mu no yɛ soronko wɔ nea wobutuw no wɔ 607 A.Y.B. mu no ho?

14 Nea edi kan no, Yehowa de nokware no ahyɛ ne nkurɔfo nsa. Adiyisɛm a ɛyɛ anigye sen biara ne sɛ N’ahenni fii ase dii tumi 1914 mu. (Adiyisɛm 12:10) Saa ɔsoro nniso yi yɛ soronko wɔ ahenni a ɛyɛɛ ho mfonini wɔ Yerusalem, baabi a na wɔde ahene a wofi Dawid anato mu di ade no ho. Wobutuw saa ahenni no, na efi 607 A.Y.B. no, Yerusalem bɛhyɛɛ Amanaman mu wiase tumidi no ase koraa. Ahenni foforo a Yehowa de sii hɔ 1914 mu no yɛ ɔsoro tumidi a wɔrennyaw mma obiara, gye Yehowa, na saa ara na wɔrensɛe no da. (Daniel 2:44) Afei nso, ne tumidi no yɛ soronko. Ɔkwan bɛn so? Adiyisɛm 11:15 bua sɛ: “Ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no dea, na obedi hene daa daa.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

15 ‘Ahenni a ɛyɛ yɛn Awurade ne Kristo no dea’ no bedi adesamma wiase no nyinaa so. Yehowa tumidi a ɔde asi hɔ foforo, a wɔn a wɔwom ne Ɔba a ɔne Mesia no ne Yesu nuanom 144,000, a wɔanyan wɔn mu dodow no ara kɔ ɔsoro anuonyam mu seesei no, nyɛ biribi a yɛn ani gye sɛ yebesua ho ade kɛkɛ—biribi a wɔabɔ tirim aka a nhomasuafo bɛpɛ sɛ wosusuw ho. Dabi, saa Ahenni yi yɛ nniso ankasa. Na akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a yɛwɔ sɛ saa nniso no bɛma yɛatra ase daa no yɛ ntease a edi mũ a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di ahurusi. Yehowa Asɛm mu nokware a ɛte saa a wɔde ahyɛ yɛn nsa no kanyan yɛn bere nyinaa ma yɛka ho asɛmpa. (Dwom 56:10) So wonam obiara a woka kyerɛ no sɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no redi tumi mprempren wɔ soro no so reyɛ eyi daa?

Honhom Kronkron ne Wiase Nyinaa Nuayɛ no Boa Yɛn

16, 17. Dɛn ne akwan a ɛto so abien ne abiɛsa a Onyankopɔn nam so aboa yɛn ma yɛanya kyɛfa wɔ n’atirimpɔw kronkron mu?

16 Ɔkwan a ɛto so abien a Onyankopɔn nam so aboa yɛn ma yɛanya gyinabea wɔ n’atirimpɔw kronkron mu ne ne honhom kronkron a ɔde ama yɛn a ɛboa yɛn ma yɛsow n’aba fɛfɛ wɔ yɛn asetra mu na yenya n’anim dom no. (Galatifo 5:22, 23) Bio nso, Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: ‘Yenyaa honhom a efi Nyankopɔn hɔ, na yɛahu nneɛma a Onyankopɔn de adom yɛn.’ (1 Korintofo 2:12) Ɛdenam Yehowa honhom a yɛde bɛtra ase so no, yɛn nyinaa betumi ahu mprempren na yɛate nneɛma pa a ɔde adom yɛn seesei no ase—ne bɔhyɛ ahorow, mmara, nnyinasosɛm ahorow, ne nea ɛkeka ho.—Fa toto Mateo 13:11 ho.

17 Ɛdefa ɔkwan a ɛto so abiɛsa a Onyankopɔn nam so reboa yɛn ho no, yɛwɔ yɛn wiase nyinaa nuayɛ ne Yehowa ahyehyɛde no nhyehyɛe a ɛyɛ anigye ma ɔsom no. Ɔsomafo Petro kaa ho asɛm bere a otuu yɛn fo sɛ ‘yɛnnɔ anuanom’ no. (1 Petro 2:17) Yɛn amanaman ntam anuanom mmarima ne mmea abusua a wɔwɔ dɔ no boa yɛn ma yɛde koma a anigye ahyɛ no ma som Yehowa, sɛnea Dwom 100:2 hyɛ no: “Momfa anigye nsom [Yehowa, NW], na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.” Nkyekyem 4 ka bio sɛ: “Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din.” Enti sɛ́ yɛreka asɛm no wɔ baguam anaasɛ yɛrekɔ asafo nhyiam horow no, yebetumi anya anigye. Asomdwoe ne ahobammɔ bɛn na yɛanya wɔ Yehowa honhom mu asɔrefie no abangua so sɛɛ yi!

Munyi Yehowa Ayɛ Anigye So!

18. Dɛn nti na yebetumi de ahurusi ayi Yehowa ayɛ, ɛmfa ho ɔtaa anaa ɔhaw afoforo a yehyia no?

18 Ɛmfa ho nsɛnnennen, ɔtaa, anaa ɔhaw afoforo a ebia yebehyia no, momma yenni ahurusi sɛ yɛwɔ Yehowa asɔrefie no mu. (Yesaia 2:2, 3) Kae sɛ anigye yɛ koma mu ade. Ná yɛn Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔtraa ase tete mmere mu no yɛ Yehowa ayeyifo a wɔwɔ anigye, ɛmfa ho sɛ wohyiaa nsɛnnennen pii na wɔhweree nneɛma no. (Hebrifo 10:34) Yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no te sɛ wɔn ara.—Mateo 5:10-12.

19. (a) Afotu a wɔde ma mpɛn pii bɛn na ɛkanyan yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ? (b) Dɛn so na yɛn daa nkwa gyina, na dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Yɛn a yɛsom Yehowa no nyinaa ani gye ho sɛ yebetie Bible afotu a ɛka sɛ Yenyi no ayɛ no. Mpɛn pii no, Adiyisɛm nhoma no de asɛm “Munyi Yah ayɛ” ka ayeyi a yɛde bɛma Onyankopɔn no ho asɛm tiawa. (Adiyisɛm 19:1-6, NW) Wɔ Dwom 150 nkyekyem ahorow asia no mu no, wɔka kyerɛ yɛn mpɛn 13 sɛ yenyi Yehowa ayɛ. Eyi yɛ amansan asɛm a wɔde to abɔde nyinaa anim sɛ wɔmfa anigye nto Yehowa ayeyi dwom no bi. Haleluia nnwom kɛse yi so na yɛn daa nkwa gyina! Yiw, nnipa a wɔde ayeyi ma Yehowa nkutoo na wɔbɛtra ase daa. Enti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛde yɛn ho bɛbata ne wiase nyinaa nokware asafo no ho yiye bere a awiei no bɛn no. Ɛdenam saayɛ so no, yebetumi anya anidaso sɛ yebehu Dwom 150 no mu nsɛm a etwa to no mmamu koraa sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yehowa, NW] ayɛ!”

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo da nsow koraa?

◻ Dɛn nti na Yehowa asomfo wɔ anigye saa?

◻ Dɛn na ɛma yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho?

◻ Akwan abiɛsa bɛn so na Onyankopɔn nam aboa yɛn ma yɛanya kyɛfa wɔ n’atirimpɔw kronkron mu?

[Kratafa 17 mfonini]

Baabiara a na Yesu wɔ no, odii Yehowa ho adanse yii no ayɛ wɔ baguam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena