-
‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’Ɔwɛn-Aban—1981 | March 1
-
-
“Minyaa ɔdom no fii Onyankopɔn nkyɛn, sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, na menyɛ asɛmpa no ho adwuma kronkron no.”—Rom. 15:15, 16, NW.
-
-
‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’Ɔwɛn-Aban—1981 | March 1
-
-
6, 7. “Adwuma kronkron” bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe?
6 Paulo ankasa nam mmɔdenbɔ so yɛɛ eyi ho adwuma. Wɔ Romafo 15:16 no ɔfrɛɛ ne ho ‘Kristo Yesu somfo ma amanaman no.’ Na saa ‘ɔsom’ no fa dɛn ho? Ɔde kaa ho sɛ ‘na ɔreyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron no, sɛnea ɛbɛyɛ na amanaman mufo ayɛ afɔre a ɛyɛ dɛ, ‘a wɔatew ho.’ Dɛn na ɛno kyerɛ?
7 Romafo 15:16 nkutoo na wɔde Hela adeyɛ asɛmfua (hierourgounta) adi dwuma wɔ Bible mu, a ɛkyerɛ ‘sɛ wɔyɛ adwuma anaasɛ wonya kyɛfa wɔ ade kronkron bi yɛ mu.’a Enti na Paulo reka sɛ ɔnam mmɔdenbɔ so anya Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron, Kristofo asɛm, a wɔka kyerɛ amanaman mufo, no mu kyɛfa. Wɔn a wogyee asɛm no toom na wɔbɛyɛɛ Kristofo no te sɛ afɔre a wɔbɔ ma Onyankopɔn, afɔrebɔ a Yehowa pene so na ɔde ne honhom ahyira so.—Rom. 1:1, 16.
8. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so yɛɛ adwuma yi wɔ Yudafo mu?
8 Ɔkwan bɛn na Paulo ne afoforo faa so yɛɛ “Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron” yi, na wɔkaa Kristofo asɛm no? Na “asɛmpa” no betumi agye nkwa, enti na wɔbɛpɛ sɛ wodu nnipa bebree nkyɛn sɛnea ‘wobetumi. Mmere bi wɔ hɔ a Paulo, a n’ankasa yɛ Yudani no, tumi kasa kyerɛɛ Yudafo a na wɔahyiam wɔ hyiadan ahorow mu. (Aso. 13:14-42; 14:1; 18:4) Nanso so ɔno ne Kristofo afoforo tumi duu “amanaman” mufo, wɔn a wɔnyɛ Yudafo, no fã kɛse no nkyɛn?
9. Akwan horow bɛn na tete Kristofo tumi de dii dwuma boaa wɔn a na wɔnyɛ Yudafo?
9 Na Kristofo betumi akasa akyerɛ nnipa wɔ mmɔnten so, sɛ ebia gua so. (Aso. 17:17-22) Nanso entumi mma sɛ na saa ara kwa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔadu nnipa dodow no ara nkyɛn. Na sɛ wɔkɔ nkurɔfo fie, sɛnea Yesu asuafo no yɛe bere a ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ nkurow ahorow mu no nso ɛ? (Mat. 10:5-13; Luka 9:2-6) Tete Kristofo no de eyi dii dwuma saa ara, bere a wofi mmɔdenbɔ mu ‘yɛɛ adwuma kronkron no’ de trɛw Kristosom mu kɔɔ nnipa nyinaa nkyɛn no.
10. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wɔyɛɛ afie afie adansedi de kɔɔ wɔn a wonnye nni nkyɛn na wɔboaa wɔn?
10 Yetumi hu eyi fi nea Paulo ka faa mmarima a na wɔabɛyɛ mpanyimfo wɔ Efesofo asafo no mu ho no mu. Ɔreka ne kan asɛnka, bere a ɔkaa Kristosom ho asɛm kyerɛɛ wɔn, no ho asɛm no, Paulo kae sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo na monkyerɛkyerɛ mo gua so ne afi mu, na midii Yudafo ne Helafo [Amanaman mufo] adanse adwensakra a ɛkɔ Onyankopɔn mu ne gyidi a ɛkɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu ho.” (Aso. 20:20, 21)b Ɛda adi sɛ, ɛha no na Paulo reka ne mmɔden a ɔbɔe de kaa asɛmpa no kyerɛɛ saa mmarima yi bere a na wɔda so yɛ wɔn a wonnye nni no, nnipa a na ehia sɛ wɔsakra wɔn adwene na wonya Yesu mu gyidi no. Paulo kɔɔ saafo a na wɔnyɛ gyidifo no fie. Na onni nea obegyina so apow sɛ ɔbɛka saa asɛm no akyerɛ ahɔho, efisɛ na ɔreyɛ “adwuma kronkron” a na Onyankopɔn pene so na obehyira so no.
-