Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 3/1 kr. 11-16
  • ‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “ASƐMPPA NO HO ADWUMA KRONKRON NO”
  • ƆKWAN A ETU MPƆN A WƆFA SO DI ADANSE
  • ADWUMA A ONYANKOPƆN HYIRA SO
  • Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Kyerɛkyerɛ Baguam Ne Afie Afie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Woyɛ Obi A Onyankopɔn Bɛpaw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 3/1 kr. 11-16

‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’

“Minyaa ɔdom no fii Onyankopɔn nkyɛn, sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, na menyɛ asɛmpa no ho adwuma kronkron no.”​—Rom. 15:15, 16, NW.

1, 2. Dɛn nti na yɛn kasa ne yɛn suban ho hia?

OBI nya din pa denam ne nnwuma ne ne kasa so. Nea afoforo hu sɛ ɔyɛ ne nea wɔte fi ne hɔ no so na wɔtaa gyina ka ne ho asɛm. Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.”​—Mmeb. 20:11; Mat. 7:16-20.

2 Sɛ woyɛ Kristoni a, dɛn na ɛno kyerɛ ma wo? So ɛnsɛ sɛ afoforo tumi hu fi yɛn suban ne yɛn kasa mu sɛ yɛresom nokware Nyankopɔn, Yehowa no? Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron na ne ho tew, na ne nnyinasosɛm ahorow teɛ na biribi pa fi mu ba. (Yes. 6:3; Hiob 34:10; Deut. 32:4) Sɛ yɛte sɛnea Onyankopɔn te no ase ankasa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn asetra mu.​—Efe. 5:1.

3, 4. (a) Tumi bɛn na efi Israelfo som ne abakɔsɛm mu bae? (b) Ɛsɛ sɛ Kristosom a wohu no ka afoforo dɛn?

3 Esiane sɛ nokware som da adi wɔ nnipa asetra mu nti, ebetumi de mfaso abrɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, wɔ mmere bi mu no Yehowa ne Israelfo dii titiriw. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ akronkronfo, na ɔkronkronni ne me, Yehowa mo Nyankopɔn.” (Lev. 19:2; fa toto Exodus 19:5, 6 ho.) Aduan, ahotew ne abrabɔ ho mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no boaa wɔn ma abɔ wɔn ho ban afi nneɛma bɔne a na ɛwɔ amanaman a atwa wɔn ho ahyia no mu no ho. Ahɔho bebree tumi huu sɛnea na nokware som asetra de yiyedi ba. Eyi kanyan wɔn, na epiaa wɔn mu bebree ma wɔn ankasa som Yehowa.​—1 Ahe. 8:41, 42; 10:1; Rut 1:16.

4 Bere a Kristofo tra ase ma ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ hyia no, adepa a ɛte saa ara fi mu ba. Asetra a wɔasakra no ne Kristofo “bra pa” bɛkanyan wɔn a wɔde wɔn ani hu no na “wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.” (1 Pet. 2:12, 15; 3:1, 2; Tito 2:7, 8; 1 Tes. 4:11, 12) Nanso Bible no da no adi pefee sɛ Kristosom nyɛ abrabɔ a ɛho tew a wɔde tra ase ne nipasu fɛfɛ a ɛda “honhom no aba” adi ara kwa. (Gal. 5:22, 23; Efe. 4:22-24) Ɛwom sɛ eyinom ho hia wɔ Kristosom mu de, nanso adwuma soronko bi wɔ hɔ a ehia sɛ wɔyɛ, sɛ obi bɛyɛ Yesu nokware akyidifo a.

“ASƐMPPA NO HO ADWUMA KRONKRON NO”

5. (a) Yesu nhwɛso no kyerɛ yɛn sɛ dɛn bio na ɛho hia ma yɛn? (b) Dɛn nti na dwumadi yi ho hia?

5 Sɛ́ aberantewa a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔbarima mũ no, Yesu de obu maa ne soro Agya no. N’asetra kwan ne ne nipasu yɛɛ nhwɛso pa maa afoforo, na ɛkanyan bebree a wohuu no no ma wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. (Luka 2:49, 52) Ɔbɔɔ asu wiei ara pɛ no Yesu “fii n’adwuma ase,” na bere a okyinkyinii no ɔde mmɔdenbɔ “kaa ahenni no ho asɛmpa no.” (Luka 3:23; Mat. 4:17, 23) Ɔkyerɛkyerɛɛ afoforo mpo ma wɔanya kyɛfa wɔ adwuma yi mu, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo. (Luka 10:1, 8, 9) Mfiase no na wɔyɛ nkyerɛkyerɛ ne asuafoyɛ adwuma yi wɔ Yudafo nkutoo mu. Nanso akyiri yi na emu bɛtrɛw, efisɛ sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Romafo 15:8, 9 no, na Onyankopɔn apɛde ne sɛ wɔbɛboa nnipa nyinaa a wɔwɔ asase so ma wɔahyɛ no anuonyam.

6, 7. “Adwuma kronkron” bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe?

6 Paulo ankasa nam mmɔdenbɔ so yɛɛ eyi ho adwuma. Wɔ Romafo 15:16 no ɔfrɛɛ ne ho ‘Kristo Yesu somfo ma amanaman no.’ Na saa ‘ɔsom’ no fa dɛn ho? Ɔde kaa ho sɛ ‘na ɔreyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron no, sɛnea ɛbɛyɛ na amanaman mufo ayɛ afɔre a ɛyɛ dɛ, ‘a wɔatew ho.’ Dɛn na ɛno kyerɛ?

7 Romafo 15:16 nkutoo na wɔde Hela adeyɛ asɛmfua (hierourgounta) adi dwuma wɔ Bible mu, a ɛkyerɛ ‘sɛ wɔyɛ adwuma anaasɛ wonya kyɛfa wɔ ade kronkron bi yɛ mu.’a Enti na Paulo reka sɛ ɔnam mmɔdenbɔ so anya Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron, Kristofo asɛm, a wɔka kyerɛ amanaman mufo, no mu kyɛfa. Wɔn a wogyee asɛm no toom na wɔbɛyɛɛ Kristofo no te sɛ afɔre a wɔbɔ ma Onyankopɔn, afɔrebɔ a Yehowa pene so na ɔde ne honhom ahyira so.​—Rom. 1:1, 16.

8. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so yɛɛ adwuma yi wɔ Yudafo mu?

8 Ɔkwan bɛn na Paulo ne afoforo faa so yɛɛ “Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron” yi, na wɔkaa Kristofo asɛm no? Na “asɛmpa” no betumi agye nkwa, enti na wɔbɛpɛ sɛ wodu nnipa bebree nkyɛn sɛnea ‘wobetumi. Mmere bi wɔ hɔ a Paulo, a n’ankasa yɛ Yudani no, tumi kasa kyerɛɛ Yudafo a na wɔahyiam wɔ hyiadan ahorow mu. (Aso. 13:14-42; 14:1; 18:4) Nanso so ɔno ne Kristofo afoforo tumi duu “amanaman” mufo, wɔn a wɔnyɛ Yudafo, no fã kɛse no nkyɛn?

9. Akwan horow bɛn na tete Kristofo tumi de dii dwuma boaa wɔn a na wɔnyɛ Yudafo?

9 Na Kristofo betumi akasa akyerɛ nnipa wɔ mmɔnten so, sɛ ebia gua so. (Aso. 17:17-22) Nanso entumi mma sɛ na saa ara kwa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔadu nnipa dodow no ara nkyɛn. Na sɛ wɔkɔ nkurɔfo fie, sɛnea Yesu asuafo no yɛe bere a ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ nkurow ahorow mu no nso ɛ? (Mat. 10:5-13; Luka 9:2-6) Tete Kristofo no de eyi dii dwuma saa ara, bere a wofi mmɔdenbɔ mu ‘yɛɛ adwuma kronkron no’ de trɛw Kristosom mu kɔɔ nnipa nyinaa nkyɛn no.

10. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wɔyɛɛ afie afie adansedi de kɔɔ wɔn a wonnye nni nkyɛn na wɔboaa wɔn?

10 Yetumi hu eyi fi nea Paulo ka faa mmarima a na wɔabɛyɛ mpanyimfo wɔ Efesofo asafo no mu ho no mu. Ɔreka ne kan asɛnka, bere a ɔkaa Kristosom ho asɛm kyerɛɛ wɔn, no ho asɛm no, Paulo kae sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo na monkyerɛkyerɛ mo gua so ne afi mu, na midii Yudafo ne Helafo [Amanaman mufo] adanse adwensakra a ɛkɔ Onyankopɔn mu ne gyidi a ɛkɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu ho.” (Aso. 20:20, 21)b Ɛda adi sɛ, ɛha no na Paulo reka ne mmɔden a ɔbɔe de kaa asɛmpa no kyerɛɛ saa mmarima yi bere a na wɔda so yɛ wɔn a wonnye nni no, nnipa a na ehia sɛ wɔsakra wɔn adwene na wonya Yesu mu gyidi no. Paulo kɔɔ saafo a na wɔnyɛ gyidifo no fie. Na onni nea obegyina so apow sɛ ɔbɛka saa asɛm no akyerɛ ahɔho, efisɛ na ɔreyɛ “adwuma kronkron” a na Onyankopɔn pene so na obehyira so no.

11. (a) Ɔkwan bɛn na Kristofo fa so yɛ “adwuma kronkron” no nnɛ? (b) Dɛn nti na kyɛfa a wobenya wɔ afie afie asɛnka no mu ho hia?

11 Nnɛ mmere yi nso, sɛ́ ɔkwan titiriw a wɔfa so nya nnipa na wɔka Onyankopɔn nokware no kyerɛ wɔn no, Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden wɔ afie afie adansedi no mu. Ɛwom, Kristoni biara a ɔte nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde ne hokwan sɛ ɔka “asɛmpa” no de bere biara a ɛfata bedi adanse​—akyerɛ abusuafo, mfɛfo sukuufo, mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo ne ahɔho bere a yɛrebɔ nkɔmmɔ bɔnnɔ so no. Enti, wɔ nsase a ɔsɔretia a ano yɛ den a efi nyamesom ahyehyɛde ahorow anaasɛ nea efi polisifo hɔ ma ɛyɛ den anaasɛ nea nyansa nni mu sɛ ɔdansefo ka asɛm no afie afie mu no. Kristofo kɔ so yɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wobedi adanse wɔ akwan afoforo so. Nanso, baabiara a saa akwanside ahorow yi nni hɔ no, Yehowa Adansefo nam nhyehyɛe pa so kɔ ofie biara mu. Eyi ma ‘wodi adanse fefeefe’ na ɛma wonya nnipa bebree a ebia sɛ amma saa a anka wɔrenhyia nokware Kristofo na wɔatie “asɛmpa no” no.​—Aso. 4:19, 20; 20:21; fa toto Hesekiel 9:3, 4 ho.

ƆKWAN A ETU MPƆN A WƆFA SO DI ADANSE

12-14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ afie afie asɛnka betumi atu mpɔn?

12 Nanso so ɔkwan yi a wɔfaa so kaa asɛmpa no da so yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so ‘yɛ asɛmpa no ho adwuma kronkron no’? Adanse no kyerɛ sɛ, YIW! Wɔ 1977 mu no nsɛmma nhoma Social Compass bɔɔ asɛm “Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan,” a Britaniani a osua nnipa ahorow ho asɛm, Bryan Wilson, kyerɛwee no ho dawuru. Ɔkyerɛwee sɛ wɔde “wɔn ho ma asɛmpaka adwuma no bebree sen” ‘asɔre horow a ɛyɛ foforo’ wɔ Japan no nyinaa. Afei nso, ɔyɛɛ nhwehwɛmu bi a ɛdaa no adi sɛ:

“Wɔn a wɔabɛyɛ Adansefo no fã kɛse no ara, bɛyɛ ɔha mu 58 ka sɛ wodii kan nyaa ho anigye denam ofie nsrahwɛ a wonya fii” Yehowa Adansefo mu biako hɔ no so.

13 Nyamesomfo a wɔpow sɛ wobegye nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so a Yehowa Adansefo ka atom no mpo gye mpɔn a afie afie asɛnka a Adansefo no yɛ no tu no tom. Yɛkan sɛ:

“Ebia [asɔreasɔre no] bu wɔn ani gu nea ɛyɛ Adansefo no adwuma titiriw no so kɛse​—ofie nsrahwɛ, ɔkwan a asomafo no faa so wɔ mfitiase asɔre no mu no. Bere a mpɛn pii no asɔreasɔre no . . . ka asɛm wɔ faako a, wohyia nkutoo no, [Adansefo no] di ɔkwan a asomafo no faa so kɔɔ afie afie no akyi.”​—“El Catholicismo,” Bogotá, Colombia, Sept. 14, 1975.

‘Ɛsɛ sɛ Katolekfo di asɛnka anim a Yehowa Adansefo di no akyi, wɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ Ɔman Nhyiam a edi kan wɔ Asɛmpaka ho ase no.’​—Minneapolis “Tribune,” Aug. 29, 1977.

14 Afie afie asɛnka yɛ Yehowa Adansefo su yiye ma enti wɔ nsase ahorow bebree so no ofiewura bue pon na ɔka sɛ, “O, gyama woyɛ Yehowa Adansefo mu biako.” Sɛ wɔanka biribiara amfi Bible no mu mpo a, wɔayɛ adepa. Ná atwe adwene akɔ Onyankopɔn din kronkron no so, nea ɛfata sɛ wɔtew ho no. Na na ama ofiewura no ahu sɛ Onyankopɔn nkoa de N’asɛm baa hɔ. (Mat. 6:9; Yes. 12:4; Hes. 33:6-9, 29) Nanso sɛnea nea wɔaka wɔ atifi hɔ kyerɛ no, pii fi mu ba.

15. Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ adwuma a etu mpɔn yi wɔ mmeae binom a akwanside ahorow wɔ hɔ no?

15 Adanse a wodi fi nipa so kɔ nipa so wɔ afie mu no ho wɔ mfaso na etu mpɔn yiye ma enti Adansefo no de mmɔdenbɔ kɛse nya mu kyɛfa wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu. Ná eyi te saa wɔ Afrika asase bi so, faako a atumfoɔ no baraa dwumadi a egyina Bible so yi no. Na Kristofo a wɔte hɔ no nim sɛ ɔkwan yi a wɔfa so ka asɛmpa no som bo, ne sɛ ɛsɛ sɛ ‘wotie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa,’ na enti ɛsɛ sɛ wɔde Yesu afotu “monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma” no di dwuma. (Aso. 5:29; Mat. 10:16, 17) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

Wotumi yɛ nhyehyɛe ma wɔn mu kakraa kyekyɛ borɔn anaasɛ asasesin bi mu sɛnea afie akontaahyɛde no te. Obi fa afie a 2 ka ho no nyinaa (2, 12, 22, 32, ne nea ɛkeka ho) na na obetumi akɔ afie yi mu wɔ ɔkwan biara a ɔpɛ so, bere biara a obetumi. Ɔfoforo nso faa afie a 3 ka ho (3, 13, ne nea ɛkeka ho) na na obetumi akɔsra wɔn da foforo biara. Enti ná wotumi di adanse fefeefe.

Na wobetumi afa akwan horow so nso akɔ nkurɔfo nkyɛn. Ebia Kristoni betumi afa kɛntɛn ketewa bi a nkesua anaasɛ nnuaba wom, atɔn eyinom ama ofiewura, a ne bo yɛ den kakra sen gua so de. Nea wɔtɔn no bɛyɛ ketewaa bi, nanso wobefi nkɔmmɔbɔ bebree ase wɔ nneɛma bo a ayɛ den, nnɛyi asetra a emu ayɛ den ne, sɛ ɛyɛ nea ɛfata a, Bible nkɔmhyɛ mmamu ho.

Anaasɛ, Kristoni bi a ohia nneɛma te sɛ kontommire ne fan ne nea ɛtete saa betumi afa eyi so akɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ “n’asasesin” mu. Ansa na ɔbɛkɔ gua so no obetumi akɔ afie a wɔwɔ turo mu, abisa sɛ ɔrepɛ nneɛma a ɛte saa no bi atɔ. Sɛ onya bi tɔ anaasɛ wannya bi a, mpɛn pii no wotumi bɔ Bible mu nkɔmmɔ.

Wɔ saa akwan yi so no Kristofo a wɔwɔ hɔ no kwatii ɔhaw ahorow a amammui mu basabasayɛfo de baa wɔn a na wɔka asɛmpa wɔ afie afie no so kan no. Afei nso, wodii adanse fefeefe wɔ ɔman no mu.

16. Sɛnea ɛbɛyɛ na Adansefo no akɔ so atu mpɔn wɔ ɔkwan yi a wɔfa so ka asɛm no mu no, nsakrae ahorow bɛn na wobetumi ayɛ?

16 Ebia nhyehyɛe foforo ho behia wɔ baabi foforo. Wɔ mfe a atwam no mu no ebia na ɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔkɔ afie mu anɔpa anɔpa, bere a na afiewuranom pii wɔ fie. Nanso sɛ tebea ahorow sakra na dodow no ara wɔ adwuma mu saa bere yi a, so ɛno kyerɛ sɛ ɔkwan yi a wɔfa so ka asɛm no ho nni mfaso? Dabi, efisɛ ɛbɛyɛ dɛn na nsa aka obiara​—wɔ ofie ne ɔdan biara mu​—ma wɔanya hokwan atie “asɛmpa” no anya ho mfaso? Ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔyɛ nsrahwɛ no awiabere anaasɛ anwummere, bere a abusua no mufo wɔ fie. Botae no ne sɛ yebedu nkurɔfo nkyɛn na yɛaboa wɔn bere dodow a ɛbɛyɛ yiye.​—Fa toto Aso. 16:13 ho.

17 Bere a yɛwɔ Paulo nhwɛso wɔ yɛn adwene mu no, ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa betumi ayɛ nsakrae ahorow bere a yɛyɛ adwuma yi no?

17 Ɔsomafo Paulo pɛe sɛ ɔsakra n’akwan ne sɛnea ɔka n’asɛm no ma ɛfata n’atiefo. Ɔkae sɛ: “Na eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu kyɛfa.” (1 Kor. 9:19-23) Nneyɛe ne kasa mu nsakrae a ɛte saa a yɛbɛyɛ nnɛ betumi aboa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wote baabi a nkurɔfo ani nnye nyamesom ne Bible ho nso ɛ? So anka wobɛsakra nea wobɛka no ma afata?

Ɔdansefo bi a ɔwɔ Belgium bɔ amanneɛ sɛ: ‘Mibue Bible no kura me nsa mu, nanso menna no adi ɛhɔ ara. Meka sɛ, “Bere a meretwɛn wo na woabebue pon no na merehwɛ nea wɔakyerɛw wɔ ha no. . .‘Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.’ [Mat. 5:5] Wususuw sɛ nnipa a wodwo da so ara wɔ yɛn mu?” Nkɔmmɔbɔ tumi fi ase na ɛno akyi no wogye Bible no tom a ɛnyɛ den koraa.’

ADWUMA A ONYANKOPƆN HYIRA SO

18. Ntease horow bɛn na yɛwɔ a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn ani gye “asɛmpa no ho adwuma kronkron no” ho?

18 Kristofo a wɔwɔ asase so baabiara ani gye “asɛmpa no ho adwuma kronkron no” ho kɛse. Yehowa Nyankopɔn nso saa ara. Paulo kae sɛ Kristofo afoforo a wofi ne kyɛfa a onyae wɔ saa adwuma yi mu no mu bae no te sɛ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn a ohwiee ne honhom guu wɔn so no ani.​—Rom. 15:16.

19. Ɔkwan bɛn so na adwuma yi betumi atu mpɔn mpo bere a pii ntie no?

19 Onyankopɔn dom ne ne nhyira da so ara wɔ asɛnka adwuma yi, a afie afie dwumadi a ɛho hia a wɔnam so hu nkurɔfo na wɔboa wɔn no ka ho, no so. Sɛ adanse koro pɛ no, ɔsomfo bi a ɔsrasra asafo ahorow wɔ ɔmantam kɛse bi mu no gyee nsa a wɔto frɛɛ no ma wakɔka Kristoni bi ho wɔ Maryland ma wɔakɔyɛ Bible adesua no toom. Ɔka sɛ:

“Mibisaa ofiewura no nea ɛkaa no ma ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade. Ɔkae sɛ mpɛn pii no na obue Bible no baabiara, de ne nsa si nkyekyem bi so na ɔkan. Nanso na ɔntaa nte nea ɔkan no ase.

“Da koro bi na abusua mu nsɛnnennen ama wabotow. Obuee ne Bible no bio na ɔpaw nkyekyem bi. Na ɔnte ase, na ɔhaw ne huammɔdi a ɛwɔ ne mu no ma ofii ase sui. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnsoma obi mma ɔmmɛboa no na ɔnte n’Asɛm ase. Ɔkae saa pɛ no, obi bɔɔ agoo. Obuei no ohuu Ɔdansefo bi, a ofii ase sɛ, ‘So wobɛpɛ sɛ wote Bible no ase?’ Ofiewura no de no kɔɔ mu na ntɛm ara wofii adesua ase.”

20-23. Nhyira bɛn na ebetumi afi kyɛfa a ɛkɔ anim a wobenya wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu no mu aba?

20 Nneɛma pa betumi afi mu aba mpo bere a ɛyɛ te sɛ nea nnipa dodow a yehyia wɔn no pow “asɛmpa” no a yɛde brɛ wɔn no.

Na abeawa bi rekɔ afie afie Memeneda awia wɔ South Africa akuraa bi ase. Na onnya atiefo biara, efisɛ na nyamesom ahyehyɛde bi a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ama wɔanya adwemmɔne wɔ Yehowa Adansefo Kristofo mmɔden a na wɔrebɔ a ɛyɛ mmoa no ho. Na wɔnhwɛ n’anim koraa wɔ ofie biara a ɔbɛkɔ mu no mu. Na ayɛ sɛnea ɔrebrɛ kwa.

Nanso bere a onnim ho hwee no, na ani soronko bi fi mfɛnsere bi mu rehwɛ no borɔn no so fa baabi. Ɔbea bi a wanyin huu Ɔdansefo no boasetɔ a ɛmfa ho sɛ na wontie no. Ɛda adi sɛ na Kristoni yi yɛ soronko fi mmabaa afoforo no ho.

Bere a oduu ne fi no ɔbea panyin no maa Ɔdansefo no baa mu. Ɛwom sɛ na ababaa no ka Brɔfo titiriw na ɔbea no nso ka Afrikaans de, nso wotumi bɔɔ Bible mu asɛm a ɛho hia ma yɛn bere yi ho nkɔmmɔ. Akyiri yi ɔsomfo bi a ɔka Afrikaans kasa kohuu nea n’ani gye ho yi, na ɔbea panyin no de anigye penee Onyankopɔn Asɛm a wobesua no daa so.

21 Ampa, nsa ka Onyankopɔn nhyira wɔ “asɛmpa no ho adwuma kronkron no” so wɔ akwan horow pii so. Ɔsomafo kwantufo bi a ɔsrasra asafo ahorow wɔ New Orleans, Lousiana, mpɔtam hɔ kyerɛwee sɛ: “Asɛmpaka honhom no mu reyɛ den. Asafo ahorow awotwe anaasɛ akron a yɛakɔsra wɔn no de bere pii yɛ asɛnka adwuma no. Esiane mmɔdenbɔ a ɛkɔ anim yi nti, nsa aka nnipa bebree a wɔwɔ ‘asɛmpa’ no ho anigye no. Na esiane sɛ anuanom mmarima ne mmea no nni adagyew wɔ ‘asɛmpa’ no ka mu nti, asomdwoe ne anigye honhom ankasa reda adi pii wɔ asafo ahorow no mu.”

22 Asomdwoe ne anigye a ɛte saa nso kɔ anim wɔ Kristofo a wɔde ahoɔden ka “asɛmpa” no na wonya Onyankopɔn nhyira no ankasa asetra ne wɔn abusua asetra mu. O, nsɛnnennen ne asetra mu dadwen ne haw bɛkɔ so atra hɔ. Yegye tom sɛ eyinom bɛtra hɔ bere tenten a yɛnyɛ pɛ na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no da so wɔ hɔ no. Nanso bere a Kristoni yɛ pii wɔ “asɛmpa no ho adwuma kronkron no” a Onyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnyɛ no mu no, asetra bɛyɛ nea abotɔyam, nhyira ne anigye wom. (Aso. 20:35) Eyi nyɛ nea yɛreka ara kwa. Edi dwuma. Ɛbae saa wɔ ɔsomafo Paulo fam. Ɛba saa ma Yehowa Adansefo ɔpepem pii nnɛ. Ɛbɛyɛ saa ama wo.

23 Afoforo nso behu Kristoni ko a woyɛ. Wobehu sɛ wunya kyɛfa wɔ adwuma a wɔyɛ de ka “asɛmpa” no mu. Wobehu asomdwoe ne anigye a eyi ne Kristofo nnwuma afoforo de ba w’asetra mu no. Wobehu akwan horow pii a wonam so da Kristofo su horow ne “honhom no aba” adi no. (Efe. 4:24; Gal. 5:22, 23) Yiw, wobɛda no adi akyerɛ afoforo pii sɛ woresom Onyankopɔn kronkron bi wɔ ɔkwan pa so.

24. Nkate bɛn na wubetumi anya wɔ wo ho nyinaa a wode bɛhyɛ adwuma yi mu no mu?

24 Paulo kaa ‘asɛmpa no ho adwuma kronkron a yɛbɛyɛ’ ho asɛm akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Onyankopɔn de no mu.” (Rom. 15:17) Sɛ́ Kristofo no momma yɛn nyinaa nyɛ adwuma na yɛatumi ahoahoa yɛn ho bi wɔ Kristo Yesu mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nkyerɛasefo bi akyerɛ hierourgounta ase sɛ “sɛ́ wodi dwuma sɛ ɔsɔfo,” anaa biribi a ɛte saa. Fa toto Luka 1:8 ho, faako a wɔde adeyɛ asɛmfua a ɛte saa adi dwuma wɔ Sakaria, Osuboni Yohane agya no ho no.

b Ɛda di sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa foforo mu nea edi kan no yɛ nea wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Syriac mu. Ɔbenfo James Murdock nkyerɛase a efi Syriac mu no kan sɛ: “Mankwati nea na ɛyɛ mfaso ma mo akra no, na maka asɛm makyerɛ mo, na makyerɛkyerɛ mo mmɔnten so ne afie mu, bere a midii adanse kyerɛɛ Yudafo ne Amanaman mufo.”

[Kratafa 14 mfoni]

‘Nnwuma akɛse’ fii ase Pentekoste da no

[Kratafa 15 mfoni]

Nnɛ no Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa nya kyɛfa wɔ ‘nnwuma akɛse’ yɛ mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena